June Ɔsom Nhyiam Horow
Dapɛn a Efi Ase June 1
Dwom 223
8 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ Ahorow a wɔapaw. Teokrase Nsɛmmansɛmma.
15 min: “Wɔasiesie Yɛn Koraa Ama Nnwuma Pa Nyinaa.” Nsɛmmisa ne mmuae. Ka February 15, 1989, Ɔwɛn-Aban, nkratafa 22-4 mu nsɛm tiawa.
22 min: “Adanse a Yebedi ‘Nnipa Ahorow Nyinaa.’” Ɔpanyin kyerɛkyerɛ mu sɛ yebetumi de nhoma biara a ekura nkratafa 192 ama wɔ June mu aka Onipa a Ɔsen Biara anaa Mankind’s Search for God nhoma no ho. Ɔpanyin ne adawurubɔfo bi a wɔn ho akokwaw susuw nsɛm a wɔka kyerɛ a wɔahyɛ ho nyansa no ho. Munsusuw ɔsom ahorow a muhyia emufo wɔ mo mpɔtam hɔ no ho tiawa, na kyerɛkyerɛ nea enti a ɛsɛ sɛ yenya biribi a yebegyina so afi nkɔmmɔbɔ ase wɔ tebea biara mu no mu. Ma wɔnyɛ ɔyɛkyerɛ tiatiaa biako anaa abien.
Dwom 112 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase June 8
Dwom 91
5 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow.
23 min: “1998 ‘Onyankopɔn Asetra Kwan’ Ɔmantam Nhyiam.” Nsɛmmisa ne mmuae a asafo mu ɔkyerɛwfo di ho dwuma. Hyɛ obiara nkuran na ɔmmoa denam akwankyerɛ ahorow a wɔde ama no a wobedi so no so. Sɛ moresusuw nkyekyem 18 no ho a, si aduan a emu nyɛ duru pii a wɔde befi fie abedi no awia ahomegye bere no so dua. Hyɛ obiara a obetumi nkuran na ɔmmoa Tamale nhyiam no.
17 min: “Ɛsɛ sɛ Yɛn Nyinaa Boa na Ama Yɛatumi Ayɛ Adwuma No.” Nsɛmmisa ne mmuae. Kyerɛkyerɛ nea enti a mpanyimfo de wɔn ho to anuanom pii a wofi wɔn pɛ mu de wɔn ho ma so ansa na wɔatumi ayɛ nnwuma bi a ɛho hia no mu. Ka mo asafo mu ahiade te sɛ Ahenni Asa ho ne emu aprapra ne ne siesie, mmoa a wɔde ma wɔn a wɔyare ne wɔn a wɔn mfe akɔ anim, ne asasesin mu adwuma a mobɛyɛ, ho asɛm. To nsa frɛ mpanyimfo ma wɔnka sɛnea wɔn ani sɔ mmoa a adawurubɔfo pii fi wɔn pɛ mu de ma no. Si sɛnea obiara mmɔdenbɔ ho hia yiye so dua.
Dwom 153 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase June 15
Dwom 7
10 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Sikasɛm ho amanneɛbɔ.
17 min: “Monyere Mo Ho Denneennen.” Ɔkasa a egyina August 1, 1986, Ɔwɛn-Aban, nkratafa 10-14 so. Ka sɛnea daa akwampae adwuma ho hia ho asɛm, na hyɛ afoforo nkuran ma womfi ase September 1.
18 min: “Abrabɔ Pa a Yɛde Bedi Adanse.” Nsɛmmisa ne mmuae. Bisabisa mmofra bi a wɔyɛ nhwɛso pa nsɛm. Wɔka sɛnea afoforo ani agye wɔn Kristofo abrabɔ ho yiye ho asɛm. Ka January 1, 1995, Ɔwɛn-Aban, nkratafa 24-5 mu osuahu biako anaa abien ho asɛm.
Dwom 170 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase June 22
Dwom 61
10 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Kyerɛ bere a wɔhwehwɛɛ asafo no sikasɛm mu wiei.
15 min: Sɛnea Wonya Obi Ma no Nsɛmma Nhoma Daa. Kyerɛ nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ: yɛ nsɛmma nhoma a wode ma nyinaa ho kyerɛwtohɔ, san kɔ hɔ adapɛn abien ntam, ka nsɛmma nhoma foforo a aba mu nsɛm fa hyɛ anigye a ɔwɔ no mu den. Hyɛ nyansa ma wɔmfa wɔn afipamfo, mfɛfo adwumayɛfo, sotɔɔ mu adwumayɛfo, pɛtrotɔnbea adwumayɛfo, ne nea ɛkeka ho, nka ho. Hyɛ wɔn a wɔkyerɛ yɛn nsɛmma nhoma ho anigye no nyinaa nkuran ma wɔnkra bi. To nsa frɛ ɔdawurubɔfo biako anaa baanu ma wɔnka nkurɔfo a wɔma wɔn nsɛmma nhoma daa ho osuahu a ɛhyɛ nkuran nkyerɛ.
20 min: Akwampaefo a Wɔboa Afoforo. Ɔkasa a ɔsom adwuma sohwɛfo ma de ka nhyehyɛe a wɔayɛ ama akwampaefo ankasa aboa afoforo ho asɛm. Kyerɛkyerɛ sɛnea wofii nhyehyɛe ahorow a wɔnam so boa afoforo no ase bere bi a atwam no mu. (jv-E 100; km-TW 11/79 1, 3) Nnipa a wɔyɛ foforo bɛboro ɔpepem biako a wɔbɔɔ asu wɔ mfe abiɛsa a atwam no hia ntetee. “Akwampaefo Boa Afoforo” nhyehyɛe no ma daa akwampaefo ne akwampaefo atitiriw a wɔakɔ Akwampaefo Ɔsom Sukuu ne wɔn a wɔawie Asomfo Ntetee Sukuu no de osuahu ne ntetee a wɔanya no di dwuma. Botae no ne sɛ ɔkwampaefo biara bɛboa adawurubɔfo baanu afe biara ma wɔn ho akokwaw pii wɔ asɛnka adwuma no mu na ama wɔatumi anya mu kyɛfa kɛse. Ɛnsɛ sɛ wɔn a wɔreboa wɔn no suro; nea yɛresi so dua ne nkuranhyɛ a wofi ɔdɔ ne ayamye mu de ma. Saa nhyehyɛe foforo yi bɛma adawurubɔfo ɔpehaha pii abɛyɛ den wɔ asɛnka adwuma no mu.
Dwom 207 ne mpaebɔ a wɔde wiei.
Dapɛn a Efi Ase June 29
Dwom 114
10 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Kae obiara ma ɔmfa ne June asɛnka akontaabu mmra. Ka nhoma a yɛde bɛma July ho asɛm.
15 min: Asafo mu ahiade anaa So Makɔ Fam? Ɔkasa a ɔpanyin ma a egyina December 15, 1987, Engiresi Ɔwɛn-Aban, nkratafa 18-19, nkyekyem 14-16 no so. Hyɛ wɔn a wɔde mfe pii ayɛ asɛnka adwuma no nkuran ma wonsusuw sɛnea wɔyɛ wɔn som adwuma yiye ne nnɔnhwerew dodow a wɔde yɛ ho.
20 min: Yɛn Nyinaa Betumi Adi Adanse Wɔ Bɔnnɔ So. Ɔkasa ne atiefo nkɔmmɔbɔ a egyina October 15, 1987, Engiresi Ɔwɛn-Aban, nkratafa 22-7 so. Kyerɛ sɛnea wɔn a honam fam adwuma, abusua, anaa wɔn ankasa asɛyɛde ahorow agye wɔn bere no betumi anya hokwan pii da biara aka asɛmpa no akyerɛ afoforo. Fa mo hɔnom osuahu ahorow bi ka ho.
Dwom 76 ne mpaebɔ a wɔde wie.