Marko
9 Afei nso, ɔtoaa so ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Nokwarem mise mo sɛ, wɔn a wogyina ha yi mu bi wɔ hɔ a wɔrenka owu nhwɛ da kosi sɛ wobehu sɛ Onyankopɔn ahenni aba tumi mu ansa.”+ 2 Enti nnansia akyi no, Yesu faa Petro ne Yakobo ne Yohane kaa ne ho, na ɔde wɔn kɔɔ bepɔw tenten bi so a wɔn nkutoo na na wɔwɔ hɔ. Na ɔsakrae wɔ wɔn anim,+ 3 na n’atade yɛɛ hyɛnn fitafita sen nea asase so ntamasifo biara betumi ama ayɛ.+ 4 Afei nso, Elia ne Mose yii wɔn ho adi kyerɛɛ wɔn, na na wɔne Yesu rekasa.+ 5 Ɛnna Petro ka kyerɛɛ Yesu sɛ: “Rabi, eye sɛ yɛwɔ ha, enti ma yensi ntamadan abiɛsa, wo de biako, Mose de biako, Elia nso de biako.”+ 6 Nokwarem no, na onhu asɛm a ɔnka, efisɛ na wɔabɔ hu paa. 7 Na omununkum bi bae, na ɛkataa wɔn so, na nne+ bi fi omununkum no mu bae sɛ: “Oyi ne me Ba,+ nea medɔ no; muntie no.”+ 8 Nanso amonom hɔ ara, wɔhwehwɛɛ hɔ a wɔanhu obiara wɔn nkyɛn bio sɛ Yesu nkutoo.+
9 Bere a wɔresian afi bepɔw no so no, ɔhyɛɛ wɔn sɛ wɔmmmɔ nea wɔahu no so+ nnkyerɛ obiara kosi sɛ onipa Ba no benyan afi awufo mu.+ 10 Na wɔde asɛm no too wɔn koma so, nanso wɔne wɔn ho susuw nea nyan a obenyan afi awufo mu yi kyerɛ ho. 11 Na wofii ase bisabisaa no nsɛm sɛ: “Dɛn nti na akyerɛwfo no ka sɛ etwa sɛ Elia+ ba ansa?”+ 12 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Elia bedi kan aba ampa abɛtoto nneɛma nyinaa;+ na ɛyɛɛ dɛn na wɔakyerɛw onipa Ba no ho asɛm sɛ etwa sɛ ohu amane+ pii na wobu no animtiaa?+ 13 Nokwarem no, mise mo sɛ, Elia+ aba na wɔyɛɛ no nea wɔpɛ biara, sɛnea wɔakyerɛw ne ho asɛm no pɛpɛɛpɛ.”+
14 Bere a afei wɔbaa asuafo a aka no nkyɛn no, wohui sɛ nnipadɔm pii atwa wɔn ho ahyia na akyerɛwfo no ne wɔn redi anobaabae.+ 15 Na nnipakuw no nyinaa ani bɔɔ no so ara pɛ na wɔn ho dwiriw wɔn, na wotutuu mmirika kɔɔ ne nkyɛn kokyiaa no. 16 Na obisaa wɔn sɛ: “Dɛn ho na mo ne wɔn redi anobaabae?” 17 Na obi fi nnipadɔm no mu buaa no sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfo, mede me babarima a mum honhom wɔ no so brɛɛ wo;+ 18 na baabiara a ɛbɛba no so no etwa no hwe fam, n’ano po ahuru na ɔtwɛre ne se na ɔyɛ mmerɛw. Na meka kyerɛɛ w’asuafo no sɛ wontu, nanso wɔantumi.”+ 19 Ɛnna obua see wɔn sɛ: “O awo ntoatoaso a munni gyidi,+ bere tenten ahe na me ne mo ntena? Minnya mo ho abotare nkosi da bɛn? Fa no brɛ me.”+ 20 Enti wɔde no brɛɛ no. Na bere a honhom no huu no no, ɛmaa abofra no sinsen prɛko pɛ, na ɔhwee fam bu faa so, na n’ano poo ahuru.+ 21 Na obisaa ne papa sɛ: “Efi bere bɛn na eyi ayɛ no?” Ɔkae sɛ: “Efi ne mmofraase pɛɛ; 22 na ɛtaa twa no hwe ogya ne nsu mu ma opira.+ Na sɛ wubetumi ayɛ ho biribi a, hu yɛn mmɔbɔ na boa yɛn.” 23 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Wuse, ‘Sɛ wubetumi ayɛ ho biribi a’? Hwɛ, sɛ obi wɔ gyidi a, ade nyinaa betumi ayɛ yiye ama no.”+ 24 Ɛhɔ ara na abofra no papa teɛɛm kae sɛ: “Mewɔ gyidi! Faako a mihia gyidi no boa me!”+
25 Afei Yesu hui sɛ nnipakuw bi repuw aba wɔn so no, ɔkaa honhom fĩ no anim+ sɛ: “Mum ne asotiw honhom, mehyɛ wo sɛ fi ne mu na mma ne mu bio.” 26 Na bere a ɛteɛɛm na ɛkɔɔ so sinsen no akyi no, efii ne mu;+ na ɔyɛɛ te sɛ nea wawu, enti na wɔn mu dodow no ara reka sɛ: “Wawu!” 27 Nanso Yesu soo ne nsa maa no so, na ɔsɔree.+ 28 Enti owuraa ofie bi mu no n’asuafo no bisaa no kokoam sɛ: “Adɛn nti na yɛantumi antu?”+ 29 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Eyi de, sɛ ɛnyɛ mpaebɔ a, biribiara nni hɔ a ebetumi atu no.”+
30 Wofii hɔ kɔe, na wɔkɔfaa Galilea, nanso na ɔmpɛ sɛ obiara bɛte. 31 Na ɔkyerɛkyerɛɛ n’asuafo no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Wobeyi onipa Ba no ahyɛ nnipa nsa, na wobekum no,+ nanso ɛmfa ho sɛ wobekum no no, nnansa akyi obenyan.”+ 32 Nanso na wɔnte asɛm no ase, na na wosuro sɛ wobebisa no.+
33 Na wɔkɔɔ Kapernaum. Afei bere a ɔwɔ ofie no mu no, obisaa wɔn sɛ: “Dɛn na na moregye ho akyinnye wɔ kwan so no?”+ 34 Wɔyɛɛ dinn, efisɛ ɔkwan so no wogyee nea ɔyɛ wɔn mu kɛse ho akyinnye.+ 35 Enti ɔtenaa ase frɛɛ dumien no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Sɛ obi pɛ sɛ odi kan a, ɛsɛ sɛ odi akyi na ɔsom mo nyinaa.”+ 36 Na ɔfaa abofra kumaa bi de no gyinaa wɔn mfinimfini de ne nsa too ne kɔn mu ka kyerɛɛ wɔn sɛ:+ 37 “Obiara a obegye mmofra nkumaa yi mu bi me din mu no, na wagye me; na obiara a obegye me no nnye me nko, na mmom nea ɔsomaa me no nso.”+
38 Yohane ka kyerɛɛ no sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfo, yehuu obi a ɔde wo din retu adaemone na yɛbɔɔ mmɔden sɛ yebesiw no kwan,+ efisɛ na ɔnka yɛn ho.”+ 39 Nanso Yesu kae sɛ: “Mommmɔ mmɔden sɛ mubesiw no kwan, na obiara nni hɔ a ɔde me din bɛyɛ anwonwade a obetumi asan asopa me bere koro no ara;+ 40 na nea ɔnsɔre ntia yɛn no wɔ yɛn afa.+ 41 Na obiara a esiane sɛ moyɛ Kristo dea nti+ ɔbɛma mo nsu kuruwa+ anom no, nokwarem mise mo sɛ, n’akatua remmɔ no da. 42 Na obiara a ɔbɛto nkumaa a wogye di yi mu biako hintidua no, anka eye ma no mmom sɛ wɔde owiyammo a afurum twe bɛsɛn ne kɔn mu de no akɔto po mu.+
43 “Na sɛ wo nsa to wo hintidua a, twa fi hɔ; eye ma wo sɛ wubedi dɛm de anya nkwa sen sɛ wode nsa abien bɛkɔ Gehenna, ogya a wontumi nnum no mu.+ 44 —— 45 Na sɛ wo nan to wo hintidua a, twa fi hɔ; eye ma wo sɛ wobɛtɔ apakye+ akɔ nkwa mu sen sɛ wowɔ anan abien na wɔde wo bɛto Gehenna.+ 46 —— 47 Na sɛ w’aniwa to wo hintidua a tow kyene;+ eye sɛ wode aniwa biako bɛkɔ Onyankopɔn ahenni mu sen sɛ wowɔ aniwa abien na wɔbɛtow wo ato Gehenna,+ 48 faako a wɔn mu mmoawa nwu na ogya no nnum no.+
49 “Etwa sɛ wɔde ogya hyɛ obiara nkyene.+ 50 Nkyene ye; nanso sɛ nkyene ahoɔden fi mu a, dɛn na mode bɛhyɛ ɛno nso?+ Munnya nkyene+ wɔ mo mu na momma asomdwoe+ ntena mo ntam.”