Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 10/01 kr. 8
  • Botae no Ne Dɛn?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Botae no Ne Dɛn?
  • Yɛn Ahenni Som—2001
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Asuafo a Yɛbɛkyerɛ Wɔn Kwan Aba Ahyehyɛde a Egyina Hɔ Ma Yɛn Din no Mu
    Yɛn Ahenni Som—1997
  • Boa Afoforo Ma Wɔnkɔ Nhyiam
    Yɛn Ahenni Som—2001
  • ‘Momma Yɛnkɔ Yehowa Fi’
    Yɛn Ahenni Som—1993
  • Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—Anigye A Yɛbɛdan Akɔ Ahyehyɛde No So—Ɔfã 1
    Yɛn Ahenni Som—1982
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2001
km 10/01 kr. 8

Botae no Ne Dɛn?

1 Dɛn nti na yɛyɛ ofie Bible adesua? So ɛne sɛ yɛbɛma nkurɔfo anya nimdeɛ, na wɔn asetra anaasɛ wɔn anidaso ma daakye ayɛ papa kɛkɛ? Dabi. Yɛn botae titiriw ne sɛ yɛbɛyɛ asuafo ama Yesu Kristo! (Mat. 28:19; Aso. 14:21) Ɛno nti na ehia sɛ wɔn a yɛne wɔn sua ade no ne asafo no bɔ no. Wɔn honhom fam nkɔso gyina anisɔ a wɔwɔ ma Kristofo ahyehyɛde no so ankasa.

2 Ɔkwan a Yɛbɛfa so Adu Ho: Efi mfiase pɛɛ no, kɔ so hyɛ osuani no nkuran sɛ ɔmmra asafo nhyiam horow. (Heb. 10:24, 25) Kyerɛ sɛnea eyi bɛhyɛ ne gyidi den, aboa no ma wayɛ Onyankopɔn apɛde, na ama watumi ne afoforo a wɔn nso wɔpɛ sɛ woyi Yehowa ayɛ no anya fekubɔ pa. (Dw. 27:13; 32:8; 35:18) Ɔdɔ a woda no adi ne anisɔ a wokyerɛ ma asafo no ne nhyiam horow no bɛkanyan no ma wanya ɔpɛ sɛ ɔbɛba.

3 Ɛho hia sɛ wɔn a wɔyɛ foforo no hu sɛ Yehowa ahyehyɛde no yɛ amanaman ntam nuayɛkuw. Yi video a ɛne Jehovah’s Witnesses—The Organization Behind the Name ne Our Whole Association of Brothers no kyerɛ wɔn. Boa wɔn ma wonhu sɛ Yehowa de nnipa ɔpepem pii a wɔahyira wɔn ho so a wɔwɔ wiase nyinaa reyɛ n’apɛde. Ma wɔn a wɔyɛ foforo yi nhu sɛ wɔto nsa frɛ wɔn sɛ wɔn nso wɔmmɛsom Nyankopɔn.—Yes. 2:2, 3.

4 Ɛyɛ anigye kɛse sɛ yebehu sɛ Bible suani bi abɛyɛ Yesu nokware suani. Ɛno ne yɛn botae!—3 Yoh. 4.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena