So Wubetumi Ayɛ Ɔkwampaefo Bio?
1 Wɔ mfe anum a atwam no mu no, Ghana daa akwampaefo 1,565 hui sɛ ɛho hia sɛ wogyae akwampae adwuma no. So na woyɛ wɔn mu biako? Sɛ ɛte saa a, ɛnde akyinnye biara nni ho sɛ na wowɔ ntease bi a enti wode hokwan yi too hɔ. Ebia na ɛyɛ biribi a esii mpofirim a na wuntumi nyɛ ho hwee. So ɛda so ara wɔ hɔ? Sɛ ɛyɛ akwahosan, sika fam ahokyere, anaasɛ abusua mu asɛyɛde ahorow na ɛmaa ɛho behiae sɛ wugyae a, so wo nsɛm tebea ayɛ papa? So wubetumi ayɛ nsakrae bi a ɛfata a ɛbɛma woasan anya daa akwampae adwuma mu nhyira horow? So woasusuw ho sɛ wubebisa hokwan bio? Mprempren daa akwampaefo 3,368 na wɔne Ghana baa dwumadibea no resom.
2 Sɛnea wunim no, sɛ wubetumi ayɛ ɔkwampaefo ma ayɛ yiye a, nhyehyɛe pa a wode ahwɛyiye bɛyɛ ho hia. Ɛwom sɛ mpɛn pii no ɔkwampaefo nni bere pii a ɔde begye n’ahome de, nanso ɛtaa da adi sɛ bere kakra a ɔde gye n’ahome no ma onya akomatɔyam ne mfaso kɛse. (Mmeb. 19:17; Aso. 20:35) Bere a woyɛ pii wɔ ɔsom adwuma no mu no, ɛbɔ wo ho ban fi ahopɛ, asetra kwan a ɛyɛ mmerɛw a wiase no di akyi no nkɛntɛnso ho. Yehowa ahyɛ bɔ sɛ sɛ wode wo ho bɔ afɔre na wode Ahenni nneɛma di kan a, ɔbɛma woayɛ ɔdefo wɔ honhom mu. Nokwarem no, wubenya nokware anigye ne akomatɔyam denam koma nyinaa mu a wubefi ayɛ Yehowa adwuma no so.—Mmeb. 10:22; Kol. 3:23, 24.
3 So ɛsɛ sɛ wobu bere nyinaa som adwuma no sɛ hokwan a ɛwɔ hɔ ma nnipa titiriw kakraa bi pɛ? Dabi. Esiane ntam a yɛkae wɔ yɛn ahosohyira no mu nti, ɛsɛ sɛ Kristoni biara susuw bere nyinaa som adwuma no ho anibere so, gye sɛ nsɛm tebea horow mma ontumi nyɛ de.—Marko 12:30.
4 Sɛ w’akwahosan ne Kyerɛwnsɛm mu asɛyɛde ahorow mma wunnya kwan koraa nyɛ akwampae adwuma no mprempren a, wubetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa nim na ɔte ase. Obetua wo nokwaredi wɔ nea nsɛm tebea horow ma ho kwan mu no so ka. (1 Kor. 4:2; 2 Kor. 8:12) Nanso, sɛ ɛte sɛ nea wubetumi asan ayɛ ɔkwampaefo mprempren a, dɛn nti na wonkɔ ɔhwɛfo guamtrani no nkyɛn nkobisa hokwan no?
5 So W’abusua Betumi Aboa? Ebia wugyaee akwampae adwuma no efisɛ na ɛho hia sɛ wudi abusua mu asɛyɛde ahorow ho dwuma. So ebetumi aba sɛ abusua no mufo afoforo betumi de mmoa a ɛbɛma woatumi asan ayɛ akwampae adwuma no ama? Ebinom fam no, sɛ wonya mmoa kakra a ɛbɛma wɔadi asɛyɛde ahorow bi ho dwuma a, wobetumi ayɛ akwampae adwuma no bio.
6 Mmoa a ɛfata ne mmɔden kakra a abusua no mufo afoforo bɛbɔ no bɛma wɔatumi ayɛ saa. Mmoa no betumi ayɛ sika fam de anaa lɔre ho ka a wotua, ne nhyehyɛe a wɔyɛ daa sɛ wɔne wɔn bɛbom ayɛ adwuma wɔ asɛnka mu. Ɛda adi sɛ akwan afoforo wɔ hɔ a wobetumi afa so aboa. Sɛ nsɛm tebea horow mma wo kwan sɛ wobɛsan agye ɔsom mu hokwan yi a, ebia wubetumi de saa mmoa no ama abusua no muni foforo a obetumi ayɛ saa no.
7 Dɛn nti na munsusuw asɛm yi ho sɛ abusua? Ebia mo mu bi betumi ayɛ, sɛ moyɛ no abusua no adwuma a. Sɛ obi foforo tumi bɛyɛ ɔkwampaefo a, abusua mũ no nyinaa bɛte nka ankasa sɛ wɔrenya mu kyɛfa. Ɛnyɛ sɛ ayamye honhom a ɛte saa bɛma Ahenni adansedi no akɔ anim wɔ asasesin no mu nko, na mmom ɛbɛka abusua no abom kɛse wɔ honhom mu nso.—Luka 6:38; Fil. 2:2-4.