Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • nwt Numeri 1:1-36:13
  • Numeri

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Numeri
  • Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
Numeri

NUMERI

1 Bere a Israelfo fii Egypt no akyi afe a ɛto so abien, bosome a ɛto so abien no da a edi kan no,+ Yehowa ne Mose kasae wɔ ahyiae ntamadan no mu+ wɔ Sinai sare so.+ Ɔkae sɛ: 2 “Monkan Israelfo*+ nyinaa mmaako mmaako. Monkan nnipa dodow a ɛwɔ abusuakuw biara mu, ne nnipa dodow a ɛwɔ wɔn agyanom abusuafi biara mu; na monkyerɛw mmarima a ɛwɔ mu no din nhu wɔn dodow. 3 Wo ne Aaron nkyerɛw wɔn a wɔadi mfe 20 rekɔ+ a wobetumi ayɛ asraafo wɔ Israel no nyinaa din. Monkan dodow a ɛwɔ asraafokuw biara mu.

4 “Momfa ɔbarima baako mfi abusuakuw biara mu nka mo ho. Ɛsɛ sɛ wɔn mu biara yɛ n’agyanom abusuafi so panyin.+ 5 Mmarima a wɔbɛka mo ho no din ni: Nea obefi Ruben abusuakuw mu aba ne Sedeo ba Elisur.+ 6 Simeon abusuakuw mu: Surisadai ba Selumiel.+ 7 Yuda abusuakuw mu: Aminadab ba Naason.+ 8 Isakar abusuakuw mu: Suar ba Netanel.+ 9 Sebulon abusuakuw mu: Helon ba Eliab.+ 10 Yosef mma nso de ni, Efraim+ abusuakuw mu: Amihud ba Elisama. Manase abusuakuw mu: Pedasur ba Gamaliel. 11 Benyamin abusuakuw mu: Gideoni ba Abidan.+ 12 Dan abusuakuw mu: Amisadai ba Ahiesa.+ 13 Aser abusuakuw mu: Okran ba Pagiel.+ 14 Gad abusuakuw mu: Deuel ba Eliasaf.+ 15 Naftali abusuakuw mu: Enan ba Ahira.+ 16 Eyinom na woyii wɔn wɔ asafo no mu. Wɔn na wɔyɛ wɔn agyanom mmusuakuw mu mpanyimfo+ a wɔdeda Israel apem apem ano.”+

17 Enti Mose ne Aaron frɛɛ mmarima a wɔabobɔ wɔn din yi nyinaa. 18 Na bosome a ɛto so abien no da a edi kan no, wɔmaa Israel asafo no nyinaa hyiae sɛ wɔrebɛkyerɛw nnipa dodow a wɔadi mfe 20 rekɔ+ no nyinaa din mmaako mmaako, sɛnea ɛbɛyɛ a wobehu wɔn mu dodow a ɛwɔ abusua biara mu ne wɔn agyanom abusuafi biara mu, 19 sɛnea Yehowa ka kyerɛɛ Mose no. Enti ɔkyerɛw wɔn din wɔ Sinai sare so.+

20 Wɔkyerɛw Rubenfo, Israel ba panyin+ asefo no din huu dodow a ɛwɔ abusua biara mu ne wɔn agyanom abusuafi biara mu. Mmarima a wɔadi mfe 20 rekɔ a wobetumi ayɛ asraafo no, wɔkan wɔn nyinaa mmaako mmaako, 21 na dodow a wɔkyerɛw wɔn din wɔ Ruben abusuakuw mu yɛ 46,500.

22 Wɔkyerɛw Simeon+ asefo no din huu dodow a ɛwɔ abusua biara mu ne wɔn agyanom abusuafi biara mu. Mmarima a wɔadi mfe 20 rekɔ a wobetumi ayɛ asraafo no, wɔkan wɔn nyinaa mmaako mmaako, 23 na dodow a wɔkyerɛw wɔn din wɔ Simeon abusuakuw mu yɛ 59,300.

24 Wɔkyerɛw Gad+ asefo no din huu dodow a ɛwɔ abusua biara mu ne wɔn agyanom abusuafi biara mu. Mmarima a wɔadi mfe 20 rekɔ a wobetumi ayɛ asraafo no, wɔkan wɔn nyinaa, 25 na dodow a wɔkyerɛw wɔn din wɔ Gad abusuakuw mu yɛ 45,650.

26 Wɔkyerɛw Yuda+ asefo no din huu dodow a ɛwɔ abusua biara mu ne wɔn agyanom abusuafi biara mu. Mmarima a wɔadi mfe 20 rekɔ a wobetumi ayɛ asraafo no, wɔkan wɔn nyinaa, 27 na dodow a wɔkyerɛw wɔn din wɔ Yuda abusuakuw mu yɛ 74,600.

28 Wɔkyerɛw Isakar+ asefo no din huu dodow a ɛwɔ abusua biara mu ne wɔn agyanom abusuafi biara mu. Mmarima a wɔadi mfe 20 rekɔ a wobetumi ayɛ asraafo no, wɔkan wɔn nyinaa, 29 na dodow a wɔkyerɛw wɔn din wɔ Isakar abusuakuw mu yɛ 54,400.

30 Wɔkyerɛw Sebulon+ asefo no din huu dodow a ɛwɔ abusua biara mu ne wɔn agyanom abusuafi biara mu. Mmarima a wɔadi mfe 20 rekɔ a wobetumi ayɛ asraafo no, wɔkan wɔn nyinaa, 31 na dodow a wɔkyerɛw wɔn din wɔ Sebulon abusuakuw mu yɛ 57,400.

32 Wɔkyerɛw Yosef asefo a wofi Efraim+ mu no din huu dodow a ɛwɔ abusua biara mu ne wɔn agyanom abusuafi biara mu. Mmarima a wɔadi mfe 20 rekɔ a wobetumi ayɛ asraafo no, wɔkan wɔn nyinaa, 33 na dodow a wɔkyerɛw wɔn din wɔ Efraim abusuakuw mu yɛ 40,500.

34 Wɔkyerɛw Manase+ asefo no din huu dodow a ɛwɔ abusua biara mu ne wɔn agyanom abusuafi biara mu. Mmarima a wɔadi mfe 20 rekɔ a wobetumi ayɛ asraafo no, wɔkan wɔn nyinaa, 35 na dodow a wɔkyerɛw wɔn din wɔ Manase abusuakuw mu yɛ 32,200.

36 Wɔkyerɛw Benyamin+ asefo no din huu dodow a ɛwɔ abusua biara mu ne wɔn agyanom abusuafi biara mu. Mmarima a wɔadi mfe 20 rekɔ a wobetumi ayɛ asraafo no, wɔkan wɔn nyinaa, 37 na dodow a wɔkyerɛw wɔn din wɔ Benyamin abusuakuw mu yɛ 35,400.

38 Wɔkyerɛw Dan+ asefo no din huu dodow a ɛwɔ abusua biara mu ne wɔn agyanom abusuafi biara mu. Mmarima a wɔadi mfe 20 rekɔ a wobetumi ayɛ asraafo no, wɔkan wɔn nyinaa, 39 na dodow a wɔkyerɛw wɔn din wɔ Dan abusuakuw mu yɛ 62,700.

40 Wɔkyerɛw Aser+ asefo no din huu dodow a ɛwɔ abusua biara mu ne wɔn agyanom abusuafi biara mu. Mmarima a wɔadi mfe 20 rekɔ a wobetumi ayɛ asraafo no, wɔkan wɔn nyinaa, 41 na dodow a wɔkyerɛw wɔn din wɔ Aser abusuakuw mu yɛ 41,500.

42 Wɔkyerɛw Naftali+ asefo no din huu dodow a ɛwɔ abusua biara mu ne wɔn agyanom abusuafi biara mu. Mmarima a wɔadi mfe 20 rekɔ a wobetumi ayɛ asraafo no, wɔkan wɔn nyinaa, 43 na dodow a wɔkyerɛw wɔn din wɔ Naftali abusuakuw mu yɛ 53,400.

44 Mose ne Aaron ne Israel abusua mu mpanyimfo 12 a wɔn mu biara besii n’agyanom abusuafi anan no, wɔn na wɔkyerɛw eyinom din. 45 Enti wɔkyerɛw Israelfo a wɔadi mfe 20 rekɔ a wobetumi ayɛ asraafo wɔ Israel no nyinaa din, na wohuu dodow a ɛwɔ wɔn agyanom abusuafi biara mu, 46 na dodow a wɔkyerɛw wɔn din nyinaa yɛ 603,550.+

47 Nanso Lewifo+ no de, wɔankyerɛw wɔn din anka agyanom abusuafi a aka no ho.+ 48 Na Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: 49 “Lewi abusuakuw no de, nkyerɛw wɔn din, na nkan wɔn nka Israelfo a aka no ho.+ 50 Fa ɔsom ntamadan a Adanse Abopon*+ no wom no, ne emu nneɛma nyinaa, ne ɛho nneɛma nyinaa hyɛ Lewifo no nsa.+ Wɔn na wɔbɛsoa ɔsom ntamadan no ne emu nneɛma nyinaa,+ na wɔasom wɔ hɔ.+ Wɔnkyekye wɔn asoɛe wɔ ɔsom ntamadan no ho nhyia.+ 51 Bere biara a mubetutu ɔsom ntamadan no akɔ baabi foforo no, Lewifo no na ɛsɛ sɛ wotutu.+ Na sɛ moresan asi ɔsom ntamadan no a, Lewifo no na ɛsɛ sɛ wosi. Obiara a wɔmmaa no kwan sɛ ɔnyɛ bi* no, sɛ ɔbɛn hɔ a, munkum no.+

52 “Ɛsɛ sɛ Israelni biara si ne ntamadan wɔ asoɛe a wɔde ama no no; obiara nsi wɔ baabi a wɔakyerɛ sɛ mmusuakuw abiɛsa asafo+ a ɔwom no asraafokuw ntena* no. 53 Na Lewifo no de, wɔnkyekye wɔn asoɛe wɔ ɔsom ntamadan a Adanse Abopon no wom ho nhyia, sɛnea ɛbɛyɛ a abufuw biara remma Israelfo asafo no so.+ Lewifo no na ɛyɛ wɔn asɛde sɛ wɔhwɛ Adanse ntamadan no so.”*+

54 Na Israelfo no yɛɛ nea Yehowa ka kyerɛɛ Mose no nyinaa. Wɔyɛɛ saa pɛpɛɛpɛ.

2 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ: 2 “Israelfo no nkyekye wɔn asoɛe wɔ baabi a wɔde ama mmusuakuw abiɛsa asafo+ a wɔwom no. Obiara ntena baabi a ɛbɛn n’agyanom abusuafi frankaa.* Wɔmma wɔn asoɛe no anim nkyerɛ ahyiae ntamadan no, na entwa ho nhyia.

3 “Wɔn a wobesi wɔn ntamadan wɔ apuei fam, baabi a owia pue fi no ne mmusuakuw abiɛsa asafo a Yuda abusuakuw da wɔn ano a obiara wɔ n’asraafokuw no. Yuda abusuapanyin ne Aminadab ba Naason.+ 4 N’asraafo a wɔkyerɛw wɔn din no dodow yɛ 74,600.+ 5 Wɔn a wɔbɛkyekye wɔn asoɛe wɔ ne nkyɛn ne Isakar abusuakuw no. Isakar abusuapanyin ne Suar ba Netanel.+ 6 N’asraafo a wɔkyerɛw wɔn din no dodow yɛ 54,400.+ 7 Wɔn a wɔka ho ne Sebulon abusuakuw no. Sebulon abusuapanyin ne Helon ba Eliab.+ 8 N’asraafo a wɔkyerɛw wɔn din no dodow yɛ 57,400.+

9 “Enti asraafo a wɔwɔ Yuda asoɛe hɔ a wɔkyerɛw wɔn din nyinaa dodow yɛ 186,400. Sɛ wɔretu* afi baabi a wɔsoɛe no a, wɔn na wobedi kan atu.+

10 “Mmusuakuw abiɛsa asafo a Ruben+ abusuakuw da wɔn ano a obiara wɔ n’asraafokuw no na wobesi wɔn ntamadan wɔ anaafo fam. Ruben abusuapanyin ne Sedeo ba Elisur.+ 11 N’asraafo a wɔkyerɛw wɔn din no dodow yɛ 46,500.+ 12 Wɔn a wɔbɛkyekye wɔn asoɛe wɔ ne nkyɛn ne Simeon abusuakuw no. Simeon abusuapanyin ne Surisadai ba Selumiel.+ 13 N’asraafo a wɔkyerɛw wɔn din no dodow yɛ 59,300.+ 14 Wɔn a wɔka ho ne Gad abusuakuw no. Gad abusuapanyin ne Reuel ba Eliasaf.+ 15 N’asraafo a wɔkyerɛw wɔn din no dodow yɛ 45,650.+

16 “Enti asraafo a wɔwɔ Ruben asoɛe hɔ a wɔkyerɛw wɔn din nyinaa dodow yɛ 151,450. Sɛ wɔretu* afi baabi a wɔsoɛe no a, wɔn na wɔto so abien a wobetu.+

17 “Sɛ wɔde ahyiae ntamadan no rekɔ a,+ ɛsɛ sɛ Lewifo* no di mmusuakuw a aka no* mfinimfini.

“Sɛnea wɔahyehyɛ wɔn ho wɔ asoɛe hɔ no, sɛ wɔrekɔ a, saa ara na ɛsɛ sɛ wɔhyehyɛ wɔn ho.+ Obiara nni n’afa sɛnea wɔahyehyɛ mmusuakuw abiɛsa asafo a ɔwom no.

18 “Mmusuakuw abiɛsa asafo a Efraim abusuakuw da wɔn ano a obiara wɔ n’asraafokuw no na wobesi wɔn ntamadan wɔ atɔe fam. Efraim abusuapanyin ne Amihud ba Elisama.+ 19 N’asraafo a wɔkyerɛw wɔn din no dodow yɛ 40,500.+ 20 Wɔn a wɔbɛkyekye wɔn asoɛe wɔ ne nkyɛn ne Manase+ abusuakuw no. Manase abusuapanyin ne Pedasur ba Gamaliel.+ 21 N’asraafo a wɔkyerɛw wɔn din no dodow yɛ 32,200.+ 22 Wɔn a wɔka ho ne Benyamin abusuakuw no. Benyamin abusuapanyin ne Gideoni ba Abidan.+ 23 N’asraafo a wɔkyerɛw wɔn din no dodow yɛ 35,400.+

24 “Enti asraafo a wɔwɔ Efraim asoɛe hɔ a wɔkyerɛw wɔn din nyinaa dodow yɛ 108,100. Sɛ wɔretu* afi baabi a wɔsoɛe no a, wɔn na wɔto so abiɛsa a wobetu.+

25 “Mmusuakuw abiɛsa asafo a Dan abusuakuw da wɔn ano a obiara wɔ n’asraafokuw no na wobesi wɔn ntamadan wɔ atifi fam. Dan abusuapanyin ne Amisadai ba Ahiesa.+ 26 N’asraafo a wɔkyerɛw wɔn din no dodow yɛ 62,700.+ 27 Wɔn a wɔbɛkyekye wɔn asoɛe wɔ ne nkyɛn ne Aser abusuakuw no. Aser abusuapanyin ne Okran ba Pagiel.+ 28 N’asraafo a wɔkyerɛw wɔn din no dodow yɛ 41,500.+ 29 Wɔn a wɔka ho ne Naftali abusuakuw no. Naftali abusuapanyin ne Enan ba Ahira.+ 30 N’asraafo a wɔkyerɛw wɔn din no dodow yɛ 53,400.+

31 “Enti asraafo a wɔwɔ Dan asoɛe hɔ a wɔkyerɛw wɔn din nyinaa dodow yɛ 157,600. Sɛ wɔretu* afi baabi a wɔsoɛe no a, wɔn na wotwa to a wobetu,+ sɛnea wɔahyehyɛ mmusuakuw abiɛsa asafo a wɔwom no.”

32 Eyinom ne Israelfo a wɔkyerɛw wɔn din huu nnipa dodow a ɛwɔ wɔn agyanom abusuafi biara mu no. Nnipa a wɔwɔ asoɛe ahorow hɔ a wobetumi ayɛ asraafo, a wɔkyerɛw wɔn din no dodow yɛ 603,550.+ 33 Nanso Lewifo no de, sɛnea Yehowa ka kyerɛɛ Mose no, wɔankyerɛw wɔn din+ anka Israelfo a aka no ho.+ 34 Na Israelfo no yɛɛ nea Yehowa ka kyerɛɛ Mose no nyinaa. Enti sɛɛ na na Israel mmusuakuw abiɛsa asafo ahorow no+ kyekye asoɛe na wotu fi wɔn asoɛe.+ Ná wɔhyehyɛ wɔn ho mmusua mmusua ne sɛnea wɔn agyanom abusuafi te.

3 Eyinom na na wɔyɛ Aaron ne Mose asefo,* da a Yehowa ne Mose kasae wɔ Sinai Bepɔw so no.+ 2 Aaron mma din ni: Nadab, a ɔyɛ ne ba panyin, ne Abihu,+ Eleasar,+ ne Itamar.+ 3 Eyinom ne Aaron mma a wɔsraa wɔn hyɛɛ wɔn* asɔfo sɛ wɔnyɛ asɔfodwuma no.+ 4 Nanso Nadab ne Abihu wui wɔ Yehowa anim bere a wɔde ogya foforo bi a Yehowa mmaa ho kwan bɔɔ afɔre+ wɔ Sinai sare so no; ná wonni mma biara. Nanso Eleasar+ ne Itamar+ de, wɔkɔɔ so ne wɔn papa Aaron yɛɛ asɔfodwuma no.

5 Na Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: 6 “Fa Lewi abusuakuw+ no bra, na fa wɔn begyina ɔsɔfo Aaron anim, na wɔmmɛboa no.+ 7 Wɔbɛyɛ ahyiae ntamadan no ho adwuma de aboa Aaron na wɔde asom asafo no nyinaa wɔ ɔsom ntamadan no anim. 8 Wɔnhwɛ ahyiae ntamadan no mu nneɛma nyinaa so,+ na wɔnyɛ ɔsom ntamadan no ho adwuma mfa nsom Israelfo no.+ 9 Fa Lewifo no ma Aaron ne ne mma. Wɔde Lewifo no ama no. Wɔayi wɔn afi Israelfo mu ama no.+ 10 Na yi Aaron ne ne mma ma wɔnyɛ wɔn asɔfodwuma.+ Obiara a wɔmmaa no kwan sɛ ɔnyɛ bi* no, sɛ ɔbɛn hɔ a, munkum no.”+

11 Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Mose sɛ: 12 “Hwɛ! Me de, mayi Lewifo afi Israelfo mu sɛ wonsi Israelfo mmakan* nyinaa anan.+ Enti Lewifo bɛyɛ me dea. 13 Efisɛ abakan biara yɛ me dea.+ Ɛda a mikum Egypt asaase so mmakan nyinaa no,+ mihyiraa mmakan a wɔwɔ Israel nyinaa so fae, nnipa ne mmoa mmakan nyinaa.+ Enti wɔbɛyɛ me dea. Mene Yehowa.”

14 Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Mose wɔ Sinai sare so+ sɛ: 15 “Kyerɛw Lewifo no din na hu nnipa dodow a ɛwɔ wɔn agyanom abusuafi biara mu ne wɔn abusua biara mu. Kyerɛw ɔbarima a wadi bosome baako rekɔ biara din.”+ 16 Enti Mose tiee ahyɛde a Yehowa de mae no, na ɔkyerɛw wɔn din sɛnea ɔka kyerɛɛ no no. 17 Lewi mma din ni: Gerson ne Kohat ne Merari.+

18 Gerson mma a wɔn din da wɔn mmusua so ni: Libni ne Simei.+

19 Kohat mma a wɔn din da wɔn mmusua so ne Amram, Yisar, Hebron, ne Usiel.+

20 Merari mma a wɔn din da wɔn mmusua so ne Mahli+ ne Musi.+

Eyinom ne Lewifo mmusua no ne wɔn agyanom abusuafi.

21 Mmusua a efi Gerson mu ne, Libni+ abusua ne Simei abusua. Eyinom ne Gersonfo mmusua. 22 Wɔkyerɛw mmarima a ɛwɔ wɔn mu a wɔadi bosome baako rekɔ nyinaa din; wɔn dodow yɛ 7,500.+ 23 Gersonfo mmusua no kyekyee wɔn asoɛe wɔ ɔsom ntamadan no akyi+ wɔ atɔe fam. 24 Abusuapanyin a ɔda Gersonfo agyanom abusuafi ano ne Lael ba Eliasaf. 25 Adwuma a wɔde hyɛɛ Gersonfo+ no nsa wɔ ahyiae ntamadan no mu ne sɛ wɔbɛhwɛ ɔsom ntamadan no, ne emu ntama,+ ne ntama a ɛkata ho,+ ne ntama*+ a ɛsɛn ahyiae ntamadan no kwan ano, 26 ne ntama* a ɛsensɛn adiwo no ho,+ ne ɔsom ntama*+ a ɛwɔ adiwo no ano, adiwo a ɛwɔ ɔsom ntamadan no ne afɔremuka no ho no, ne ɛho nhama, ne eyinom ho adwuma biara.

27 Mmusua a efi Kohat mu ne, Amram abusua ne Yisar abusua ne Hebron abusua ne Usiel abusua. Eyinom ne Kohatfo+ mmusua. 28 Mmarima a ɛwɔ wɔn mu a wɔadi bosome baako rekɔ nyinaa dodow yɛ 8,600; wɔn na wɔde hyɛɛ wɔn nsa sɛ wɔnhwɛ kronkronbea hɔ.+ 29 Kohatfo mmusua no kyekyee wɔn asoɛe wɔ ɔsom ntamadan no anaafo fam.+ 30 Abusuapanyin a ɔda Kohatfo agyanom abusuafi ano ne Usiel+ ba Elisafan. 31 Adwuma a wɔde hyɛɛ wɔn nsa ne sɛ wɔbɛhwɛ Adaka no,+ ɔpon no,+ kaneadua no,+ afɔremuka+ a ɛwowɔ hɔ, nneɛma a wɔde som wɔ kronkronbea hɔ,+ ntama* no,+ ne eyinom ho adwuma biara.+

32 Ɔsɔfo Aaron ba Eleasar+ na na ɔyɛ Lewi abusuakuw mpanyimfo no mu panyin. Ɔno na na ɔhwɛ kronkronbea hɔ adwumayɛfo nyinaa so.

33 Mmusua a efi Merari mu ne Mahli abusua ne Musi abusua. Eyinom ne Merarifo mmusua.+ 34 Wɔkyerɛw mmarima a ɛwɔ wɔn mu a wɔadi bosome baako rekɔ nyinaa din; wɔn dodow yɛ 6,200.+ 35 Abusuapanyin a ɔda Merarifo agyanom abusuafi ano ne Abihail ba Suriel. Wɔkyekyee wɔn asoɛe wɔ ɔsom ntamadan no atifi fam.+ 36 Adwuma a wɔde hyɛɛ Merarifo no nsa ne sɛ wɔbɛhwɛ ɔsom ntamadan nnua no,+ ne ne mmeamu,+ ne ɛho adum no,+ ne ne nnyinaso, ne nneɛma a wɔde som wɔ hɔ nyinaa,+ ne eyinom ho adwuma biara.+ 37 Afei nso, na wɔhwɛ adum a atwa adiwo no ho ahyia, ne adum no nnyinaso,+ ne nnua a wɔde bɔ ɔsom ntamadan no mu tim fam, ne ɛho nhama so.

38 Wɔn a wɔkyekyee wɔn asoɛe wɔ ɔsom ntamadan no anim wɔ apuei fam, kyerɛ sɛ, ahyiae ntamadan no anim, baabi a owia pue fi no, ne Mose ne Aaron ne Aaron mma. Adwuma a na ɛhyɛ wɔn nsa ne sɛ wobesi Israelfo no anan ahwɛ tenabea kronkron no so. Obiara a wɔmmaa no kwan sɛ ɔnyɛ bi* no, sɛ ɔbɛn hɔ a, munkum no.+

39 Lewifo mmarima a wɔadi bosome baako rekɔ a Mose ne Aaron kyerɛw wɔn din de huu nnipa dodow a ɛwɔ abusua biara mu sɛnea Yehowa kae no, wɔn nyinaa dodow yɛ 22,000.

40 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Kyerɛw Israelfo mmarima a wɔyɛ mmakan a wɔadi bosome baako rekɔ nyinaa din.+ Kan wɔn, na kyerɛw wɔn din. 41 Fa Lewifo no ma me; mene Yehowa. Fa wɔn si Israelfo mmakan nyinaa anan,+ na fa Lewifo no afieboa mmakan nyinaa si Israelfo afieboa mmakan nyinaa anan.”+ 42 Enti Mose kyerɛw Israelfo mmakan nyinaa din, sɛnea Yehowa ka kyerɛɛ no no. 43 Mmarima a wɔyɛ mmakan a wɔadi bosome baako rekɔ a wɔkyerɛw wɔn din nyinaa dodow yɛ 22,273.

44 Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Mose sɛ: 45 “Fa Lewifo no si Israelfo mmakan nyinaa anan, na fa Lewifo no afieboa si wɔn afieboa anan. Enti Lewifo bɛyɛ me dea. Mene Yehowa. 46 Israelfo mmakan 273 a wɔboro Lewifo no so no,+ gye wɔn ho agyede+ yi: 47 Onipa baako biara, gye nnwetɛbona anum.+ Susuw nnwetɛbona* no sɛnea wobu dwetɛbona ano wɔ kronkronbea hɔ no.* Dwetɛbona biara yɛ gerah* 20.+ 48 Fa sika no ma Aaron ne ne mma sɛ wɔn a wɔboro wɔn so no ho agyede.” 49 Enti Mose gyee sika a wɔde retua agyede no, na ɔde gyee wɔn a wɔboro Lewifo no so no. 50 Ogyigyee sika no fii Israelfo mmakan hɔ, na onyaa nnwetɛbona 1,365, sɛnea wobu dwetɛbona ano wɔ kronkronbea hɔ no. 51 Na Mose tiee Yehowa asɛm,* na ɔde agyede sika no maa Aaron ne ne mma, sɛnea Yehowa ka kyerɛɛ Mose no.

4 Na Yehowa ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ:2 “Monkan Kohatfo+ a wɔwɔ Lewifo mu, na munhu nnipa dodow a wɔwɔ wɔn mmusua mu ne wɔn agyanom abusuafi. 3 Monkan wɔn a wɔadi mfe 30+ kosi mfe 50+ a wɔyɛ adwuma wɔ ahyiae ntamadan no mu no nyinaa.+

4 “Eyi ne adwuma a Kohatfo bɛyɛ wɔ ahyiae ntamadan no mu;+ ɛyɛ ade kronkron paa. Ɛne sɛ: 5 Sɛ wɔretu* afi baabi a wɔsoɛe no a, Aaron ne ne mma no bɛba ɔsom ntamadan no mu abeyi ntwamutam no,+ na wɔde akata Adanse Adaka+ no ho. 6 Afei wɔde sukraman* nhoma bɛkata so, na wɔde ntama bruu agu so, na wɔde ɛho nnua a wɔde soa no+ ahyehyɛ nea ɛhyɛ.

7 “Bio nso, ɔpon a wɔhyehyɛ paanoo a wɔde kyerɛ wɔ so no,+ wɔde ntama bruu bɛsɛw so, na wɔde nyowa ne nkuruwa nketewa ne nkankyee ne nkuruwa akɛse no asisi so, nkuruwa akɛse a wɔde nsã a wɔde bɔ nsã afɔre gu mu no;+ paanoo a esisi so daa no,+ ensisi so. 8 Afei wɔde ntama kɔkɔɔ begu so, na wɔde sukraman nhoma akata so, na wɔde ɛho nnua a wɔde soa no+ ahyehyɛ nea ɛhyɛ. 9 Bio nso, wɔde ntama bruu bɛkata kaneadua+ a wɔde nkanea sisi so no ho, ne ɛho nkanea,+ ne ɛho nneɛma a wɔde fa ogya,+ ne nkankyee a wɔde ogya gu mu no ho, ne nneɛma a wɔde kanea mu ngo gu mu no nyinaa ho. 10 Afei wɔde sukraman nhoma nkataso bedura kaneadua no ne ɛho nneɛma nyinaa ho, na wɔde ato dua a wɔde bɛsoa no so. 11 Ɛno akyi no, wɔde ntama bruu bɛfa sika kɔkɔɔ afɔremuka no+ ho, na wɔde sukraman nhoma akata so, na wɔde ɛho nnua a wɔde soa no+ ahyehyɛ nea ɛhyɛ. 12 Na wɔde nneɛma a wɔde som wɔ kronkronbea hɔ no nyinaa+ begu ntama bruu mu, na wɔde sukraman nhoma afa ho, na wɔde ato dua a wɔde bɛsoa no so.

13 “Wɔnsesaw afɔremuka no mu nsõ* mfi mu,+ na wɔmfa ntama afasebiri nkata so. 14 Afei wɔmfa nneɛma a wɔde som wɔ afɔremuka no so nyinaa ngu so. Nneɛma no ne, nkankyee a wɔde ogya gu mu, adinam, sofi, ne nkankyee, kyerɛ sɛ, nneɛma a wɔde yɛ afɔremuka no so adwuma nyinaa.+ Wowie a, wɔmfa sukraman nhoma nkataso nkata so, na wɔmfa ɛho nnua a wɔde soa no+ nhyehyɛ nea ɛhyɛ.

15 “Sɛ wɔretu afi baabi a wɔsoɛe no a, Aaron ne ne mma bɛkata kronkronbea no ne nneɛma a ɛwɔ kronkronbea hɔ no nyinaa ho.+ Wowie a, na Kohatfo no aba hɔ abɛsoa.+ Nanso, ɛnsɛ sɛ wɔde wɔn ho ka kronkronbea no, anyɛ saa a, wobewu.+ Eyinom ne Kohatfo no asɛde* a wɔwɔ wɔ ahyiae ntamadan no ho.

16 “Ɔsɔfo Aaron ba Eleasar+ na ɔbɛhwɛ ngo a wɔde begu kanea mu,+ ne aduhuam,+ ne daa aduan afɔre, ne ɔsrango no+ so. Ɔno na ɔbɛhwɛ ɔsom ntamadan no nyinaa ne emu nneɛma nyinaa so; kronkronbea no ne ɛho nneɛma nyinaa nso ka ho.”

17 Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ: 18 “Monhwɛ na wɔantwa Kohatfo mmusua+ amfi Lewifo mu. 19 Monyɛ eyi mma wɔn na wɔatena nkwa mu na wɔamma nneɛma a ɛyɛ kronkron paa+ no ho ammewuwu. Aaron ne ne mma bɛba ɔsom ntamadan no mu abɛkyerɛ adwuma a obiara bɛyɛ ne nea ɔbɛsoa. 20 Ɛnsɛ sɛ wɔba hɔ* ma wɔn ani bɔ nneɛma kronkron no so ketekete mpo na wɔanwu.”+

21 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: 22 “Monkan Gersonfo+ nhu nnipa dodow a wɔwɔ wɔn agyanom abusuafi ne wɔn mmusua mu. 23 Monkan wɔn a wɔadi mfe 30 kosi mfe 50 a wɔyɛ adwuma wɔ ahyiae ntamadan no mu no nyinaa. 24 Adwuma a Gersonfo mmusua bɛyɛ ne nneɛma a wɔbɛsoa ni:+ 25 Wɔbɛsoa ɔsom ntamadan no ho ntama,+ ne ahyiae ntamadan no ho ntama, ne ne nkataso, ne sukraman nhoma nkataso a egu so,+ ne ntama a ɛsɛn ahyiae ntamadan no kwan ano,+ 26 ne ntama a ɛsensɛn adiwo no ho,+ ne ntama* a ɛwɔ adiwo no ano,+ adiwo a ɛwɔ ɔsom ntamadan no ne afɔremuka no ho no, ne ɛho nhama, ne ɛho nneɛma nyinaa ne biribiara a wɔde yɛ ɛho adwuma. Ɛno ne wɔn adwuma. 27 Aaron ne ne mma na wɔbɛhwɛ Gersonfo+ nnwuma ne nneɛma a wɔbɛsoa nyinaa so. Mode nnesoa yi nyinaa bɛma wɔn; ɛno na ɛbɛyɛ wɔn adwuma. 28 Eyi ne adwuma a Gersonfo mmusua bɛyɛ wɔ ahyiae ntamadan no mu,+ na ɔsɔfo Aaron ba Itamar na ɔbɛhwɛ wɔn adwuma no so.+

29 “Na Merarifo+ no de, monkan wɔn nhu nnipa dodow a wɔwɔ wɔn mmusua mu ne wɔn agyanom abusuafi. 30 Monkan wɔn a wɔadi mfe 30 kosi mfe 50 a wɔyɛ adwuma wɔ ahyiae ntamadan no mu no nyinaa. 31 Adwuma a wɔbɛyɛ wɔ ahyiae ntamadan no ho ni:+ wɔbɛsoa ɔsom ntamadan nnua no,+ ne ne mmeamu,+ ne ɛho adum no,+ ne ne nnyinaso,+ 32 adum+ a atwa adiwo no ho ahyia, ne adum no nnyinaso,+ ne nnua a wɔde bɔ ntamadan no mu tim fam,+ ne ɛho nhama ne emu nneɛma nyinaa, ne eyinom ho adwuma biara. Mommɔ obiara din na monkyerɛ no nneɛma a ɔbɛsoa. 33 Eyi ne adwuma a Merarifo mmusua+ bɛyɛ wɔ ahyiae ntamadan no mu, na ɔsɔfo Aaron ba Itamar na ɔbɛhwɛ wɔn adwuma no so.”+

34 Afei Mose ne Aaron ne asafo no mu mpanyimfo+ no kan Kohatfo+ huu nnipa dodow a ɛwɔ wɔn mmusua ne wɔn agyanom abusuafi, 35 wɔn a wɔadi mfe 30 kosi mfe 50 a wɔyɛ adwuma wɔ ahyiae ntamadan no mu no nyinaa.+ 36 Nnipa a wɔkan wɔn wɔ wɔn mmusua mu no, wɔn nyinaa dodow yɛ 2,750.+ 37 Wɔkan eyinom wɔ Kohatfo mmusua no mu, wɔn a wɔyɛ adwuma wɔ ahyiae ntamadan no ho nyinaa. Mose ne Aaron kan wɔn sɛnea Yehowa ka kyerɛɛ Mose no.+

38 Na wɔkan Gersonfo+ huu nnipa dodow a ɛwɔ wɔn mmusua mu ne wɔn agyanom abusuafi, 39 wɔn a wɔadi mfe 30 kosi mfe 50 a wɔyɛ adwuma wɔ ahyiae ntamadan no mu no nyinaa. 40 Nnipa a wɔkan wɔn wɔ wɔn mmusua mu ne wɔn agyanom abusuafi no, wɔn nyinaa dodow yɛ 2,630.+ 41 Eyinom ne Gersonfo mmusua a wɔkan wɔn, wɔn a wɔyɛ adwuma wɔ ahyiae ntamadan no mu no nyinaa. Mose ne Aaron kan wɔn sɛnea Yehowa ka kyerɛɛ Mose no.+

42 Na wɔkan Merarifo huu nnipa dodow a ɛwɔ wɔn mmusua mu ne wɔn agyanom abusuafi, 43 wɔn a wɔadi mfe 30 kosi mfe 50 a wɔyɛ adwuma wɔ ahyiae ntamadan no mu no nyinaa.+ 44 Nnipa a wɔkan wɔn wɔ wɔn mmusua mu no, wɔn nyinaa dodow yɛ 3,200.+ 45 Eyinom ne Merarifo mmusua a wɔkan wɔn, wɔn a wɔyɛ adwuma wɔ ahyiae ntamadan no mu no nyinaa. Mose ne Aaron kan wɔn sɛnea Yehowa ka kyerɛɛ Mose no.+

46 Enti Mose ne Aaron ne Israel mpanyimfo no kan Lewifo yi nyinaa huu nnipa dodow a ɛwɔ wɔn mmusua mu ne wɔn agyanom abusuafi. 47 Ná wɔadi mfe 30 kosi mfe 50, na na wɔn nyinaa yɛ adwuma wɔ ahyiae ntamadan no mu, na na wɔsoa ɛho nneɛma.+ 48 Nnipa a wɔkan wɔn no nyinaa dodow yɛ 8,580.+ 49 Wɔkan wɔn sɛnea Yehowa nam Mose so kae no. Wɔkan wɔn sɛnea obiara adwuma ne n’adesoa te. Sɛnea Yehowa ka kyerɛɛ Mose no, saa ara na wɔkan wɔn.

5 Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Mose sɛ: 2 “Ka kyerɛ Israelfo no sɛ, obiara a ɔyare kwata, obiara a ne ho nsu sen, ne obiara a efunu* ama ne ho agu fĩ a ɔwɔ wɔn mu no, wonyi no mfi asoɛe hɔ.+ 3 Ɔbarima oo, ɔbea oo, munyi no mfi mo mu. Munyi no nkɔ asoɛe no akyi, sɛnea ɛbɛyɛ a ɔrengu wɔn a mete wɔn mu no asoɛe ho fĩ.”+ 4 Enti Israelfo no yɛɛ saa, na woyii wɔn kɔɔ asoɛe no akyi. Sɛnea Yehowa ka kyerɛɛ Mose no, saa ara na Israelfo no yɛe.

5 Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Mose sɛ: 6 “Ka kyerɛ Israelfo no sɛ, ‘Sɛ ɔbarima anaa ɔbea kɔyɛ bɔne a nnipa taa yɛ no bi, na wanni Yehowa nokware a, saa onipa* no di fɔ.+ 7 Ɔnka* ne* bɔne,+ na ontua ade no bo pɛpɛɛpɛ mfa mpata mma ne bɔne no, na ɔnsan nkyɛ bo no mu anum mfa baako nka ho;+ ɔmfa mma nea ɔyɛɛ no bɔne no. 8 Na sɛ nea wɔayɛ no bɔne no nni obusuani biara a ɔbɛn no a wobetua mpata ade no ama no a, ɛnde ɔmfa nkɔma Yehowa, na ɛbɛyɛ ɔsɔfo no dea; ɔde bɛka odwennini a ɔsɔfo no de bɛbɔ afodi afɔre de apata ama no no ho.+

9 “‘Ntoboa kronkron+ biara a Israelfo no de bɛma ɔsɔfo no, ɛbɛyɛ ɔsɔfo no dea.+ 10 Ade kronkron a obiara wɔ no yɛ ne de. Na ade biara a obi de bɛma ɔsɔfo no, ɛno na ɛbɛyɛ ɔsɔfo no dea.’”

11 Na Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Mose sɛ: 12 “Wo ne Israelfo no nkasa, na ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Sɛ ɔbarima bi yere anni ne kunu nokware, na ofi ne kunu akyi 13 ma ɔbarima foforo ne no da,+ na ne kunu no nnim ho hwee anaa ɔbea no mmɔɔ so nkyerɛɛ obiara, ma enti ne ho agu fĩ, nanso ɛho dansefo biara nni hɔ, na wɔnkyeree no nso a, nea ɛsɛ sɛ moyɛ ni: 14 Sɛ ɛyɛ ampa sɛ ɔbea no agu ne ho fĩ nti na ne kunu no retwe ninkunu ɛnna n’adwene yɛ no sɛ ne yere afi n’akyi oo, sɛ nso ɔbea no nguu ne ho fĩ na ne kunu no retwe ninkunu ɛnna n’adwene yɛ no sɛ ɔbea no afi n’akyi oo, 15 ɔbarima no mfa ne yere no mmrɛ ɔsɔfo no, na ɔmfa baali* esiam efa nkyem du mu baako* nka ho sɛ ɔbea no afɔre. Ɛnsɛ sɛ ohwie ngo gu so anaa ɔde ɛhyɛ* gu so, efisɛ ɛyɛ ninkuntwe ho aduan afɔre, aduan afɔre a ɛma wɔkae afodi.

16 “Afei ɔsɔfo no mma ɔbea no mmra mmegyina Yehowa anim.+ 17 Ɔsɔfo no nsaw nsu kronkron ngu kuku mu, na ɔsɔfo no mfa mfuturu a ɛwɔ fam hɔ wɔ ɔsom ntamadan no mu no bi ngu nsu no mu. 18 Ɔsɔfo no mma ɔbea no nnyina Yehowa anim na ɔnsan ɔbea no ti nwi. Afei ɔsɔfo no mfa nkae aduan afɔre no, kyerɛ sɛ, ninkuntwe ho aduan afɔre no nhyɛ ɔbea no nsam,+ na ɔsɔfo no mfa nsu nwenweenwene a ɛde nnome ba no nkura.+

19 “‘Afei ɔsɔfo no mma ɔbea no nka ntam, na ɔnka nkyerɛ ɔbea no sɛ: “Sɛ ɔbarima biara ne wo nnae bere a wohyɛ wo kunu ase yi,+ na wumfii wo kunu akyi nkoguu wo ho fĩ a, ɛnde mma nsu nwenweenwene a ɛde nnome ba yi nnyɛ wo hwee. 20 Nanso sɛ woafi wo kunu akyi bere a wohyɛ n’ase akogu wo ho fĩ, na wo ne ɔbarima foforo a ɔnyɛ wo kunu akɔda a,—”+ 21 Afei ɔsɔfo no mma ɔbea no nka ntam a nnome wom, na ɔsɔfo no nka nkyerɛ ɔbea no sɛ: “Yehowa mma wonnan biribi a nkurɔfo de dome na wɔde ka ntam wɔ wo man mu, na Yehowa mma wo srɛ* nhi* na w’afuru nhon. 22 Nsu a ɛde nnome ba yi bɛkɔ wo nsono mu na ɛbɛma w’afuru ahon na ama wo srɛ* ahi.”* Owie a, ɔbea no nka sɛ: “Amen! Amen!”*

23 “‘Afei ɔsɔfo no nkyerɛw nnome yi ngu nhoma mu na ɔnhohoro ngu nsu nwenweenwene no mu. 24 Owie a, ɔmfa nsu nwenweenwene a ɛde nnome ba no mma ɔbea no nnom. Na nsu a ɛde nnome ba no bɛkɔ ɔbea no mu, na ɛbɛyɛ nwenweenwene wɔ ne mu. 25 Afei ɔsɔfo no nnye ninkuntwe ho aduan afɔre no+ mfi ɔbea no nsam, na onhim aduan afɔre no wɔ Yehowa anim, na ɔmfa mmra afɔremuka no ho. 26 Aduan afɔre no, ɔsɔfo no nsaw ne nsa ma, na ɛno nnyina hɔ mma afɔre no nyinaa, na ɔnhyew wɔ afɔremuka no so.+ Owie a, ɔmma ɔbea no nnom nsu no. 27 Sɛ ɔma ɔbea no nom nsu no, na sɛ ampa ɔbea no agu ne ho fĩ na wafi ne kunu akyi a, nsu a ɛde nnome ba no bɛkɔ ɔbea no mu, na ɛbɛyɛ nwenweenwene wɔ ne mu, na n’afuru bɛhon na ne srɛ* ahi,* na ɔbea no bɛdan biribi a nkurɔfo de dome wɔ ne man mu. 28 Nanso sɛ ɔbea no nguu ne ho fĩ, na ne ho tew a, ɛnde saa asotwe no remma no so, na obetumi anyinsɛn awo.

29 “‘Eyi ne ninkuntwe ho mmara a ɛwɔ hɔ.+ Sɛ ɔbea a ɔhyɛ ne kunu ase fi ne kunu akyi na okogu ne ho fĩ, 30 anaasɛ ɔbarima bi twe ninkunu, na n’adwene yɛ no sɛ ne yere afi n’akyi a, ɛsɛ sɛ ɔde ne yere no begyina Yehowa anim, na ɔsɔfo no de nea mmara yi ka nyinaa yɛ no. 31 Ɔbarima no de, ɔnyɛɛ bɔne biara, na ne yere no de, ɔbɛsoa ne bɔne.’”

6 Yehowa toaa so ne Mose kasae, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: 2 “Wo ne Israelfo no nkasa, na ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Sɛ ɔbarima anaa ɔbea biara hyɛ bɔ titiriw bi sɛ ɔbɛyɛ Nasirini*+ ama Yehowa a, 3 ɔntwe ne ho mfi bobesa ne nsã a ɛbow biara ho. Ɛnsɛ sɛ ɔnom bobesa a emu kaw anaa nsã a ɛbow a emu kaw biara.+ Ɛnsɛ sɛ ɔnom bobe mu nsu biara anaa odi bobe; nea ɛyɛ mono oo, nea awo oo, ɛnsɛ sɛ odi. 4 Nna a ɔde bɛtena ase sɛ Nasirini nyinaa, ɛnsɛ sɛ odi biribiara a efi bobe mu; bobebun oo, ne hono oo, ɛnsɛ sɛ odi.

5 “‘Nna a wahyɛ bɔ sɛ ɔbɛyɛ Nasirini no nyinaa, ɛnsɛ sɛ oyi ne ti nwi.*+ Ɛsɛ sɛ ogyaw ne ti nwi ma efuw de kyerɛ sɛ ɔyɛ kronkron, kosi sɛ nna a watu ne ho asi hɔ ama Yehowa no bɛba awiei. 6 Na nna a watu ne ho asi hɔ ama Yehowa no nyinaa, ɛnsɛ sɛ ɔkɔ* onipa* a wawu ho. 7 Sɛ ne papa anaa ne maame anaa ne nuabarima anaa ne nuabea mpo wu a, onngu ne ho fĩ,+ efisɛ sɛnkyerɛnne a ɛkyerɛ sɛ ɔyɛ Nasirini ma Onyankopɔn no wɔ ne ti so.

8 “‘Nna a ɔde bɛtena ase sɛ Nasirini nyinaa, ɔyɛ kronkron ma Yehowa. 9 Nanso sɛ obi wu tɔ ne nkyɛn prɛko pɛ+ na sɛ ne ti nwi a ɛkyerɛ sɛ wɔayi no asi hɔ ama Onyankopɔn no ho gu fĩ* a, ɛnde ɛda a obedwira ne ho no, ɛsɛ sɛ oyi ne ti nwi.+ Onyi ne ti nwi no ɛda a ɛto so ason no. 10 Na da a ɛto so awotwe no, ɔmfa mmuruburuw abien anaa mmorɔnoma mma abien mmrɛ ɔsɔfo no wɔ ahyiae ntamadan no kwan ano. 11 Ɔsɔfo no de baako bɛbɔ bɔne ho afɔre na ɔde baako nso abɔ ɔhyew afɔre de apata ama no+ wɔ onipa* a wawu a ama wayɛ bɔne no ho. Owie a, ɔntew ne ti no ho saa da no. 12 Na ɔnsan nhyira ne ho so bio mma Yehowa, nna a ɔde bɛtena ase sɛ Nasirini no. Ɔmfa odwennini kumaa a wadi bɛyɛ afe mmɛbɔ afodi afɔre. Nanso, nna a kan no ɔde tenaa ase sɛ Nasirini no de, ne nyinaa bɛhyew agu, efisɛ wagu ne ho fĩ.

13 “‘Mmara a ɛwɔ hɔ ma Nasirini ni: Sɛ nna a ɔbɛtena ase sɛ Nasirini no+ ba awiei a, wɔmfa no mmra ahyiae ntamadan no ano. 14 Ɛhɔ na ɔmfa nneɛma yi mmɛbɔ afɔre mma Yehowa: odwennini kumaa baako a ɔte apɔw a wadi bɛyɛ afe a wɔde bɛbɔ ɔhyew afɔre,+ oguammere kumaa baako a ɔte apɔw a wadi bɛyɛ afe a wɔde bɛbɔ bɔne ho afɔre,+ ne odwennini baako a ɔte apɔw a wɔde bɛbɔ asomdwoe afɔre.+ 15 Afei ɔmfa ngo mfra esiam muhumuhu nyɛ paanoo a mmɔkaw* nnim a ɛte sɛ kawa ngu kɛntɛn mu, na ɔmfa paanoo ntraantraa a mmɔkaw nnim a wɔde ngo asra ho, ne ɛho aduan afɔre+ ne ɛho nsã a wɔde bɛbɔ afɔre+ no mmra. 16 Ɔsɔfo no mfa mmra Yehowa anim, na ɔmfa mmɛbɔ bɔne ho afɔre ne ɔhyew afɔre mma no. 17 Afei ɔmfa odwennini no ne paanoo a mmɔkaw nnim a egu kɛntɛn mu no mmɔ asomdwoe afɔre mma Yehowa, na ɔsɔfo no mmɔ ɛho aduan afɔre+ ne ɛho nsã afɔre.

18 “‘Nasirini no nyi ne ti nwi a wagyaw no kusuu* no+ wɔ ahyiae ntamadan no ano. Oyi wie a, ɔmfa nwi a ogyaw no kusuu bere a ɔyɛ Nasirini no ngu ogya a wɔde rebɔ asomdwoe afɔre no mu. 19 Bere a Nasirini no ayi ne ti nwi a ɛyɛ sɛnkyerɛnne a ɛkyerɛ sɛ ɔyɛ Nasirini no awie no, ɔsɔfo no mfa odwennini no basa baako a wɔanoa,+ na onyi paanoo a mmɔkaw nnim a ɛte sɛ kawa a egu kɛntɛn mu no baako, ne paanoo tratraa a mmɔkaw nnim baako, na ɔmfa ngu Nasirini no nsam. 20 Afei ɔsɔfo no nhim nneɛma no sɛ ohim afɔre wɔ Yehowa anim.+ Ɛyɛ ade kronkron ma ɔsɔfo no, ɛno, ne aboa a wɔde bɔɔ ohim afɔre no koko, ne ne nan a ɛyɛ afɔrebɔde no nyinaa.+ Wowie a, nea na ɔyɛ Nasirini no betumi anom nsã.*

21 “‘Mmara a ɛwɔ hɔ ma Nasirini+ a ɔhyɛ bɔ ni: Sɛ ɔhyɛ bɔ, na obetumi abɔ afɔre ama Yehowa aka nea ɛsɛ sɛ Nasirini yɛ ho a, ɛnde ɛsɛ sɛ odi ne bɔhyɛ no so sɛnea mmara a ɛwɔ hɔ ma Nasirini te.’”

22 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: 23 “Ka kyerɛ Aaron ne ne mma sɛ, ‘Sɛɛ na ɛsɛ sɛ muhyira Israelfo.+ Monka nkyerɛ wɔn sɛ:

24 “Yehowa nhyira wo+ na ɔnhwɛ wo so.

25 Yehowa ntew n’anim mma wo*+ na ɔnyɛ wo adom.

26 Yehowa mma n’ani so nhwɛ wo na ɔmma wo asomdwoe.”’+

27 Na wɔmfa me din nto Israelfo so+ na minhyira wɔn.”+

7 Da a Mose sii ɔsom ntamadan no wiei no,+ ɔsraa ɔsom ntamadan no,+ na ɔtew ho, ɛne emu nneɛma nyinaa, afɔremuka no, ne ɛho nneɛma nyinaa.+ Bere a ɔsraa saa nneɛma yi nyinaa tew ho wiei no,+ 2 Israel mpanyimfo,+ mpanyimfo a wɔdeda wɔn agyanom abusuafi ano no de nneɛma a wɔde bɛbɔ afɔre bae. Mmusuakuw mpanyimfo yi a wɔhwɛ ma wɔkyerɛw din no 3 de nneɛma a wɔde bɛbɔ afɔre yi baa Yehowa anim: Nteaseɛnam asia a wɔakata so ne anantwi 12. Mpanyimfo baanu biara de teaseɛnam baako bae, na ɔpanyin biara de nantwi* baako bae. Wɔde ne nyinaa baa ɔsom ntamadan no anim. 4 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: 5 “Gye nneɛma a wɔde aba no, na wɔde bɛyɛ ahyiae ntamadan no ho adwuma. Fa ma Lewifo no; nea obiara behia de ayɛ n’adwuma no, fa ma no.”

6 Enti Mose gyee nteaseɛnam ne anantwi no, na ɔde maa Lewifo no. 7 Ɔde nteaseɛnam abien ne anantwi anan maa Gersonfo no, efisɛ ɛno na na wobehia de ayɛ wɔn adwuma;+ 8 na ɔde nteaseɛnam anan ne anantwi awotwe maa Merarifo no, efisɛ ɛno na na wobehia de ayɛ wɔn adwuma. Ɔsɔfo Aaron ba Itamar na na ɔhwɛ wɔn adwuma no so.+ 9 Nanso Kohatfo no de, wamma wɔn bi, efisɛ kronkronbea hɔ na na wɔyɛ adwuma,+ na na wɔsoa nneɛma kronkron no wɔ wɔn mmati.+

10 Mpanyimfo no de nneɛma a wɔde bɛbɔ afɔre no bae da a wɔsraa afɔremuka no hyiraa so* no. Bere a mpanyimfo no de nneɛma no baa afɔremuka no anim no, 11 Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Ma mpanyimfo no mfa nneɛma a wɔde bɛbɔ afɔre no mmra mmaako mmaako; ɔpanyin baako de ne de ba nnɛ a, na ɔpanyin foforo de ne de aba da a edi hɔ. Saa na wɔmfa mmra mma wonhyira afɔremuka no so.”

12 Nea ɔde ne nneɛma a ɔde bɛbɔ afɔre bae da a edi kan no ne Aminadab ba Naason+ a ofi Yuda abusuakuw mu no. 13 Nneɛma a ɔde bae sɛ ɔde rebɛbɔ afɔre ne dwetɛ ayowa baako a emu duru yɛ nnwetɛbona* 130 ne dwetɛ kankyee baako a emu duru yɛ nnwetɛbona 70, sɛnea wobu dwetɛbona ano wɔ kronkronbea hɔ no.*+ Wɔde esiam muhumuhu a wɔde ngo afra guu emu biara mu mama sɛ aduan afɔre.+ 14 Nea ɛka ho bio ne sika kɔkɔɔ kuruwa* a emu duru yɛ nnwetɛbona 10 a aduhuam ayɛ no ma; 15 afei nantwinini kumaa baako, ne odwennini baako, ne odwennini kumaa baako a ɔreyɛ adi afe a wɔde bɛbɔ ɔhyew afɔre;+ 16 ne apɔnkye ba baako a wɔde bɛbɔ bɔne ho afɔre;+ 17 ne anantwi abien ne adwennini anum ne mpapo anum ne adwennini nkumaa anum a wɔn mu biara adi afe a wɔde bɛbɔ asomdwoe afɔre.+ Eyi ne nneɛma a Aminadab+ ba Naason de bae sɛ ɔde rebɛbɔ afɔre.

18 Da a ɛto so abien no, Suar ba Netanel+ a ɔyɛ Isakarfo abusuapanyin no de nneɛma a ɔde bɛbɔ afɔre no bae. 19 Nneɛma a ɔde bae sɛ ɔde rebɛbɔ afɔre ne dwetɛ ayowa baako a emu duru yɛ nnwetɛbona 130 ne dwetɛ kankyee baako a emu duru yɛ nnwetɛbona 70, sɛnea wobu dwetɛbona ano wɔ kronkronbea hɔ no.+ Wɔde esiam muhumuhu a wɔde ngo afra guu emu biara mu mama sɛ aduan afɔre.+ 20 Nea ɛka ho bio ne sika kɔkɔɔ kuruwa a emu duru yɛ nnwetɛbona 10 a aduhuam ayɛ no ma; 21 afei nantwinini kumaa baako, ne odwennini baako, ne odwennini kumaa baako a ɔreyɛ adi afe a wɔde bɛbɔ ɔhyew afɔre;+ 22 ne apɔnkye ba baako a wɔde bɛbɔ bɔne ho afɔre;+ 23 ne anantwi abien ne adwennini anum ne mpapo anum ne adwennini nkumaa anum a wɔn mu biara adi afe a wɔde bɛbɔ asomdwoe afɔre.+ Eyi ne nneɛma a Suar ba Netanel de bae sɛ ɔde rebɛbɔ afɔre.

24 Da a ɛto so abiɛsa no, Helon ba Eliab+ a ɔyɛ Sebulonfo abusuapanyin no 25 de nneɛma a ɔde bɛbɔ afɔre no bae: Dwetɛ ayowa baako a emu duru yɛ nnwetɛbona 130 ne dwetɛ kankyee baako a emu duru yɛ nnwetɛbona 70, sɛnea wobu dwetɛbona ano wɔ kronkronbea hɔ no.+ Wɔde esiam muhumuhu a wɔde ngo afra guu emu biara mu mama sɛ aduan afɔre.+ 26 Nea ɛka ho bio ne sika kɔkɔɔ kuruwa a emu duru yɛ nnwetɛbona 10 a aduhuam ayɛ no ma; 27 afei nantwinini kumaa baako, ne odwennini baako, ne odwennini kumaa baako a ɔreyɛ adi afe a wɔde bɛbɔ ɔhyew afɔre;+ 28 ne apɔnkye ba baako a wɔde bɛbɔ bɔne ho afɔre;+ 29 ne anantwi abien ne adwennini anum ne mpapo anum ne adwennini nkumaa anum a wɔn mu biara adi afe a wɔde bɛbɔ asomdwoe afɔre.+ Eyi ne nneɛma a Helon ba Eliab+ de bae sɛ ɔde rebɛbɔ afɔre.

30 Da a ɛto so anan no, Sedeo ba Elisur+ a ɔyɛ Rubenfo abusuapanyin no 31 de nneɛma a ɔde bɛbɔ afɔre no bae: Dwetɛ ayowa baako a emu duru yɛ nnwetɛbona 130 ne dwetɛ kankyee baako a emu duru yɛ nnwetɛbona 70, sɛnea wobu dwetɛbona ano wɔ kronkronbea hɔ no.+ Wɔde esiam muhumuhu a wɔde ngo afra guu emu biara mu mama sɛ aduan afɔre.+ 32 Nea ɛka ho bio ne sika kɔkɔɔ kuruwa a emu duru yɛ nnwetɛbona 10 a aduhuam ayɛ no ma; 33 afei nantwinini kumaa baako, ne odwennini baako, ne odwennini kumaa baako a ɔreyɛ adi afe a wɔde bɛbɔ ɔhyew afɔre;+ 34 ne apɔnkye ba baako a wɔde bɛbɔ bɔne ho afɔre;+ 35 ne anantwi abien ne adwennini anum ne mpapo anum ne adwennini nkumaa anum a wɔn mu biara adi afe a wɔde bɛbɔ asomdwoe afɔre.+ Eyi ne nneɛma a Sedeo ba Elisur+ de bae sɛ ɔde rebɛbɔ afɔre.

36 Da a ɛto so anum no, Surisadai ba Selumiel+ a ɔyɛ Simeonfo abusuapanyin no 37 de nneɛma a ɔde bɛbɔ afɔre no bae: Dwetɛ ayowa baako a emu duru yɛ nnwetɛbona 130 ne dwetɛ kankyee baako a emu duru yɛ nnwetɛbona 70, sɛnea wobu dwetɛbona ano wɔ kronkronbea hɔ no.+ Wɔde esiam muhumuhu a wɔde ngo afra guu emu biara mu mama sɛ aduan afɔre.+ 38 Nea ɛka ho bio ne sika kɔkɔɔ kuruwa a emu duru yɛ nnwetɛbona 10 a aduhuam ayɛ no ma; 39 afei nantwinini kumaa baako, ne odwennini baako, ne odwennini kumaa baako a ɔreyɛ adi afe a wɔde bɛbɔ ɔhyew afɔre;+ 40 ne apɔnkye ba baako a wɔde bɛbɔ bɔne ho afɔre;+ 41 ne anantwi abien ne adwennini anum ne mpapo anum ne adwennini nkumaa anum a wɔn mu biara adi afe a wɔde bɛbɔ asomdwoe afɔre.+ Eyi ne nneɛma a Surisadai ba Selumiel+ de bae sɛ ɔde rebɛbɔ afɔre.

42 Da a ɛto so asia no, Deuel ba Eliasaf+ a ɔyɛ Gadfo abusuapanyin no 43 de nneɛma a ɔde bɛbɔ afɔre no bae: Dwetɛ ayowa baako a emu duru yɛ nnwetɛbona 130 ne dwetɛ kankyee baako a emu duru yɛ nnwetɛbona 70, sɛnea wobu dwetɛbona ano wɔ kronkronbea hɔ no.+ Wɔde esiam muhumuhu a wɔde ngo afra guu emu biara mu mama sɛ aduan afɔre.+ 44 Nea ɛka ho bio ne sika kɔkɔɔ kuruwa a emu duru yɛ nnwetɛbona 10 a aduhuam ayɛ no ma; 45 afei nantwinini kumaa baako, ne odwennini baako, ne odwennini kumaa baako a ɔreyɛ adi afe a wɔde bɛbɔ ɔhyew afɔre;+ 46 ne apɔnkye ba baako a wɔde bɛbɔ bɔne ho afɔre;+ 47 ne anantwi abien ne adwennini anum ne mpapo anum ne adwennini nkumaa anum a wɔn mu biara adi afe a wɔde bɛbɔ asomdwoe afɔre.+ Eyi ne nneɛma a Deuel ba Eliasaf+ de bae sɛ ɔde rebɛbɔ afɔre.

48 Da a ɛto so ason no, Amihud ba Elisama+ a ɔyɛ Efraimfo abusuapanyin no 49 de nneɛma a ɔde bɛbɔ afɔre no bae: Dwetɛ ayowa baako a emu duru yɛ nnwetɛbona 130 ne dwetɛ kankyee baako a emu duru yɛ nnwetɛbona 70, sɛnea wobu dwetɛbona ano wɔ kronkronbea hɔ no.+ Wɔde esiam muhumuhu a wɔde ngo afra guu emu biara mu mama sɛ aduan afɔre.+ 50 Nea ɛka ho bio ne sika kɔkɔɔ kuruwa a emu duru yɛ nnwetɛbona 10 a aduhuam ayɛ no ma; 51 afei nantwinini kumaa baako, ne odwennini baako, ne odwennini kumaa baako a ɔreyɛ adi afe a wɔde bɛbɔ ɔhyew afɔre;+ 52 ne apɔnkye ba baako a wɔde bɛbɔ bɔne ho afɔre;+ 53 ne anantwi abien ne adwennini anum ne mpapo anum ne adwennini nkumaa anum a wɔn mu biara adi afe a wɔde bɛbɔ asomdwoe afɔre.+ Eyi ne nneɛma a Amihud ba Elisama+ de bae sɛ ɔde rebɛbɔ afɔre.

54 Da a ɛto so awotwe no, Pedasur ba Gamaliel+ a ɔyɛ Manasefo abusuapanyin no 55 de nneɛma a ɔde bɛbɔ afɔre no bae: Dwetɛ ayowa baako a emu duru yɛ nnwetɛbona 130 ne dwetɛ kankyee baako a emu duru yɛ nnwetɛbona 70, sɛnea wobu dwetɛbona ano wɔ kronkronbea hɔ no.+ Wɔde esiam muhumuhu a wɔde ngo afra guu emu biara mu mama sɛ aduan afɔre.+ 56 Nea ɛka ho bio ne sika kɔkɔɔ kuruwa a emu duru yɛ nnwetɛbona 10 a aduhuam ayɛ no ma; 57 afei nantwinini kumaa baako, ne odwennini baako, ne odwennini kumaa baako a ɔreyɛ adi afe a wɔde bɛbɔ ɔhyew afɔre;+ 58 ne apɔnkye ba baako a wɔde bɛbɔ bɔne ho afɔre;+ 59 ne anantwi abien ne adwennini anum ne mpapo anum ne adwennini nkumaa anum a wɔn mu biara adi afe a wɔde bɛbɔ asomdwoe afɔre.+ Eyi ne nneɛma a Pedasur ba Gamaliel+ de bae sɛ ɔde rebɛbɔ afɔre.

60 Da a ɛto so akron no, Gideoni ba Abidan+ a ɔyɛ Benyaminfo abusuapanyin+ no 61 de nneɛma a ɔde bɛbɔ afɔre no bae: Dwetɛ ayowa baako a emu duru yɛ nnwetɛbona 130 ne dwetɛ kankyee baako a emu duru yɛ nnwetɛbona 70, sɛnea wobu dwetɛbona ano wɔ kronkronbea hɔ no.+ Wɔde esiam muhumuhu a wɔde ngo afra guu emu biara mu mama sɛ aduan afɔre.+ 62 Nea ɛka ho bio ne sika kɔkɔɔ kuruwa a emu duru yɛ nnwetɛbona 10 a aduhuam ayɛ no ma; 63 afei nantwinini kumaa baako, ne odwennini baako, ne odwennini kumaa baako a ɔreyɛ adi afe a wɔde bɛbɔ ɔhyew afɔre;+ 64 ne apɔnkye ba baako a wɔde bɛbɔ bɔne ho afɔre;+ 65 ne anantwi abien ne adwennini anum ne mpapo anum ne adwennini nkumaa anum a wɔn mu biara adi afe a wɔde bɛbɔ asomdwoe afɔre.+ Eyi ne nneɛma a Gideoni ba Abidan+ de bae sɛ ɔde rebɛbɔ afɔre.

66 Da a ɛto so du no, Amisadai ba Ahiesa+ a ɔyɛ Danfo abusuapanyin no 67 de nneɛma a ɔde bɛbɔ afɔre no bae: Dwetɛ ayowa baako a emu duru yɛ nnwetɛbona 130 ne dwetɛ kankyee baako a emu duru yɛ nnwetɛbona 70, sɛnea wobu dwetɛbona ano wɔ kronkronbea hɔ no.+ Wɔde esiam muhumuhu a wɔde ngo afra guu emu biara mu mama sɛ aduan afɔre.+ 68 Nea ɛka ho bio ne sika kɔkɔɔ kuruwa a emu duru yɛ nnwetɛbona 10 a aduhuam ayɛ no ma; 69 afei nantwinini kumaa baako, ne odwennini baako, ne odwennini kumaa baako a ɔreyɛ adi afe a wɔde bɛbɔ ɔhyew afɔre;+ 70 ne apɔnkye ba baako a wɔde bɛbɔ bɔne ho afɔre;+ 71 ne anantwi abien ne adwennini anum ne mpapo anum ne adwennini nkumaa anum a wɔn mu biara adi afe a wɔde bɛbɔ asomdwoe afɔre.+ Eyi ne nneɛma a Amisadai ba Ahiesa+ de bae sɛ ɔde rebɛbɔ afɔre.

72 Da a ɛto so dubaako no, Okran ba Pagiel+ a ɔyɛ Aserfo abusuapanyin no 73 de nneɛma a ɔde bɛbɔ afɔre no bae: Dwetɛ ayowa baako a emu duru yɛ nnwetɛbona 130 ne dwetɛ kankyee baako a emu duru yɛ nnwetɛbona 70, sɛnea wobu dwetɛbona ano wɔ kronkronbea hɔ no.+ Wɔde esiam muhumuhu a wɔde ngo afra guu emu biara mu mama sɛ aduan afɔre.+ 74 Nea ɛka ho bio ne sika kɔkɔɔ kuruwa a emu duru yɛ nnwetɛbona 10 a aduhuam ayɛ no ma; 75 afei nantwinini kumaa baako, ne odwennini baako, ne odwennini kumaa baako a ɔreyɛ adi afe a wɔde bɛbɔ ɔhyew afɔre;+ 76 ne apɔnkye ba baako a wɔde bɛbɔ bɔne ho afɔre;+ 77 ne anantwi abien ne adwennini anum ne mpapo anum ne adwennini nkumaa anum a wɔn mu biara adi afe a wɔde bɛbɔ asomdwoe afɔre.+ Eyi ne nneɛma a Okran ba Pagiel+ de bae sɛ ɔde rebɛbɔ afɔre.

78 Da a ɛto so dumien no, Enan ba Ahira+ a ɔyɛ Naftalifo abusuapanyin no 79 de nneɛma a ɔde bɛbɔ afɔre no bae: Dwetɛ ayowa baako a emu duru yɛ nnwetɛbona 130 ne dwetɛ kankyee baako a emu duru yɛ nnwetɛbona 70, sɛnea wobu dwetɛbona ano wɔ kronkronbea hɔ no.+ Wɔde esiam muhumuhu a wɔde ngo afra guu emu biara mu mama sɛ aduan afɔre.+ 80 Nea ɛka ho bio ne sika kɔkɔɔ kuruwa a emu duru yɛ nnwetɛbona 10 a aduhuam ayɛ no ma; 81 afei nantwinini kumaa baako, ne odwennini baako, ne odwennini kumaa baako a ɔreyɛ adi afe a wɔde bɛbɔ ɔhyew afɔre;+ 82 ne apɔnkye ba baako a wɔde bɛbɔ bɔne ho afɔre;+ 83 ne anantwi abien ne adwennini anum ne mpapo anum ne adwennini nkumaa anum a wɔn mu biara adi afe a wɔde bɛbɔ asomdwoe afɔre.+ Eyi ne nneɛma a Enan ba Ahira+ de bae sɛ ɔde rebɛbɔ afɔre.

84 Da a wɔsraa afɔremuka no hyiraa so* no, nneɛma a Israel mpanyimfo de bae sɛ wɔmfa mmɔ afɔre ni:+ Dwetɛ nyowa 12, dwetɛ nkankyee 12, ne sika kɔkɔɔ nkuruwa 12.+ 85 Dwetɛ ayowa baako biara mu duru yɛ nnwetɛbona 130, na dwetɛ kankyee baako biara mu duru yɛ nnwetɛbona 70. Enti wɔka nneɛma a wɔde dwetɛ ayɛ no nyinaa bom a, emu duru yɛ nnwetɛbona 2,400, sɛnea wobu dwetɛbona ano wɔ kronkronbea hɔ no.+ 86 Sika kɔkɔɔ nkuruwa 12 a aduhuam ayɛ no mama no biara mu duru yɛ nnwetɛbona 10, sɛnea wobu dwetɛbona ano wɔ kronkronbea hɔ no. Enti sika kɔkɔɔ nkuruwa no nyinaa ano si nnwetɛbona 120. 87 Anantwi a wɔde bɔɔ ɔhyew afɔre no nyinaa yɛ 12, adwennini 12, adwennini nkumaa 12 a wɔn mu biara adi afe, ne aduan afɔre, ne mpɔnkye mma 12 a wɔde bɔɔ bɔne ho afɔre. 88 Na anantwi a wɔde bɔɔ asomdwoe afɔre no nyinaa yɛ 24, adwennini 60, mpɔnkye 60, adwennini nkumaa 60 a wɔn mu biara adi afe. Eyinom na wɔde bɔɔ afɔre bere a wɔsraa afɔremuka no+ hyiraa so no.+

89 Bere biara a Mose bɛkɔ ahyiae ntamadan no mu sɛ ɔne Onyankopɔn* rekɔkasa no,+ na ɔte nne a ɛne no rekasa no fi Adanse Adaka mmuaso no so,+ wɔ kerubim abien no ntam;+ ɛhɔ na na Onyankopɔn ne no kasa fi.

8 Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: 2 “Wo ne Aaron nkasa, na ka kyerɛ no sɛ, ‘Sɛ wososɔ nkanea no a, ma nkanea ason no nhyerɛn kaneadua no anim.’”+ 3 Enti nea Aaron yɛe ni: Ɔsosɔɔ nkanea no ma ɛhyerɛn kaneadua+ no anim, sɛnea Yehowa ka kyerɛɛ Mose no. 4 Ɔkwan a wɔfaa so yɛɛ kaneadua no ni: Wɔde hamma* boroo sika kɔkɔɔ, ɛnna wɔde yɛe. Efi ne nan kosi ne nhwiren so nyinaa yɛ sika kɔkɔɔ a wɔde hamma aboro.+ Sɛnea Yehowa yi kyerɛɛ Mose wɔ anisoadehu+ mu no, saa ara na wɔyɛɛ kaneadua no.

5 Yehowa san ka kyerɛɛ Mose sɛ: 6 “Yi Lewifo no fi Israelfo no mu na tew wɔn ho.+ 7 Nea wobɛyɛ de atew wɔn ho ni: Fa nsu a wɔde hohoro bɔne petepete wɔn so. Afei ma wɔmfa oyiwan nyi wɔn ho nwi nyinaa, na wɔnhoro wɔn ntaade, na wɔntew wɔn ho.+ 8 Wowie a, wɔmfa nantwinini kumaa+ ne esiam muhumuhu a wɔde ngo afra a wɔde bɛbɔ ɛho aduan afɔre,+ na fa nantwinini kumaa foforo a wɔde bɛbɔ bɔne ho afɔre.+ 9 Afei fa Lewifo no kogyina ahyiae ntamadan no anim, na ma Israel asafo nyinaa nhyia.+ 10 Sɛ wode Lewifo no begyina Yehowa anim a, Israelfo mfa wɔn nsa ngu Lewifo no so.+ 11 Afei Aaron mfa Lewifo no mmɔ afɔre* wɔ Yehowa anim sɛ ohim afɔre+ a efi Israelfo no nsam. Ɛno akyi no, Lewifo no nyɛ Yehowa som adwuma.+

12 “Na Lewifo no mfa wɔn nsa ngu anantwinini no apampam.+ Afei fa baako bɔ bɔne ho afɔre, na fa baako a aka no bɔ ɔhyew afɔre ma Yehowa fa pata ma Lewifo no bɔne.+ 13 Na ma Lewifo no nnyina Aaron ne ne mma no anim, na fa wɔn bɔ afɔre* sɛ ohim afɔre ma Yehowa. 14 Yi Lewifo no fi Israelfo no mu, na Lewifo no mmɛyɛ me dea.+ 15 Ɛno akyi no, Lewifo no mmra mmɛsom wɔ ahyiae ntamadan no mu. Eyi na ɛsɛ sɛ woyɛ de tew wɔn ho, na wode wɔn bɔ afɔre* sɛ ohim afɔre. 16 Nea enti a ɛte saa ne sɛ, wɔde Lewifo no ama me. Wɔayi wɔn afi Israelfo mu ama me. Wɔde wɔn asi Israelfo mmakan* nyinaa anan,+ na mede wɔn bɛyɛ me dea. 17 Efisɛ Israelfo mmakan nyinaa yɛ me dea, nnipa ne mmoa mmakan nyinaa.+ Ɛda a mikunkum abakan biara wɔ Egypt asaase so no, saa da no na mihyiraa wɔn so fae.+ 18 Mede Lewifo besi Israelfo mmakan nyinaa anan. 19 Na meyi Lewifo afi Israelfo mu de wɔn ama Aaron ne ne mma ama wɔasom wɔ ahyiae ntamadan no mu ama Israelfo no.+ Na wɔbɛpata ama Israelfo no bɔne sɛnea ɛbɛyɛ a Israelfo no remmɛn kronkronbea hɔ, na asiane bi ankɔto wɔn.”+

20 Na Mose ne Aaron ne Israel asafo no nyinaa yɛɛ Lewifo no saa. Biribiara a Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ wɔnyɛ Lewifo no, saa ara na Israelfo no yɛɛ wɔn. 21 Enti Lewifo no dwiraa wɔn ho, na wɔhoroo wɔn ntaade.+ Bere a wowiei no, Aaron de Lewifo no bɔɔ afɔre* wɔ Yehowa anim sɛ ohim afɔre.+ Afei Aaron pata maa wɔn bɔne de tew wɔn ho.+ 22 Ɛno akyi no, Lewifo no kɔsomee wɔ ahyiae ntamadan no mu wɔ Aaron ne ne mma anim. Sɛnea Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ wɔnyɛ Lewifo no, saa ara na wɔyɛɛ wɔn.

23 Na Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: 24 “Nhyehyɛe a ɛwɔ hɔ ma Lewifo ni: Mmarima a wɔadi mfe 25 rekɔ no bɛkɔ akɔka wɔn a wɔyɛ adwuma wɔ ahyiae ntamadan mu no ho ne wɔn ayɛ adwuma. 25 Nanso sɛ obi di mfe 50 a, obefi adwumayɛfo no mu, na ɔrenyɛ adwuma no bio. 26 Sɛ ɔpɛ a, obetumi ayɛ adwuma aboa ne nuanom a wɔyɛ adwuma wɔ ahyiae ntamadan no mu no, nanso ɔsom adwuma no de, ɛnsɛ sɛ ɔyɛ bi. Eyi na ɛsɛ sɛ woyɛ wɔ Lewifo no ne wɔn dwumadi ho.”+

9 Bere a Israelfo fii Egypt asaase so no, afe a ɛto so abien no bosome a edi kan mu no,+ Yehowa ka kyerɛɛ Mose wɔ Sinai sare so sɛ: 2 “Sɛ bere so a, Israelfo no nni Twam no.+ 3 Bosome yi da a ɛto so 14 no anwummere* na munni. Munni wɔ bere a wɔahyɛ no. Monyɛ no sɛnea ɛho mmara nyinaa ne ɛho nhyehyɛe nyinaa te.”+

4 Enti Mose ka kyerɛɛ Israelfo no sɛ wonni Twam no. 5 Na wodii Twam no bosome a edi kan no da a ɛto so 14 no anwummere.* Wodii wɔ Sinai sare so. Sɛnea Yehowa ka kyerɛɛ Mose no, saa pɛpɛɛpɛ na Israelfo no yɛe.

6 Nanso na mmarima bi wɔ hɔ a wɔde wɔn ho aka funu* ama wɔn ho agu fĩ,+ enti wɔantumi anni Twam no saa da no. Ɛnna saa mmarima no kɔɔ Mose ne Aaron anim saa da no.+ 7 Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Yɛde yɛn ho aka funu* ama yɛn ho agu fĩ de, nanso sɛ Israelfo de wɔn afɔre reba Yehowa anim a, adɛn nti na ɛsɛ sɛ woyi yɛn fi mu?”+ 8 Ɛnna Mose ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Montwɛn wɔ hɔ na mintie nea Yehowa bɛka afa mo ho.”+

9 Na Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: 10 “Ka kyerɛ Israelfo no sɛ, ‘Sɛ mo mu bi anaa mo asefo no bi de ne ho ka efunu* ma ne ho gu fĩ,+ anaa otu kwan kɔ akyirikyiri mpo a, ɛsɛ sɛ odi Twam no ma Yehowa. 11 Wonni no bosome a ɛto so abien no+ da a ɛto so 14 no anwummere.* Wɔmfa paanoo a mmɔkaw* nnim ne nhaban a ɛyɛ nwene nka ho nni.+ 12 Ɛnsɛ sɛ wogyaw bi ma ade kye so,+ na ɛnsɛ sɛ wobu ne dompe biara mu.+ Wɔnyɛ no sɛnea Twam no ho mmara nyinaa te. 13 Na sɛ obi ho tew, na ontuu kwan, nanso obu n’ani gu Twam no so a, wonkum* saa onipa* no mfi ne man mu,+ efisɛ wamfa Yehowa afɔre ammrɛ no wɔ bere a wɔahyɛ no. Saa onipa no benya ne bɔne so akatua.

14 “‘Sɛ ɔhɔho bi te mo mu a, ɔno nso nni Twam no mma Yehowa.+ Onni no sɛnea Twam no ho mmara ne ɛho nhyehyɛe te.+ Mmara baako na ɛwɔ hɔ ma mo, ɔhɔho ne kuromanni nyinaa.’”+

15 Da a wosii ɔsom ntamadan no,+ omununkum bɛkataa ɔsom ntamadan no so, Adanse ntamadan no. Nanso eduu anwummere no, biribi a ɛte sɛ ogya kataa ɔsom ntamadan no so maa ade kyee.+ 16 Saa na ɛkɔɔ so daa: Sɛ edu anɔpa a na omununkum abɛkata so, na sɛ edu anadwo a na biribi a ɛte sɛ ogya akata so.+ 17 Sɛ omununkum no fi ɔsom ntamadan no so a, ntɛm ara na Israelfo no atu,+ na baabi a omununkum no begyina no, ɛhɔ na Israelfo no bɛsoɛ.+ 18 Sɛ Yehowa ka sɛ Israelfo no ntu a, na wɔatu, na sɛ wodu baabi na Yehowa ka sɛ wɔnsoɛ a, na wɔasoɛ.+ Nna dodow a omununkum no bedi wɔ ɔsom ntamadan no so no, saa nna dodow no na wɔde bɛtena hɔ. 19 Sɛ omununkum no di nna pii wɔ ɔsom ntamadan no so mpo a, na Israelfo no tie Yehowa, na na wontu.+ 20 Ɛtɔ da a, na omununkum no di nna kakra wɔ ɔsom ntamadan no so. Sɛ Yehowa ka sɛ wɔnkɔ so ntena hɔ a, na wɔatena, na Yehowa ka sɛ wontu a, na wɔatu. 21 Ɛtɔ da nso a, na omununkum no kata so fi anwummere kosi anɔpa nko ara, na sɛ edu anɔpa na omununkum no fi so a, na wɔatu. Sɛ anɔpa na ebefi so oo, sɛ anadwo oo, saa bere no na wotu.+ 22 Enti sɛ omununkum no di nnanu anaa bosome anaa nea ɛboro saa wɔ ɔsom ntamadan no so, na sɛ emfii so a, Israelfo no kɔ so tena hɔ a wontu. Na sɛ efi so a, na wɔatu. 23 Sɛ Yehowa ka sɛ wontu a, na wɔatu, na sɛ wodu baabi na Yehowa ka sɛ wɔnsoɛ a, na wɔasoɛ. Wɔyɛɛ osetie maa Yehowa, na wɔyɛɛ nea Yehowa nam Mose so kae nyinaa.

10 Na Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: 2 “Yɛ ntorobɛnto+ abien. Fa hamma* boro dwetɛ fa yɛ. Ɛno na wode bɛfrɛ asafo no abehyia anaasɛ wode bɛma wɔatu akɔ baabi foforo. 3 Sɛ wɔhyɛn abien no nyinaa a, asafo no nyinaa bɛboaboa wɔn ano aba wo nkyɛn wɔ ahyiae ntamadan no ano.+ 4 Na sɛ wɔhyɛn torobɛnto baako pɛ a, Israel mpanyimfo a wɔdeda apem apem ano no, wɔn nko ara na wɔbɛboaboa wɔn ano aba wo nkyɛn.+

5 “Sɛ mohyɛn torobɛnto no ma ne nnyigyei kɔ soro ba fam a, ɛsɛ sɛ wɔn a wɔn asoɛe wɔ apuei fam no tu.+ 6 Sɛ mohyɛn torobɛnto no ma nnyigyei no kɔ soro ba fam ne mprenu so a, ɛsɛ sɛ wɔn a wɔn asoɛe wɔ anaafo fam no tu.+ Bere biara, sɛ wɔn mu bi rebetu a, wɔnhyɛn mma nnyigyei no nkɔ soro mmra fam.

7 “Sɛ morefrɛ asafo no abehyiam a, monhyɛn ntorobɛnto no,+ nanso ɛnsɛ sɛ moma nnyigyei no kɔ soro ba fam. 8 Aaron mma asɔfo no na wɔbɛhyɛn ntorobɛnto no.+ Ɔkwan a wɔfa so hyɛn ntorobɛnto no, ɛbɛyɛ mmara a mubedi so daa wɔ mo awo ntoatoaso nyinaa mu.

9 “Sɛ atamfo a wɔretan mo ani ba mo asaase so sɛ wɔne mo rebɛko a, monhyɛn ntorobɛnto no mfrɛ ɔman no nkɔ ɔko.+ Na Yehowa mo Nyankopɔn bɛkae mo na wagye mo afi mo atamfo nsam.

10 “Afei nso, bere a moregye mo ani,+ te sɛ bere a morehyɛ fã,+ anaa bere a morefi bosome foforo ase no, monhyɛn ntorobɛnto no ngu mo hyew afɔre+ ne mo asomdwoe afɔre+ no so. Ɛbɛma wɔakae mo wɔ mo Nyankopɔn anim. Mene Yehowa mo Nyankopɔn.”+

11 Afei afe a ɛto so abien, bosome a ɛto so abien no da a ɛto so 20 no,+ omununkum no fii Adanse ntamadan no so.+ 12 Enti Israelfo no fii ase tu fii Sinai sare so, sɛnea wɔahyehyɛ wɔn sɛ wɔretu a wɔnyɛ no.+ Na omununkum no kogyinaa Paran sare so.+ 13 Eyi ne nea edi kan a wotui, sɛnea Yehowa nam Mose so ka kyerɛɛ wɔn no.+

14 Enti mmusuakuw abiɛsa asafo a Yuda abusuakuw da wɔn ano a obiara wɔ n’asraafokuw no na wodii kan tui. Aminadab ba Naason+ na na ɔda n’abusuakuw asraafokuw ano. 15 Suar ba Netanel+ na na ɔda Isakar abusuakuw asraafokuw ano. 16 Helon ba Eliab+ na na ɔda Sebulon abusuakuw asraafokuw ano.

17 Bere a wotutuu ɔsom ntamadan no,+ Gersonfo+ ne Merarifo+ a wɔsoa ɔsom ntamadan no tui.

18 Na mmusuakuw abiɛsa asafo a Ruben abusuakuw da wɔn ano a obiara wɔ n’asraafokuw no tui. Sedeo ba Elisur+ na na ɔda n’abusuakuw asraafokuw ano. 19 Surisadai ba Selumiel+ na na ɔda Simeon abusuakuw asraafokuw ano. 20 Deuel ba Eliasaf+ na na ɔda Gad abusuakuw asraafokuw ano.

21 Na Kohatfo a wɔsoa tenabea kronkron hɔ nneɛma no+ tui. Ná ɛsɛ sɛ wosi ɔsom ntamadan no wie ansa na wɔadu hɔ.

22 Na mmusuakuw abiɛsa asafo a Efraim abusuakuw da wɔn ano a obiara wɔ n’asraafokuw no tui. Amihud ba Elisama+ na na ɔda n’abusuakuw asraafokuw ano. 23 Pedasur ba Gamaliel+ na na ɔda Manase abusuakuw asraafokuw ano. 24 Gideoni ba Abidan+ na na ɔda Benyamin abusuakuw asraafokuw ano.

25 Na mmusuakuw abiɛsa asafo a Dan abusuakuw da wɔn ano a obiara wɔ n’asraafokuw no tui. Wɔn na wɔbɔɔ asafo no nyinaa kyidɔm. Amisadai ba Ahiesa+ na na ɔda n’abusuakuw asraafokuw ano. 26 Okran ba Pagiel+ na na ɔda Aser abusuakuw asraafokuw ano. 27 Enan ba Ahira+ na na ɔda Naftali abusuakuw asraafokuw ano. 28 Sɛ Israelfo ne wɔn asraafokuw retu a, eyi ne nhyehyɛe a na wɔde yɛ adwuma.+

29 Afei Mose ka kyerɛɛ Hobab a ɔyɛ Mose ase Midianni Reuel*+ ba no sɛ: “Yɛretu akɔ baabi a Yehowa kae sɛ, ‘Mede bɛma mo’ no.+ Bra ma yɛnkɔ,+ na yɛbɛyɛ wo yiye, efisɛ Yehowa de nneɛma pa ahyɛ Israel bɔ.”+ 30 Nanso ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Merenkɔ. Mɛsan akɔ me man mu ne m’abusuafo nkyɛn.” 31 Ɛnna ɔkae sɛ: “Yɛpa wo kyɛw, nnyaw yɛn hɔ, efisɛ wo na wunim baabi a ɛsɛ sɛ yɛkyekye asoɛe wɔ sare yi so. Wubetumi akyerɛ yɛn kwan.* 32 Sɛ wo ne yɛn kɔ a,+ papa a Yehowa bɛyɛ yɛn biara no, sɛnea ɛte biara yɛn nso yɛbɛyɛ wo bi.”

33 Enti wofii ase nantew fii Yehowa bepɔw no+ ho twaa nnansa kwan, na Yehowa apam adaka no+ dii wɔn anim wɔ nnansa akwantu no mu hwehwɛɛ baabi a wɔbɛsoɛ.+ 34 Sɛ wotu fi baabi a wɔakɔsoɛ no a, na Yehowa mununkum+ kata wɔn so awia.

35 Bere biara a wɔde Adaka no besim akɔ no, Mose ka sɛ: “O Yehowa, sɔre,+ na ma w’atamfo mmɔ nhwete, na ma wɔn a wokyi wo no nguan mfi w’anim.” 36 Na sɛ wɔsoɛ a, ɔka sɛ: “O Yehowa, san bra Israelfo mpempem bebree+ no nkyɛn.”

11 Na ɔman no fii ase nwiinwii wɔ Yehowa anim. Bere a Yehowa tee no, ne bo fuwii paa. Na ogya a efi Yehowa hɔ fii ase dɛwee wɔ wɔn mu, na nnipa a ɛwɔ asoɛe no ahye so no, ogya no hyew bi. 2 Bere a ɔman no fii ase su guu Mose so no, ɔpaa Yehowa kyɛw,+ na ogya no dumii. 3 Eyi nti wɔtoo hɔ din Tabera,* efisɛ ogya fi Yehowa hɔ bɛhyew wɔn.+

4 Firamanfiramanfo*+ a na ɛka wɔn ho no kekae sɛ wɔn kɔn adɔ nneɛma bi,+ na Israelfo no nso fii ase sui bio, na wɔkae sɛ: “Hena na ɔbɛma yɛn nam awe?+ 5 Aa, yɛakae nsumnam a yɛwee no kwa wɔ Egypt no, ne kukumba ne wɔtamɛlɔn* ne gyeene ne galik!+ 6 Nanso seesei yɛn* mu nsu atwe. Baabiara a wobɛfa biara, mana yi ara na wuhu.”+

7 Ná mana+ no te sɛ aba fitaa ketewa bi,+ na na ɛho te sɛ bedola aduhuam.* 8 Ná ɔman no pue kɔsesaw, na na wɔyam wɔ ɔbo so anaa wosiw wɔ waduru mu. Wowie a, na wɔnoa wɔ dadesɛn mu anaa wɔde yɛ paanoo nkuruwankuruwa.+ Ná ne dɛ te sɛ keeki a wɔde ngo afa ho. 9 Sɛ edu anadwo na obosu tɔ gu asoɛe hɔ a, na mana no nso atɔ agu hɔ.+

10 Na Mose tee sɛ abusua biara mu nnipa resu. Ná obiara resu wɔ ne ntamadan ano. Enti Yehowa bo fuwii paa,+ na Mose nso, asɛm no yɛɛ no yaw yiye. 11 Ɛnna Mose bisaa Yehowa sɛ: “Adɛn nti na wo ne w’akoa adi no nwenweenwene saa? Na dɛn na mayɛ a ɛnsɔ w’ani a enti wode nnipa yi nyinaa adesoa ato me so yi?+ 12 Adɛn, me na minyinsɛn nnipa yi nyinaa? Anaa me na mewoo wɔn a enti wuse, ‘Fa wɔn bɔ wo bo sɛnea obi a ɔhwɛ abofra* ketewa yɛ no,’ na fa wɔn kɔ asaase a wokaa ntam sɛ wode bɛma wɔn agyanom no so?+ 13 Ɛhe na menya nam ama nnipa yi nyinaa? Da biara wosu gu me so sɛ, ‘Ma yɛn nam nwe!’ 14 Me nko ara mintumi nyɛ ɔman yi nyinaa ho adwuma; ɛboro me so.+ 15 Sɛ saa na wobɛyɛ me a, ɛnde mepa wo kyɛw, kum me seesei ara.+ Sɛ manya w’anim dom a, mma m’ani nnhu amanehunu biara bio.”

16 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Hwɛ Israel mpanyimfo no mu na boaboa mmarima 70 ano ma me, mmarima a wuhu sɛ* wɔyɛ ɔman no mu mpanyimfo ne atitiriw,+ na fa wɔn kɔ ahyiae ntamadan no ho, na wo ne wɔn nnyina hɔ. 17 Mesian aba+ ne wo abɛkasa wɔ hɔ,+ na meyi honhom a ɛwɔ wo so no bi ama wɔn,+ na wɔbɛboa wo ama woasoa ɔman no adesoa, na wo nko ara woansoa.+ 18 Afei ka kyerɛ ɔman no sɛ, ‘Montew mo ho mma ɔkyena,+ na nea ɛbɛyɛ biara mobɛwe nam, efisɛ moasu ama Yehowa ate,+ na moaka sɛ: “Hena na ɔbɛma yɛn nam awe? Bere a yɛwɔ Egypt no, na eye ma yɛn paa.”+ Nea ɛte biara, Yehowa bɛma mo nam, na mobɛwe.+ 19 Morenwe no da koro, anaa nnanu, anaa nnanum, anaa dadu, anaa adaduonu, 20 na mmom mobɛwe no bosome mua akosi sɛ ebefi mo hwenem apue na ayɛ mo tan,+ efisɛ moapo Yehowa a ɔwɔ mo mu no, na moasu agu no so sɛ: “Adɛn nti na yɛafi Egypt aba ha yi?”’”+

21 Ɛnna Mose kae sɛ: “Nnipa a me ne wɔn wɔ ha yi yɛ mmarima 600,000+ a wɔnam fam, ɛnna wuse, ‘Mɛma wɔn nam awe, na wɔbɛwe amee bosome mua’! 22 Sɛ wukum anantwi ne nguan a ɛwɔ wiase nyinaa mpo a, ɛbɛso wɔn anaa? Na sɛ wuyi ɛpo mu mpataa nyinaa mpo ma wɔn a, ɛbɛso wɔn anaa?”

23 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Adɛn, Yehowa nsa yɛ tia anaa?+ Wo de twɛn, na wubehu sɛ nea maka no bɛba mu anaa ɛremma mu.”

24 Enti Mose kɔe, na ɔkɔkaa Yehowa asɛm no kyerɛɛ ɔman no. Na oyii mmarima 70 fii ɔman no mu mpanyimfo mu boaboaa wɔn ano, na ɔma wobegyinaa ntamadan no ho.+ 25 Na Yehowa sian bae wɔ omununkum mu+ ne no bɛkasae,+ na oyii honhom a ɛwɔ no so no bi+ maa mpanyimfo 70 no mu biara. Na bere a honhom no baa wɔn so pɛ, wofii ase yɛɛ wɔn ade sɛ adiyifo;*+ nanso wɔanyɛ wɔn ade saa bio.

26 Mmarima no mu baanu kaa asoɛe hɔ. Ɔbaako din de Eldad, na ɔbaako nso de Medad. Ná wɔnkɔɔ ntamadan no ho, nanso esiane sɛ na wɔka wɔn a wɔkyerɛw wɔn din no ho nti, honhom no bi baa wɔn so. Enti wofii ase yɛɛ wɔn ade sɛ adiyifo wɔ asoɛe hɔ. 27 Ɛbaa saa no, aberante bi tuu mmirika kɔbɔɔ Mose amanneɛ sɛ: “Eldad ne Medad reyɛ wɔn ade sɛ adiyifo wɔ asoɛe hɔ!” 28 Ɛnna Nun ba Yosua+ a ofi ne mmeranteberem asom Mose no kae sɛ: “Me wura Mose, ma wonnyae!”+ 29 Na Mose bisaa no sɛ: “Adɛn, woretwe ninkunu ama me anaa? Daabi, minyae a anka Yehowa nkurɔfo nyinaa yɛ adiyifo, na Yehowa de ne honhom ama wɔn nyinaa!” 30 Akyiri yi, Mose ne Israel mpanyimfo no kɔɔ asoɛe hɔ.

31 Afei mframa bi bɔ fii Yehowa hɔ, na efii ase piaa mmoko* fii po so ma wɔbaa asoɛe no ho.+ Ná wɔdɔɔso wɔ asoɛe no ho nyinaa ma wofa benkum oo, wofa nifa oo, gye sɛ wutwa bɛyɛ da koro kwan ansa na woatra wɔn. Wotu baa fam paa maa wɔne asaase ntam yɛɛ bɛyɛ basafa* abien. 32 Enti saa da no nyinaa ne anadwo no nyinaa, nkurɔfo no anna; wɔboaboaa mmoko no ano. Na ade kyee no, wɔkɔɔ so ara boaboaa ano da mu no nyinaa. Nea wamfa kɛse koraa no nyaa homar* du. Obiara hataa ne de, na wɔhatahatae de twaa asoɛe no ho nyinaa hyiae. 33 Nanso bere a nam no wɔ wɔn anom a wonnya nwee no, Yehowa bo fuw nkurɔfo no denneennen, na Yehowa fii ase kunkum nkurɔfo no pii.+

34 Enti wɔtoo hɔ din Kibrot-Hatawa,*+ efisɛ ɛhɔ na wosiee nnipa a wodii wɔn akɔnnɔ akyi no.+ 35 Afei ɔman no fii Kibrot-Hatawa kɔɔ Haserot, na wɔtenaa Haserot.+

12 Mose waree Kusni bea,+ na Kusni bea no nti, Miriam ne Aaron fii ase kasa tiaa Mose. 2 Wɔkae sɛ: “Adɛn, Mose nko ara na Yehowa nam no so kasa? Yɛn de, ɔmfa yɛn so nkasa bi anaa?”+ Ne nyinaa, na Yehowa retie.+ 3 Ná Mose yɛ ɔbarima a odwo sen nnipa a wɔwɔ asaase so nyinaa.*+

4 Prɛko pɛ na Yehowa ka kyerɛɛ Mose ne Aaron ne Miriam sɛ: “Mumpue, mo baasa nyinaa, monkɔ ahyiae ntamadan no ho.” Enti wɔn baasa pue kɔe. 5 Na Yehowa faa omununkum dum no mu sian begyinaa ntamadan no ano,+ na ɔfrɛɛ Aaron ne Miriam. Na wɔn baanu kɔe. 6 Ɛnna ɔkae sɛ: “Mepa mo kyɛw, muntie me. Sɛ Yehowa diyifo bi wɔ mo mu a, anisoadehu mu na meyi me ho adi akyerɛ no,+ na ɔdae mu na mɛkasa akyerɛ no.+ 7 Nanso ɛnyɛ saa na meyɛ m’akoa Mose! Mede me fi nyinaa ahyɛ ne nsa.*+ 8 Me ne no kasa anim ne anim*+ ma ɔte biribiara ase; menkasa nkyerɛ no akasabebu mu.* Na Yehowa yi ne ho adi kyerɛ no. Enti adɛn na moansuro sɛ mobɛkasa atia m’akoa Mose?”

9 Enti Yehowa bo fuw wɔn denneennen, na ogyaw wɔn hɔ kɔe. 10 Afei omununkum no fii ntamadan no so, na hwɛ! Miriam na kwata ayɛ no fitaa sɛ sukyerɛmma yi.+ Ɛnna Aaron twaa n’ani hwɛɛ Miriam, na ohui sɛ kwata ayɛ no.+ 11 Ɛhɔ ara na Aaron ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Me wura, mepa wo kyɛw! Mma wɔmfa bɔne yi ho asotwe mma yɛn so. Yɛadi nkwaseasɛm! 12 Mepa wo kyɛw, mma ɔnnkɔ so nnyɛ sɛ obi a ofi ne maame yafunu mu bae no na wawu ama ne fã asɛe!” 13 Ɛnna Mose fii ase su frɛɛ Yehowa sɛ: “O Onyankopɔn, mepa wo kyɛw, sa no yare! Mepa wo kyɛw!”+

14 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Sɛ ne papa na ɔtew ntasu guu n’anim a, anka n’anim rengu ase nnanson anaa? Ma wonyi no mfi asoɛe hɔ nkɔ asoɛe no akyi+ nnanson, na ɛno akyi no, mubetumi ama wɔasan de no aba hɔ.” 15 Enti woyii Miriam kɔɔ asoɛe no akyi nnanson,+ na nkurɔfo no antu amfi asoɛe hɔ kosii sɛ wɔde Miriam san baa hɔ. 16 Ɛno akyi no, ɔman no tu fii Haserot,+ na wofii ase kyekyee wɔn asoɛe wɔ Paran sare so.+

13 Na Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: 2 “Soma mmarima bi ma wonwia wɔn ho nkɔhwɛ sɛnea Kaanan asaase no te, asaase a mede rema Israelfo no. Abusuakuw biara mu, munyi ɔbarima baako nsoma no, ɔbarima a ɔyɛ abusuapanyin.”+

3 Enti Mose somaa wɔn fii Paran sare so+ sɛnea Yehowa kae no. Ná mmarima no nyinaa yɛ Israel mpanyimfo. 4 Wɔn din ni: Ruben abusuakuw mu, woyii Sakur ba Sammua. 5 Simeon abusuakuw mu, woyii Hori ba Safat; 6 Yuda abusuakuw mu, woyii Yefune ba Kaleb;+ 7 Isakar abusuakuw mu, woyii Yosef ba Yigal; 8 Efraim abusuakuw mu, woyii Nun ba Hosea;+ 9 Benyamin abusuakuw mu, woyii Rafu ba Palti; 10 Sebulon abusuakuw mu, woyii Sodi ba Gadiel; 11 Yosef abusuakuw mu,+ woyii Susi ba Gadi maa Manase abusuakuw;+ 12 Dan abusuakuw mu, woyii Gemali ba Amiel; 13 Aser abusuakuw mu, woyii Mikael ba Setur; 14 Naftali abusuakuw mu, woyii Wofsi ba Nabi; 15 Gad abusuakuw mu, woyii Maki ba Geuel. 16 Mmarima a Mose somaa wɔn ma wowiaa wɔn ho kɔhwɛɛ asaase no, wɔn din ne no. Na Mose too Nun ba Hosea din Yosua.*+

17 Bere a Mose resoma wɔn ama wɔakɔhwɛ sɛnea Kaanan asaase no te no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Momforo nkɔ Negeb na montoa so nkɔ bepɔw no so.+ 18 Monkɔhwɛ sɛnea asaase no te,+ na monhwɛ sɛ nnipa a wɔtete so no ho yɛ den anaasɛ wɔn ho nyɛ den, wosua anaa wɔdɔɔso. 19 Afei monhwɛ sɛ asaase no ye anaasɛ enye, na monhwɛ sɛ wɔtete ntamadan mu anaasɛ wɔtete nkurow a afasu wɔ ho mu. 20 Afei nso, monhwɛ sɛ asaase no yɛ asaase pa* anaasɛ awu,*+ nnua wɔ so anaasɛ ebi nni so. Munnya akokoduru+ na momfa asaase no so nnɔbae no bi mmra.” Saa bere no, na bobe a edi kan abere.+

21 Enti wɔforo kɔe, na wɔkɔhwɛɛ sɛnea asaase no te. Wofi Sina sare so+ kɔɔ Rehob+ baabi a ɛbɛn Lebo-Hamat.*+ 22 Bere a wɔforo kɔɔ Negeb no, wokoduu Hebron.+ Ɛhɔ na na Ahiman, Sesai, ne Talmai+ a wɔyɛ Anakfo+ no te. Hebron kurow no, wɔkyekyee no mfe ason ansa na wɔrekyekye Soan a ɛwɔ Egypt no. 23 Bere a wobeduu Eskol Bon* ho no,+ wotwaa bobe nkorabata bi a bobe siaw wɔ so. Wɔde hyɛɛ dua bi so, na mmarima no baanu na etumi soae; wɔde ɛhɔ granate akutu* ne borɔdɔma aba no bi kaa ho.+ 24 Bobe siaw a Israelfo twae wɔ hɔ nti, wɔtoo hɔ din Eskol* Bon.*+

25 Nnafua 40 akyi no,+ wofii asaase a wɔkɔhwɛɛ so no so bae. 26 Enti wɔsan baa Mose ne Aaron ne Israel asafo no nyinaa nkyɛn wɔ Paran sare so wɔ Kades.+ Wɔbɛkaa nea wohui kyerɛɛ asafo no nyinaa, na wɔde asaase no so nnɔbae no kyerɛɛ wɔn. 27 Nea wɔka kyerɛɛ Mose ni: “Yɛkɔɔ asaase a wosomaa yɛn so no so, na ampa, nufusu ne ɛwo abu so wɔ so,+ na ɛso nnɔbae no bi ni.+ 28 Nanso wɔn a wɔte asaase no so no ho yɛ den, na wɔwɔ nkurow akɛse a wɔabɔ ho ban. Yehuu Anakfo no nso wɔ hɔ.+ 29 Amalekfo+ no te Negeb+ asaase so, na Hitifo ne Yebusifo+ ne Amorifo+ te bepɔw no so, ɛnna Kaananfo+ nso te mpoano+ ne Yordan ho.”

30 Na Kaleb kasa kyerɛɛ ɔman no bere a wogyina Mose anim no, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn koma bɛtɔ wɔn yam. Ɔkae sɛ: “Momma yɛmforo nkɔ seesei ara, na ɔkwan biara so yebedi wɔn so nkonim afa asaase no.”+ 31 Nanso mmarima a wɔne no foro kɔe no kae sɛ: “Yɛrentumi mforo nkɔ nkɔtow nhyɛ nkurɔfo no so, efisɛ wɔn ho yɛ den sen yɛn.”+ 32 Na wɔkɔɔ so ara de asaase a wɔkɔhwɛe no ho amanneɛ a etu koma+ bɔɔ Israelfo no sɛ: “Asaase a yɛkɔfaa so hwɛɛ sɛnea ɛte no yɛ asaase a ɛmene ɛsofo, na nnipa a yehuu wɔn wɔ hɔ no nyinaa yɛ akantinka a yenhuu bi da.+ 33 Yehuu Nefilimfo no nso wɔ hɔ, Anak mma+ a wofi Nefilimfo mu* no. Yɛyɛɛ sɛ mmebɛw wɔ wɔn ani so, na yɛn ankasa nso hui sɛ yɛayɛ sɛ mmebɛw.”

14 Na asafo no nyinaa maa wɔn nne so sui, na ɔman no kɔɔ so bɔɔ bena, na wosui saa anadwo no nyinaa.+ 2 Na Israelfo nyinaa fii ase nwiinwii tiaa Mose ne Aaron,+ na asafo no nyinaa kasa tiaa wɔn sɛ: “Sɛ yewuwui wɔ Egypt asaase so anaa yewuwui wɔ sare yi so mpo a, anka eye! 3 Adɛn nti na Yehowa de yɛn aba asaase yi so sɛ wɔmfa sekan nkunkum yɛn?+ Wɔbɛsoa yɛn yerenom ne yɛn mma akɔ.+ Sɛ yɛsan kɔ Egypt a, anka enye?”+ 4 Wɔkekae mpo sɛ: “Momma yenyi obi nni yɛn anim na yɛnsan nkɔ Egypt!”+

5 Ɛnna Mose ne Aaron de wɔn anim butubutuw fam wɔ Israel asafo a wɔahyiam no nyinaa anim. 6 Na Nun ba Yosua+ ne Yefune ba Kaleb+ a wɔka wɔn a wowiaa wɔn ho kɔhwɛɛ asaase no ho no sunsuan wɔn ntaade mu. 7 Na wɔka kyerɛɛ Israel asafo no nyinaa sɛ: “Asaase a yɛkɔfaa so hwɛɛ sɛnea ɛte no yɛ asaase papa paa.+ 8 Sɛ Yehowa agye yɛn atom a, ɛnde nea ɛte biara ɔde yɛn bɛkɔ asaase yi so na ɔde ama yɛn, asaase a nufusu ne ɛwo abu so wɔ so no.+ 9 Enti monhwɛ na moantew atua antia Yehowa, na munnsuro nnipa a wɔte asaase no so no,+ efisɛ wɔyɛ koko koraa ma yɛn.* Wonni ahobammɔ biara, na yɛn de, Yehowa ka yɛn ho.+ Munnsuro wɔn.”

10 Nanso asafo no nyinaa kae sɛ wonsiw wɔn abo.+ Ɛnna Yehowa anuonyam daa adi wɔ ahyiae ntamadan no so maa Israelfo no nyinaa hui.+

11 Ɛnna Yehowa bisaa Mose sɛ: “Da bɛn koraa na ɔman yi de obu bɛma me?+ Na nsɛnkyerɛnne a mayɛ wɔ wɔn mu yi nyinaa akyi no, da bɛn na wobegye me adi?+ 12 Ma memfa nsanyare a edi awu mmra wɔn so na menhyew wɔn ase, na memma wonyɛ ɔman kɛse a ɛyɛ den sen wɔn.”+

13 Nanso Mose ka kyerɛɛ Yehowa sɛ: “Sɛ woyɛ saa a, Egyptfo a wode wo tumi yii ɔman yi fii wɔn mu no bɛte,+ 14 na wɔbɛka ho asɛm akyerɛ nnipa a wɔte asaase yi so no. Wɔn nso ate sɛ wo Yehowa, wowɔ ɔman yi mu,+ na woayi wo ho adi akyerɛ wɔn anim ne anim.+ Wone Yehowa, na wo mununkum na ɛkata wɔn so. Na wudi wɔn anim awia wɔ omununkum dum mu, na anadwo nso, wudi wɔn anim wɔ ogya dum mu.+ 15 Sɛ wukum nnipa yi nyinaa prɛko pɛ* a, aman a wɔate wo ho asɛm no bɛka sɛ: 16 ‘Yehowa antumi amfa ɔman yi ankɔ asaase a ɔkaa ntam sɛ ɔde bɛma wɔn no so, enti wakunkum wɔn wɔ sare no so.’+ 17 Enti Yehowa, mepa wo kyɛw, ma wo tumi nyɛ kɛse, efisɛ wohyɛɛ bɔ sɛ: 18 ‘Yehowa, nea ne bo mfuw ntɛm, nea ne dɔ a enni huammɔ nni ano,+ nea ɔde mfomso ne mmarato ne bɔne kyɛ, nanso ɔmma nea odi fɔ mfa ne ho nni da. Ɔde agyanom bɔne ho asotwe ba mma ne mmanana ne nanankansowanom so.’+ 19 Mepa wo kyɛw, wo dɔ bebrebe a enni huammɔ no nti, fa ɔman yi bɔne kyɛ wɔn, sɛnea wode wɔn bɔne akyɛ wɔn fi Egypt abesi nnɛ no.”+

20 Ɛnna Yehowa kae sɛ: “Nea woaka yi nti, mede wɔn bɔne akyɛ wɔn.+ 21 Nanso mete ase yi, Yehowa anuonyam bɛhyɛ asaase nyinaa ma.+ 22 Mmarima a wohuu m’anuonyam ne anwonwade ahorow a meyɛe+ wɔ Egypt ne sare yi so, a ne nyinaa akyi wɔakɔ so asɔ me ahwɛ+ mpɛn du ni a wɔantie me no,+ wɔn mu baako mpo 23 renhu asaase a mekaa wɔn agyanom ntam sɛ mede bɛma wɔn no. Wɔn a wommu me no, wɔn mu baako mpo nni hɔ a obehu.+ 24 Nanso esiane sɛ m’akoa Kaleb+ da nsow,* na wakɔ so de ne koma nyinaa adi m’akyi nti, nea ɛte biara mede no bɛkɔ asaase a ɔkɔhwɛɛ so no so, na ɛbɛyɛ n’asefo dea.+ 25 Amalekfo ne Kaananfo+ tete obon no mu,* enti ɔkyena monnan mo ho nkɔfa Ɛpo Kɔkɔɔ kwan no so nkɔ sare no so.”+

26 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ: 27 “Amumɔyɛfo asafo yi benwiinwii atia me akosi da bɛn?+ Mate anwiinwii a Israelfo renwiinwii tia me no.+ 28 Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Nea Yehowa aka ni, “Sɛ́ mete ase yi, nea moaka ama adu m’asom no, saa ara na mede bɛyɛ mo!+ 29 Mo afunu bɛdeda sare yi so,+ yiw, mo a wɔkan mo a moadi mfe 20 rekɔ nyinaa, mo a munwiinwii tiaa me no nyinaa.+ 30 Mo mu biara nni hɔ a ɔbɛkɔ asaase a mekaa ntam* sɛ mɛma moatena so no so,+ gye Yefune ba Kaleb ne Nun ba Yosua.+

31 “‘“Na mo mma a mokae sɛ wɔbɛsoa wɔn akɔ no, mede wɔn nso bɛkɔ bi,+ na wobehu asaase a moapo no.+ 32 Mo de, mo afunu bɛdeda sare yi so. 33 Na mo mma bɛyɛ nguanhwɛfo wɔ sare no so mfe 40,+ na nokware a moanni* no, wobetua ho ka akosi sɛ mo mu nea otwa to bewu atɔ sare yi so.+ 34 Nna a mode kɔhwɛɛ asaase no yɛ nnafua 40,+ enti mfe 40 na mode bɛsoa mo bɔne.+ Da koro biara bɛyɛ afe, na po a mopoo me no,* mubehu ne nsunsuanso.

35 “‘“Me, Yehowa, makasa. Na amumɔyɛfo asafo yi nyinaa, wɔn a wɔaka abom asɔre atia me no, nea mɛyɛ wɔn ni: Sare yi so na wɔn awiei bɛba, na ɛha na wobewuwu.+ 36 Na mmarima a Mose somaa wɔn kɔhwɛɛ asaase no, a wɔde asaase no ho amanneɛbɔ a etu koma bae maa asafo no nyinaa nwiinwii tiaa no no,+ 37 yiw, mmarima a wɔde asaase no ho amanneɛbɔ a etu koma bae no, mɛtwe wɔn aso, na wobewuwu wɔ Yehowa anim.+ 38 Na Nun ba Yosua ne Yefune ba Kaleb a wɔka nkurɔfo a wɔkɔhwɛɛ asaase no ho no de, nea ɛbɛyɛ biara wɔbɛkɔ so atena ase.”’”+

39 Bere a Mose kaa nsɛm yi kyerɛɛ Israelfo no nyinaa no, ɔman no fii ase dii awerɛhow yiye. 40 Afei wɔsɔree anɔpatutuutu sɛ wɔreforo akɔ bepɔw no apampam, na wɔkae sɛ: “Yɛayɛ krado sɛ yɛbɛforo akɔ baabi a Yehowa kaa ho asɛm no, efisɛ yɛayɛ bɔne.”+ 41 Ɛnna Mose kae sɛ: “Adɛn nti na morebu Yehowa asɛm so? Ɛrensi mo yiye. 42 Monhwɛ na moamforo ankɔ, efisɛ Yehowa nka mo ho; anyɛ saa a, mubedi nkogu wɔ mo atamfo anim.+ 43 Hwɛ, Amalekfo ne Kaananfo wɔ hɔ,+ na wɔne mo bɛko, na wɔde sekan bekunkum mo. Esiane sɛ moafi Yehowa akyi nti, Yehowa nso renni mo akyi bio.”+

44 Nanso wɔyɛɛ asoɔden, na wɔforo kɔɔ bepɔw no apampam,+ na Yehowa apam adaka no ne Mose amfi asoɛe no mfinimfini ankɔ.+ 45 Na Amalekfo ne Kaananfo a wɔtete saa bepɔw no so no sian bɛtow hyɛɛ wɔn so kunkum wɔn, na wɔbɔɔ wɔn a wɔaka no hwete kɔɔ Horma tɔnn.+

15 Yehowa san ka kyerɛɛ Mose sɛ: 2 “Wo ne Israelfo nkasa, na ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Sɛ mudu asaase a mede ama mo sɛ monkɔtena so no so,+ 3 na mode nantwi anaa oguan bɔ afɔre a wɔde ogya hyew ma Yehowa a, sɛ ɛyɛ ɔhyew afɔre oo,+ bɔhyɛ titiriw ho afɔre oo, ayamye afɔre oo,+ afɔre a morebɔ no afahyɛ bere+ oo, sɛ mopɛ sɛ ɛyɛ huam* ma Yehowa a,+ 4 ɛsɛ sɛ nea ɔrebɛbɔ afɔre no de ngo hin* nkyem anan mu baako fra esiam muhumuhu+ efa nkyem du mu baako* na ɔde bɔ aduan afɔre nso ma Yehowa. 5 Afei nso, momfa nsã* hin nkyem anan mu baako mmɔ nsã afɔre nka ɔhyew afɔre anaa odwennini kumaa afɔre biara ho.+ 6 Na sɛ odwennini na mode reba a, momfa ngo hin nkyem abiɛsa mu baako mfra esiam muhumuhu efa nkyem du mu abien, na momfa mmɛbɔ aduan afɔre. 7 Na momfa nsã* hin nkyem abiɛsa mu baako mmɛbɔ nsã afɔre huamhuam* mma Yehowa.

8 “‘Nanso sɛ mode nantwinini rebɛbɔ ɔhyew afɔre+ anaa bɔhyɛ titiriw afɔre+ anaa asomdwoe afɔre ama Yehowa a,+ 9 momfa ngo hin fã mfra esiam muhumuhu efa nkyem du mu abiɛsa nka nantwinini no ho mmɛbɔ aduan afɔre.+ 10 Afei nso, momfa nsã* hin fã mmɛbɔ nsã afɔre,+ momfa mmɛbɔ afɔre huamhuam* a wɔde ogya hyew mma Yehowa. 11 Bere biara a mode nantwinini anaa odwennini anaa odwennini kumaa anaa apɔnkye bɛba no, saa na ɛsɛ sɛ moyɛ. 12 Mmoa dodow biara a mode bɛba abɛbɔ afɔre no, saa na monyɛ emu biara, sɛnea wɔn dodow te. 13 Obiara a wɔwoo no Israelni no, sɛ ɔrebɛbɔ afɔre huamhuam* a wɔde ogya hyew ama Yehowa a, saa na ɛsɛ sɛ ɔyɛ no.

14 “‘Sɛ ɔhɔho bi abɛsoɛ mo mu, anaa watena mo mu mo awo ntoatoaso pii mu, na ɔpɛ sɛ ɔbɔ afɔre huamhuam* a wɔde ogya hyew ma Yehowa a, sɛnea moyɛ no no, saa ara na ɔnyɛ no.+ 15 Ahyɛde baako na ɛwɔ hɔ ma asafo no ne ɔhɔho a wabɛtena mo mu no nyinaa. Ɛyɛ ahyɛde a mubedi so daa, mo awo ntoatoaso nyinaa mu. Ɔhɔho ne mo nyinaa bɛyɛ pɛ wɔ Yehowa anim.+ 16 Mmara baako ne atemmusɛm baako na ɛwɔ hɔ ma mo ne ɔhɔho a wabɛtena mo mu no nyinaa.’”

17 Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Mose sɛ: 18 “Wo ne Israelfo nkasa, na ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Sɛ mudu asaase a mede mo rekɔ so no so, 19 na mudi asaase no so aduan* biara a,+ munyi ntoboa mma Yehowa. 20 Momfa esiam a efi mo aba a edi kan mu no nto paanoo a ɛte sɛ kawa mmeyi ntoboa.+ Sɛnea mode awiporowbea ntoboa ba no, saa ara na momfa eyi nso mmra. 21 Momfa esiam a efi mo aba a edi kan mu no bi nyɛ ntoboa mma Yehowa, mo awo ntoatoaso nyinaa mu.

22 “‘Na sɛ mudi mfomso, na moanni mmara a Yehowa de maa Mose yi nyinaa so, 23 kyerɛ sɛ, mmara a Yehowa nam Mose so de maa mo, a ɛyɛɛ adwuma fii da a Yehowa de maa mo, a ɛbɛkɔ so ayɛ adwuma akosi mo awo ntoatoaso so no, 24 na sɛ ɛnyɛ boapayɛ, na asafo no nnim ho hwee a, ɛnde asafo no nyinaa mfa nantwinini kumaa baako mmɛbɔ ɔhyew afɔre huamhuam* mma Yehowa, na wɔmfa ɛho aduan afɔre ne nsã afɔre nka ho sɛnea wɔyɛ no daa no,+ na wɔmfa apɔnkye ba baako nso mmɔ bɔne ho afɔre.+ 25 Na ɔsɔfo no mpata mma Israel asafo no nyinaa bɔne, na wɔde wɔn bɔne bɛkyɛ wɔn,+ efisɛ na ɛnyɛ boapayɛ. Afei nso, wɔbɔɔ afɔre a wɔde ogya hyew maa Yehowa, na wɔbɔɔ wɔn bɔne ho afɔre wɔ Yehowa anim esiane wɔn mfomso no nti. 26 Wɔde bɛkyɛ Israel asafo no nyinaa ne ahɔho a wɔabɛtena wɔn mu no, efisɛ ɛyɛ mfomso a ɔman no nyinaa dii.

27 “‘Sɛ onipa* bi anhyɛ da na ɔyɛ bɔne a, ɔmfa apɔnkyebere a wadi bɛyɛ afe mmɛbɔ bɔne ho afɔre.+ 28 Ɔsɔfo no mpata mma onipa* a wanhyɛ da a ɔyɛɛ bɔne wɔ Yehowa anim no. Ɔmpata mma ne bɔne no, na wɔde bɛkyɛ no.+ 29 Sɛ obi a wɔwoo no Israelni anaa ɔhɔho a wabɛtena wɔn mu no anhyɛ da na ɔyɛ bɔne a, mmara koro na ɛwɔ hɔ ma wɔn nyinaa.+

30 “‘Nanso sɛ onipa* bi hyɛ da yɛ bɔne a,+ watwa Yehowa adapaa. Enti sɛ wɔwoo no Israelni oo, sɛ ɔyɛ ɔhɔho oo, wonkum* no mfi ne man mu. 31 Esiane sɛ saa onipa* no abu Yehowa asɛm animtiaa na wabu n’ahyɛde so nti, sɛnea ɛte biara munkum no.*+ Ɔno ara bɛsoa ne bɔne.’”+

32 Bere a Israelfo no wɔ sare so no, wohuu ɔbarima bi sɛ ɔresesaw anyina Homeda.+ 33 Wɔn a wohui sɛ ɔresesaw anyina no de no baa Mose ne Aaron ne asafo no nyinaa anim. 34 Na wɔde no too dan mu,+ efisɛ na wɔnkyerɛɛ nea ɛsɛ sɛ wɔde yɛ no.

35 Na Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Sɛnea ɛte biara wonkum ɔbarima no;+ ɛsɛ sɛ asafo no nyinaa siw no abo wɔ asoɛe no akyi.”+ 36 Enti asafo no nyinaa de no kɔɔ asoɛe no akyi, na wosiw no abo kum no, sɛnea Yehowa ka kyerɛɛ Mose no.

37 Yehowa toaa so kaa asɛm yi kyerɛɛ Mose sɛ: 38 “Wo ne Israelfo nkasa, na ka kyerɛ wɔn sɛ, wɔne wɔn nkyirimma* nyinaa nnwene mmɛsa wɔ wɔn ntaade ano, na wɔmfa hama bruu nto mmɛsa no so.+ 39 ‘Monnwene mmɛsa no wɔ mo ntaade ano sɛnea ɛbɛyɛ a mubehu na akae mo Yehowa ahyɛde nyinaa na moadi so.+ Ɛnsɛ sɛ mudi mo ankasa koma ne mo aniwa akyi. Ɛno na mudi akyi a ɛmma munni me nokware no.*+ 40 Eyi bɛma moakae m’ahyɛde nyinaa na moadi so, na moayɛ kronkron ama mo Nyankopɔn.+ 41 Mene Yehowa mo Nyankopɔn, me na miyii mo fii Egypt asaase so sɛnea ɛbɛyɛ a mubehu sɛ mene mo Nyankopɔn.+ Mene Yehowa mo Nyankopɔn.’”+

16 Na Kora+ a ɔyɛ Lewi+ ba Kohat+ ba Yisar+ ba no sɔre gyinae, ɔne Eliab+ mma Datan ne Abiram, ne Pelet ba On a wofi Ruben+ abusuakuw mu no. 2 Wɔne Israelfo mmarima a wɔyɛ bagua no mu mpanyimfo, mmarima 250 a wɔayi wɔn wɔ asafo no mu a wɔwɔ din sɔre tiaa Mose. 3 Wɔboaa wɔn ano kɔɔ Mose ne Aaron so,+ na wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Yɛabrɛ mo! Asafo yi nyinaa nso yɛ nnipa kronkron,+ obiara yɛ kronkron, na Yehowa wɔ wɔn mu.+ Adɛn nti na ɛsɛ sɛ moma mo ho so wɔ Yehowa asafo so saa?”

4 Bere a Mose tee saa no, ɛhɔ ara na ɔde n’anim butuw fam. 5 Afei ɔka kyerɛɛ Kora ne n’akyitaafo no nyinaa sɛ: “Ɔkyena anɔpa Yehowa bɛkyerɛ nea ɔyɛ ne dea,+ ne nea ɔyɛ kronkron, ne nea ɛsɛ sɛ ɔba n’anim,+ na nea obeyi no no,+ ɔno na ɔbɛba n’anim. 6 Nea monyɛ ni: Kora, wo ne w’akyitaafo nyinaa,+ momfa kankyee a wɔde ogya gu mu,+ 7 na momfa ogya ngu mu, na momfa aduhuam ngu so, na momfa mmra Yehowa anim ɔkyena, na nea Yehowa beyi no no,+ ɔno na ɔyɛ kronkron. Afei de, aboro so, Lewi mma!”+

8 Na Mose ka kyerɛɛ Kora sɛ: “Lewi mma, mepa mo kyɛw, muntie. 9 Mohwɛ a ɛyɛ ade ketewa sɛ Israel Nyankopɔn no ayi mo afi Israel asafo mu+ sɛ mommra n’anim mmɛyɛ adwuma wɔ Yehowa som ntamadan mu na munnyina asafo no anim nsom wɔn?+ 10 Ɛyɛ ade ketewa sɛ wama wo ne wo nuanom Lewifo no abɛn no? Ɛnna eyi nyinaa akyi, moresan apɛ asɔfodi no?+ 11 Ɛno nti, wo ne w’akyitaafo a moaboa mo ano no nyinaa asɔre atia Yehowa. Aaron de, dɛn na wayɛ a enti munwiinwii tia no?”+

12 Akyiri yi, Mose soma kɔfrɛɛ Eliab mma Datan ne Abiram+ sɛ wɔmmra, nanso wɔkae sɛ: “Yɛremma baabiara! 13 Woayi yɛn afi asaase a nufusu ne ɛwo abu so wɔ so no so sɛ yemmewuwu wɔ sare so.+ Wohwɛ a ɛyɛ ade ketewa? Afei de, wopɛ sɛ wode yɛn yɛ nkoa na wudi yɛn so woahu?* 14 Yɛreka yi koraa, womfaa yɛn mmaa asaase a nufusu ne ɛwo abu so wɔ so+ biara so, na wommaa yɛn asaase ne bobefuw* agyapade biara. Adɛn, wopɛ sɛ wututu mmarima no ani anaa? Yɛremma baabiara!”

15 Enti Mose bo fuwii paa, na ɔka kyerɛɛ Yehowa sɛ: “Ntwa w’ani nhwɛ wɔn aduan afɔre. Minnyee afurum baako mpo mfii wɔn hɔ, na menyɛɛ wɔn mu biara bɔne nso.”+

16 Ɛnna Mose ka kyerɛɛ Kora sɛ: “Wo ne w’akyitaafo nyinaa mmra Yehowa anim ɔkyena, wo ne wɔn ne Aaron. 17 Obiara mfa ne kankyee a wɔde ogya gu mu na ɔmfa aduhuam ngu so, na obiara mfa ne kankyee a wɔde ogya gu mu no mmra Yehowa anim, kankyee a wɔde ogya gu mu 250. Na wo ne Aaron nso, obiara mfa ne kankyee a wɔde ogya gu mu mmra.” 18 Enti obiara faa ne kankyee a wɔde ogya gu mu, na wɔde ogya ne aduhuam guu mu, na wobegyinaa ahyiae ntamadan no ano, wɔne Mose ne Aaron. 19 Bere a Kora boaa n’akyitaafo+ ano kɔɔ ahyiae ntamadan no ano no, Yehowa anuonyam daa adi maa asafo no nyinaa hui.+

20 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ: 21 “Montwe mo ho mfi saa nkurɔfo yi ho, na menhyew wɔn ase seesei ara.”+ 22 Bere a wɔtee saa no, wɔde wɔn anim butubutuw fam, na wɔkae sɛ: “O, Onyankopɔn, Onyankopɔn a woma nnipa nyinaa nkwa,*+ onipa baako bɔne nti, wobɛma w’abufuw aba asafo yi nyinaa so anaa?”+

23 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: 24 “Wo ne asafo no nkasa, na ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Mumfi Kora ne Datan ne Abiram+ ntamadan ho!’”

25 Ɛnna Mose sɔree, na ɔkɔɔ Datan ne Abiram nkyɛn, na Israel mpanyimfo no+ ne no kɔe. 26 Na ɔka kyerɛɛ asafo no sɛ: “Mepa mo kyɛw, montwe mo ho mfi nnipa abɔnefo yi ntamadan ho. Mommfa mo nsa nnka wɔn biribiara, na wɔn bɔne no nti wɔampra mo ankɔ.” 27 Na ntɛm ara na wɔtwee wɔn ho fii Kora ne Datan ne Abiram ntamadan no ho baabiara. Na Datan ne Abiram pue begyinagyinaa wɔn ntamadan ano, wɔne wɔn yerenom ne wɔn mma mmarima ne wɔn mma nketewa nyinaa.

28 Afei Mose kae sɛ: “Eyi na ɛbɛma moahu sɛ Yehowa na wasoma me sɛ menyɛ eyinom nyinaa, na ɛnyɛ me ara:* 29 Sɛ nnipa yi wu* sɛnea nnipa nyinaa wu, na sɛ asotwe a ɛbɛba wɔn so no yɛ nea ɛba nnipa nyinaa so no bi a, ɛnde na ɛnyɛ Yehowa na wasoma me.+ 30 Na sɛ Yehowa ma biribi a ɛyɛ nwonwa ba wɔn so, na asaase mu bue,* na ɛmene wɔne nea wɔwɔ nyinaa ma wɔkɔ Ɔdamoa* mu anikan a, ɛhɔ na mubehu sɛ ampa, nnipa yi ayɛ aniammɔnho akyerɛ Yehowa.”

31 Bere a ɔkaa asɛm yi nyinaa wiei pɛ na asaase a wogyina so no mu paee.+ 32 Na asaase no mu buei,* na ɛmenee wɔne wɔn fifo ne Kora ho nipa biara+ ne wɔn agyapade nyinaa. 33 Enti wɔne wɔn a ɛka wɔn ho nyinaa sian kɔɔ Ɔdamoa* mu animono, na asaase kataa wɔn so ma wɔyera fii asafo no mu.+ 34 Bere a wɔreteɛteɛm no, Israelfo a ɛbɛn wɔn no nyinaa guan fii hɔ, na wɔkae sɛ: “Yesuro sɛ anhwɛ a na asaase amene yɛn nso!” 35 Ɛnna ogya fi Yehowa hɔ bae,+ na ɛhyew mmarima 250 a na wokurakura aduhuam no.+

36 Na Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: 37 “Ka kyerɛ ɔsɔfo Aaron ba Eleasar sɛ onyiyi nkankyee a wɔde ogya gu mu no+ mfi ogya no mu, efisɛ ɛyɛ kronkron. Afei nso, ka kyerɛ no sɛ ompiapia ogya no mfi ho nkɔ akyiri. 38 Ma wɔmfa nkankyee a wɔde ogya gu mu a na ekurakura nnipa a wɔyɛɛ bɔne* ma wowuwui no, na wɔnyɛ no ntraantraa mfa nkata afɔremuka no ho.+ Esiane sɛ wɔde baa Yehowa anim nti, abɛyɛ ade kronkron. Ma ɛnyɛ sɛnkyerɛnne mma Israelfo no.”+ 39 Enti ɔsɔfo Eleasar faa kɔbere nkankyee a wɔde ogya gu mu no, nea nnipa a wɔhyewee no de bae no, na ɔbobɔɔ so de kataa afɔremuka no ho, 40 sɛnea na Yehowa nam Mose so aka akyerɛ no no. Ɛyɛ biribi a na ɛbɛkae Israelfo no sɛ, ɛnsɛ sɛ obi a wɔmmaa no kwan,* kyerɛ sɛ, obi a omfi Aaron abusua mu hyew aduhuam wɔ Yehowa anim.+ Afei nso, na ɛbɛkae wɔn na obiara anyɛ sɛ Kora ne n’akyitaafo no.+

41 Nanso ade kyee ara na Israel asafo no nyinaa fii ase nwiinwii tiaa Mose ne Aaron+ sɛ: “Mo baanu na moakum Yehowa nkurɔfo.” 42 Bere a asafo no boaa wɔn ano baa Mose ne Aaron so no, wɔde wɔn ani kyerɛɛ ahyiae ntamadan no. Na hwɛ! na omununkum no akata so, na Yehowa anuonyam fii ase daa adi.+

43 Afei Mose ne Aaron begyinaa ahyiae ntamadan no anim.+ 44 Na Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: 45 “Montwe mo ho mfi asafo yi ho na menhyew wɔn ase seesei ara.”+ Ɛnna wɔde wɔn anim butubutuw fam.+ 46 Afei Mose ka kyerɛɛ Aaron sɛ: “Fa kankyee a wɔde ogya gu mu no, na yi afɔremuka no so gya no+ bi gu mu na fa aduhuam gu so, na yɛ ntɛm kɔ asafo no nkyɛn kɔpata ma wɔn,+ efisɛ Yehowa bo afuw. Ɔhaw no afi ase!” 47 Ɛhɔ ara na Aaron kɔfaa kankyee a wɔde ogya gu mu no, sɛnea Mose kae no, na otuu mmirika kɔɔ asafo no mu. Na hwɛ! na ɔhaw no afi ase dedaw. Enti ɔde aduhuam no guu kankyee no mu hyew de pata maa ɔman no. 48 Na ogyinaa wɔn a wɔawu ne wɔn a wonwui no ntam, na afei de, ɔhaw no gyaee. 49 Nnipa a ɔhaw a ɛbae no kunkum wɔn no nyinaa yɛ 14,700. Wɔn a Kora asɛm no nti wowuwui no nka ho. 50 Bere a Aaron san baa Mose nkyɛn wɔ ahyiae ntamadan no ano no, na ɔhaw no agyae.

17 Na Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: 2 “Wo ne Israelfo no nkasa, na gye poma baako fi wɔn agyanom abusuafi biara mu.+ Gye fi ɔpanyin a ɔwɔ agyanom abusuafi biara mu no hɔ. Ne nyinaa bɛyɛ mpoma 12. Kyerɛw obiara din wɔ ne poma ho. 3 Kyerɛw Aaron din wɔ Lewifo poma ho, efisɛ abusuapanyin biara de poma baako bɛba ama n’agyanom abusuafi. 4 Fa mpoma no nyinaa kogu ahyiae ntamadan no mu wɔ Adanse Adaka no+ anim, baabi a metaa yi me ho adi kyerɛ mo no.+ 5 Na onipa a meyi no no,+ ɔno na ne poma bɛfefɛw, na anwiinwii a Israelfo nwiinwii tia me,+ ne nea wonwiinwii tia mo no,+ mɛma agyae.”

6 Enti Mose ne Israelfo no kasae, na wɔn mpanyimfo no nyinaa de wɔn mpoma maa no. Ɔpanyin a ɔwɔ agyanom abusuafi biara mu de poma baako bae, na ne nyinaa yɛɛ mpoma 12. Ná Aaron poma ka wɔn mpoma no ho. 7 Ɛnna Mose de mpoma no beguu Adanse ntamadan no mu wɔ Yehowa anim.

8 Na ade kyee a Mose kɔɔ Adanse ntamadan no mu no, hwɛ! na Aaron poma a ɛyɛ Lewi fi de no afefɛw agu nhwiren, na na asow aborɔfo nkate ama abere. 9 Na Mose de mpoma no nyinaa pue fii Yehowa anim brɛɛ Israelfo no nyinaa. Wɔhwɛɛ mpoma no, na ɔbarima biara yii ne de.

10 Na Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “San fa Aaron poma no+ kɔto Adanse Adaka no anim, na ɛnyɛ sɛnkyerɛnne+ mma atuatewfo no,+ sɛnea ɛbɛyɛ a wobegyae anwiinwii a wonwiinwii tia me no, na wɔanwuwu.” 11 Ntɛm ara na Mose yɛɛ nea Yehowa ka kyerɛɛ no no. Ɔyɛɛ saa pɛpɛɛpɛ.

12 Na Israelfo no ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Eyi de, yebewuwu, nea ɛte biara yɛbɛsɛe; yɛn nyinaa bɛsɛe! 13 Obiara a ɔbɛbɛn Yehowa som ntamadan no mpo bewu!+ Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yewuwu saa?”+

18 Na Yehowa ka kyerɛɛ Aaron sɛ: “Biribiara a obi bɛyɛ atia tenabea kronkron no, wo ne wo mma ne w’agyanom abusuafi a wɔka wo ho no na ɛho asodi da mo so,*+ na biribiara a obi bɛyɛ atia w’asɔfodi no, wo ne wo mma a wɔka wo ho no na ɛho asodi da mo so.+ 2 Afei nso, fa wo nuanom, Lewi abusuakuw, w’abusuakuw no bra, na wɔmmɛka wo ho, na wɔmmoa wo+ ne wo mma wɔ Adanse ntamadan+ no anim. 3 Adwuma biara a ɛsɛ sɛ wɔyɛ ma wo, ne adwuma biara a ɛsɛ sɛ wɔyɛ wɔ ntamadan no ho nyinaa wɔnyɛ.+ Nanso kronkronbea hɔ nneɛma anaa afɔremuka no de, ɛnsɛ sɛ wɔbɛn ho, na wɔne mo nyinaa anwuwu.+ 4 Wɔnka wo ho na wɔnyɛ ahyiae ntamadan hɔ adwuma a wɔde ahyɛ wɔn nsa, ne ntamadan no ho adwuma foforo biara, na ɛnsɛ sɛ onipa biara a wɔmmaa no kwan sɛ ɔyɛ bi* no bɛn mo.+ 5 Monhwɛ nyɛ adwuma a wɔde ama mo wɔ kronkronbea hɔ+ ne afɔremuka no ho no,+ na abufuw biara amma Israelfo no so bio.+ 6 Me ara na mayi mo nuanom Lewifo afi Israelfo mu de wɔn akyɛ mo.+ Wɔde wɔn ama Yehowa sɛ wɔnyɛ ahyiae ntamadan no ho adwuma.+ 7 Asɔfodwuma a moyɛ wɔ afɔremuka no ho ne nea ɛwɔ ntwamutam no akyi no, wo ne wo mma na ɛhyɛ mo nsa;+ mo na ɛsɛ sɛ moyɛ saa nnwuma no.+ Mede asɔfodi adwuma no akyɛ mo. Onipa biara a wɔmmaa no kwan sɛ ɔnyɛ bi* a ɔbɛbɛn ho no, munkum no.”+

8 Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Aaron sɛ: “Nneɛma a nkurɔfo de brɛ me no, me ara mede hyɛ wo nsa.+ Nneɛma kronkron a Israelfo de brɛ me nyinaa, mede bi ama wo ne wo mma, na ɛbɛyɛ mo kyɛfa daa.+ 9 Afɔre kronkron paa a wɔde ogya hyew a ɛbɛyɛ mo kyɛfa ni: Afɔre biara a ɔman no bɛbɔ ama me, te sɛ wɔn aduan afɔre,+ wɔn bɔne ho afɔre,+ ne wɔn afodi afɔre.+ Ɛyɛ ade kronkron paa ma wo ne wo mma. 10 Munni wɔ baabi a ɛhɔ yɛ kronkron paa.+ Ɔbarima biara betumi adi bi. Ɛbɛyɛ ade kronkron ama wo.+ 11 Eyinom nso yɛ mo dea: Akyɛde a wɔde ba,+ ne Israelfo ohim afɔre+ nyinaa. Mede ama wo ne wo mma mmarima ne wo mma mmea a wɔka wo ho no sɛ mo kyɛfa daa.+ Obiara a ne ho tew wɔ wo fi betumi adi bi.+

12 “Ngo a eye paa no nyinaa, ne bobesa foforo a eye paa ne hwiit* a eye paa no nyinaa, wɔn aba a edi kan+ a wɔde bɛbrɛ Yehowa no, mede ama wo.+ 13 Wɔn asaase so nnɔbae aba a ebedi kan abere nyinaa, nea wɔde bɛbrɛ Yehowa no, ɛbɛyɛ wo dea.+ Obiara a ne ho tew wɔ wo fi betumi adi bi.

14 “Biribiara a wɔahyira so* wɔ Israel no bɛyɛ wo dea.+

15 “Biribiara a nkwa wom* abakan+ a wɔde bɛbrɛ Yehowa no, onipa oo, aboa oo, ɛbɛyɛ wo dea. Nanso nnipa mmakan de, sɛnea ɛte biara, tua sika gye wɔn.+ Mmoa a wɔn ho ntew mmakan nso, tua sika gye wɔn.+ 16 Wɔn a wɔadi bosome baako rekɔ no, tua nnwetɛbona anum* a wɔatwa ato hɔ no fa gye wɔn,+ sɛnea wobu dwetɛbona ano wɔ kronkronbea hɔ no.* Dwetɛbona baako biara yɛ gerah* 20. 17 Nanso nantwinini a ɔyɛ abakan anaa odwennini kumaa a ɔyɛ abakan anaa apɔnkye a ɔyɛ abakan de, ntua sika nnye wɔn.+ Wɔyɛ kronkron. Fa wɔn mogya petepete afɔremuka no so,+ na fa ogya hyew wɔn srade ma ɛnyɛ afɔre huamhuam* mma Yehowa.+ 18 Na wɔn nam no bɛyɛ wo dea. Sɛnea ne koko a wɔde bɔ ohim afɔre ne ne nan nifa yɛ wo dea no, saa ara na ɛnam no nso yɛ wo dea.+ 19 Ntoboa kronkron a Israelfo de bɛbrɛ Yehowa nyinaa,+ mede ama wo ne wo mma mmarima ne wo mma mmea, na ɛbɛyɛ mo kyɛfa daa.+ Ɛyɛ nkyene apam* a ɛwɔ hɔ daa wɔ Yehowa anim ma wo ne w’asefo a wɔka wo ho no.”

20 Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Aaron sɛ: “Worennya agyapade wɔ wɔn asaase so, na worennya asaase biara wɔ wɔn mu.+ Mene wo kyɛfa ne w’agyapade wɔ Israelfo mu.+

21 “Hwɛ, Lewifo no de, adwuma a wɔyɛ wɔ ahyiae ntamadan no ho nti, mede Israel biribiara mu nkyem du mu baako+ ama wɔn sɛ wɔn agyapade. 22 Israelfo no mmma ahyiae ntamadan no ho bio. Wɔba hɔ a, wɔayɛ bɔne na wobewuwu. 23 Lewifo no na wɔbɛyɛ ahyiae ntamadan no ho adwuma, na bɔne biara a ɔman no bɛyɛ no, wɔn na ɛho asodi da wɔn so.+ Ɛyɛ ahyɛde daa wɔ mo awo ntoatoaso nyinaa mu sɛ, ɛnsɛ sɛ wonya agyapade biara wɔ Israelfo mu.+ 24 Efisɛ nneɛma mu nkyem du mu baako a Israelfo de yi ntoboa, nea wɔde yi ntoboa ma Yehowa no, mede ama Lewifo no sɛ wɔn agyapade. Ɛno nti na maka akyerɛ wɔn sɛ: ‘Ɛnsɛ sɛ wonya agyapade biara wɔ Israelfo mu’ no.”+

25 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: 26 “Ka kyerɛ Lewifo no sɛ, ‘Israelfo no de wɔn nneɛma mu nkyem du mu baako a mede ama mo no bɛma mo sɛ mo agyapade.+ Na mo nso, monkyɛ nea mo nsa bɛka no mu du, na momfa baako nyi ntoboa mma Yehowa.+ 27 Wobebu no sɛ mo ntoboa, te sɛ hwiit* a efi awiporowbea,+ anaa nsã* pii a efi amoa a wokyĩ nsã wom mu, anaa ngo bebree a efi baabi a wokyĩ ngo. 28 Ɛbɛma mo nso moayi ntoboa ama Yehowa afi Israelfo nneɛma mu nkyem du mu baako a mubenya no nyinaa mu. Ɛno mu na munyi ntoboa mma Yehowa na ɛnkɔ ɔsɔfo Aaron hɔ. 29 Ade kronkron biara a wɔde kyɛ mo no, emu nea ɛyɛ papa paa no, ɛno na sɛ moreyi ntoboa biara ama Yehowa a, momfa nyi.’+

30 “Na ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Sɛ mode nea ɛyɛ papa paa no yi ntoboa a, nea aka no bɛyɛ mo, Lewifo no dea. Ɛbɛyɛ sɛ nsã a efi mo ankasa amoa a mukyĩ nsã wom mu, anaa ngo a efi baabi a mo ara mukyĩ ngo. 31 Mo ne mo fifo betumi adi wɔ baabiara, efisɛ adwuma a moyɛ wɔ ahyiae ntamadan no ho no, ɛyɛ ho akatua.+ 32 Sɛ mode nea ɛyɛ papa paa no yi ntoboa de a, ɛnde bɔne ho afodi biara remma mo so. Monhwɛ na moangu Israelfo nneɛma kronkron no ho fĩ, anyɛ saa a mubewu.’”+

19 Na Yehowa san ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ: 2 “Mmara a efi Yehowa hɔ no mu ahyɛde baako ni, ‘Ka kyerɛ Israelfo sɛ, wɔmfa nantwi kɔkɔɔ a ɔte apɔw a dɛm biara nni ne ho+ a wɔmfaa kɔndua ntoo ne kɔn mu da mmrɛ wo. 3 Momfa no mma ɔsɔfo Eleasar, na ɔmfa no nkɔ asoɛe no akyi, na wonkum no wɔ n’anim. 4 Na ɔsɔfo Eleasar mfa ne nsateaa nka ne mogya no bi, na ɔmpete mogya no mpɛn ason wɔ baabi a ɛde rekɔ ahyiae ntamadan no anim hɔ no.+ 5 Afei wɔnhyew nantwi no wɔ n’anim. Ne nhoma, ne nam, ne mogya, ne ne bin nyinaa, wɔnhyew.+ 6 Na ɔsɔfo no mfa sida dua ne sommɛ*+ ne koogyan na ɔntow ngu ogya a wɔde rehyew nantwi no mu. 7 Afei ɔsɔfo no nhoro ne ntaade na ɔmfa nsu nguare,* na owie a, obetumi aba asoɛe hɔ. Nanso ɔsɔfo no ho rentew kosi anwummere.

8 “‘Na nea ɔbɛhyew nantwi no nhoro ne ntaade na ɔmfa nsu nguare,* nanso ne ho rentew kosi anwummere.

9 “‘Ɔbarima a ne ho tew nsesaw nantwi no nsõ no,+ na ɔmfa nkogu baabi a ɛhɔ tew wɔ asoɛe no akyi. Israel asafo no mfa nsie, na wɔmfa mfra nsu a wɔde bɛtew wɔn ho no.+ Ɛyɛ bɔne ho afɔre. 10 Na nea ɔbɛsesaw nantwi no nsõ no nhoro ne ntaade, nanso ne ho rentew kosi anwummere.

“‘Eyi yɛ ahyɛde a Israelfo ne ahɔho a wɔabɛsoɛ wɔn no bedi so daa.+ 11 Obiara a ne ho bɛka onipa a wawu* no, ne ho rentew nnanson.+ 12 Ɛsɛ sɛ saa onipa no de nsu no dwira ne ho da a ɛto so abiɛsa no, na da a ɛto so ason no ne ho bɛtew. Na sɛ wannwira ne ho da a ɛto so abiɛsa no a, ɛnde da a ɛto so ason no ne ho rentew. 13 Sɛ obi ho ka onipa a wawu,* na wannwira ne ho a, wagu Yehowa som ntamadan ho fĩ,+ na ɛsɛ sɛ wokum* saa onipa* no fi Israel.+ Esiane sɛ wɔmfaa ahodwira nsu+ no mpetee ne ho nti, ne ho ntew. Ɔda so ara wɔ ne fĩ mu.

14 “‘Sɛ obi wu wɔ ntamadan mu a, ɛho mmara ni: Obiara a ɔbɛba ntamadan no mu ne obiara a na ɔwɔ ntamadan no mu dedaw no, ne ho rentew nnanson. 15 Ade biara a ano da hɔ a wɔmfaa ne mmuaso nkataa ano nkyekyeree no, ɛho rentew.+ 16 Sɛ obi wɔ wuram na ɔde ne ho ka obi a wɔde sekan akum no, anaa efunu, anaa onipa dompe, anaa ɔda bi a, ne ho rentew nnanson.+ 17 Ɛba saa a, wɔmfa nsõ a wɔsesaw fii baabi a wɔhyew aboa no de bɔɔ bɔne ho afɔre no bi, na wɔmfa ngu ade mu, na wonhwie asuten mu nsu ngu so mma nea ne ho agu fĩ no. 18 Afei ɔbarima a ne ho tew+ mfa sommɛ+ mmɔ nsu no mu na ɔmfa mpete ntamadan no ne emu nneɛma nyinaa ne nnipa* a na ɛwɔ hɔ no so. Na nea ne ho aka dompe anaa ɔde ne ho aka obi a wɔde sekan akum no, anaa efunu anaa ɔda no, ɔmfa bi mpete no so. 19 Na nea ne ho tew no mfa mpete nea ne ho ntew no so da a ɛto so abiɛsa ne da a ɛto so ason no, na onnwira saa onipa no ho mfi bɔne ho da a ɛto so ason no.+ Afei ɔnhoro ne ntaade na ɔmfa nsu nguare, na ne ho bɛtew anwummere.

20 “‘Na sɛ obi ho ntew na wannwira ne ho a, wonkum* saa onipa* no mfi asafo no mu,+ efisɛ wagu Yehowa kronkronbea ho fĩ. Wɔamfa ahodwira nsu no bi ampete no so, enti ne ho ntew.

21 “‘Eyi yɛ ahyɛde a wobedi so daa: Nea ɔbɛpete ahodwira nsu+ no nhoro ne ntaade, na nea ɔde ne nsa bɛka ahodwira nsu no ho rentew kosi anwummere. 22 Biribiara a nea ne ho agu fĩ no ho bɛka no, ɛho begu fĩ, na onipa* biara a ne ho bɛka saa ade no, ne ho begu fĩ akosi anwummere.’”+

20 Bosome a edi kan no mu no, Israel asafo no nyinaa baa Sina sare so, na ɔman no tenaa Kades.+ Ɛhɔ na Miriam+ wui ma wosiee no.

2 Ná nsu nni hɔ a asafo no bɛnom,+ enti wɔboaa wɔn ano kɔɔ Mose ne Aaron so. 3 Na ɔman no ne Mose hamee,+ na wɔkae sɛ: “Bere a yɛn nuanom wuwui wɔ Yehowa anim no, sɛ yɛn nso yewuwui bi mpo a, anka eye! 4 Adɛn nti na mode Yehowa asafo aba sare yi so sɛ yɛne yɛn nyɛmmoa mmewuwu wɔ ha?+ 5 Na adɛn nti na moayi yɛn afi Egypt aba asaase bɔne yi so?+ Ɛha nyɛ baabi a yebetumi adua aba biara; borɔdɔma oo, bobe oo, granate akutu* oo, wudua wɔ ha a ɛrenyɛ yiye. Na nsu biara nso nni ha a yɛbɛnom.”+ 6 Ɛnna Mose ne Aaron fii asafo no anim baa ahyiae ntamadan no ano, na wɔde wɔn anim butubutuw fam. Na Yehowa anuonyam fii ase daa adi ma wohui.+

7 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: 8 “Fa poma no, na wo ne wo nua Aaron mfrɛ ɔman no nhyia. Monkasa nkyerɛ ɔbotan no wɔ wɔn anim na nsu mfi mu mmra. Afei momfa nsu a ebefi ɔbotan no mu aba no mma asafo no ne wɔn nyɛmmoa nnom.”+

9 Enti Mose faa poma no fii Yehowa anim+ sɛnea Ɔka kyerɛɛ no no. 10 Ɛnna Mose ne Aaron frɛɛ asafo no nyinaa baa ɔbotan no anim, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Muntie, mo atuatewfo! Yɛmma nsu mfi ɔbotan yi mu mma mo anaa?”+ 11 Ɛnna Mose maa ne nsa so, na ɔde ne poma no bɔɔ ɔbotan no mprenu, na nsu pii fii mu bae, na asafo no ne wɔn nyɛmmoa fii ase nomee.+

12 Akyiri yi, Yehowa ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ: “Moannye me anni, na moanni me ni wɔ Israelfo anim amma wɔanhu sɛ meyɛ kronkron. Ɛno nti, moremfa asafo yi nkɔ asaase a mede bɛma wɔn no so.”+ 13 Eyi ne Meriba* nsu no;+ ɛhɔ na Israelfo ne Yehowa hamee, na ɔma wohui sɛ ɔyɛ kronkron.

14 Afei Mose somaa nnipa fii Kades kɔɔ Edom hene nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ:+ “Nea wo nua Israel+ reka ni, ‘Wo ara wunim amanehunu a yɛafa mu nyinaa. 15 Yɛn agyanom tu kɔɔ Egypt+ na yɛtenaa Egypt mfe* pii,+ na Egyptfo no teetee yɛne yɛn agyanom.+ 16 Ewiee ase no, yesu frɛɛ Yehowa,+ na otiee yɛn, na ɔsomaa ɔbɔfo+ beyii yɛn fii Egypt, ɛnna seesei yɛabedu Kades kurow a ɛwɔ wo hye so yi. 17 Yɛpa wo kyɛw, ma yentwam mfa w’asaase so. Yɛremfa afuw anaa bobefuw* biara mu, na yɛrennom abura biara mu nsu. Yɛbɛfa Ɔhene Kwan no so, na yɛremman nkɔ nifa anaa benkum kosi sɛ yebetwam w’asaase so.’”+

18 Nanso Edom ka kyerɛɛ no sɛ: “Mmɛfa yɛn asaase so. Sɛ wobɛfa ha a, mede sekan bepue aba wo so.” 19 Ɛnna Israelfo no ka kyerɛɛ no sɛ: “Ɔkwantempɔn no so na yɛbɛfa akɔ, na sɛ yɛne yɛn nyɛmmoa nom wo nsu a, yebetua ka.+ Nea yɛresrɛ ara ne baabi a yɛde yɛn nan betiatia atwam.”+ 20 Nanso osii so kae sɛ: “Mmɛfa ha.”+ Na Edom de nnipa bebree ne asraafo a wɔn ho yɛ den* pue kɔɔ wɔn so. 21 Enti Edom amma Israel amfa n’asaase so, enti Israel dan fii ne ho kɔe.+

22 Na Israel man no, asafo no nyinaa, tu fii Kades, na wɔbaa Hor Bepɔw ho.+ 23 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Mose ne Aaron wɔ Hor Bepɔw ho wɔ Edom hye so sɛ: 24 “Wɔde Aaron bɛkɔ akɔka n’agyanom ho.*+ Ɔrenkɔ asaase a mede bɛma Israelfo no so, efisɛ mo baanu, moyɛɛ asoɔden wɔ m’ahyɛde a ɛfa Meriba nsu ho no ho.+ 25 Fa Aaron ne ne ba Eleasar, na wo ne wɔn mforo mmra Hor Bepɔw so. 26 Na yi Aaron ntaade no+ fa hyɛ ne ba Eleasar;+ na Aaron bewu wɔ hɔ.”*

27 Enti Mose yɛɛ nea Yehowa kae no pɛpɛɛpɛ, na wɔforo kɔɔ Hor Bepɔw so wɔ asafo no nyinaa anim. 28 Na Mose yii Aaron ntaade no, na ɔde hyɛɛ ne ba Eleasar. Owiei no, Aaron wui wɔ bepɔw no apampam.+ Ɛnna Mose ne Eleasar sian fii bepɔw no so bae. 29 Bere a asafo no nyinaa hui sɛ Aaron awu no, Israelfo* nyinaa suu Aaron nnafua 30.+

21 Bere a Arad hene+ a ɔyɛ Kaananni a na ɔte Negeb no tee sɛ Israelfo nam Atarim kwan so reba no, ɔkɔtow hyɛɛ wɔn so, na ɔkyeree wɔn mu bi kɔe. 2 Enti Israel hyɛɛ Yehowa bɔ sɛ: “Sɛ wode saa nkurɔfo yi hyɛ me nsa a, sɛnea ɛte biara mɛsɛe wɔn nkurow pasaa.” 3 Enti Yehowa tiee Israelfo nne, na ɔde Kaananfo no hyɛɛ wɔn nsa, na wɔsɛee wɔne wɔn nkurow pasaa. Enti wɔtoo hɔ din Horma.*+

4 Bere a wɔtoaa wɔn akwantu no so fii Hor Bepɔw+ ho no, wɔfaa Ɛpo Kɔkɔɔ kwan no so sɛnea ɛbɛyɛ a wobetwa afa Edom asaase no ho.+ Akwantu no nti, na nkurɔfo no* abrɛ. 5 Na nkurɔfo no kasa tiaa Onyankopɔn ne Mose+ mpɛn pii sɛ: “Adɛn nti na mode yɛn afi Egypt aba sare yi so sɛ yemmewuwu? Aduan biara nni ha, nsu biara nni ha,+ na aduanfõ yi afono yɛn.”*+ 6 Enti Yehowa maa awɔ a wɔn ano wɔ bɔre* baa nkurɔfo no mu bɛkekaa wɔn, na Israelfo pii wuwui.+

7 Enti nkurɔfo no baa Mose nkyɛn, na wɔkae sɛ: “Yɛayɛ bɔne efisɛ yɛakasa atia Yehowa ne wo.+ Pa Yehowa kyɛw ma yɛn, na ɔmma awɔ no nkɔ.” Na Mose paa kyɛw maa nkurɔfo no.+ 8 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Hwɛ ɔwɔ a n’ano wɔ bɔre,* na yɛ bi sɛn dua so. Na sɛ ɔwɔ ka obi a, ɔmma n’ani so nhwɛ nea ɛsɛn hɔ no na onnya nkwa.” 9 Ɛhɔ ara na Mose de kɔbere yɛɛ ɔwɔ+ de sɛn dua so.+ Na bere biara a ɔwɔ bɛka obi no, na wahwɛ ɔwɔ a wɔde kɔbere ayɛ no, na wanya nkwa.+

10 Ɛno akyi no, Israelfo tui, na wɔkɔkyekyee asoɛe wɔ Obot.+ 11 Afei wotu fii Obot kɔkyekyee asoɛe wɔ Ye-Abarim,+ sare a ɛne Moab di nhwɛanim a ɛwɔ apuei fam no so. 12 Wotu fii hɔ nso, na wɔkɔsoɛɛ Sered Bon* ho.+ 13 Wɔsan tu fii hɔ, na wɔkɔsoɛɛ Arnon mpɔtam.+ Sare a efi ase fi Amorifo hye so no, ɛso na Arnon wɔ, efisɛ Arnon na ɛyɛ Moab hye, na ɛda Moab ne Amorifo ntam. 14 Ɛno nti na wɔakyerɛw wɔ Yehowa Akodi nhoma no mu sɛ: “Waheb a ɛwɔ Sufa, ne Arnon abon,* 15 ne baabi a abon* no sian* a ɛtrɛw kɔ Ar kurow no ho na ɛkɔfa Moab hye so no.”

