Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 5/95 kr. 2
  • May Ɔsom Nhyiam Horow

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • May Ɔsom Nhyiam Horow
  • Yɛn Ahenni Som—1995
  • Nsɛmti Nketewa
  • Dapɛn a Efi Ase May 1
  • Dapɛn a Efi Ase May 8
  • Dapɛn a Efi Ase May 15
  • Dapɛn a Efi Ase May 22
  • Dapɛn a Efi Ase May 29
Yɛn Ahenni Som—1995
km 5/95 kr. 2

May Ɔsom Nhyiam Horow

Dapɛn a Efi Ase May 1

Dwom 43

10 min: Asafo mu nkaebɔ ne Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ a wɔapaw.

15 min: “Asɛmpa ma Ahobrɛasefo.” Wo ne atiefo mmɔ asɛm no ho nkɔmmɔ, na ma wɔnyɛ asɛm a wɔka kyerɛ biako anaa abien ho ɔyɛkyerɛ.

20 min: “Ahenni Asɛm Titiriw ma Obiara.” Ɔkasa ne atiefo nkɔmmɔbɔ a ɔsom adwuma sohwɛfo di ho dwuma. Ka nea ɛde besi saa bere yi wɔatumi ayɛ wɔ Ahenni Asɛm no kyekyɛ mu, na si asɛnka ho nhyehyɛe a wɔaboa ma akɔ so yiye ne kyɛfa a afoforo anya wɔ asɛnka adwuma no mu bere a edi kan no so dua titiriw. Fa asasesin no mu adwuma a wɔayɛ ho amanneɛbɔ ma; kyerɛkyerɛ nea ehia sɛ wɔyɛ, sɛ ɛba sɛ asafo foforo hwehwɛ mmoa a. Hyɛ obiara nkuran sɛ ɔmmɔ mmɔden kɛse nkyekyɛ Ahenni Asɛm a wɔde ama no no nyinaa. Si hia a ɛho hia sɛ wɔbɛyɛ wɔn a wɔkyerɛ anigye no ho kyerɛwtohɔ, na wɔayɛ sankɔhwɛ ahorow, abɔ mmɔden sɛ wobefi Bible adesua ase so dua. Ma wɔnyɛ asɛm a wɔka kyerɛ a wɔhyɛ ho nyansa no ho ɔyɛkyerɛ.

Dwom 55 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase May 8

Dwom 61

15 min: Asafo mu nkaebɔ. “Wo Nso Wubetumi Anya Osuahu Ahorow a Ɛyɛ Anigye!” Ma atiefo nka osuahu ahorow a ɛhyɛ nkuran a wonyae bere a wɔde Ahenni Asɛm no rema, sɛnea bere bɛma kwan.

15 min: Asafo ahiade. Anaasɛ ɔkasa a egyina asɛm “Sɛnea Kristofo Yɛ Wɔn Ade Wɔ Ahohora a Ɔmanfo Bɔ Wɔn no Ho” a ɛwɔ April 1, 1995 Ɔwɛn-Aban, nkratafa 26-9 no so.

15 min: “Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Woyɛ Wɔn a na Wonni Fie no ho Kyerɛwtohɔ?” Nsemmisa ne mmuae.

Dwom 60 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase May 15

Dwom 54

10 min: Asafo mu nkaebɔ. Sikasɛm ho amanneɛbɔ.

15 min: “Yɛn Nhwɛsofo no a Yebedi N’akyi sɛ Hann Kurafo.” Nsemmisa ne mmuae.

20 min: “Mo Asafo no Ahenni Asa Fata?” Asemmisa-ne-mmuae a ɔpanyin bi de susuw nea ɛhyɛ mu no mu asɛm a edi kan no ho. Fa anigye ne ɔhyew di ho dwuma.

Dwom 118 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase May 22

Dwom 66

10 min: Asafo mu nkaebɔ. Fa akwampae boafo adwuma a wɔbɛyɛ no akwamma asram no mu ho nyansahyɛ ma. Ka ahwehwɛde ahorow a wɔde ama wɔ Yɛn Som Adwuma nhoma no nkratafa 113-14 no mu nsɛm.

15 min: “Agyiraehyɛ a Ɛde Nkwagye Ba.” Wo ne atiefo mmɔ ho nkɔmmɔ. Ma wɔnyɛ ɔkwan a wobetumi afa so ayɛ sankɔhwɛ ho ɔyɛkyerɛ biako anaa abien nka ho.

20 min: “Yi Ntoboa Fa Boa Ghana Baa Dwumadibea No.” Asemmisa-ne-mmuae a wɔde susuw nea ɛhyɛ mu no mu asɛm a ɛto so abien no ho. Ɛsɛ sɛ ɔpanyin di ho dwuma.

Dwom 30 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase May 29

Dwom 79

15 min: Asafo mu nkaebɔ. Fa nyansahyɛ ahorow a ɛbɛma adawurubɔfo abɔ mmɔden akenkan Kyerɛwnsɛm mu asɛm biako wɔ asɛm a wɔka kyerɛ wɔ apon ano mu ma. Nnipa pii wɔ obu ma Bible no, na wɔwɔ ɔpɛ sɛ wobetie bere a obi kenkan no. Emu afotu mu yɛ duru, na ɛbɛkanyan obi a ɔwɔ koma pa. Ebia ɛbɛyɛ papa sɛ wubekura Bible no wɔ wo nsam bere a worekɔ ɔpon bi ano no. Ɛsɛ sɛ wode nkate ne anotew kenkan kyerɛwsɛm.—Hwɛ School Guidebook, nkratafa 32-3, nkyekyem 12-15.

12 min: Asemmisa Afã. Nsemmisa ne mmuae. Kyerɛ nea enti a yenya mfaso kɛse fi nhyiam horow mu bere a yedi kan siesie yɛn ho na yɛde nhoma a adesua no fi mu no nyinaa kɔ no.

18 min: Fa Creation Nhoma no Ma wɔ June Mu. Ka nsɛm a wɔn a wɔn ani agye nhoma Life—How Did It Get Here? By Evolution or by Creation? ho no aka. (Hwɛ Engiresi Ɔwɛn-Aban, March 15, 1987, kratafa 32; May 1, 1986, kratafa 32; September 1, 1986, kratafa 31.) Twe adwene si mfonini ahorow a ɛwɔ nkratafa 6, 236-7, 243, ne 245 no so, na kyerɛ ɔkwan a wobetumi afa so de eyinom afi nkɔmmɔbɔ ase. Ma ɔdawurubɔfo bi a ne ho akokwaw nyɛ ɔyɛkyerɛ a ɛkyerɛ biribi a ɛsɛ sɛ yɛn mu biara paw na ama wanya daa nkwa, bere a wode nkratafa 250-1 hɔ nsɛm ne kyerɛw nsɛm no redi dwuma. Kae obiara ma onnye bi mfa nkɔ asɛnka dapɛn yi awiei.

Dwom 63 ne mpaebɔ a wɔde wie.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena