Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 6/87 kr. 3
  • Asemmisa Afã

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Asemmisa Afã
  • Yɛn Ahenni Som—1987
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nsɛm a Etwa To a Wɔne Wɔn a Wɔpɛ Sɛ Wɔbɔ Asu Susuw Ho
    Nhyehyɛe a Wɔayɛ Ma Yɛde Ayɛ Yehowa Apɛde
  • Asɛmmisa Afã
    Yɛn Ahenni Som—2013
  • Asemmisa Afã
    Yɛn Ahenni Som—1986
  • Si Gyinae Sɛ Wobɛsom Yehowa
    Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2021
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1987
km 6/87 kr. 3

Asemmisa Afã

● So ɛfata sɛ mpanyimfo ne wɔn a wɔrehwehwɛ asubɔ a wɔn dodow boro biako betĩ nsemmisa no mu wɔ bere koro mu na bere tenten ahe na ɛsɛ sɛ ɔfã biara gye?

Mfaso horow pɔtee bi wom sɛ wɔne wɔn a wɔrehwehwɛ asubɔ no mu biara nkutoo betĩ nsemmisa a ɛwɔ Yɛn Som nhoma no mu no mu. Ɛdenam nsemmisa no mu biara a wɔma onii a ɔrehwehwɛ asubɔ no bua so no, mpanyimfo no betumi ahu sɛnea ne ntease mu dɔ yiye na wɔn adwenem renyɛ wɔn nãã wɔ sɛ ebia wasiesie ne ho ama asubɔ anaasɛ dabi no ho. Bio nso, ebia nea ɔrehwehwɛ asubɔ no betumi akyerɛkyerɛ nsɛm mu yiye bere a ɔne ɔpanyin biako pɛ hyia no.

Nanso ebia tebea ahorow betumi asɔre a ɛbɛma ayɛ nea ɛfata sɛ wɔne wɔn a wɔrehwehwɛ asubɔ a wɔn dodow boro biako behyia. Ebia ɛbɛyɛ papa sɛ wɔne okunu ne ɔyere anaa abusua mufo afoforo behyia sɛ kuw ne titiriw no, sɛ wɔabom asua ade na wɔayɛ nhyehyɛe sɛ wɔn nyinaa bɛbɔ asu wɔ bere koro mu a. Anaasɛ sɛ ebia mpanyimfo kakraa bi na wɔwɔ hɔ na wɔn a wɔhwehwɛ asubɔ no dɔɔso a, ebia ɛho behia sɛ wɔne wɔn behyia sɛ kuw a wɔn dodow nyɛ nea ɛboro baanu anaasɛ baasa. Ɛsɛ sɛ wɔde atɛmpa di dwuma wɔ eyi mu.

Sɛnea wɔtaa yɛ no, ɔfã biara begye bɛyɛ dɔnhwerew biako nanso ɛnyɛ nea wɔmpene so sɛ wɔde bere no bi bɛka ho, sɛ ɛho hia a. (Eyi betumi aba saa bere a wɔne kuw a emufo bɛyɛ baanu anaasɛ baasa na ehyiam anaasɛ bere a wohia bere pii na ama mpanyimfo no atumi ahu ampa sɛ onipa no asiesie ne ho ama asubɔ no.) Ɛnsɛ sɛ ɔpanyin no anaa nea ɔrehwehwɛ asubɔ no de ahopere hwehwɛ nsemmisa no mu.

Ɛsɛ sɛ onii a wahyira ne ho so foforo no siesie ne ho yiye a wadi kan asusuw nsemmisa no ho wɔ kokoam a wakenkan kyerɛw nsɛm ahorow a ɛwom no sɛnea obetumi. Ɛho nhia sɛ ɔne obi bɛhwehwɛ nsemmisa no mu ansa na ɔne mpanyimfo no ahyiam. Ɛsɛ sɛ wosusuw nsemmisa ahorow a wɔama no nɔma no NYINAA ho. Mpanyimfo no nso bɛpaw nsemmisa a sɛ wɔpɛ a na wobesusuw ho a ɛfata ma nea ɔrehwehwɛ asubɔ no.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena