Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g93 11/8 kr. 31
  • Bere A Ogya Gye Nsam

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Bere A Ogya Gye Nsam
  • Nyan!—1993
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Bere A Aman Abien Hyewee
    Nyan!—1984
  • Ogya! Adwinnade Bɛn na Ɛsɛ sɛ Wode Dum No?
    Nyan!—2001
  • Ogya A Ɛhyew Nneɛma —Ɔhaw A Nigeria Hyia
    Nyan!—1985
  • Ogya a Wobesiw Ano Wɔ Fie
    Nyan!—1991
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1993
g93 11/8 kr. 31

Bere A Ogya Gye Nsam

Efi Ghana Nyan! kyerɛwfo hɔ

OGYA. Sɛ ɛnnyee nsam a, ɛyɛ akoa a ne so wɔ mfaso. Nanso sɛ egye nsam a, ebetumi ayɛ ɔdesɛefo kɛse a ɛhyew biribiara a ɛkɔto no​—nnipa, mmoa, nnua, afifide.

Wɔ 1983 mu no, ogya a ɛhyew mfuw nsase wɔ Australia sɛee nneɛma wɔ South Australia ne Victoria amantam no mu. Nnipa bɛboro 70 wu kaa anantwi 36,000, nguan 320,000 ne afie bɛboro 2,000 a ɛhyewee no ho.

Saa afe no ara, ogya a ɛhyew mfuw nsase hyew Ghana asase a ɛyɛ kilomita 238,000 no mu ɔha biara mu nkyem 72. Anyɛ yiye koraa, nnipa 29 wuwui; na afoforo 34 pirapirae.

Ogya a ɛhye mfuw nsase mu kakraa bi na abɔde te sɛ anyinam de ba. Dodow no ara fi nnipa. Wɔ Ghana no, abetwa titiriw na ɛma mfuw nsase hyew. Abetwafo no de ogyatɛn fita mmɛ no, na ama mmɛ asow nsa. Nanso, mpɛn pii no, ogya no trɛw a, wɔnhyɛ da, na ɛhyew mfuw nsase.

Wɔ Afrika aman bi mu no, abɔmmɔfo kuw twa ɔdɔtɔ ho hyia na wɔde ogya tom na ama mmoa a ebia wɔwom no afi mu. Wɔn a woyi wuram nnowa wo no de ogya pam wɔn fi wɔn twaw no mu no mu. Ɛtɔ mmere bi a, wɔmmɔ mmɔden biara sɛ wobedum ogya a wɔsɔ no.

Wɔ Afrika mmeae a owia bɔ kɛse no, akuafo pi bu kwae hyew de yɛ mfuw. Wɔdɔw nwura a baabi a wɔpɛ sɛ wɔyɛ afuw no na wɔhyew. Sɛ wɔansiw ogya no ano a, ebetumi atrɛw ntɛmntɛm.

Mmeae bi no, nyɛmmoa ahwɛfo hyew sare a awo no a wogye di sɛ, sɛ osu fi ase tɔ a, asase no bɛsan ayɛ papa, na wɔn mmoa no anya nnuan pa adi. Sɛ wogyaw ogya no sɛ ɛno ankasa nnum a sɛnea wɔtaa yɛ no​—a, ɛyɛ mmerɛw sɛ ɛbɛtrɛw. Ɛtɔ da bi a, nnipa a wokogye wɔn ahome wɔ nwuram ne kwaem adwumayɛfo nso sɔ ogya a wonnum.

Ɛnde, ɛda adi pefee sɛ anibiannaso na ɛde ogya a ahyew mfuw nsase no dodow no ara ba. Nanso, so ɔkwan bi wɔ hɔ a yɛbɛfa so asiw ogya a ɛte sɛɛ ano na amfi ase koraa? Ahwɛyiye a ɛfata betumi asakra tebea no. Sɛ́ nhwɛso no, sɛ woprapra afuw a woato mu gya biara ano bɛyɛ mita 5 kosi 10 a, woboa ma ogya no ntrɛw nkɔ mfuw a ɛbɛn hɔ no mu. Ahobammɔ foforo a ɛho hia ne sɛ wubedum ogya a wosɔ nyinaa koraa. Kae sɛ ogya a woremma ɛnhyew mfuw nsase no yɛ mmerɛw sen sɛ wode bɛtom na afei woapere sɛ wubedum no.

Ebinom gye di sɛ asotwe a emu yɛ den a wɔde bɛma wɔn a wɔma ogya hyew mfuw nsase no besiw anibiannaso ne afoforo nneɛma a wɔhyɛ da hyew no ano. Afoforo se ɔkwan a eye sen biara a wɔbɛfa so asiw ogya a ɛhyew mfuw nsase ano ne nkyerɛkyerɛ ne mmoa a yɛn nyinaa befi yɛn pɛ mu de ama.

Kyerɛ obu ma ogya wɔ ɔkwan a ɛfata so. Sɛ yɛyɛ ahwɛyiye a ɛfata a, yebetumi akwati ma a yɛbɛma akoa a mfaso wɔ no so no adan ɔdesɛefo kɛse no.

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 31]

P. Riviere/Gamma Liaison

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena