Nsɛm a Yɛbɛtumi Aka
Ɔwɛn-Aban October 1
“Asɛm bi wɔ Ɔwɛn-Aban yi mu a yɛne mpɔtam hafo resusu ho. [Fa asɛm a ɛwɔ anim no kyerɛ no.] Ɛyɛ ebinom sɛ mpaebɔ yɛ bere sɛeɛ, efisɛ obiara ntie. Afoforo nso gye di sɛ wɔbɔ mpae a, Onyankopɔn tie. Wo nso w’adwene yɛ wo sɛn? [Twɛn ma ɔmmua.] Hwɛ nea Bible ka fa mpaebɔ ho. [Kenkan Yesaia 30:19.] Enti sɛ yɛfa kwampa so bɔ mpae na ɛne Onyankopɔn apɛde hyia a, ɔtie. Adanse pii wɔ nwoma yi mu a ɛma yɛhu saa.”
Nyan! October
“Yɛresrasra yɛn nnamfonom ne wɔn asusu asɛm bi ho tiawa. Nnipa pii bisa sɛ, ‘Adɛn nti koraa na Onyankopɔn ma kwan ma adesamma hu amane?’ Wohwɛ a, ɛyɛ aniammɔnho sɛ obi bɛbisa asɛm a ɛte saa? [Twɛn ma ɔmmua.] Ná Hiob yɛ ɔtreneeni, nanso na ne ho pere no sɛ ɔbɛbisa Onyankopɔn asɛm. [Kenkan Hiob 23:3-5.] Nsɛm mmiɛnsa bi wɔ hɔ a nnipa nyae a anka wɔbɛbisa Onyankopɔn. Wokan nwoma yi a, wobɛhu nsɛmmisa no ne mmuaeɛ a Bible de ma.”