Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe
Dapɛn a Efi Ase October 8
Dwom 109
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ Ahorow a Wɔapaw. Hyɛ obiara nkuran sɛ ɔnhwɛ United by Divine Teaching video no mfa nsiesie ne ho mma ɛho a wobesusuw wɔ Ɔsom Nhyiam dapɛn a efi ase October 22 mu no. Fa kratafa 8 hɔ nyansahyɛ no yɛ nsɛmma nhoma a wɔde ma ho ɔyɛkyerɛ ntiantiaa abien; fa October 15, Ɔwɛn-Aban yɛ biako, na fa October 22, Engiresi Nyan! yɛ nea ɛka ho no.
10 min: Asafo mu ahiade.
25 min: “Yɛn Asasesin Mu Adwuma a Yɛbɛma Ayɛ Mmerɛw.”a Hyɛ wɔn nyinaa nkuran sɛ wɔnkyerɛ akwankyerɛ no ho anisɔ na sɛ ehia a, wɔafi wɔn pɛ mu ayɛ nsakrae. Si mfaso a ɛwɔ so sɛ yɛne asafo a yɛte n’asasesin mu bɛbɔ no so dua. Wɔ saa kwan yi so no, yɛbɛyɛ adwuma abom ma obiara anya so mfaso.
Dwom 151 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase October 15
Dwom 113
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Sikasɛm ho amanneɛbɔ.
15 min: So Wowɔ “Koma a Etie”? Ɔkasa a ɔpanyin ma a egyina July 15, 1998, Ɔwɛn-Aban nkratafa 29-31 so. Munsusuw akwan a yebetumi afa so ada osetie adi bere a yɛne asafo no yɛ adwuma no ho.
20 min: Fa Yɛn Nsɛmma Nhoma no Di Dwuma Yiye. Ɔsom adwuma ne nsɛmma nhoma so ahwɛfo susuw nea ɛhaw wɔn wɔ wɔn nsɛmma nhoma kyekyɛ ho no ho. Wɔka dodow a asafo no nsa ka ɔsram biara ne dodow a wobu akontaa sɛ wɔde mae no. Ɛda adi sɛ wɔboaboa pii ano gu hɔ anaasɛ wɔtow gu. Ɔkwan bɛn so na adawurubɔfo betumi de yɛn nsɛmma nhoma no adi dwuma yiye? Anuanom no susuw dapɛn a efi ase October 4, 1999 Ɔsom Nhyiam dwumadi a ɛne “Nya Nsɛmma Nhoma Ho Anigye!” no mu nsɛntitiriw ason no ho. Wosusuw osuahu a ɛwɔ February 15, 1998, Ɔwɛn-Aban no nkratafa 28-9, ne akwan bi a wobetumi afa so de nyansahyɛ ahorow no adi dwuma ho. Wɔhyɛ obiara nkuran sɛ ɔmmɔ mmɔden sɛ ɔbɛsɔ nsɛm a wɔka kyerɛ a ɛba Yɛn Ahenni Som mu ɔsram biara no ahwɛ.
Dwom 156 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase October 22
Dwom 120
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Fa kratafa 8 hɔ nyansahyɛ no yɛ nsɛmma nhoma a wɔde ma ho ɔyɛkyerɛ ntiantiaa abien; fa November 1, Ɔwɛn-Aban yɛ biako, na fa November 8 Engiresi Nyan! yɛ nea ɛka ho no.
10 min: Wubebua Dɛn? Twe adwene si Reasoning nhoma no nkratafa 204-5 no so, baabi a wɔabua asɛmmisa, “Ɔkwan bɛn so na Yehowa Adansefo nya wɔn Bible mu nkyerɛkyerɛmu?” pefee no. Yɛ sɛnea wobebua asɛmmisa yi wɔ sankɔhwɛ mu ho ɔyɛkyerɛ a wɔasiesie no yiye, na to nsa frɛ onipa no sɛ ɔmmra asafo nhyiam.
25 min: “United by Divine Teaching Video—Onuayɛ a Biakoyɛ Wom Ankasa Ho Nhwehwɛmu.” Atiefo nkɔmmɔbɔ. Fa nkyekyem a edi kan no fi dwumadi no ase na fa nea etwa to no wie. Nea ɛbɛyɛ na woama wɔasusuw video no ho anigye so no, bisa nsɛmmisa no mu biara. Sɛ asafo no mufo bi akɔ nhyiam wɔ aman foforo so a, ma wɔnka sɛnea wɔtee nka bere a wohui sɛ yɛn ahyehyɛde no yɛ amanaman ntam de na biakoyɛ wom no. Sɛ woannya obiara a, ma wɔnka osuahu ahorow a ɛka koma mfi 1994 Yearbook nkratafa 7-9, ne 1995 Yearbook, nkratafa 8-11 no mu. Yebesusuw To the Ends of the Earth video no ho wɔ December mu.
Dwom 47 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase October 29
Dwom 164
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Kae adawurubɔfo sɛ wɔmfa October asɛnka akontaabu mma. Nhoma a yɛde bɛma November ne Ahwehwɛde nhomawa anaa Nimdeɛ nhoma no. Yɛ asɛntiaa a wɔka kyerɛ yi ho ɔyɛkyerɛ: “Wɔ sikasɛm mu ahokyere bere a emu yɛ den yi mu no, ɛyɛ den ma nnipa pii sɛ wobenya wɔn asetrade. So wususuw sɛ nnipa nniso bedi ɔhaw yi ho dwuma wɔ ɔkwan a animhwɛ biara nnim so? [Twɛn ma ommua.] Mahu sɛ bɔhyɛ yi a ɛwɔ Bible mu no hyɛ nkuran yiye.” Kenkan Dwom 72:12-14. Afei fa Ahwehwɛde nhomawa anaa Nimdeɛ nhoma no ma, na ka nhoma no mu asɛm bi a ɛfata toa so.
20 min: “Kristofo Adwene Wɔ Ayi Ho a Yebekura Mu.”—Krataa a ɛhyɛ January 1996 Yɛn Ahenni Som no mu a ɔpanyin ka mu asɛm. Si nsɛntitiriw a edidi so yi so dua: (1) “Kristoni nokwafo,” asafo no muni a ɔwɔ gyinabea pa ayi nkutoo na ɛsɛ sɛ asafo no yɛ. (2) Ɛnsɛ sɛ wɔdeda amu no wɔ Ahenni Asa so. Bere a wɔma ayi ase kasa no nkutoo na wɔde amu no bɛkɔ hɔ. (3) Ɛsɛ sɛ nea ɔma ayi ase kasa no di krataa a wɔhwɛ so ma afunsie kasa no akyi. (4) Ɛnsɛ sɛ Kristofo da wiase su adi wɔ ayi ase—wɔnna awerɛhow ntraso anaa anigye adi. (5) Ɛsɛ sɛ wɔkari pɛ wɔ adidi ne ɔnom ne nea ɛkeka ho mu. Ɛnsɛ sɛ anuanom ma atipɛnfo nhyɛso anaasɛ onipa ho suro piapia wɔn ma wɔyɛ nea ɛnsɔ Yehowa ani.
15 min: “Wudidi Yiye Dɛn Wɔ Honhom Fam?”b Ma atiefo nka nsɛm foforo mfi April 15, 1997, Ɔwɛn-Aban no nkratafa 28-31 mfa nkyerɛ nea enti a ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden kɔ so didi yiye wɔ honhom fam ne sɛnea yebetumi ayɛ saa.
Dwom 181 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase November 5
Dwom 167
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Munsusuw “Ghana Betel Ntrɛwmu no Nkɔso Ho Amanneɛbɔ” no ho.
18 min: Ahosiesie a Abusua Yɛ Ma Nhyiam Horow. Agya bi ne n’abusua susuw sɛnea wɔn nyinaa betumi asiesie wɔn ho na wɔatumi anya nhyiam ahorow mu kyɛfa kɛse ho. Wɔde akwankyerɛ a ɛwɔ July 1, 1999, Ɔwɛn-Aban no nkratafa 19-20 nkyekyem 9 siesie mmuae a wɔbɛma wɔ dapɛn no Ɔwɛn-Aban Adesua ase no. (1) Abusua no muni biara paw asɛmmisa biako anaa abien a obebua. (2) Bere a wɔasusuw nkyekyem a wɔn mu biara apaw no ho awie no, wɔde wɔn ankasa nsɛm hyehyɛ mmuae a wɔbɛma no. (3) Wɔpaw kyerɛw nsɛm atitiriw a emu nsɛm nni adesua no mu no, wosusuw sɛnea emu biara fa asɛmti no ne nea wɔbɛka na ama afa adesua no ho ho. Wɔn nyinaa da ɔpɛ a emu yɛ den adi sɛ wobenya nhyiam no mu kyɛfa.
17 min: “Botae no Ne Dɛn?”c Si hia a ɛho hia sɛ wɔbɛboa adesuafo ma wɔahu asafo nhyiamkɔ so mfaso so dua. Fa Nimdeɛ nhoma no ti 17, nkyekyem 6-8 yɛ sɛnea wɔbɛyɛ eyi ho ɔyɛkyerɛ a wɔasiesie no yiye ka ho.
Dwom 186 ne mpaebɔ a wɔde wie.
[Ase hɔ nsɛm]
a Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.
b Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.
c Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.