Anigye A Yɛbɛdan Akɔ Ahyehyɛde No So—Ɔfã III
1 Wɔ asram abien a atwam no mu no, yɛasusuw akwan horow a yɛbɛfa so de nhomawa, Jehovah’s Witnessess in the Twentieth Century no adi dwuma de adan anigyefo akɔ Yehowa ahyehyɛde no so ho. Momma yɛnkɔ so nsusuw sɛnea yebetumi de adi dwuma no ho.
PAW NEA ƐFATA
2 Wo ho a wubedi kan asiesie yɛ nea ɛho hia. Paw nhomawa no mu nsɛm a ɛbɛfata nea osuani no hia pɔtee. Ma ɛntra w’adwene mu sɛ wɔn a wɔyɛ foforo no nyinaa nnya nkɔso pɛ na enti ebehia sɛ wopaw nsɛm a mobɛbɔ ho nkɔmmɔ a ɛbɛma wɔn mu biara anisɔ anya nkɔso. Susuw nkɔso a osuani no anya dedaw ho. Ɛho hia sɛ woyɛ fakãa. Ɔkyerɛkyerɛfo pa nim wɔn a ɔkyerɛ wɔn ade mmɔdenbɔ na obetumi ahu nea ɛsɛ sɛ ɔka ho asɛm wɔ bere pɔtee bi mu. (Yoh. 16:12) Ma ahyehyɛde no ho nkɔmmɔ a mobɔ no nnya nkɔso, na ma onnya anisɔ mma, dapɛn biara.
3 Ɛbɛyɛ papa sɛ wobɛma osuani no nsa aka Jehovah’s Witnesses in the Twentieth Century no bi. Afei wubetumi ahyɛ no nkuran ma wafi ase akenkan mu. Ɔde bɛba bere a mobɔ emu nsɛm ho nkɔmmɔ daa no.
NKURANHYƐ MA AFOFORO A YƐNE WƆN SUA ADE
4 Yɛpɛ sɛ wɔn a yɛne wɔn sua ade no hu adwuma a Yehowa Adansefo reyɛ no atirimpɔw, ne afei aman ne aman ntam nuayɛ mu anigye a yenya no nso. Ɛsɛ sɛ eyi boa wɔn a wɔyɛ afoforofo koraa no mpo ma wosi gyinae sɛ wɔbɛba asafo nhyiam horow a wɔntwentwɛn wɔn nan ase. Wɔaka ahyehyɛde a ɛwɔ hɔ nnɛ no ho asɛm tiaa wɔ nhomawa no nkratafa 6 kosi 9. Wubetumi ama wɔanya ahyehyɛde no ho anisɔ denam asɛmti, “Wɔn Nnɛyi Nkɔso ne Onyin” no ho asɛm tiaa a wobɛka no so. Yebetumi asi nkɔso kɛse a Yehowa Adansefo anya wɔ mfirihyia 100 a atwam no mu no so dua, na yɛakyerɛ ɛbo a Ɔwɛn-Aban no som wɔ boa a ɛboa nkurɔfo ma wosua Bible no mu no. Bere a yɛtwe adwene si kratafa 8 so no, yebetumi abɔ Nyan! no dodow a wɔkyekyɛ a anya nkɔanim no ho nkɔmmɔ. Afei nso, yebetumi agyina Yesaia 43:10-12 so abɔ yɛn din no ho nkɔmmɔ.
5 Yehowa Adansefo asafo no wiase nyinaa ti wɔ Brooklyn yɛ baabi a wɔyɛ nnwuma ahorow pii. Wɔakyerɛkyerɛ nnwuma a wɔyɛ wɔ hɔ no mu wɔ nkratafa 9 ne 10. Mfonini ahorow a ɛwɔ kratafa 10 no kyerɛ Asafo no mfiri ahorow a ɛwɔ New York Kurom ne Watchtower Farms. Mmeae horow yi na nnwumayɛfo a wɔde wɔn ho ama siesie na wontintim Bible nhoma ahorow a yɛde di dwuma. Boa osuani no ma onhu sɛ Onyankopɔn ahyehyɛde no na ɛkyerɛ eyi nyinaa kwan sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛyɛ adwuma a Yesu hyɛe no.—Mat. 28:19, 20.
6 Yebetumi atwe wɔn a yɛne wɔn sua Bible no a wɔanya nkɔso kɛse no adwene asi eyi ho nsɛm ahorow a ɛkɔ akyiri na emu dɔ kakra so. Sɛ nhwɛso no, ebia yɛbɛdan adwene akɔ kratafa 7 so na yɛabɔ nea wɔaka afa afe 1914 ho ne nea wɔaka afa ho sɛ “nsakrae kɛse wɔ adesamma abakɔsɛm mu” no ho nkɔmmɔ. Akyiri yi, yebetumi abɔ “Asenni Mu Nkonimdi Ahorow” a ɛwɔ kratafa 8 no ho nkɔmmɔ na ebia yɛatoa so wɔ “Ntetee ho Nhyehyɛe Ahorow” a wɔaka ho asɛm wɔ nkratafa 8 ne 9 no so. Kratafa 30 ma yenya hokwan fɛfɛ de da asɛyɛde a ɛne sɛ, ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa ka asɛmpa no adi kyerɛ osuani a wanya nkɔso no. Yɛne wɔn betumi asusuw Kyerɛwsɛm mu ntease horow nti a ɛho hia sɛ yɛka asɛm no ho. (Mat. 24:14; 1 Kor. 9:16) Ebia ebegye adesua ahorow pii na moatumi awie nkratafa ahorow yi nyinaa.
NYANSAHYƐ AFOFORO
7 Onua biako a wafa saa akwan yi so ma ayɛ yiye kae sɛ: “Nea ɛsɛ sɛ woyere wo ho sɛ wobɛyɛ ara ne sɛ wobɛma ayɛ tiaa. Kyerɛw nsɛm bɛyɛ abien bi, nkɔmmɔbɔ tiaa a ɛfa hia a ɛho hia sɛ ɔbɛba nhyiam ahorow ho, na, so wubegye adi?—ɛyɛ adwuma!” Onua foforo kae sɛ: “Wɔ mpaebɔ a mede fi ase ne nea mede wie no mu no, bere nyinaa metwe adwene si Yehowa ahyehyɛde no so na meda no adi sɛ ɛyɛ hokwan kɛse sɛ obi de ne ho bɛbɔ no.”
8 Mma wo werɛ mfi sɛ mobɛbɔ nsɛm ahorow a ɛfa ahyehyɛde no ho ho nkɔmmɔ bere nyinaa. Bere a wode Jehovah’s Witnesses in the Twentieth Century no di dwuma no, ma ɛmmoa wo na wo ho nkokwaw kɛse wɔ afoforofo a wɔkyerɛ wɔn kwan ma wɔde wɔn ho bɛbɔ Yehowa nkurɔfo ho daa no mu.