Wobegye Nnipa Ahorow Nyinaa Nkwa
1 Yehowa pɛ ne “sɛ wogye nnipa ahorow nyinaa nkwa na wɔba nokware nimdeɛ mu.” (1 Tim. 2:4, NW) Ɛwom sɛ awosu, abusua a obi fi mu, ne baabi a ɔte no tumi nya ne so tumi kodu baabi de, nanso nnipa tumi fi wɔn pɛ mu yɛ ade, na ankorankoro tumi paw ɔkwan a wɔbɛfa so de wɔn nkwa adi dwuma. Wobetumi ayɛ nea ɛteɛ na wɔanya nkwa, anaasɛ wɔayɛ nea ɛnteɛ na wɔasɛe. (Mat. 7:13, 14) Ɔkwan bɛn so na saa ntease yi ka adwene a yekura wɔ nkurɔfo a yɛde Ahenni ho asɛmpa no kɔ wɔn nkyɛn no ho?
2 Ɛnsɛ sɛ yesusuw sɛ nneɛma bi te sɛ ɔman anaa abusua a obi fi mu anaa asetram dibea a ɔwɔ na ɛma ɔkyerɛ nokware no ho anigye. Wɔn a wɔn nhomanim sua ne wɔn a wɔn nhomanim kɔ akyiri, wɔn a wɔde wɔn ho hyehyɛ amammuisɛm mu, ne abenfo, wɔn a wonnye Onyankopɔn nni, wɔn a wontumi nhu sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ, ne nnebɔneyɛfo a wɔagye dimmɔne koraa mpo ani betumi agye nokware no ho. Nnipa a wɔwɔ tebea ne mmusua nyinaa mu asesa wɔn kan abrabɔ ma seesei wɔnam nkwa kwan so rekɔ Onyankopɔn wiase foforo no mu. (Mmeb. 11:19) Enti, ɛnsɛ sɛ yɛtwentwɛn yɛn nan ase sɛ yɛde Ahenni asɛm no bɛkɔ nnipa a wɔn nsɛm tebea gu ahorow nyinaa nkyɛn.
3 Susuw Nhwɛso Ahorow Yi Ho: Ná ɔbarima bi abɔ ne tirim sɛ obekum ne maame kunu, nanso wankum no. Akyiri yi ɔyɛe sɛ obekum ne ho, nanso wantumi. Bere a wɔde no too afiase wɔ korɔnbɔ ne nnubɔne a na ɔde tutu akwan kɔtɔn ho no, n’aware gui. Ɛnnɛ saa barima yi rebɔ bra pa, n’aware yɛ nea anigye wom, na ɔne ne maame kunu no anya abusuabɔ pa. Dɛn na ɛde nsakrae yi bae? Ɔne Yehowa Adansefo suaa Bible no, na ɔde nea osuae no yɛɛ adwuma. Yehowa ammu no sɛ ɔmfata mma nkwagye.
4 Edin a ababaa bi gyei sɛ TV so guasodeyɛfo no amma wannya anigye. Nanso bere a n’ani begyee Adansefo no abrabɔ pa ho no, ɔmaa wɔne no yɛɛ Bible adesua, na ankyɛ na ofii ase boaa afoforo ma wosuaa Ahenni no ho asɛmpa no. Baabiara a ɔkɔyɛɛ apon ano asɛnka no, nkurɔfo huu no, nanso ɔde anigye kyerɛkyerɛɛ mu sɛ ɔpɛ sɛ wobehu no sɛ Yehowa Adansefo no mu biako mmom sen sɛ wobehu no sɛ guasodeyɛfo.
5 Bere a Ɔdansefo bi ne obi a ɔkra Ɔwɛn-Aban yɛɛ Bible adesua ho nhyehyɛe no, ofipamfo bi tee ho asɛm na ɔkɔtraa adesua no mu. Ankyɛ na ofipamfo no huu nokware a na ɔrehwehwɛ no! Ɔne ne kunu twaa awaregyae ho nhyehyɛe a na wɔayɛ no mu, na wosiesiee wɔn ntam. Ná ɔde ne ho ahyɛ nsoromma mu hwɛ mu akɔ akyiri, na na ɔkɔ honhonsɔre bi, nanso ɔtoo nhoma a na ne bo yɛ den ne biribi foforo biara a na ɔwɔ a ɛne adaemonesɛm wɔ biribi yɛ no gui ntɛm ara. Ankyɛ na ofii ase kɔɔ asafo nhyiam ahorow, na ofii ase kaa ne gyidi foforo no ho asɛm kyerɛɛ n’abusuafo ne ne nnamfo. Seesei ɔde anigye di afoforo adanse.
6 Ɛnsɛ sɛ yɛpere yɛn ho bu obiara atɛn. Mmom no, momma yɛmfa nnamyɛ nka asɛmpa no nkyerɛ nkurɔfo wɔ baabiara. Yɛwɔ biribi a yegyina so nya ahotoso koraa sɛ Yehowa a “ɔhwɛ komam” no na ɔbɛyɛ ‘nnipa ahorow nyinaa Agyenkwa.’—1 Sam. 16:7; 1 Tim. 4:10.