Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe
Dapɛn a Efi Ase January 14
Dwom 41
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ Ahorow a wɔapaw. Fa nyansahyɛ a ɛwɔ kratafa 8 anaa nsɛm foforo a mubetumi de adi dwuma wɔ mo asasesin mu no yɛ sɛnea wɔde January 1 Ɔwɛn-Aban ne January Awake! bɛma ho ɔyɛkyerɛ.
15 min: “Fa Wo Bere Di Dwuma Yiye wɔ Asɛnka Mu.”a Bisabisa onua bi a otumi yɛ asɛnka nhyiam yiye de kanyan anuanom ma wɔkɔ asɛnka nsɛm. Dɛn na ɔyɛ de siesie ne ho ansa na wadi kuw no anim, na ɔyɛ dɛn de ne bere di dwuma yiye wɔ asɛnka mu?
20 min: “Momma Nkyene Mmra Mo Kasa mu Bere Nyinaa.”b Sɛ moresusuw nkyekyɛm 2 ho a, kenkan Yohane 4:7-15, 39.
Dwom 85
Dapɛn a Efi Ase January 21
Dwom 215
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Kyerɛ nhoma a yɛde bɛma wɔ February mu, na ma wɔnyɛ sɛnea wɔde bɛma ho ɔyɛkyerɛ biako. Hyɛ obiara nkuran ma ɔnhwɛ Transfusion-Alternative Health Care—Meeting Patient Needs and Rights video no mfa nsiesie ne ho mma asɛm a wobesusuw ho wɔ Ɔsom Nhyiam ase wɔ February 4 dapɛn no mu no. Ka Asɛmmisa Afã no ho asɛm.
10 min: Wode Kyerɛwnsɛm no mu a Wobɛhwehwɛ Daa Nhomawa no Redi Dwuma? Ɔkasa ne atiefo nkɔmmɔbɔ a egyina Kyerɛwnsɛm no mu a Wobɛhwehwɛ Daa—2008 de no nnianim nsɛm so. Susuw mfaso a ɛwɔ so sɛ yebegye bere da biara de asusuw Kyerɛwsɛm ne emu nkyerɛkyerɛmu ho no ho. Frɛ atiefo ma wɔnka sɛnea wosusuw kyerɛwsɛm no ho daa ne mfaso a wɔanya afi so ho asɛm. Wubetumi ne onipa baako anaa nnipa baanu adi kan asusuw asɛm a wɔbɛka no ho. Ka afe 2008 afe asɛm no ho asɛm tiawa.
25 min: “Di Asɛmpa no ho Adanse na Kyerɛkyerɛ mu Fann.”c (Nky. 1-10) Ɛsɛ sɛ ɔsom adwuma sohwɛfo di ho dwuma. Bisabisa ɔdawurubɔfo baako anaa adawurubɔfo baanu a ɛmfa ho sɛ na wonni adagyew koraa anaa wɔwɔ nipaduam mmerɛwyɛ bi no, wɔyɛɛ akwampaefo aboafo afe a etwaam no nsɛm. Wɔyɛɛ dɛn tumi yɛe? Anigye bɛn na wonyae? Sɛ moresusuw nkyekyɛm 7 ho a, ka nhyehyɛe a moayɛ ama asɛnka wɔ March, April, ne May mu ho asɛm.
Dwom 177
Dapɛn a Efi Ase January 28
Dwom 52
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Kae adawurubɔfo ma wɔmfa wɔn January asɛnka akontaabu mma. Kenkan sika ho akontaabu ne krataa a ɛkyerɛ sɛ Betel nsa aka sika a mode menae no. Wo ne atiefo nsusuw February 1 Ɔwɛn-Aban ne February Awake! no ho. Bere a woaka emu biara ho asɛm tiawa awie no, bisa atiefo ma wɔnka nsɛmma nhoma no mu nsɛm a wosusuw sɛ nnipa a wɔwɔ asasesin no mu ani begye ho ne nea enti a ɛte saa. Ma atiefo nka nsɛmma nhoma no mu nsɛm pɔtee bi a wɔabɔ wɔn tirim sɛ wɔbɛka ho asɛm de ama no ho asɛm. Asɛm bɛn na wobetumi abisa de afi nkɔmmɔbɔ ase? Afei kyerɛwsɛm a ɛwom bɛn na wɔbɛkenkan? Ɔkwan bɛn so na wɔbɛma kyerɛwsɛm no afa asɛm no ho? Fa nsɛm a ɛwɔ kratafa 8 no yɛ sɛnea wɔde nsɛmma nhoma no mu biara bɛma ho ɔyɛkyerɛ.
20 min: “Di Asɛmpa no ho Adanse na Kyerɛkyerɛ mu Fann.”d (Nky. 11-17) Sɛ Nkaedi ho nsato krataa titiriw no aba a, fa biako ma obiara bere a moresusuw nkyekyɛm 14 ho no. Ka nhyehyɛe a mo asafo no ayɛ a mode bɛkyekyɛ wɔ mo asasesin mu no ho asɛm.
15 min: “Boa Bible Asuafo ma Wontumi Mfi Asɛnka Ase.”e Ma atiefo nka kyerɛw nsɛm a wɔatwe adwene asi so no ho asɛm sɛnea bere bɛma kwan.
Dwom 22
Dapɛn a Efi Ase February 4
Dwom 161
5 min: Asafo mu nkaebɔ.
15 min: Asafo mu ahiade. Asafo ahorow a wonnya nyɛɛ ɔmantam nhyiam dwumadi no ntĩmu no betumi de saa fã yi atĩ mu sɛnea yɛkae wɔ November 2007 Yɛn Ahenni Som, kratafa 2 mu no.
25 min: “So Wutu Hyɛ Da?” Ɛsɛ sɛ asafo mu ɔpanyin di ho dwuma. Momfa nsɛmmisa a wɔde ama no nsusuw Patient Needs and Rights video no ho. Kenkan nkyekyɛm a etwa to no fa wie, na hyɛ wɔn nyinaa nkuran sɛ wɔntɔ wɔn bo ase nkenkan Ɔwɛn-Aban ne Yɛn Ahenni Som mu nsɛm a wɔatwe adwene asi so no. Kyerɛkyerɛ sɛnea sɛ obi nyɛɛ saa a, obetumi ahwɛ krataa a wubegyina so apaw nea wopɛ a ɛwɔ December 2006 Yɛn Ahenni Som mu no de asi mogya mu nneɛma nketenkete ne aduruyɛ mu akwan a wɔfa so sa yare ho gyinae, na afei wakyerɛw nea ɔpɛ no agu ne DPA no so. Sɛ ebia wɔn a wɔahyehyɛ wɔn DPA dedaw no pɛ sɛ wɔyɛ mu nsakrae a, wobetumi ahyehyɛ foforo.
Dwom 4
[Ase hɔ nsɛm]
a Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.
b Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.
c Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.
d Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.
e Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.