W’akenkan a Wobɛma Anya Nkɔso —Wubetumi Ayɛ!
NOKWAREM no, anwonwa kwan biara nni hɔ a wɔbɛfa so ama obi akenkan ayɛ yiye. Nanso sɛ wutumi kenkan a, ɛnde wubetumi akenkan yiye! Yɛrentumi nhwɛ kwan sɛ yɛn akenkan bɛyɛ yiye bere a yɛnkenkan ade daa. Anyɛ yiye koraa no, ɛsɛ sɛ wuyi dɔnhwerew fã si hɔ de yɛ eyi da biara—sɛ ebetumi a, nea ɛboro saa.
Hia a Ɛho Hia sɛ Wubeyiyi Mu
Yɛ nyiyim wɔ nea wokenkan no mu. Paw nhoma a nsɛmfua a wunim ne nsɛm a emu nyɛ den pii wom. Afei fa nkakrankakra paw nsɛm a ɛbɛma wo kasa mu nsɛmfua adɔɔso.
Yɛ nyiyim wɔ ɔkwan foforo so nso, efisɛ ɛnyɛ nhoma ahorow nyinaa na ɛhyɛ nkuran anaasɛ eye ma adwene no. Onyansafo bi kae bere bi sɛ: “Nhoma bebree yɛ nni awiei, na tirim dwen bebrebe hyɛ ɔhonam brɛ.” (Ɔsɛnkafo 12:12) Nhoma ahorow pii abu so nnɛ na emu pii kura nsɛm a n’akenkan ye. Paw nea ɛho bɛba wo mfaso kɛse wɔ abrabɔ ne honhom mu no. Wɔ Bible no nhoma a wɔfrɛ no Mmebusɛm ti 13 nkyekyem 20 no, ɛka sɛ: “Wone anyansafo mmɔ, na dan onyansafo, na nea ɔne nkwasea bɔ no hu amane.” Saa nnyinasosɛm yi yɛ nea ɛfa nea obi kenkan a ɔpaw ho te sɛ nea ɛfa obi a ɔyɛ nyiyim wɔ wɔn a ɔne wɔn bɔ ho no.
Akenkan Su Mu Nsakrae
Ɛda adi sɛ yentumi nkenkan ade bere a wɔawo yɛn no. Te sɛ nneɛma afoforo pii a wɔyɛ wɔ asetra mu no, akenkan yɛ nimdeɛ a wonya. So obi betumi abɛyɛ sankubɔfo pa bere a onsuaa bɔ no? Anaasɛ so obi betumi abɛyɛ bɔɔlbɔfo a ɔbɔ mmɔden bere a onsuaa bɔ no? Sɛ obi nya su a enye mfiase no ara wɔ n’adwuma sɛ sankubɔfo anaasɛ bɔɔlbɔfo no mu a, ɛsɛ sɛ ɔyɛ nsakrae, anyɛ saa a ɛbɛma wakɔ so ara ayɛ obi a ne ho nkokwawee wom.
Eyi te saa wɔ akenkan ho. Sɛ sukuuni nya akenkan ho su horow a enye wɔ ne mmofraase a, odi ne ho dɛm. Esiane eyi nti, ɛsɛ sɛ ɔbrɛ wɔ asetra nyinaa mu, na akenkan ho nimdeɛ kakraa bi a ɔwɔ no na ɔde peree wɔ nkrataa a wɔatintim so. Bere a onyin no, ɛbɛyɛ den kɛse sɛ obegyae akenkan su horow a enye yi. Nanso wobetumi ayɛ eyi—sɛ eyi yɛ obi pɛ sɛ ɔbɛbɔ ho mmɔden a! Momma yensusuw su ahorow yi bi ho.
Nipadua mu ade a ɛho hia titiriw wɔ akenkan mu ne aniwa a edi akɔneaba no. Bere biara a wobɛkenkan biribi no, w’ani no gyina mpɛn pii. Gyina a egyina yi ho hia efisɛ ɛyɛ bere a ɛba saa no nkutoo na ani no hu nea ɛwɔ hɔ no ankasa. Wɔ saa bere yi mu no ɛde nea ahu no kɔma adwene no na ɛmma ɛdan ɔkasa. Adwene no na ɛkenkan na ɛnyɛ aniwa no. W’aniwa yɛ adwene no ntoaso.
Ɛkame ayɛ sɛ obi a n’akenkan nkɔ ntɛm gyina wɔ asɛmfua biara so. Eyi ma nsɛm a wɔde kɔma adwene no mu twa na ɛma akenkan bɛyɛ adwuma efisɛ aniwa no yɛ adwuma ma ɛboro so na nea ɔkenkan no kakraa bi na ɔkae. Nea ɛne eyi bɔ abira no, ɔkenkanfo pa aniwa kɔ bɔkɔɔ bere a edi akɔneaba wɔ krataa no so no.
Eyi de yɛn ba asɛm a ɛfa nsanakyi ho no so. Nsanakyi no kyerɛ nsɛm a woakenkan dedaw no a wosan kɔkenkan bio. Nsanakyi no pii yɛ nea abɛyɛ yɛn su. Ɛwom, ɛtɔ bere bi a ɛyɛ nea asɛm titiriw bi mu nna hɔ yiye. San a wobɛsan akɔkenkan bio bɛyɛ nea ɛho hia. Nanso, nsanakyi pii wɔ hɔ a ɛyɛ nea ɛho nhia na ɛtwentwɛn akenkan no ase ara kwa. Kwati nsanakyi sɛnea wubetumi
Su foforo a abenfo pii susuw sɛ esiw akenkan pa nkɔso kwan ne ade a wɔkenkan ma wɔte. Ɛno yɛ bere a ɔkenkanfo no buebue n’ano na ɔka nsɛm no ma n’ankasa te no. Saa ara na nnipa binom nso bobɔ nsɛmfua din bɔkɔɔ ma “wɔte” wɔ wɔn adwene mu. Ɛno yɛ obi ano a obesebese. Ade a wɔkenkan ma wɔte anaa ano a wɔbesebese brɛ nsɛmfua dodow a wotumi kenkan wɔ simma biara mu no ase efisɛ nea ɛkyerɛ ne sɛ ade a yɛkenkan no nkɔ ntɛm nsen sɛnea yɛkasa no. Sɛ wɔkye, kyem pɛpɛɛpɛ a, obi betumi aka nsɛm bɛyɛ 125 simma biara bere a akontaabu kyerɛ sɛ wɔ akenkan mu no sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a nsɛm a wɔkenkan no yɛ 230-250 simma biara.
Esiane sɛ nneɛma pii wɔ hɔ a yɛbɛpɛ sɛ yɛkenkan no ntɛm sen sɛnea yɛyɛ bere a yɛkenkan ade ma wɔte no nti, ɛbɛyɛ nea eye sɛ yɛremfa ade a wɔkenkan ma wɔte nyɛ yɛn su. Bɔ mmɔden kenkan ade ntɛmntɛm sen sɛnea wubetumi ayɛ bere a wokenkan ma wɔte anaasɛ wɔbesebese w’ano no. Bɔ mmɔden sɛ wobɛkenkan nsɛmfua dodow bi wɔ bere koro mu. Na kae sɛ ade a wɔkenkan ma wɔte anaasɛ ano a wɔbesebese ntaa mmoa mma wonnya nea wɔkenkan no mu ntease yiye.
Nanso ɛdefa nsanakyi ho de, ɛtɔ bere bi a ade a wɔkenkan ma wɔte betumi ayɛ nea ɛfata. Sɛ obi pɛ sɛ osusuw nsɛm bi ho kɛse, anaasɛ ɛyɛ nea ɔbɛkae a, ɛnde ebetumi ayɛ nea eye sɛ ɛnyɛ nsɛm no mu nko na ɔbɛsan atĩ mpɛn pii na mmom ɔbɛma ayɛ nea wɔte nso. Wɔtaa yɛ eyi denam ade no a wɔkenkan no den kakra no so.
Nea ɛyɛ anigye no, wɔhyɛɛ Yosua a na ɔyɛ tete Israel man no kannifo no sɛ: “Mma [Onyankopɔn] mmara nhoma yi mfi w’anom na dwen ho awia ne anadwo.” Dɛn ntia? “Na woahwɛ ayɛ sɛnea wɔakyerɛw wɔ mu nyinaa te no. Na ɛno na wo kwan bɛyɛ dwoodwoo, na ɛno na ebesi wo yiye.” (Yosua 1:8) “Mmara nhoma” no a wobɛkenkan no brɛoo no bɛboa ma woakae nsɛm a wɔada no adi wɔ hɔ no nyinaa na afei woasusuw ho. Enti na mmara no bɛyɛ nea ɛda Yosua anim bere nyinaa ma akae no sɛnea ɛsɛ sɛ ɔyɛ n’ade sɛ Onyankopɔn somfo. Saa ara na nokware Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ hu nyansa a ɛwom sɛ ‘wɔbɛkae’ Onyankopɔn Asɛm no na wɔasusuw ho no ma enti wɔkenkan daa.—Dwom 103:17, 18; fa toto Mmebusɛm 4:5 ho.
Emu Ntease Pa a Wubenya
Wɔ ne nhoma Diagnostic and Remedial Teaching mu no, Glenn Myers Blair kae sɛ: “Akenkan a ebenya nkɔso ho nhyehyɛe nyinaa atirimpɔw titiriw ne sɛ wɔbɛma sukuufo anya nea wɔkenkan no mu ntease. Ɛno ne nea edi kan ansa na nneɛma afoforo no di hɔ. Ne titiriw no nea wɔkenkan no ho adwene a wubenya kyerɛ te a wobɛte ase. Eyi na ɛma akenkan yɛ nea ɛsom bo na mfaso wɔ so no.
Robert Krych a ɔyɛ ɔkyerɛkyerɛfo wɔ New York Sukuupɔn bi mu no kamfo kyerɛe sɛ: “Sɛnea ɛbɛboa wo ma woate ase no, bɔ mmɔden sɛ wode atirimpɔw bi bɛkenkan ade bere nyinaa. Di kan si gyinae wɔ nea wopɛ wɔ saa asɛm a woapaw sɛ wobɛkenkan no mu no ho. Ebi wɔ hɔ a wobɛpɛ sɛ wokenkan sɛnea ɛbɛyɛ a wubehu nokwasɛm atitiriw bi. Ɛtɔ bere bi a nea wokenkan no bɛyɛ nea wode gye w’ani ara kwa. Sɛnea ɛte biara no ma ɔkwan a wofa so kenkan no ne ɛho atirimpɔw ne sɛnea emu den te no nhyia. Pɛɛpɛɛ nea wokenkan no mu. Bisa wo ho sɛ: Dɛn nti na ɔkyerɛwfo no kaa eyi? Ná dɛn ne n’adwene? Yiyi nkyekyem no mu nsɛntitiriw. Bisa sɛ, ɔkwan bɛn so na ɛfa me, ɔkenkanfo, no ho?” Yiw, fa yɛwo su sɛ wobɛkenkan ade a wowɔ atirimpɔw na wubebu sɛ akenkan yɛ anigye.
Ade a Wɔkenkan no Yiye De Mfaso Pii Ba
Akenkan su pa ho bia sɛ́ ɛyɛ nea woyɛ sukuuni, odwumayɛni anaasɛ ɔyere a ɔwɔ fie no. Hokwan ahorow pii wɔ hɔ ma wɔn a wonim akenkan yiye no.
Sukuuni a ɔyɛ ɔkenkanfo pa bɔ mmɔden kɛse wɔ adwumayɛ mu na akyinnye biara nni ho sɛ osua pii wɔ sukuu. Obetumi ama bere a ɔde kenkan adwuma a wɔde ama no no so atew.
Saa ara na adwumawura anaasɛ odwumayɛni a onim akenkan yiye no betumi adi akontaabu anaa nneɛma a ɛtete saa ho dwuma yiye. Eyi bɛma wanya bere pii ma ɔne nnipa afoforo de adi nkitaho. N’akenkan a anya nkɔso no bɛma watumi akenkan ade akɔ akyiri na eyi bɛboa no ma wahu adwuma, nhwehwɛmu ne nneɛma a ɛtete saa a afoforo ayɛ no mu yiye.
Ɛdenam nimdeɛ kɛse a wonya fi ade a wɔkenkan no yiye mu so no, mmusua ti betumi ama wɔn adwuma ho nimdeɛ anya nkɔso na wobetumi adi asɛyɛde ho dwuma yiye nso mpɛn pii. Akwankyerɛ, mmara horow ne afotu ahorow a wotumi kenkan yɛ nea ɛbɛboa ma wɔadi ofie nneɛma ho dwuma yiye wɔ wiase afanan pii. Ade a wotumi kenkan yɛ nea ɛboa nso, sɛ ɛba abusua no sika ho asɛm nso so a.
Ɔyerenom a wonya nimdeɛ kɛse denam akenkan so no betumi ahwɛ wɔn abusua yiye wɔ nsɛm a ɛfa aduan pa, ahotew, nyarewa ano a wosiw, anaa wɔn a ɔyare bɔ wɔn no ho yiye. Ɛnanom a wɔyɛ akenkanfo pa no betumi akyerɛkyerɛ wɔn mma akenkan ansa na wɔafi sukuu ase.—Hwɛ Awake!, May 22, 1968 de no nkratafa 20-2.
Nea ɛho hia titiriw no, obi a ɔkenkan ade yiye no betumi anya nimdeɛ a ebetumi ama wanya nkwa a ɛsen nea ɔwɔ wɔ mprempren nneɛma nhyehyɛe yi mu no mpo. Bible nkɔmhyɛ ahorow a ɛfa mprempren nneɛma nhyehyɛe yi awiei ho renya mmamu nnɛ. Ɛho hia sɛ wɔn a wɔwɔ anidaso a ɛne sɛ wobenya daa nkwa mu anigye wɔ paradise asase so no nyinaa nya yɛn Bɔfo no ne n’atirimpɔw ahorow ho nimdeɛ. Yesu kae wɔ Yohane 17:3 sɛ: “Eyi ne daa nkwa, sɛ wobebu wo, nokware Nyankopɔn koro no, ne nea wosomaa no, Yesu Kristo no.”
Ɛnde akyinnye biara nni ho sɛ ɔkwan a ɛma wonya nimdeɛ ne anigye abue ama obiara a ɔpɛ. Nea ɛbɛma woanya eyi ne akenkan. Yiw, kenkan ade yiye na saa hokwan no bɛyɛ nea ɛwɔ bɔ ma wo bere nyinaa!
[Kratafa 8 mfoni]
Yɛ nyiyim wɔ nea wokenkan no ho