Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g00 4/8 kr. 9-11
  • Ne Nyinaa Kyerɛ Dɛn?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ne Nyinaa Kyerɛ Dɛn?
  • Nyan!—2000
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Nna a Edi Akyiri”
  • Subammɔne a Nnipa Bɛda no Adi
  • Nsɛm a Esisi Wɔ Wiase
  • Tumi Bɔne a Ɛhyɛ Akyiri
  • Bere Titiriw a Ɛreba
  • So Yɛte “Nna a Edi Akyiri” no Mu?
    Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa?
  • So Yɛte “Nna a Edi Akyiri” no Mu Ankasa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
  • Ɔkwan a Yɛnam so Hu sɛ Yɛwɔ “Nna a Edi Akyiri” no Mu
    So Onyankopɔn Dwen Yɛn Ho Ampa?
  • Ɛnkyɛ Onyankopɔn Atirimpɔw Bɛbam
    Dɛn Ne Asetra Atirimpɔw? Wobɛyɛ Dɛn Ahu?
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2000
g00 4/8 kr. 9-11

Ne Nyinaa Kyerɛ Dɛn?

SƐ ANKA woreyɛ abrabɔ gyinapɛn ho nhwehwɛmu wɔ nnansa yi mfe mu a, wubehu sɛ ɛwɔ nkɛntɛnso ankasa. Akyinnye biara nni ho sɛ, sɛe ara na abrabɔ gyinapɛn kɔ so sɛe wɔ nnipa dodow no ara fam. Dɛn na eyi kyerɛ ankasa?

So eyi kyerɛ sɛ yɛn anibuei nhyehyɛe no nyinaa ne adesamma nyinaa nkwa da asiane mu, a abɛn ɔsɛe, sɛnea ebinom ka no? Anaasɛ nsakrae a ɛte saa no yɛ tebea a yenim wɔ abakɔsɛm mu sɛ ɛkɔ so sesa no fã bi kɛkɛ?

Nnipa pii susuw sɛ ɛyɛ nsakrae bi kɛkɛ. Wobu abrabɔ a asɛe wɔ yɛn bere yi so no sɛ biribi a ɛkɛntɛn nnipa so ara kɛkɛ, nneɛma a aba atwam wɔ adesamma abakɔsɛm mu no bi. Wɔwɔ ahotoso a emu yɛ den sɛ awiei koraa no tebea no bɛsesa ma abrabɔ gyinapɛn ahorow a ɛkorɔn aba. So nea wɔka no yɛ nokware?

“Nna a Edi Akyiri”

Momma yennyina nea nhoma a mfehaha pii ni wɔagye atom kɛse sɛ ɛka abrabɔ pa ho asɛm—Onyankopɔn Asɛm, Bible—no ka so nsusuw nokwasɛm no ho. Yetumi te nneɛma ase yiye bere a yɛde nnɛ wiase no toto nea Bible no ka wɔ nkɔmhyɛ kwan so fa bere titiriw a yɛwɔ mu wɔ adesamma abakɔsɛm mu ho no. Saa bere yi ne bere a Bible no frɛ no “nna a edi akyiri” anaa “nneɛma nhyehyɛe no awiei.” (2 Timoteo 3:1; Mateo 24:3, NW) Sɛnea saa nsɛm yi kyerɛ no, saa bere yi hyɛ bere titiriw a yɛwom yi awiei koraa ne nhyehyɛe foforo bi mfiase ho agyirae.

Onyankopɔn asɛm ka siei sɛ “mmere a emu yɛ den” bɛhyɛ nna a edi akyiri no agyirae. Nea ɛbɛboa ma wɔn a wɔma wɔn ani da hɔ ahu nna a edi akyiri no, Bible no ka nneɛma ahorow a ɛka bom a ɛkyerɛkyerɛ nneɛma mu pefee, anaa sɛnkyerɛnne a ɛbom a ɛhyɛ bere titiriw yi agyirae ho asɛm.

Subammɔne a Nnipa Bɛda no Adi

Hyɛ sɛnkyerɛnne yi mu biako a abu so nnɛ no nsow: ‘Nnipa bɛkatere wɔn anim akyerɛ onyamesom pa, nanso wɔbɛpa mu ahoɔden.’ (2 Timoteo 3:2, 5) Bere biara mmae wɔ adesamma abakɔsɛm mu a nyamesom mu anibiannaso a tumi wom abu so saa sɛ nnɛ. Nnipa pii apo Onyankopɔn sɛ nea tumi nyinaa wɔ no, na nnipa dodow no ara nnye Bible no ntom sɛ nokware fibea koro pɛ. Nokwarem no, nyamesom ahorow wɔ hɔ de, nanso emu pii nni nnipa so nkɛtɛnso kɛse. Nkɛntɛnso a ɛwɔ no yɛ aniani.

