Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 6/87 kr. 5-6
  • Anigyefo A Yɛbɛkyerɛ Wɔn Kwan Aba Asafo No Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Anigyefo A Yɛbɛkyerɛ Wɔn Kwan Aba Asafo No Mu
  • Yɛn Ahenni Som—1987
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • DWUMA A WƆDE BROCHURE FOFORO NO DI
  • Bible Asuafo a Yɛbɛkyerɛ Wɔn Kwan Aba Yehowa Ahyehyɛde No Hia
    Yɛn Ahenni Som—1990
  • Fa Nhomawa Foforo No Di Dwuma Yiye
    Yɛn Ahenni Som—1987
  • Asuafo a Yɛbɛkyerɛ Wɔn Kwan Aba Ahyehyɛde a Egyina Hɔ Ma Yɛn Din no Mu
    Yɛn Ahenni Som—1997
  • Anigye A Yɛbɛdan Akɔ Ahyehyɛde No So—Ɔfã III
    Yɛn Ahenni Som—1983
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1987
km 6/87 kr. 5-6

Anigyefo A Yɛbɛkyerɛ Wɔn Kwan Aba Asafo No Mu

1 Akyinnye biara nni ho sɛ osuahu a woanya wɔ nokware no mu no ama woahu sɛnea yehia asafo no kɛse na ama yɛanya honhom mu onyin a ɛfata na yɛayɛ den wɔ gyidi no mu. (Heb. 10:24, 25) Ɛno kyerɛ sɛ ɛnyɛ nsɛm a ɛfa nkyerɛkyerɛ ho a wobɛma wo Bible adesuafo ate ase pefee nko na ɛsɛ sɛ wususuw ho kɛse na mmom anisɔ a emu dɔ a wobɛma wɔanya ama ahyehyɛde a Yehowa de redi dwuma no nso. (Luka 6:10) Yɛn brochure foforo a ɛne Jehovah’s Witnesses​—Unitedly Doing God’s Will Worldwide no betumi aboa wo ma woayɛ eyi.

DWUMA A WƆDE BROCHURE FOFORO NO DI

2 Ɛsɛ sɛ woma osuani no Doing God’s Will brochure no biako wɔ adesua no mfiase pɛɛ na wudi kan kyerɛ no afã horow a mubesusuw ho de aka dapɛn dapɛn adesua no ho. Ɛdenam saa yɛ so no, obetumi asiesie ne ho ama adesua no. Sɛ woresiesie wo ho a, susuw osuani no kan asɔre anaasɛ nea ɔwom mprempren no ho na ama woatumi akyerɛ nsonsonoe a ɛwɔ ɛno ne Yehowa ahyehyɛde a egyina Bible so no ntam no yiye. Monkenkan kyerɛw nsɛm atitiriw a ɛwom no na momfa ntĩmu nsemmisa a ɛwɔ brochure no afã horow 15 no pii ase no nni dwuma. Wɔ saa kwan yi so no, wobɛboa onipa no ma wahu Yehowa ahyehyɛde no yiye.

3 Sɛ nhwɛso no, sɛ moresusuw ɔfã a ɛne “Asafo Ahorow a Ɛde Denhyɛ Ma wɔ Ɔdɔ ne Biakoyɛ Mu” no ho a, wubetumi abisa osuani no sɛnea wɔpaw n’asɔre no mu mpanyimfo na wobu wɔn. Afei mubetumi afi Kyerɛwnsɛm mu ahwɛ sɛnea eyi ne nea wohu na wɔyɛ wɔ Yehowa ahyehyɛde no mu bɔ abira. Wubetumi afa ɔkwan a ɛte saa ara so bere a moresusuw ɔfã a ɛfa sɛnea wotua adwuma no ho ka a efi ase wɔ kratafa 28 ho no. Eyi bɛboa osuani no ma wahu ɔkwan a Yehowa nam so na ɛbɛkanyan no ma wayɛ ho biribi wɔ ɔkwan pa so.

4 Ma ɛntra w’adwenem nso sɛ ɛnyɛ nea ɛsɛ sɛ mususuw ɔfã biara mu nsɛm nyinaa ho wɔ adesua biako mu na mmom mubetumi agyina ne tenten so na moasusuw ho wɔ adesua no pii mu. Ɛsɛ sɛ egye simma anum anaasɛ du pɛ wɔ adesua biara akyi na mode ntĩmu nsemmisa a ɛho hia ma asɛm a moasusuw ho no di dwuma efisɛ eyinom si nsɛntitiriw no so dua.

5 Twe adwene si mfonini ne mfataho ahorow a ɛbɛma ntease a ɛwɔ kyerɛwsɛm no mu no atra osuani no adwenem no so. Mfonini ahorow no mu pii kyerɛ sɛnea Yehowa ahyehyɛde no yɛ amanaman ntam de ne biakoyɛ a ɛwɔ Onyankopɔn nkurɔfo mu a abusua a wofi mu, wɔn gyinabea wɔ asetra mu anaasɛ ɔman a wofi mu no mfa ho. Ahyehyɛde a ɛte sɛɛ nkutoo na ebetumi adi Yesu ahyɛde a ɔde mae a ɛkyerɛ sɛ wɔnka asɛm pa no wɔ wiase nyinaa no ho dwuma wɔ nokwarem.​—Mat. 24:14.

6 Ɛsɛ sɛ nkurɔfo paw Yehowa ahyehyɛde no anaasɛ Satan de no. Ɛfa wɔn nkwa ho. (Aso. 26:18) Yebetumi aboa wɔn ma wɔapaw nea eye no denam adwinnade ahorow a Yehowa de ama sɛ yɛmfa nkyerɛ anigyefo kwan mmra n’ahyehyɛde no mu a yɛde bedi dwuma yiye no so. Ɛsɛ sɛ yɛyɛ nhyehyɛe sɛ yɛbɛyɛ eyi wɔ Bible adesua biara mu.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena