Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 2 Beresosɛm Mu Nsɛntitiriw 2 BERESOSƐM EMU NSƐNTITIRIW 1 Solomon srɛɛ nyansa (1-12) Solomon ahonyade (13-17) 2 Ahoboa a wɔyɛe ansa na wɔresi asɔrefi no (1-18) 3 Solomon fii ase sii asɔrefi no (1-7) Kronkron Mu Kronkronbea no (8-14) Kɔbere adum abien no (15-17) 4 Afɔremuka, ɛpo, ne asɛn no (1-6) Nkaneadua, apon, ne adiwo a ɛwowɔ hɔ (7-11a) Wowiee asɔrefi no mu asiesie (11b-22) 5 Nhyehyɛe a wɔyɛ de buee asɔrefi no ano (1-14) Wɔde Adaka no baa asɔrefi hɔ (2-10) 6 Solomon kasa kyerɛɛ ɔman no (1-11) Solomon mpae a ɔde buee asɔrefi no ano (12-42) 7 Yehowa anuonyam hyɛɛ asɔrefi no ma (1-3) Nneɛma a wɔyɛ de buee ɔdan no ano (4-10) Yehowa yii ne ho adi kyerɛɛ Solomon (11-22) 8 Solomon sisii adan foforo (1-11) Asɔrefi hɔ adwuma no, wɔtotoo ɛho biribiara (12-16) Solomon nyaa po so ahyɛn (17, 18) 9 Saba hemmaa bɛsraa Solomon (1-12) Solomon ahonyade (13-28) Solomon wui (29-31) 10 Israelfo tew atua tiaa Rehoboam (1-19) 11 Rehoboam ahenni (1-12) Lewifo anokwafo bi kɔtenaa Yuda (13-17) Rehoboam abusua (18-23) 12 Sisak baa Yerusalem so (1-12) Rehoboam ahenni baa awiei (13-16) 13 Yuda hene Abia ahenni (1-22) Abia dii Yeroboam so nkonim (3-20) 14 Abia wui (1) Yuda hene Asa ahenni (2-8) Asa dii Etiopiafo 1,000,000 so nkonim (9-15) 15 Asa pagyaw Onyankopɔn som (1-19) 16 Asa ne Siria yɛɛ apam (1-6) Hanani kaa Asa anim (7-10) Asa wui (11-14) 17 Yuda hene Yehosafat ahenni (1-6) Wokokyinkyin ɔman no mu kyerɛkyerɛe (7-9) Yehosafat asraafo bɛyɛɛ den (10-19) 18 Yehosafat ne Ahab yɛɛ apam (1-11) Mikaia hyɛɛ nkɔm sɛ wobedi nkogu (12-27) Wokum Ahab wɔ Ramot-Gilead (28-34) 19 Yehu kaa Yehosafat anim (1-3) Yehosafat pagyaw Onyankopɔn som (4-11) 20 Aman a ɛbɛn Yuda no hunahunaa wɔn (1-4) Yehosafat bɔɔ mpae hwehwɛɛ mmoa (5-13) Yehowa tiee mpaebɔ no (14-19) Ogyee Yuda anwonwakwan so (20-30) Yehosafat ahenni baa awiei (31-37) 21 Yuda hene Yehoram ahenni (1-11) Elia kyerɛw krataa kɔmaa ɔhene (12-15) Yehoram awiei anyɛ fɛ (16-20) 22 Yuda hene Ahasia ahenni (1-9) Atalia gyee ahenni no kɛntɛn so (10-12) 23 Yehoiada de ne ho gyee mu ma wosii Yehoas hene (1-11) Wokum Atalia (12-15) Yehoiada pagyaw Onyankopɔn som (16-21) 24 Yehoas ahenni (1-3) Yehoas siesiee asɔrefi no (4-14) Yehoas bɛyɛɛ ɔwaefo (15-22) Wokum Yehoas (23-27) 25 Yuda hene Amasia ahenni (1-4) Ɔne Edom kɔkoe (5-13) Amasia som abosom (14-16) Ɔne Israel hene Yehoas kɔkoe (17-24) Amasia wui (25-28) 26 Yuda hene Usia ahenni (1-5) Usia nyaa asraafo pii na ɔyɛɛ den (6-15) Usia ahomaso nti kwata yɛɛ no (16-21) Usia wui (22, 23) 27 Yuda hene Yotam ahenni (1-9) 28 Yuda hene Ahas ahenni (1-4) Siria ne Israel dii no so nkonim (5-8) Oded bɔɔ Israel kɔkɔ (9-15) Ɔbrɛɛ Yuda ase (16-19) Ahas som abosom; owui (20-27) 29 Yuda hene Hesekia ahenni (1, 2) Hesekia pagyaw Onyankopɔn som (3-11) Wɔtew asɔrefi no ho (12-19) Wɔsan fii asɔrefi hɔ nnwuma ase (20-36) 30 Hesekia dii Twam no (1-27) 31 Hesekia tuu abosonsom ase (1) Wɔde asɔfo ne Lewifo no kyɛfa maa wɔn (2-21) 32 Senaherib behunahunaa Yerusalem (1-8) Senaherib buu Yehowa animtiaa (9-19) Ɔbɔfo baako kum Asiria asraafo (20-23) Ɔyare bɔɔ Hesekia; ɔmaa ne ho so (24-26) Nneɛma a Hesekia tumi yɛe ne ne wu (27-33) 33 Yuda hene Manase ahenni (1-9) Manase nuu ne ho wɔ ne bɔne ho (10-17) Manase wui (18-20) Yuda hene Amon ahenni (21-25) 34 Yuda hene Yosia ahenni (1, 2) Yosia pagyaw Onyankopɔn som (3-13) Wohuu Mmara nhoma no (14-21) Hulda hyɛɛ mmusu ho nkɔm (22-28) Yosia kenkan nhoma no kyerɛɛ ɔman no (29-33) 35 Yosia yɛɛ nhyehyɛe ma wodii Twam kɛse (1-19) Farao Neko kum Yosia (20-27) 36 Yuda hene Yehoahas ahenni (1-3) Yuda hene Yehoiakim ahenni (4-8) Yuda hene Yehoiakin ahenni (9, 10) Yuda hene Sedekia ahenni (11-14) Wɔsɛee Yerusalem (15-21) Kores hyɛɛ mmara sɛ wɔnsan nsi asɔrefi no (22, 23)