Bible no ka sɛnkyerɛnne no fã foforo nso ho asɛm sɛ: “Nnipa bɛyɛ . . . wɔn a wɔnhyɛ wɔn akɔnnɔ so, wɔn a wɔyɛ keka,” “na sɛ amumɔyɛ rebɛdɔɔso nti, wɔn mu dodow no ara dɔ ano bedwo.” (2 Timoteo 3:2, 3; Mateo 24:12) Nea Hela asɛmfua a wɔakyerɛ ase “keka” kyerɛ ne “tema ne nkate a ɛsɛ sɛ nnipa nya a enni hɔ.” Ɛnnɛ, mmofra a wosusua mpo da wɔn ho adi sɛ nnipa a wɔyɛ “keka” na wodi nsɛmmɔne ahorow a emu yɛ duru.

Afei nso, mfiridwuma ne sikasɛm nhyehyɛe a enya nkɔanim ntɛmntɛm ne adefudepɛ a ɛde aba no ama nnipa pii atow abrabɔ gyinapɛn dedaw agu. Esiane sɛ wonsusuw afoforo ho nti, wɔfa ɔkwan biara a wobenya, akwammɔne mpo so de hwehwɛ biribiara a wɔn nsa betumi aka de di wɔn pɛsɛmenkominya akɔnnɔ ho dwuma. Kyakyatow a anya nkɔanim kɛse no nso yɛ saa pɛsɛmenkominya yi ho adanse foforo, na nhwehwɛmu a wɔayɛ wɔ nsɛmmɔnedi ahorow a akɔ so wɔ mfe kakra a atwam mu no di eyi ho adanse pefee.

Sɛnkyerɛnne yi fa a abu so wɔ yɛn bere yi so no ne nea edi so yi: “Nnipa bɛyɛ . . . wɔn a wɔdɔ anigyede sen Nyankopɔn.” (2 Timoteo 3:2, 4) Eyi ho nhwɛso biako ne sɛ nkurɔfo pɛ nna mu anigye nanso wɔmpɛ asɛyɛde a ɛne sɛ wɔne aware mu hokafo biako bɛtra wɔ wɔn nkwa nna nyinaa no. Nea eyi de aba ne abusua mu nkitahodi a asɛe, mmofra a wonni anigye na wonni atenka biara ma wɔn awofo, awofo a wonni ahokafo, ne nyarewa a wonya fi nna mu.

Sɛnkyerɛnne no fa foforo nso ne sɛ “nnipa bɛyɛ ahopɛfo, sikapɛfo.” (2 Timoteo 3:2) Sɛnea German nsɛmma nhoma Die Zeit kyerɛ no, “edin a ɛda [nnɛyi sikasɛm] nhyehyɛe so ne pɛsɛmenkominya. Nea ɛsen bere biara a abɛsen kɔ no, sikapɛ ne ade titiriw wɔ nnipa pii asetra mu. Bere a wodi saa pɛsɛmenkominya adeyɛ yi akyi no, wobu ani gu gyinapɛn afoforo so.

Nsɛm a Esisi Wɔ Wiase

Sɛ yɛde adesamma bra a asɛe a yɛaka ho asɛm no to nkyɛn a, Bible no san ka siei sɛ basabasayɛ a wonhuu so bi da a ɛbɛka adesamma abusua no bɛhyɛ nna a edi akyiri no agyirae. Sɛ nhwɛso no, ɛka sɛ, “ɔman bɛsɔre ɔman so, ne ahenni ahenni so; na asasewosow kɛse bɛba mmeaemmeae, na ɔkɔm ne ɔyaredɔm bɛba.”—Luka 21:10, 11.

Bere biara mmae wɔ adesamma abakɔsɛm mu a nnipa pii ahu amane wɔ asiane ahorow a esisi wɔ wiase mu wɔ bere tiaa mu te sɛ nea esisii wɔ afeha ɛto so 20 no mu no. Sɛ nhwɛso no, nnipa bɛboro ɔpepem 100 na wowuwui wɔ akodi mu saa bere no, sɛ wɔka nnipa dodow a wowuwui wɔ akodi ahorow a esisii saa bere no mu, na sɛ wɔde mfehaha a atwam no nyinaa bom a wonnu wɔn a wowuwui wɔ afeha a ɛto so aduonu no mu akodi mu no ho hwee. Akodi abien sisii wɔ afeha a ɛto so 20 no mu a na ɛyɛ soronko koraa wɔ akodi afoforo ho ma enti wɔfrɛɛ no wiase nyinaa ko. Wiase nyinaa ko a ɛte sɛ eyinom biara nsii da.

Tumi Bɔne a Ɛhyɛ Akyiri

Bible no san ka honhom abɔde bɔne bi a ɔwɔ tumi a ɔwɔ hɔ, “nea wɔfrɛ no Ɔbonsam ne Satan,” a n’atirimpɔw ne sɛ ɔbɛdaadaa nnipa ma wɔatwe wɔn ho afi abrabɔ pa ho na wɔde wɔn ho ahyɛ ɔbrasɛe mu no ho asɛm. Ɛka sɛ waba asase yi so wɔ nna a edi akyiri yi mu, “na wafa abufuw kɛse, efisɛ onim sɛ ne bere a ɔwɔ yɛ tiaa.”—Adiyisɛm 12:9, 12.

Bible no ka Ɔbonsam ho asɛm sɛ ‘wim tumi panyin, honhom a nnansa yi ɔyɛ adwuma asoɔden mma mu no.’ (Efesofo 2:2) Eyi kyerɛ sɛ Ɔbonsam wɔ nnipa pii so nkɛntɛnso a emu yɛ duru a wonnim, te sɛ nea ɛtɔ mmere bi a yentumi nhu nneɛma bɔne a ɛwɔ mframa mu no.

Sɛ nhwɛso no, yehu Satan nkɛntɛnso wɔ nnɛyi nneɛma a wɔde di nkitaho mu: video, sini, television, Intanɛt, nneɛma ho dawurubɔ, nhoma ahorow, nsɛmma nhoma ahorow, ne atesɛm nkrataa mu. Nneɛma a ɛyɛ abofono, te sɛ nnipa mu nyiyim, asumansɛm, ɔbrasɛe, nsɛmmɔnedi a ɛyɛ hu ahyɛ nneɛma ahorow a wɔde di dwuma ma, titiriw nea mmerante ne mmabaa a wɔn ani nna wɔn ho so de wɔn adwene si so no.

Nsɛdi a ɛwɔ nea Bible no ka fa nna a edi akyiri ho ne nneɛma a ɛresisi wɔ wiase yi mu wɔ yɛn bere yi so ntam no aka nnipa komapafo koma. Nokwarem no, nsɛm ahorow asisi wɔ abakɔsɛm mu ansa na afeha a ɛto so 20 no reba a wɔ ɔkwan a ɛba fam so no ɛte sɛ nea Bible no kaa ho asɛm no de. Nanso ɛyɛ afeha a ɛto so 20 ne nea ɛto so 21 yi mu nkutoo na sɛnkyerɛnne no nyinaa asisi pɛpɛɛpɛ.

Bere Titiriw a Ɛreba

Wɔn a wogye di sɛ wɔbɛsɛe adesamma ne wɔn a wɔka sɛ nneɛma bɛkɔ so sɛnea ɛte no ara mu biara asɛm no nyɛ nokware. Mmom no, Bible no da no adi pefee sɛ adesamma abusua a wɔwɔ hɔ nnɛ a wɔahyɛ asase no so ma no befi hɔ na wɔde biribi foforo koraa ahyɛ ananmu.

Bere a Yesu kaa nna a edi akyiri no ho sɛnkyerɛnne ahorow wiei no, ɔkae sɛ: “Saa ara na mo nso, sɛ muhu sɛ eyinom ba a, munhu sɛ Onyankopɔn ahenni abɛn.” (Luka 21:31) Ná Onyankopɔn Ahenni no ne Yesu asɛnka no asɛmti. (Mateo 6:9, 10) Na Onyankopɔn paw no sɛ ɔnyɛ saa Ahenni a ɛnkyɛ ebedi asase nyinaa so no so Hene.—Luka 8:1; Adiyisɛm 11:15; 20:1-6.

Wɔ nna a edi akyiri yi awiei no, Onyankopɔn soro Ahenni a Kristo di so no beyi wɔn a wɔyɛ Ahenni no atamfo nyinaa afi hɔ—Ɔbonsam ne n’akyidifo—na ɔde trenee wiase foforo ahyɛ mprempren wiase a ɔbrasɛe ne abɔnefosɛm ahyɛ mu ma no ananmu. (Daniel 2:44) Wɔ saa wiase foforo yi mu no, nnipa komapafo benya daa nkwa wɔ asase a adan paradise no so.—Luka 23:43; 2 Petro 3:13; Adiyisɛm 21:3, 4.

Wɔn a wokyi ɔbrasɛe a ɛrekɔ so nnɛ na wohu sɛ sɛnkyerɛnne a ɛhyɛ nna a edi akyiri yi agyirae no renya ne mmamu wɔ nsɛm a ɛresisi nnɛ mu no betumi ahwɛ daakye a eye bi kwan. Yɛda Ade Nyinaa So Tumfoɔ Nyankopɔn a ɔdwen yɛn nnipa ho na ɔwɔ atirimpɔw a anuonyam wom ma n’abɔde, a ɛne asase no ase wɔ eyi ho.—Dwom 37:10, 11, 29; 1 Petro 5:6, 7.

Yehowa Adansefo to nsa frɛ wo sɛ sua yɛn Bɔfo a ɔwɔ dɔ ne nkwa ho anidaso wɔ wiase a abrabɔ pa bɛtra mu a wakora so ama ankorankoro a wɔhwehwɛ akyi kwan no ho ade pii. Sɛnea Bible ka no, “eyi ne daa nkwa, sɛ wobehu wo, nokware Nyankopɔn koro no, ne nea wosomaa no, Yesu Kristo no.”—Yohane 17:3.

[Mfonini wɔ kratafa 10]

Nnipa komapafo benya daa nkwa wɔ paradise wɔ asase so

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena