Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g91 5/8 kr. 31
  • 1990 Mfe No—Mfe Du A Yennim Mu Asɛm

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • 1990 Mfe No—Mfe Du A Yennim Mu Asɛm
  • Nyan!—1991
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wubetumi Agyina Adwene Mu Naayɛ Ano
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
  • Dɛn Nti Na Asetra-Mu-Ayɛ Den?
    Nyan!—1989
  • Nneɛma Bo Kɔ So Yɛ Denneennen
    Nyan!—1980
  • So Wiase Yi Betumi De Biakoyɛ Aba?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1984
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1991
g91 5/8 kr. 31

1990 Mfe No​—Mfe Du A Yennim Mu Asɛm

1990 MFE no mfiase de ne wiase asomdwoe ho anidaso afoforo aba. Nanso ɛde nea ɛbɛba a wonnim ne basaayɛ a ɛsen biara nso aba.

Sɛ nhwɛso no, wonnim nea ebesisi wɔ aman a wɔregyae sikasɛm ho nhyehyɛe a aban yɛ a adi huammɔ koraa no so. Aman yi mu pii rebue aguadi ho kwan ama osikani biara. Nanso ohia ne adwuma a wonnya nnyɛ, sika a ne bo akɔ fam ne ɛka abu so wɔ aman a wɔabue aguadi ho kwan ama osikani biara dedaw no pii mu. United States mpo de ka kɛse wɔ ɔman no ara mu​—bɛyɛ dɔla ɔpepepepem abiɛsa​—ɛno nso na ne ka yɛ kɛse wɔ amanaman ntam aguadi mu.

New York Times mu samufo asɛm bi ka wiase sikasɛm a asɛe mu ade biako ho asɛm sɛ: “Wɔn a wodi hia buruburoo pii wɔ wiase sen bere biara a atwam.”

Esiane sɛ ne fã bi fi nea ɛbɛba a wonnim nti, nnipa pii ayɛ pɛsɛmenkominya: me na midi kan su, honam fam nneɛma ho adefudipɛ, akɔnnɔ ano dwudwo ntɛm ara a nea ebefi mu aba biara mfa ho. Nnubɔne a wɔde di dwuma pii no yɛ eyi ho adanse. Christopher Lasch, abakɔsɛm ho ɔbenfo a ɔwɔ Rochester Sukuupɔn mu ka ho asɛm sɛ: “Abrabɔ pa nnyinaso no ayera afi yɛn amammerɛ mu.”

Sikasɛm ho ɔdenimfo a wagye din wɔ amanaman no mu, Arjo Klamer ka sɛ: “Adwumfo, sikasɛm ho abenfo, adwumawuranom ne mmusua nni nneɛma a nnɛmafo gyedi sɛ ɛbɛba no mu ahotoso bio. . . . Abasamtu aka nnipa a wɔyɛ nnwuma horow nyinaa.” Ɔka sɛ “basaayɛ kɔ so.” Ɔde ka ho sɛ: “Mpaapaemudi. Huammɔdi. Nnaadaa. Basabasayɛ. Eyi ne nsɛm a wɔde di dwuma mprempren no mu binom. Ɛkyerɛkyerɛ nea ama nnɛmmafo adi huammɔ no mu.”

Ɛda adi sɛ wiase yi amammui, sikasɛm ne asetra mu nsɛm nhyehyɛe ahorow no nni nnɛyi nsɛnnennen akɛse ne nea ɛbɛba a wonnim no ano aduru a ɛtra hɔ daa. Nanso wɔaka tebea horow yi ho asɛm wɔ Bible nkɔmhyɛ ahorow a ɛfa yɛn bere yi ho no mu. Hwɛ nhwɛso kakraa bi: “Nna a edi akyiri mu no, mmere a emu yɛ den bɛba.” “Amanaman ho bɛyeraw wɔn asase so . . . na ehu ne nneɛma a wɔhwɛ a ɛreba wiase no bɛma nnipa atotɔ beraw.”​—2 Timoteo 3:1; Luka 21:25, 26.

[Kratafa 31 mfoni fibea]

Fotografía de Publicaciones Capriles, Caracas, Venezuela

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena