Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Nnawɔtwe Yi De
July 21-27
Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua Nhoma—2025 | July

JULY 21-27

MMEBUSƐM 23

Dwom 97 Ne Mpaebɔ | Nnianim Nsɛm (Simma 1)

BIBLE MU AKORADE

1. Afotu Pa a Ɛfa Nsanom Ho

(Simma 10)

Sɛ woyɛ w’adwene sɛ wobɛnom nsã a, nnom nntra so (Mme 23:​20, 21; w04 12/1 19 ¶5-6)

Mma wo werɛ mmfi sɛ wobow nsã a, ɛwɔ nsunsuanso bɔne (Mme 23:​29, 30, 33-35; it-1 656)

Sɛ wuhu sɛ nsã si hɔ fɛfɛɛfɛ a, nnya adwene sɛ ɛrentumi nyɛ wo hwee (Mme 23:​31, 32)

Onuawa bi te akongua mu; ɔrehwɛ toa bi a nsã wom a esi dan mu hɔ.

2. Tweetwee Bible Mu

(Simma 10)

  • Mme 23:21—Sɛ obi ayɛ kɛse aboro so a, adɛn nti na ɛnkyerɛ sɛ odidi tra so? (w04 11/1 31 ¶2)

  • Bere a wotweetwee nnawɔtwe yi Bible akenkan mu no, dɛn na wuhui a wopɛ sɛ woka ho asɛm?

3. Bible Akenkan

(Simma 4) Mme 23:​1-24 (th adesua 5)

MA W’ANI NKU ASƐNKA HO

4. Hyɛ Nkɔmmɔ Ase

(Simma 2) BAGUAM ADANSEDI. (lmd adesua 3 nkyekyɛm 5)

5. Yɛ Sankɔhwɛ

(Simma 5) AFIE AFIE. Wo ne ofiewura no nsua ade kakra na onhu sɛnea yɛyɛ Bible adesua. (lmd adesua 9 nkyekyɛm 5)

6. Yɛ Asuafo

(Simma 5) Woahu sɛ ɛyɛ den ma wo Bible suani bi sɛ obegyae subammɔne bi; hyɛ no nkuran ma onnyae. (lmd adesua 12 nkyekyɛm 4)

KRISTOFO ABRABƆ

Dwom 35

7. Memfa Nsã Mmra Ase Anaa Minnyae?

(Simma 8) Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ.

Sɛ obi to nsa frɛ nkurɔfo sɛ wɔmmegye wɔn ani, te sɛ ebia ayeforohyia apontow ase a, ehia sɛ ɔde nsã ba ase anaa? Wei yɛ ankorankoro asɛm, nanso ansa na wubesi ho gyinae no, ebehia sɛ wususuw Bible nnyinasosɛm ahorow bi ne nneɛma foforo a ɛho hia ho. Ebi te sɛ mo hɔ amammerɛ, ne sɛnea ɛbɛka afoforo ahonim.

Aberante ne ababaa bi a wɔrebɛware; wɔredwen ho ahwɛ sɛ wɔmfa nsã mmra wɔn ayeforohyia apontow ase anaa mma wɔmfa mma. Wɔabue Bible ato pon a wɔte ho no so, ɛnna wɔrehwɛ wɔn tablɛt so. Wohwɛ tablɛt no so a, wubehu ntoa bebree a nsã wom wɔ so.

Yi VIDEO a yɛato din, Ɛsɛ Sɛ Mede Nsã Ba Ase Anaa? Afei bisa sɛ:

  • Bible nnyinasosɛm a edidi so yi, sɛn na ebetumi aboa obi a ɔretow pon ama wasi gyinae sɛ ɔde nsã bɛba ase anaa ɔremfa bi mma ase?

    • Yoh 2:9—Yesu maa nsu danee nsã wɔ ayeforohyia apontow bi ase.

    • 1Ko 6:10—“Akɔwensafo . . . rennya Onyankopɔn Ahenni no.”

    • 1Ko 10:​31, 32—“Sɛ moredidi oo, morenom oo, . . . monyɛ nneɛma nyinaa mfa nhyɛ Onyankopɔn anuonyam. Monhwɛ na moanto . . . hintidua.”

  • Nneɛma bɛn saa na ehia sɛ yesusuw ho?

  • Sɛ yɛresisi gyinae a, adɛn nti na ɛsɛ sɛ ‘yɛde yɛn adwene yɛ adwuma’ de susuw Bible nnyinasosɛm ahorow ho?—Ro 12:1; Ɔsɛ 7:​16-18

8. Asafo Mu Ahiade

(Simma 7)

9. Asafo Bible Adesua

(Simma 30) lfb adesua 2, ɔfã 2 no nnianim nsɛm, ne adesua 3

Nsɛm a Wɔde Wie (Simma 3) | Dwom 40 Ne Mpaebɔ

Nsɛm a Ɛwɔ Ɔwɛn-Aban Yi Mu
Ɔwɛn-Aban (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2025 | May

Adesua Asɛm 20: July 21-27, 2025

8 Hwehwɛ Awerɛkyekye Fi Yehowa Hɔ

Nsɛm Foforo a Wubetumi Akenkan

Hwɛ nsɛm foforo a ɛwɔ Ɔwɛn-Aban yi mu

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena