Dɛn na Bible no Ka Wɔ Onyankopɔn ne Yesu Ho?
SƐ NKURƆFO kenkan Bible no fi mfiase kosi awiei bere a wonni Baasakoro no ho adwene biara a wɔadi kan anya dedaw a, so anka wɔn ankasa benya nsusuwii a ɛte saa? Dabida.
Nea emu da hɔ fann ma ɔkenkanfo a onni adwenkyea biara no ne sɛ Onyankopɔn nkutoo ne Ade Nyinaa so Tumfoɔ, Ɔbɔadeɛ, ɔne obiara mmom biako na ɛsono no wɔ ɔfoforo biara ho, ne sɛ Yesu nso ne obiara mmom biako na ɛsono no, wɔ n’asetra ansa na ɔbɛyɛ ɔdesani no mpo mu, obi a wɔbɔɔ no na ɔhyɛ Onyankopɔn ase.
Onyankopɔn Yɛ Koro, Ɔnyɛ Baasa
WƆFRƐ Bible nkyerɛkyerɛ a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn yɛ koro no sɛ monotheism wɔ Borɔfo mu. Na L. L. Paine a ɔyɛ asɔre nsɛm ho abakɔsɛm mu ɔbenfo no da no adi sɛ Onyankopɔn biako pɛ a ɔwɔ hɔ ho adwene no kronnyɛ mma Baasakoro biara ho kwan: “Apam Dedaw no kura Onyankopɔn biako pɛ ho adwene mu pintinn. Onyankopɔn yɛ obi ankasa a ɔyɛ koro. Adwene a ɛne sɛ wobehu baasakoro wɔ hɔ no . . . yɛ nea enni nnyinaso koraa.”
So nsakrae bi baa Onyankopɔn biako adwene no mu bere a Yesu baa asase so no akyi? Paine bua sɛ: “Nsonsonoe biara nni Apam Dedaw no ne Foforo no ntam wɔ saa asɛm yi ho. Onyankopɔn biako ho atetesɛm no kɔ so ara. Na Yesu yɛ Yudani a Yudafo awofo tetee no wɔ Apam Dedaw no kyerɛw nsɛm mu. Na ne nkyerɛkyerɛ no yɛ Yudafo de kosi ase; na ɛyɛ asɛmpa foforo ampa, nso na ɛnyɛ nyamekyerɛ foforo. . . . Na ogyee Yudafo Onyankopɔn biako adwene ho kyerɛwsɛm kɛse no toom sɛ n’ankasa gyidi: ‘Israel tie, Awurade yɛn Nyankopɔn ne Onyankopɔn koro.’”
Saa nsɛm no wɔ Deuteronomium 6:4. Katolekfo New Jerusalem Bible (NJB) no kenkan wɔ ha sɛ: “Tie, Israel: Yahwe yɛn Nyankopɔn ne Yahwe biako no.”a Saa nkyekyem no kasa mmara mu no, asɛmfua “biako” no nni dodow kabea a ɛbɛkyerɛ sɛ ɛnkyerɛ biribiara sɛ onipa biako.
Kristoni ɔsomafo Paulo nso ankyerɛ sɛ nsakrae bi baa Onyankopɔn su mu, bere a Yesu baa asase so akyi no mpo. Ɔkyerɛwee sɛ: “Onyankopɔn de, ɔyɛ obiako.”—Galatifo 3:20; hwɛ 1 Korintofo 8:4-6 nso.
Mpɛn mpempem pii wɔ Bible mu nyinaa no, wɔka Onyankopɔn ho asɛm sɛ ɔyɛ obiako. Bible no ma eyi mu da hɔ pefee. Sɛnea Onyankopɔn kyerɛ no: “Me ne Yehowa. Me din ne no; na meremfa m’anuonyam mma obi foforo.” (Yesaia 42:8) “Me ne Yahwe wo Nyankopɔn . . . Munnya anyame foforo biara nka me ho.” (Yɛn na yɛde nkyerɛwde soronko akyerɛw afã bi no.)—Exodus 20:2, 3, JB.
Sɛ Onyankopɔn yɛ baasa ampa a, dɛn nti na anka Bible akyerɛwfo a Onyankopɔn de honhom kaa wɔn no nyinaa ka Onyankopɔn ho asɛm sɛ ɔyɛ obiako? Atirimpɔw bɛn na anka ɛno bedi ho dwuma sen sɛ ɛbɛdaadaa nkurɔfo? Ampa ara, sɛ nnipa baasa na wɔka bom yɛ Onyankopɔn a, anka ɔbɛma ne Bible akyerɛwfo akyerɛkyerɛ eyi mu fann sɛnea ɛbɛyɛ a akyinnyegye biara remma ho. Anyɛ yiye koraa no, anka Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no akyerɛwfo a wɔne Onyankopɔn Ba no dii nkitaho ankasa no bɛyɛ saa. Nanso wɔanyɛ saa.
Mmom no, nea Bible akyerɛwfo no maa emu daa hɔ fann ne sɛ Onyankopɔn yɛ Obiako—Obi a ɔyɛ soronko a wɔnkyekyɛɛ no mu na obiara ne no nsɛ: “Mene [Yehowa], na obi nni hɔ bio; Onyankopɔn bi nni hɔ sɛ me nko.” (Yesaia 45:5) “Wo a wo din de [Yehowa] no, wo nko ara ne ɔsorosoroni, asase nyinaa so.”—Dwom 83:18.
Ɔnyɛ Onyankopɔn a Ɔdɔɔso
YESU frɛɛ Onyankopɔn “nokware Nyankopɔn koro.” (Yohane 17:3) Wanka Onyankopɔn ho asɛm da sɛ ɔyɛ onyame bi a nnipa dodow bi na wɔka bom yɛ. Enti na Bible mu baabiara nni hɔ a wɔfrɛ obiara Ade Nyinaa so Tumfoɔ gye Yehowa nkutoo no. Ɛnte saa a, anka ɛsɛe asɛm “ade nyinaa so tumfoɔ” no mu ntease. Wɔmfrɛ Yesu anaasɛ honhom kronkron no saa, efisɛ Yehowa nkutoo na ɔyɛ opumpuni. Ɔka wɔ Genesis 17:1 sɛ: “Mene Onyankopɔn Tweaduampɔn.” Na Exodus 18:11 se: “[Yehowa] yɛ kɛse sen anyame nyinaa.”
Wɔ Hebri Kyerɛwnsɛm no mu no, asɛmfua ʼelohʹah (onyame) wɔ dodow kabea abien a ɛne ʼelo·himʹ (anyame) ne ʼelo·hehʹ (anyame a). Mpɛn pii no saa dodow kabea no fa Yehowa ho, na wɔ ɛno mu no, wɔkyerɛ ase obiako kabea mu sɛ “Onyankopɔn.” So saa dodow kabea yi kyerɛkyerɛ Baasakoro? Dabi, ɛnyɛ saa. Wɔ A Dictionary of the Bible mu no, William Smith se: “Ɛyɛ den sɛ nhomanimfo bi begyina adwene a ɛyɛ serew a ɛne sɛ [ʼelo·himʹ] kyerɛ nnipa baasakoro a ɛwɔ Onyamesu mu no akyi nnɛ. Ɛyɛ nea ebia wɔn a wonim kasa mmara frɛ no kɛseyɛ dodow kabea no, anaasɛ ɛkyerɛ sɛnea ɔsoro ahoɔden wie pɛyɛ, Onyankopɔn tumi a ɔda no adi nyinaa.”
The American Journal of Semitic Languages and Literatures ka ʼelo·himʹ ho asɛm sɛ: “Ɛkame ayɛ sɛ wɔde biako kabea mu adeyɛsɛm nkasae na ɛkyerɛ ase, na ekura edin nkyerɛkyerɛmu a ɛwɔ biako kabea mu.” Sɛ yɛbɛyɛ eyi ho mfatoho a, abodin ʼelo·himʹ no ankasa pue mpɛn 35 wɔ adebɔ ho kyerɛwtohɔ no mu, na bere biara no adeyɛsɛm a ɛkyerɛkyerɛ nea Onyankopɔn kae na ɔyɛe no mu no wɔ biako kabea mu. (Genesis 1:1–2:4) Enti, saa nhoma no de ba awiei sɛ: “Ɛsɛ sɛ wɔkyerɛ [ʼElo·himʹ] ase sɛ dodow kabea a tumi wom, a ɛkyerɛ kɛseyɛ ne tumi.”
ʼElo·himʹ nkyerɛ “nnipa” na mmom ɛkyerɛ “anyame.” Enti wɔn a wogye kyim sɛ saa asɛm yi kyerɛ Baasakoro no yɛ wɔn ho anyame pii asomfo, wɔn a wɔsom nea ɛboro Onyankopɔn biako. Dɛn ntia? Efisɛ ɛbɛkyerɛ sɛ anyame baasa na wɔwɔ Baasakoro no mu. Nanso ɛkame ayɛ sɛ Baasakoro akyigyinafo pow adwene a ɛne sɛ anyame baasa a ɛsono wɔn mu biara na wɔbom yɛ Baasakoro no.
Sɛ Bible no reka atoro ahoni anyame dodow bi ho asɛm nso a, ɛde ʼelo·himʹ ne ʼelo·hehʹ di dwuma. (Exodus 12:12; 20:23) Nanso, mmere afoforo mu no, ebia wɔbɛka atoro nyame biako pɛ ho asɛm, te sɛ bere a na Filistifo reka “wɔn nyame Dagon [ʼelo·hehʹ]” ho asɛm no. (Atemmufo 16:23, 24) Wɔfrɛ Baal “onyame [ʼelo·himʹ].” (1 Ahene 18:27) Nea ɛka ho bio no, wɔde asɛmfua no di dwuma de gyina hɔ ma adesamma. (Dwom 82:1, 6) Wɔka kyerɛɛ Mose sɛ ɔbɛyɛ “Onyankopɔn [ʼelo·himʹ]” ama Aaron ne Farao.—Exodus 4:16; 7:1.
Ɛda adi sɛ, na abodin ʼelo·himʹ ne ʼelo·hehʹ a wɔde dii dwuma maa atoro anyame, ne adesamma mpo no nkyerɛ sɛ wɔn mu biara yɛ anyame wɔ dodow kabea mu; na saa ara nso na ʼelo·himʹ anaasɛ ʼelo·hehʹ a wɔde di dwuma wɔ Yehowa ho no nkyerɛ sɛ ɔboro onipa biako, titiriw no bere a yesusuw asɛm no ho adanse a ɛwɔ Bible mu afã afoforo no ho no.
Yesu yɛ Abɔde a Ɛsono No
BERE a Yesu wɔ asase so no, na ɔyɛ ɔdesani, ɛwom sɛ na ɔyɛ pɛ esiane sɛ Onyankopɔn yii Yesu nkwa tumi bɛhyɛɛ Maria awotwaa mu no nti. (Mateo 1:18-25) Nanso ɛnyɛ saa na ofii ase. Ɔno ankasa kae sɛ ‘ofi soro na osianee.’ (Yohane 3:13) Enti na ɛyɛ ne kwan so sɛ akyiri yi ɔka kyerɛɛ n’akyidifo sɛ: “Sɛ muhu onipa ba [Yesu] no sɛ ɔrekɔ ɔsoro nea ɔwɔ kan no nso ɛ?”—Yohane 6:62.
Enti, na Yesu atra ase wɔ ɔsoro ansa na ɔreba asase so. Nanso so na ɔwɔ hɔ sɛ onipa a ɔwɔ ade nyinaa so tumfoɔ bi mu, Nyamesu baasakoro bi a ɛwɔ hɔ daa mu biako anaa? Dabi, efisɛ Bible no ma emu da hɔ pefee sɛ ansa na Yesu rebɛtra ase sɛ ɔdesani no, na ɔyɛ honhom nipa a wɔbɔɔ no, sɛnea abɔfo yɛ honhom nnipa a Onyankopɔn bɔɔ wɔn no. Abɔfo no ne Yesu nyinaa antra ase ansa na wɔrebɔ wɔn.
Ná Yesu, wɔ n’asetra ansa na ɔrebɛyɛ ɔdesani mu no, yɛ “abɔde nyinaa abakan.” (Kolosefo 1:15) Na ɔyɛ “Onyankopɔn abɔde mfiase.” (Adiyisɛm 3:14) Wɔrentumi nkyerɛ “mfiase” [Hela, ar·kheʹ] ase ɔkwan a ɛfata so mma ɛnkyerɛ sɛ Yesu na ‘ofii Onyankopɔn adebɔ ase.’ Wɔ Bible mu nhoma ahorow a Yohane kyerɛwee no mu no, ɔde Hela asɛmfua ar·kheʹ no ahorow ahorow di dwuma bɛboro mpɛn 20, na eyi wɔ nkyerɛase biako a ɛne “mfiase” bere nyinaa. Yiw, Onyankopɔn bɔɔ Yesu sɛ Onyankopɔn abɔde a aniwa nhu wɔn no mfiase.
Hyɛ sɛnea saa nsɛm a ɛfa Yesu mfiase ho no ne nsɛm a mfonini kwan so “Nyansa” ka wɔ Bible mu nhoma a ɛne Mmebusɛm mu no wɔ abusuabɔ no nsow: “[Yehowa] bɔɔ me de fii n’adwuma ase, ne nnwuma a efi teteete no mu adikan, wonnya mfaa mmepɔw nsisii hɔ, na nkoko nnya mmae no, na wɔawo me; wonnya nyɛɛ asase ne wura, ne wiase mfutuma no.” (Mmebusɛm 8:12, 22, 25, 26) Bere a wɔde asɛmfua “Nyansa” di dwuma de ka onii a Onyankopɔn bɔɔ no no ho asɛm sɛ onipa no, nhomanimfo pii gye tom sɛ ɛyɛ kasatɔmmɛ ankasa a wɔde ka Yesu sɛ honhom abɔde ansa na ɔbɛtraa ase sɛ ɔdesani no ho asɛm.
Sɛ́ “Nyansa” wɔ n’asetra ansa na ɔrebɛyɛ ɔdesani mu no, Yesu kɔ so ka sɛ na “ɔwɔ [Onyankopɔn] nkyɛn sɛ odwumfo a waben.” (Mmebusɛm 8:30, JB) Nea ɛne saa afã yi sɛ odwumfo a waben no hyia no, Kolosefo 1:16 ka Yesu ho asɛm sɛ “Onyankopɔn nam ne so na ɔbɔɔ biribiara a ɛwɔ soro ne nea ɛwɔ asase so.”—Today’s English Version (TEV).
Enti ɛnam odwumayeni a waben yi so na Ade Nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn bɔɔ ade nyinaa, sɛ ne hokafo kumaa, sɛnea yɛbɛka no no. Bible no bɔ asɛm no mua saa kwan yi so: “Onyankopɔn biako pɛ na yɛwɔ, Agya no a nneɛma nyinaa fi ne mu, . . . ne Awurade biako, Yesu Kristo a wɔnam ne so yɛ nneɛma nyinaa.” (Yɛn na yɛde nkyerɛwde soronko akyerɛw afã bi no.)—1 Korintofo 8:6.
Akyinnye biara nni ho sɛ saa odwumfo a waben yi na Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ: “Ma yɛnyɛ onipa wɔ yɛn suban so” no. (Genesis 1:26, New World Translation) Ebinom akyerɛ sɛ “yɛnyɛ” ne “yɛn” a ɛwɔ saa asɛm yi mu no kyerɛ Baasakoro. Nanso, sɛ woka sɛ, ‘Ma yɛnyɛ biribi mma yɛn ho’ a, obiara nni hɔ a ɔbɛte ase ankasa sɛ nnipa pii na wɔaka abom sɛ biako wɔ wo mu. Wokyerɛ tiawa sɛ ankorankoro abien anaasɛ nea ɛboro saa na wɔbɛbom ayɛ biribi ho adwuma. Saa ara nso na bere a Onyankopɔn de “yɛnyɛ” ne “yɛn” dii dwuma no, na ɔrekasa akyerɛ obi foforo ara kwa, ne honhom abɔde a odi kan no, odwumfo a waben no, Yesu wɔ bere a ɔtraa ase ansa na ɔrebɛyɛ ɔdesani no mu.
So Wobetumi Asɔ Onyankopɔn Ahwɛ?
WƆ MATEO 4:1 no, wɔka Yesu ho asɛm sɛ ‘Ɔbonsam sɔɔ no hwɛe.’ Satan de “wiase ahenni nyinaa ne emu anuonyam” kyerɛɛ Yesu akyi no, ɔkae sɛ: “Sɛ wobɛkotow asɔre me a, anka me de eyinom nyinaa mɛma wo.” (Mateo 4:8, 9) Na Satan rebɔ mmɔden adaadaa Yesu na wanni nokware amma Onyankopɔn.
Nanso, sɛ Yesu ne Onyankopɔn a, anka ɛno bɛyɛ nokwaredi ho sɔhwɛ bɛn? So Onyankopɔn betumi atew atua atia n’ankasa ho? Dabi, na mmom abɔfo ne adesamma betumi atew atua atia Onyankopɔn na wɔayɛ saa. Sɛ Yesu nyɛ Onyankopɔn, na mmom obi a ɛsono no na ɔwɔ n’ankasa pɛ, obi a sɛ ɔpɛ a ɔrenni nokware, te sɛ ɔbɔfo anaasɛ ɔdesani nkutoo a, na ne sɔhwɛ no bɛyɛ nea ntease wom.
Ɔkwan foforo so no, ɛnyɛ nea wobetumi asusuw mpo sɛ Onyankopɔn bɛyɛ bɔne na ɔrenni ne ho nokware. “N’adeyɛ yɛ pɛ, . . . Ɔyɛ nokware Nyankopɔn . . . ɔtreneeni ne teefo ne no.” (Deuteronomium 32:4) Enti sɛ na Yesu ne Onyankopɔn a, anka wɔrentumi nsɔ no nhwɛ.—Yakobo 1:13.
Esiane sɛ na Yesu nyɛ Onyankopɔn nti, na anka ebetumi aba sɛ ɔrenni nokware. Nanso odii nokware, na ɔkae sɛ: “Fi me so, Satan! Na wɔakyerɛw sɛ: Kotow sɔre [Yehowa] wo Nyankopɔn, na ɔno nko ara na som no.”—Mateo 4:10.
Na Nnwensa no Som Bo Dɛn?
NNEƐMA atitiriw a ɛno nti Yesu baa asase so no mu biako nso ka Baasakoro no tee. Bible no kyerɛ sɛ: “Onyankopɔn koro na ɔwɔ hɔ, ne Onyankopɔn ne nnipa ntamgyinafo koro, ɔne onipa Kristo Yesu a ɔde ne ho mae sɛ nnwensa maa nnipa nyinaa.”—1 Timoteo 2:5, 6.
Yesu a na ɔyɛ pɛ ɔkwan biara so no bɛyɛɛ nnwensa a ɛma wotumi nyaa nea Adam hweree no pɛpɛɛpɛ—hokwan a wɔde benya ɔdesani asetra a ɛyɛ pɛ wɔ asase so. Enti na ɔsomafo Paulo betumi afrɛ Yesu ma afata sɛ “Adam a odi akyiri,” nea ɔkaa eyi wɔ nsɛm afoforo a ɛka asɛm no ho ara mu no: “Sɛnea wɔn nyinaa wu Adam mu no, sɛ nso wɔn nyinaa benya nkwa Kristo mu ne no.” (1 Korintofo 15:22, 45) Na Yesu ɔdesani nkwa a ɛyɛ pɛ no ne “nnwensa” a na ɔsoro atɛntrenee hwehwɛ no—na ɛnsɛ sɛ ɛboro so, na ɛnsɛ sɛ ɛtɔ sin. Adesamma atɛntrenee mpo mu nnyinasosɛm titiriw bi ne sɛ ɛsɛ sɛ ɛbo a wotua no ne bɔne a wɔyɛe no yɛ pɛ.
Nanso, sɛ na Yesu yɛ Onyamesu bi fã a, anka agyede no bo no bɛyɛ nea ɛso kɛse koraa kyɛn nea na Onyankopɔn ankasa Mmara hwehwɛ. (Exodus 21:23-25; Leviticus 24:19-21) Ɔdesani a na ɔyɛ pɛ, Adam, na ɔyɛɛ bɔne wɔ Eden, na ɛnyɛ Onyankopɔn. Enti sɛ agyede no ne Onyankopɔn atɛntrenee behyia ampa a, na ɛsɛ sɛ ɛyɛ nea ɛne no yɛ pɛ ankasa—ɔdesani a ɔyɛ pɛ, “Adam a odi akyiri.” Enti, bere a Onyankopɔn somaa Yesu baa asase so sɛ agyede no, ɔyɛɛ Yesu sɛ nea obetumi adi atɛntrenee ho dwuma, na ɛnyɛ nyamesu ne nipasu a wɔka boom, na ɛnyɛ onyame a ɔyɛ nipa, na mmom onipa a ɔyɛ pɛ, “ɛkaa kakraa na ɔtoo abɔfo.” (Hebrifo 2:9; fa toto Dwom 8:5, 6 ho.) Ɛbɛyɛ dɛn na ade nyinaa so tumfoɔ Nyamesu—Agya, Ɔba, anaa honhom kronkron fã bi—abɛyɛ nea ɛkaa kakraa na ɔtoo abɔfo?
Ɔkwan Bɛn so na Ɔyɛ ‘Ɔba a Wɔwoo no Koro?’
BIBLE no frɛ Yesu sɛ Onyankopɔn “ba a ɔwoo no koro.” (Yohane 1:14; 3:16, 18; 1 Yohane 4:9) Baasakorofo ka sɛ esiane sɛ Onyankopɔn te hɔ daa nti, Onyankopɔn Ba no nso te hɔ daa. Nanso ɔkwan bɛn so na obi betumi ayɛ ɔba, na bere koro no ara mu no, ɔne n’agya ayɛ pɛ wɔ mfe mu?
Baasakorofo kyerɛ sɛ wɔ Yesu fam no, “wɔwoo no koro” ne sɛnea nsɛm asekyerɛ nhoma kyerɛ “awo” ase a ɛne sɛ “wo a obi wo ɔba sɛ agya” no nyɛ ade koro. (Webster’s Ninth New Collegiate Dictionary) Wɔka sɛ wɔ Yesu fam no, ɛkyerɛ “abusuabɔ a enni mfiase,” ɔba koro a wɔanwo no abusuabɔ bi. (Vine’s Expository Dictionary of Old and New Testament Words) So ntease wɔ ɛno mu ma wo? Obi betumi ayɛ ɔba bi agya bere a wanwo no?
Bio nso, dɛn nti na Bible no de Hela asɛmfua ma “ɔwoo no koro” no ara (sɛnea Vine gye tom a ɔnkyerɛkyerɛ mu no) di dwuma de ka Isak ne Abraham abusuabɔ no ho asɛm? Hebrifo 11:17 ka Isak ho asɛm sɛ ɔyɛ Abraham “ba a ɔwoo no koro.” Akyinnye biara nni ho sɛ wɔ Isak fam no, wɔwoo no koro wɔ ntease no ankasa mu, na ɔne n’agya nyɛ pɛ wɔ bere anaa gyinabea mu.
Strong nhoma Exhaustive Concordance no kyerɛ sɛ Hela mfitiase asɛm ma “ɔwoo no koro” a wɔde dii dwuma maa Yesu ne Isak no ne mo·no·ge·nesʹ a efi moʹnos a ɛkyerɛ “koro” ne giʹno·mai, a ɛyɛ asɛm a asekyerɛ ne “sɛ wɔwo,” “sɛ wɔba (asetra mu)” no mu. Enti, wɔkyerɛ mo·no·ge·nesʹ ase sɛ: “Nea wɔwo ne nkutoo, nea wɔwo no koro, kyerɛ sɛ ɔba koro.”—A Greek and English Lexicon of the New Testament a E. Robinson kyerɛwee.
Theological Dictionary of the New Testament a Gerhard Kittel ne ne samufo no se: “[Mo·no·ge·nesʹ] kyerɛ ‘aseni koro pɛ,’ kyerɛ sɛ onni nuanom.” Saa nhoma yi kyerɛ nso sɛ wɔ Yohane 1:18; 3:16, 18; ne 1 Yohane 4:9 no, “ɛnyɛ nea wɔde Yesu abusuabɔ no toto ɔba koro bi ne n’agya de ho ara kwa. Ɛyɛ ɔba a wɔwoo no koro ne Agya no ntam abusuabɔ.”
Enti, Yesu a na ɔyɛ Ɔba a wɔwoo no koro no nyaa n’asetra mfiase. Na wobetumi afrɛ Ade Nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn ma afata sɛ Ɔwofo, anaa Agya, wɔ ntease koro no ara a asase so agya, te sɛ Abraham, wo ɔba no mu. (Hebrifo 11:17) Enti, bere a Bible no ka Onyankopɔn ho asɛm sɛ Yesu “Agya” no, ɛkyerɛ nea ɛka no ara—sɛ wɔyɛ ankorankoro baanu a ɛsono obiara. Onyankopɔn ne panyin. Yesu ne akumaa—bere, gyinabea, tumi, ne nimdeɛ mu.
Sɛ obi susuw ho sɛ na ɛnyɛ Yesu nkutoo ne Onyankopɔn honhom mu ɔba a wɔbɔɔ no ɔsoro a, nea enti a wɔde asɛmfua ‘Ɔba a ɔwoo no koro’ no dii dwuma wɔ ne fam no mu da hɔ. Wɔfrɛ honhom abɔde afoforo a wonnim wɔn dodow, abɔfo no sɛ “Onyankopɔn mma” wɔ ntease koro no ara a enti na Adam yɛ ne ba no mu, efisɛ wɔn nkwa tumi fi Yehowa Nyankopɔn, nkwa Asuti anaasɛ Fibea no. (Hiob 38:7; Dwom 36:9; Luka 3:38) Nanso, wɔnam ‘Ɔba a ɔwoo no koro’ a ɔno nkutoo na Onyankopɔn woo no tee no so na ɛbɔɔ eyinom nyinaa.—Kolosefo 1:15-17.
So Wobuu Yesu Sɛ Ɔne Onyankopɔn?
BERE a wɔtaa frɛ Yesu Onyankopɔn Ba wɔ Bible mu no, obiara annwen ne ho da sɛ na ɔyɛ Ɔba Nyankopɔn wɔ afeha a edi kan no mu. Na adaemone a ‘wogye di sɛ Onyankopɔn yɛ biako’ no fi nea na wonim wɔ honhom atrae no mu nim sɛ Yesu nyɛ Onyankopɔn. Enti, ɔkwan a ɛteɛ so no, wɔfrɛɛ Yesu sɛ “Onyankopɔn ba” a ɛsono no. (Yakobo 2:19; Mateo 8:29) Na bere a Yesu wui no, Romafo asraafo abosonsomfo a na wogyina ne nkyɛn no huu nea ɛdɔɔso a ɛma wɔkae sɛ ɛbɛyɛ sɛ nea na wɔate afi n’akyidifo hɔ no yɛ nokware, ɛnyɛ sɛ na Yesu yɛ Onyankopɔn, na mmom sɛ “ampa ara, Onyankopɔn Ba ni.”—Mateo 27:54, NW.
Enti, ɔkasamufã “Onyankopɔn Ba” no ka Yesu ho asɛm sɛ abɔde a ɔyɛ soronko, ɛnyɛ sɛ Baasakoro bi fã. Na sɛ Onyankopɔn Ba no, ɔrentumi nyɛ Onyankopɔn ankasa, efisɛ Yohane 1:18 se: “Obi nhuu Onyankopɔn pɛn.”
Asuafo no buu Yesu sɛ “Onyankopɔn ne nnipa ntamgyinafo koro,” ɛnyɛ sɛ Onyankopɔn ankasa. (1 Timoteo 2:5) Esiane sɛ sɛ wɔkyerɛkyerɛ mu a ntamgyinafo yɛ soronko wɔ wɔn a wohia ntamgyina no ho nti, ɛbɛyɛ nea ɛne ne ho bɔ abira sɛ Yesu bɛsan ayɛ akuw a ɔbɔ mmɔden sɛ ɔbɛpata wɔn abom no mu biako no ara. Ɛno bɛyɛ nea ɔreyɛ ne ho biribi a ɔnte saa ankasa.
Bible no ma abusuabɔ a ɛda Onyankopɔn ne Yesu ntam no mu da hɔ fann na ɛmman mfi ho. Yehowa Nyankopɔn nkutoo na ɔyɛ Ade Nyinaa So Tumfoɔ. Ɔbɔɔ Yesu a ɔtraa ase ansa na ɔrebɛyɛ ɔdesani no tee. Enti, na Yesu wɔ mfiase na ɔrentumi ne Onyankopɔn nyɛ pɛ da wɔ tumi ne wɔ a ɔwɔ hɔ daa no mu.
[Ase hɔ nsɛm]
a Wɔkyerɛw Onyankopɔn din no “Yahwe” wɔ nkyerɛase binom mu, “Yehowa” wɔ afoforo mu.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 14]
Esiane sɛ Onyankopɔn na ɔbɔɔ Yesu nti, ɔwɔ gyinabea a ɛto so abien wɔ bere, tumi, ne nimdeɛ mu
[Kratafa 15 mfonini]
Yesu kae sɛ ɔtraa ase ansa na ɔbɛyɛ ɔdesani, bere a Onyankopɔn bɔɔ no sɛ Onyankopɔn abɔde a aniwa nhu wɔn no mfiase no