Bible no Adwene
So Ɛsɛ sɛ Kristofo De Wɔn Ho Hyɛ Afe Foforo Afahyɛ Mu?
FERNANDO, oduruyɛfo a ɔwɔ Brazil ka sɛ: “Wɔntaa nyɛ dede biara wɔ da a ade rebɛkye ma wɔadi Afe Foforo no. Na sɛ ɛbɔ anadwo 11 a, wofi ase ba—nnipa pii a wɔapirapira anaa wɔato wɔn atuo, mmabun a wɔapirapira wɔ kar akwanhyia mu, ne ɔyerenom a wɔaboro wɔn. Ɛkame ayɛ sɛ mpɛn pii no nsanom na ɛkɔfa eyinom nyinaa ba.”
Esiane nea yɛaka no nti, ɛnsɛ sɛ obi ma asɛm a Brazilfo atesɛm krataa kae sɛ da a edi kan wɔ afe no mu no yɛ bere a asanom ma wiase nyinaa yare no yɛ no nwonwa. Europa nsɛm ho amanneɛbɔ fekuw bi ka sɛ: “Afe Foforo yɛ bere a mpapahwekwaa de gye wɔn ani kɛse” na ɛka bio sɛ, ɛyɛ bere foforo ma nnipa ne nsa ntam akodi.”
Ampa, ɛnyɛ obiara na ɔde ne ho hyɛ nsanom bebrebe mu yɛ basabasa Afe Foforo no mu. Nokwarem no, nnipa pii ani gye saa da yi. Fernando, a yɛfaa n’asɛm kae mfiase no ka sɛ: “Bere a na yɛyɛ mmofra no, na yɛhwɛ Afe Foforo kwan denneennen. Bere nyinaa na yedi agoru, didi, na yɛnom nsa. Sɛ edu ɔdasum a, na yɛbam yɛn ho, few yɛn ho ano, na na yekyia yɛn ho yɛn ho ‘Afenhyia Pa!’”
Saa pɛpɛɛpɛ na pii te nka nnɛ sɛ wodi Afe Foforo no a wonnye wɔn ani mma ɛmmoro so. Nanso, ɛsɛ sɛ Kristofo susuw nea ɛyɛe a afahyɛ a agye din yi bae ne mfaso a ɛwɔ so no ho. So Afe Foforo anigyede ahorow ne Bible nkyerɛkyerɛ bɔ abira?
Sɛnea na Ɛte Tete No
Afe Foforo ho afahyɛ no nyɛ ade foforo. Tete nkyerɛwee kyerɛ sɛ na wodi afahyɛ a ɛtete saa wɔ mfirihyia apem a ɛtɔ so abiɛsa A.Y.B mu wɔ Babilon. Na afahyɛ yi a ɛba so wɔ March mu no nyɛ agoru. The World Book Encyclopedia ka sɛ: “Saa bere no na na nyame Marduk kyerɛ sɛnea ebesi ɔman no afe a edi hɔ no. Na Babilonfo de nnafua 11 na edi afe foforo no na na wɔbɔ afɔre ahorow, tu aperenten, yɛ abawo ho amanne ahorow.
Eduu bere bi no, Romafo nso kan wɔn afe fii March mu. Nanso, 46 A.Y.B. mu na Ɔhempɔn Julius Caesar hyɛe sɛ wɔnkan mfi January da a edi kan. Na wɔahyira saa da no so ama Janus, mfiase nyame no dedaw, na afei, na wɔde begyina hɔ ama Romafo afe da a edi kan nso. Ɛda no sesae, nanso anigyede a na ɛka ho no ansakra. McClintock ne Strong Cyclopedia no ka sɛ wɔ January da a edi kan no, “na nkurɔfo de wɔn ho hyɛ anigye mmoroso ne abosonsom amanne ahorow mu.”
Ɛnnɛ mpo wɔde gyidihunu amanne ahorow di dwuma wɔ Afe Foforo afahyɛ ahorow no mu. Sɛ nhwɛso no, wɔ South America mmeae bi no, nnipa pii gyina wɔn nan nifa so de ma Afe Foforo no akwaaba. Ebinom hyɛn mmɛn na wɔtotow atuo. Czechfo amanne bi kyerɛ sɛ sɛ ade rebɛkye ma wɔadi Afe Foforo no a, ɛsɛ sɛ wɔnom asedua nkwan, na Slovakfo amanne nso kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ nkurɔfo de sika anaa apataa abon hyɛ ɔpon so tam ase. Amanne a ɛtete saa a wɔyɛ de yi mmusu na ama wɔadi yiye no resi tete gyidi a ɛne sɛ afe foforo yɛ bere a wɔde kyerɛ nea ɛbɛba no so dua ara kɛkɛ.
Bible no Adwene
Bible tu Kristofo fo sɛ ‘wɔnantew fɛfɛɛfɛ, na ɛnyɛ agobɔne ne asabow mu.’a (Romafo 13:12-14; Galatifo 5:19-21; 1 Petro 4:3) Esiane anigyede mmoroso yi ara a ɛkɔ so wɔ Afe Foforo mu a Bible kasa tia nti, Kristofo mfa wɔn ho nhyɛ mu. Eyi nkyerɛ sɛ Kristofo nye wɔn ani. Mmom no, wonim sɛ Bible ka kyerɛ nokware Nyankopɔn asomfo mpɛn pii sɛ wɔmma wɔn ani nye esiane nneɛma bi nti. (Deuteronomium 26:10, 11; Dwom 32:11; Mmebusɛm 5:15-19; Ɔsɛnkafo 3:22; 11:9) Afei nso, Bible ka sɛ aduan ne nsa taa ma wonya anigye.—Dwom 104:15; Ɔsɛnkafo 9:7a.
Nanso, sɛnea yɛahu no, Afe Foforo afahyɛ ahorow no fi abosonsom amanne mu. Yehowa Nyankopɔn kyi atorosom, na ɛho ntew wɔ n’ani so, enti na Kristofo po nneyɛe biara a ɛte saa no. (Deuteronomium 18:9-12; Hesekiel 22:3, 4) Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Twaka bɛn na trenee ne amumɔyɛ wɔ? Anaasɛ ayɔnkofa bɛn na hann ne sum wɔ? Na ɔka bɛn na Kristo ne Belial ka?” Ntease pa bi nti Paulo de kaa ho sɛ: “Monnka nea ɛyɛ fi.”—2 Korintofo 6:14-17a.
Kristofo nim nso sɛ gyidihunu amanne a wɔde wɔn ho behyem no mma wonnya anigye na ɛmma wonni yiye—ne titiriw ne sɛ wonim sɛ afahyɛ a ɛte saa a wɔde wɔn ho behyem no mma wɔnsɔ Nyankopɔn ani. (Ɔsɛnkafo 9:11; Yesaia 65:11, 12) Nea ɛka ho bio ne sɛ Bible no tu Kristofo fo sɛ wɔmma wɔn ani nna hɔ na wɔnkari pɛ. (1 Timoteo 3:2, 11) Nokwarem no, ɛremfata sɛ obi a ɔka sɛ ɔde Kristo nkyerɛkyerɛ bɔ ne bra no de ne ho bɛhyɛ afahyɛ a wɔyɛ basabasa wom mu.
Ɛmfa ho sɛ Afe Foforo amanne ahorow no betumi atwetwe yɛn adwene na ayɛ yɛn fɛ no, Bible ka kyerɛ yɛn sɛ ‘yɛnnka nea ɛyɛ fi’ na ɛsɛ sɛ ‘yɛhohoro yɛn ho fi ɔhonam ne honhom mu fĩ nyinaa ho.’ Yehowa de anigyesɛm yi hyɛ wɔn a wodi so no bɔ sɛ: “Na me nso magye mo, na moayɛ me mmabanin ne mmabea.” (2 Korintofo 6:17b–7:1) Nokwarem no, ɔhyɛ wɔn a wodi no nokware no bɔ sɛ wobenya nhyira na asi wɔn yiye.—Dwom 37:18, 28; Adiyisɛm 21:3, 4, 7.
[Ase hɔ asɛm]
a Ebetumi aba sɛ “agobɔne ne asabow” a Paulo kaa ho asɛm no ka nneɛma a esisi wɔ Afe Foforo afahyɛ horow mu no ho, esiane sɛ na nneɛma a ɛte saa no kɔ so kɛse wɔ Roma wɔ afeha a edi kan no mu.