Nsɛm a Yebetumi Aka
De afi Bible adesua ase wɔ Memeneda a edi kan wɔ June mu
“Ɛkame ayɛ sɛ obiara a yɛne no abɔ nkɔmmɔ no pɛ sɛ asomdwoe ba wiase. Nanso, yɛda so ara di akõ. Wususuw sɛ dɛn nti na asomdwoe ho yɛ na saa?” Twɛn ma ommua. Afei, fa asɛm a ɛwɔ June 1 Ɔwɛn-Aban no akyi kyerɛ no, na munsusuw asɛm a ɛwɔ asɛmmisa a edi kan no ase ne anyɛ yiye koraa no emu kyerɛw nsɛm no mu biako ho. Fa nsɛmma nhoma no ma no, na yɛ nhyehyɛe san kɔsra no na munsusuw asɛmmisa a edi hɔ no ho.
Monhyɛ no nsow: Monyɛ asɛm a wɔka kyerɛ yi ho ɔyɛkyerɛ wɔ asɛnka nhyiam a mobɛyɛ no June 1 ase.
The Watchtower June 1
“Yɛresrasra mpɔtam hafo ne wɔn asusuw asɛm bi a ɛhaw obiara ho tiawa. Nnipa dodow no ara na wɔabu wɔn atɛnkyea pɛn. Ɛhefa na wohwɛ a wommu nnipa atɛnkyea wɔ wiase yi mu? [Twɛn ma ommua.] Hwɛ sɛnea Onyankopɔn bu nnipa nyinaa. [Kenkan Asomafo Nnwuma 10:34.] Nsɛmma nhoma yi ma yehu ɔkwan a Onyankopɔn bɛfa so ayi atɛnkyea nyinaa afi hɔ koraa.”
Awake! June
“Yɛpɛ sɛ wokyerɛ w’adwene wɔ asɛm bi ho. Ɛkame ayɛ sɛ obiara pɛ asetena pa. Wususuw sɛ ahode pii a yɛbɛtotɔ no bɛma yɛanya asetena pa? [Twɛn ma ommua.] Hyɛ Yesu asɛm a emu dɔ yi nsow. [Kenkan Luka 12:15.] Nsɛmma nhoma yi ma yenya ahode ho adwempa, na ɛma yɛn nyansahyɛ a ebetumi aboa yɛn ma yɛahyɛ yɛn ho so wɔ nneɛma atotɔatotɔ ho.”