Nsɛm a Yebetumi Aka
De afi Bible adesua ase wɔ Memeneda a edi kan wɔ June mu
“Yɛwɔ asɛm bi a ɛyɛ anika paa a yɛpɛ sɛ yɛne wo susuw ho.” [Fa asɛmmisa a edi kan a ɛwɔ June 1 Ɔwɛn-Aban no akyi no kyerɛ no.] Wudwen ho sɛn? Twɛn ma ommua. Munsusuw asɛm a ɛwɔ asɛmmisa no ase ho; anyɛ yiye koraa no monkenkan kyerɛwsɛm baako na munsusuw ho. Fa nsɛmma nhoma no ma no, na yɛ nhyehyɛe san kɔsra no na munsusuw asɛmmisa a edi hɔ no ho.
Ɔwɛn-Aban June 1
“Afe biara, sigaretnom kunkum nnipa bɛyɛ 6,000,000. Wohwɛ a, biribi wɔ hɔ a yebetumi ayɛ wɔ ho? [Twɛn ma ommua.] Nnipa pii abehu sɛ Onyankopɔn ani nnye sigaretnom ho, na eyi aboa wɔn ma wɔagyae. Bible mu asɛm yi ama ebinom a wɔnom sigaret ahu sɛ ɛde nsunsuanso bɔne ba afoforo so. [Kenkan 1 Korintofo 10:24.] Sɛ obi nom sigaret a, nhoma yi bɛma wahu sɛnea Onyankopɔn bu sigaretnom, na ɛbɛboa no ama wagyae.”
Nyan! June
“Ɛnnɛ, Intanɛt Wɛbsaet a nkurɔfo se ɛma wonya nnamfo abu so. Ma mmisa wo, dɛn paa na ɛma obi yɛ adamfo pa? [Twɛn ma ommua.] Bible mu afotu yi bɛma yɛahu nea ɛma obi yɛ adamfo pa.” [Kenkan Yakobo 1:19.] Nhoma yi ma yehu nneɛma nnan bi a ɛbɛboa yɛn ama nnipa afoforo atumi afa yɛn adamfo.”