16 Afei wofii hɔ kɔɔ Beer. Eyi ne abura a Yehowa kaa ho asɛm kyerɛɛ Mose sɛ: “Boaboa nkurɔfo no ano na memma wɔn nsu” no.

17 Saa bere no, Israelfo no too dwom sɛ:

“O asubura, tue! Munnye so* ɛ!

18 Abura yi na abirɛmpɔn tui. Ɔman no mu adehye na wotui.

Wɔde ahempoma ne wɔn ankasa mpoma na etui.”

Afei wofii sare so hɔ kɔɔ Matana. 19 Na wofii Matana kɔɔ Nahaliel, na wofii Nahaliel kɔɔ Bamot.+ 20 Wofii Bamot kɔɔ obon a ɛwɔ Moab asaase so+ wɔ Pisga atifi+ a ɛkyerɛ Yesimon* no ho.+

21 Na Israel somaa nkurɔfo kɔɔ Amorifo hene Sihon hɔ kɔka kyerɛɛ no sɛ:+ 22 “Ma yentwam mfa w’asaase so. Yɛremman mfa afuw anaa bobefuw* biara mu. Yɛrennom abura biara mu nsu. Yɛbɛfa Ɔhene Kwan no so kosi sɛ yebetwam w’asaase so.”+ 23 Nanso Sihon amma Israelfo no amfa n’asaase so. Mmom Sihon boaboaa ne nkurɔfo nyinaa ano, na wopue kohyiaa Israelfo wɔ sare no so, na ɔbaa Yahas, na ofii ase ne Israel koe.+ 24 Na Israelfo de sekan kum no,+ na wɔfaa n’asaase,+ efi Arnon+ kosi Yabok.+ Ná ɛhɔ bɛn Ammonfo, efisɛ Yaser+ wɔ Ammonfo hye so.+

25 Enti Israelfo faa nkurow yi nyinaa, na wofii ase tenatenaa Amorifo nkurow nyinaa mu,+ Hesbon ne ɛho nkurow nyinaa mu. 26 Ná Hesbon yɛ Amorifo hene Sihon kurow. Ɔne Moab hene koe, na ogyee ne nsaase nyinaa kosii Arnon tɔnn. 27 Eyi na ɛkɔfaa akasabebu a wɔde di fɛw yi bae sɛ:

“Bra Hesbon.

Ma wɔnkyekye Sihon kurow no mma ne fapem nyɛ den.

28 Efisɛ ogya bi fii Hesbon bae, ogyaframa bi fii Sihon kurow mu.

Ahyew Ar a ɛwɔ Moab, Arnon sorɔnsorɔmmea* wuranom no.

29 Moab, asɛm ato wo! Mo, Kemos+ nkurɔfo, wɔbɛsɛe mo!

Ɔma ne mma mmarima dan akobɔfo, na ɔma Amorifo hene Sihon kyere ne mma mmea de wɔn kɔ.

30 Momma yɛntow nhyɛ wɔn so;

Hesbon ase bɛhyew akosi Dibon+ tɔnn;

Momma yɛnsɛe no nkodu Nofa tɔnn;

Ogya bɛhyew akodu Medeba+ tɔnn.”

31 Enti Israelfo fii ase tenatenaa Amorifo asaase so. 32 Afei Mose somaa mmarima bi ma wowiaa wɔn ho kɔhwɛɛ sɛnea Yaser+ te. Na wɔfaa ɛho nkurow, na wotuu Amorifo a wɔtete hɔ no. 33 Ɛno akyi no, wɔdan wɔn ho, na wɔfaa Basan Kwan so foro kɔe. Na Basan hene Og+ de ne nkurɔfo nyinaa kohyiaa Israelfo no sɛ wɔne wɔn rekɔko wɔ Edrei.+ 34 Na Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Nsuro no,+ efisɛ mede ɔne ne nkurɔfo nyinaa ne n’asaase bɛhyɛ wo nsa,+ na sɛnea woyɛɛ Amorifo hene Sihon a na ɔte Hesbon no, saa ara na wobɛyɛ no.”+ 35 Enti wokunkum ɔne ne mma ne ne nkurɔfo nyinaa, na anka ne nkurɔfo no baako mpo;+ na wɔfaa n’asaase no.+

22 Na Israelfo tui, na wɔkyekyee asoɛe wɔ Moab sare so wɔ Yordan agya a ɛne Yeriko di nhwɛanim no.+ 2 Sipor ba Balak+ huu nea Israelfo de yɛɛ Amorifo no nyinaa, 3 na Moabfo suroo Israelfo no paa, efisɛ na Israelfo no dɔɔso. Nokwasɛm ne sɛ, Israelfo no nti, Moabfo no bɔɔ hu yiye.+ 4 Enti Moabfo ka kyerɛɛ Midian mpanyimfo+ sɛ: “Saa asafo yi bɛwe nea atwa yɛn ho ahyia nyinaa sɛnea nantwi* we sare no.”

Saa bere no, na Sipor ba Balak na ɔyɛ Moab hene. 5 Enti ɔsomaa nnipa kɔɔ Beor ba Baalam nkyɛn wɔ Petor+ a ɛbɛn Asubɔnten* a ɛwɔ asaase a wɔwoo Baalam wɔ so no so no. Ɔma wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Hwɛ! Nkurɔfo bi fi Egypt aba. Hwɛ! Wɔahyɛ asaase so ma,*+ na wɔte me hwene ano pɛɛ. 6 Enti mepa wo kyɛw, bra na bɛdome saa nkurɔfo yi ma me,+ efisɛ wɔn ho yɛ den sen me. Ebia metumi adi wɔn so nkonim na mapam wɔn afi asaase no so, efisɛ minim yiye sɛ nea wubehyira no no, wobehyira no, na nea wobɛdome no no, wɔbɛdome no.”

7 Enti Moab mpanyimfo ne Midian mpanyimfo faa sika a wɔde rekɔ abisa no kurae, na wɔkɔɔ Baalam+ nkyɛn kɔkaa nea Balak aka no kyerɛɛ no. 8 Ɛnna ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monna ha anadwo yi, na nea Yehowa bɛka biara, mɛba abɛka akyerɛ mo.” Enti Moab mpanyimfo no tenaa Baalam nkyɛn.

9 Na Onyankopɔn baa Baalam nkyɛn, na obisaa no sɛ:+ “Nnipa bɛn na wɔwɔ wo nkyɛn yi?” 10 Ɛnna Baalam ka kyerɛɛ nokware Nyankopɔn no sɛ: “Sipor ba Balak a ɔyɛ Moab hene no na asoma abɛka akyerɛ me sɛ, 11 ‘Hwɛ! Nkurɔfo a wofi Egypt no ahyɛ asaase so ma.* Enti bra na bɛdome wɔn ma me.+ Ebia metumi ne wɔn ako, na mapam wɔn afi asaase no so.’” 12 Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ Baalam sɛ: “Nni wɔn akyi nkɔ. Nnome nkurɔfo no, efisɛ wɔahyira wɔn.”+

13 Na Baalam sɔree anɔpa ka kyerɛɛ Balak mpanyimfo no sɛ: “Monkɔ mo asaase so, efisɛ Yehowa ampene so sɛ me ne mo bɛkɔ.” 14 Enti Moab mpanyimfo no sɔre kɔe, na wɔkɔka kyerɛɛ Balak sɛ: “Baalam ampene so ne yɛn amma.”

15 Na Balak san somaa mpanyimfo foforo a wɔdɔɔso na wɔwɔ anuonyam sen wɔn a odii kan somaa wɔn no. 16 Na wɔbaa Baalam nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: “Sipor ba Balak se, ‘Mepa wo kyɛw, mma biribiara nnsiw wo kwan sɛ wobɛba me nkyɛn, 17 efisɛ mɛhyɛ wo anuonyam paa, na biribiara a wobɛka akyerɛ me no mɛyɛ. Enti mepa wo kyɛw, bra na bɛdome nkurɔfo yi ma me.’” 18 Nanso Baalam ka kyerɛɛ Balak nkoa no sɛ: “Sɛ Balak de ne fi a dwetɛ ne sika kɔkɔɔ ayɛ no ma ma me mpo a, merentumi mmu Yehowa me Nyankopɔn asɛm so nyɛ biribiara, sɛ́ ɛyɛ ade ketewa anaa ade kɛse.+ 19 Mepa mo kyɛw, mo nso monna ha anadwo yi na menhwɛ nea Yehowa bɛsan aka akyerɛ me.”+

20 Na Onyankopɔn baa Baalam nkyɛn anadwo bɛka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ mmarima yi aba abɛfrɛ wo a, wo ne wɔn nkɔ. Nanso asɛm a mɛka akyerɛ wo no, ɛno nko ara na ka.”+ 21 Enti Baalam sɔree anɔpa hyehyɛɛ n’afurum,* na ɔne Moab mpanyimfo no kɔe.+

22 Bere a Onyankopɔn hui sɛ ɔrekɔ no, ne bo fuwii, na Yehowa bɔfo begyinaa ɔkwan no mu sɛ obesiw no kwan. Saa bere no, na Baalam te n’afurum so, na na ne nkoa baanu ka ne ho. 23 Bere a afurum no hui sɛ Yehowa bɔfo atwe sekan gyina kwan no mu no, afurum no yɛe sɛ ɔrefi kwan no mu akɔ wuram. Nanso Baalam fii ase hwee afurum no sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛsan asi kwan mu. 24 Na Yehowa bɔfo no begyinaa ɔkwan ketewa bi a na ɛwɔ bobe mfuw abien ntam so, na na abo afasu wɔ benkum ne nifa. 25 Bere a afurum no huu Yehowa bɔfo no, ɔde ne ho taree ɔfasu no, na ɛkaa Baalam nan miaa ɔfasu no, na Baalam fii ase hwee aboa no bio.

26 Ɛnna Yehowa bɔfo no san betwaam, na okogyinaa baabi a ɔkwan no sua paa; wofa benkum a ɛnyɛ yiye, wofa nifa nso a ɛnyɛ yiye. 27 Bere a afurum no huu Yehowa bɔfo no, obutuw fam. Saa bere no nyinaa, na Baalam da so te no so. Enti Baalam bo fuwii, na ɔkɔɔ so de ne poma hwee afurum no. 28 Afei de Yehowa maa afurum no kasae,*+ na obisaa Baalam sɛ: “Mayɛ wo dɛn na woahwe me mprɛnsa yi?”+ 29 Ɛnna Baalam ka kyerɛɛ afurum no sɛ: “Wo tirim yɛ den ntia. Sɛ mikura sekan a, anka makum wo!” 30 Na afurum no bisaa Baalam sɛ: “Ɛnyɛ w’afurum ne me? Ɛnyɛ me so na woatena wo nkwa nna nyinaa de abesi nnɛ? Woahu sɛ mayɛ wo saa da?” Ɛnna ɔkae sɛ: “Daabi!” 31 Afei Yehowa buee Baalam ani,+ na ohuu Yehowa bɔfo sɛ watwe sekan gyina kwan no mu. Ɛhɔ ara na ɔkotowee, na ɔde n’anim butuw fam.

32 Ɛnna Yehowa bɔfo no bisaa no sɛ: “W’afurum no ayɛ wo dɛn na woahwe no mprɛnsa yi? Hwɛ! Me ara na maba sɛ merebesiw wo kwan, efisɛ mempene nea worekɔyɛ no so.+ 33 Afurum no huu me, na ɔyɛe sɛ ɔbɛman afi m’anim mprɛnsa.+ Sɛ wamman amfi m’anim a, anka saa bere yi makum wo ama afurum no afa ne ho adi.” 34 Baalam ka kyerɛɛ Yehowa bɔfo no sɛ: “Mayɛ bɔne, efisɛ na minnim sɛ wo na woabegyina ɔkwan no mu rebehyia me. Sɛ wompene so a, ɛnde mɛsan m’akyi.” 35 Nanso Yehowa bɔfo no ka kyerɛɛ Baalam sɛ: “Wo ne mmarima no nkɔ, nanso asɛm a mɛka akyerɛ wo no, ɛno nko ara na ka.” Enti Baalam ne Balak mpanyimfo no toaa so kɔe.

36 Bere a Balak tee sɛ Baalam aba no, ɔyɛɛ ntɛm kohyiaa no wɔ Moab kurom, kurow a ɛda Arnon nsu ano wɔ ɔman no hye so no. 37 Na Balak bisaa Baalam sɛ: “Mansoma sɛ wɔmmɛfrɛ wo? Adɛn nti na woamma? Ɛyɛ wo sɛ merentumi nhyɛ wo anuonyam kɛse anaa?”+ 38 Ɛnna Baalam ka kyerɛɛ Balak sɛ: “Afei de maba. Nanso merentumi nka nea mepɛ. Asɛm a Onyankopɔn de bɛhyɛ m’ano no, ɛno nko ara na mɛka.”+

39 Enti Baalam ne Balak kɔe, na wokoduu Kiriat-Husot. 40 Na Balak de anantwi ne nguan bɔɔ afɔre, na ɔde bi kɔmaa Baalam ne mpanyimfo a na wɔka ne ho no. 41 Na ade kyee anɔpa no, Balak kɔfaa Baalam, na ɔde no foro kogyinaa Bamot-Baal sɛnea ɛbɛyɛ a obehu nnipa no nyinaa.+

23 Na Baalam ka kyerɛɛ Balak sɛ: “Si afɔremuka ason wɔ ha,+ na fa anantwinini ason ne adwennini ason bɔ afɔre ma me.” 2 Ntɛm ara na Balak yɛɛ nea Baalam kae no. Na Balak ne Baalam de nantwinini baako ne odwennini baako bɔɔ afɔre wɔ afɔremuka biara so.+ 3 Na Baalam san ka kyerɛɛ Balak sɛ: “Gyina wo hyew afɔre no ho, na mereba. Ebia Yehowa bɛka biribi akyerɛ me. Na nea ɔbɛma mahu biara, mɛka akyerɛ wo.” Enti okogyinaa koko bi a ɛso ayɛ kwabokwabo so.

4 Na Onyankopɔn ne Baalam kasae,+ na Baalam ka kyerɛɛ No sɛ: “Masisi afɔremuka ason asesa so, na mede nantwinini baako ne odwennini baako abɔ afɔre wɔ afɔremuka biara so.” 5 Na Yehowa de asɛm yi hyɛɛ Baalam ano sɛ:+ “San kɔ Balak nkyɛn, na sɛɛ na ka.” 6 Enti ɔsan kɔe, na okohui sɛ Balak ne Moab mpanyimfo nyinaa gyinagyina ne hyew afɔre no ho. 7 Ɛnna ɔde yɛɛ anwensɛm kae sɛ:+

“Moab hene Balak abɛfa me afi Aram,+

Ɔde me fi apuei fam mmepɔw so aba sɛ:

‘Bra bɛdome Yakob ma me.

Yiw, bra bɛbɔ Israel dua.’+

 8 Wɔn a Onyankopɔn nnomee wɔn no, ɛbɛyɛ dɛn na madome wɔn?

Na wɔn a Yehowa mmɔɔ wɔn dua no, ɛbɛyɛ dɛn na mabɔ wɔn dua?+

 9 Sɛ migyina abotan atifi a, mihu wɔn,

Na sɛ migyina nkoko so a, m’ani tua wɔn.

Wɔyɛ nkurɔfo a wɔn nko ara te hɔ;+

Wɔmfa wɔn ho mfra amanaman no.+

10 Hena na obetumi akan Yakob mfuturu?+

Na hena na obetumi akan Israel nkyem anan mu baako mpo?

Ma minwu* atreneefo wu,

Na ma m’awiei nyɛ sɛ wɔn.”

11 Ɛnna Balak bisaa Baalam sɛ: “Ɛdɛn na woayɛ me yi? Mede wo bae sɛ bɛdome m’atamfo, nanso nhyira na wode aguare wɔn.”+ 12 Na ɔkae sɛ: “Nea Yehowa de bɛhyɛ m’ano no, ɛnyɛ ɛno na ɛsɛ sɛ meka anaa?”+

13 Ɛnna Balak ka kyerɛɛ no sɛ: “Mepa wo kyɛw bra ma yɛnkɔ baabi foforo a wubehu wɔn. Wɔn mu kakraa bi na wubehu wɔn; worenhu wɔn nyinaa. Dome wɔn ma me wɔ hɔ.”+ 14 Enti ɔde no kɔɔ Sofim sare so, Pisga atifi,+ na osii afɔremuka ason de nantwinini baako ne odwennini baako bɔɔ afɔre wɔ afɔremuka biara so.+ 15 Na Baalam ka kyerɛɛ Balak sɛ: “Wo de, gyina wo hyew afɔre ho na menkɔ hɔ nkotie nea Ɔbɛka.” 16 Na Yehowa ne Baalam kasae, na ɔde n’asɛm hyɛɛ n’ano sɛ:+ “San kɔ Balak nkyɛn, na sɛɛ na ka.” 17 Enti ɔsan kɔe, na okohui sɛ ogyina ne hyew afɔre no ho retwɛn, na na Moab mpanyimfo gyinagyina ne nkyɛn. Na Balak bisaa no sɛ: “Asɛm bɛn na Yehowa kae?” 18 Ɛnna ɔde yɛɛ anwensɛm yi sɛ:+

“Balak, sɔre na tie.

O, Sipor ba, tie me.

19 Onyankopɔn nyɛ onipa dasani na wadi atoro,+

Na ɔnyɛ onipa ba na wasesa n’adwene.*+

Sɛ ɔka biribi a, ɔrenyɛ anaa?

Na sɛ ɔkasa a, ɔrenyɛ nea waka no anaa?+

20 Hwɛ! Wɔde me aba sɛ mimmehyira;

Seesei Wahyira,+ na merentumi nnan no.+

21 Ɔrempene mma obiara mfa Yakob nkɔ aduru so,

Na ɔremma ɔhaw biara mma Israel so.

Ne Nyankopɔn Yehowa ka ne ho,+

Wɔbɔ gye no so sɛ ɔhene wɔ wɔn mu.

22 Onyankopɔn de wɔn fi Egypt reba.+

Ɔte sɛ ɛkoɔ* mmɛn a ɛboa wɔn.+

23 Obiara to Yakob aduru a ɛrennya no,+

Obiara rentumi nkɔ Israel ho abisa mpɛ mmusu mma wɔn.+

Seesei nea wɔbɛka afa Yakob ne Israel ho ne sɛ:

‘Monhwɛ nea Onyankopɔn ayɛ!’

24 Hwɛ, ɔman a ɛbɛsɔre agyina te sɛ gyata ni,

Na ɔbɛma ne mu so te sɛ gyata.+

Ɔremmutuw hɔ gye sɛ wakyere aboa bi awe,

Na wanom wɔn a wakum wɔn no mogya.”

25 Na Balak ka kyerɛɛ Baalam sɛ: “Sɛ worentumi mmɔ no dua a, ɛnde nhyira no.” 26 Ɛnna Baalam ka kyerɛɛ Balak sɛ: “Manka ankyerɛ wo sɛ, ‘Nea Yehowa bɛka biara mɛyɛ’?”+

27 Na Balak ka kyerɛɛ Baalam sɛ: “Mepa wo kyɛw bra ma memfa wo nkɔ baabi foforo. Ebia ɛhɔ de nokware Nyankopɔn no bɛpene ama woadome no ama me.”+ 28 Enti Balak de Baalam kɔɔ Peor atifi a ɛhwɛ Yesimon* no so.+ 29 Na Baalam ka kyerɛɛ Balak sɛ: “Si afɔremuka ason wɔ ha, na fa anantwinini ason ne adwennini ason bɔ afɔre ma me.”+ 30 Enti Balak yɛɛ nea Baalam kae no, na ɔde nantwinini baako ne odwennini baako bɔɔ afɔre wɔ afɔremuka biara so.

24 Bere a Baalam hui sɛ Yehowa pɛ* sɛ ohyira Israelfo no, wanhwehwɛ ɔkwan a ɔbɛfa so ato wɔn aduru bio,+ mmom ɔde n’ani kyerɛɛ sare so. 2 Bere a Baalam maa n’ani so a ohui sɛ Israelfo tete hɔ mmusua mmusua wɔ wɔn asoɛe hɔ no,+ Onyankopɔn honhom baa no so.+ 3 Ɛnna ɔde yɛɛ anwensɛm kae sɛ:+

“Beor ba Baalam asɛm ni,

Ɔbarima a wɔabue n’ani no asɛm ni,

 4 Nea ɔtee Onyankopɔn asɛm,

Nea onyaa ade nyinaa so Tumfo no ho anisoadehu,

Nea obutuw hɔ a n’ani gu so no, n’asɛm ni:+

 5 O Yakob, hwɛ sɛnea wo tenabea yɛ fɛ;

O Israel, hwɛ sɛnea wo ntamadan yɛ fɛ!+

 6 Ɛtrɛw kɔ akyiri sɛ abon,*+

Ɛte sɛ nturo a ɛwowɔ nsu ho.

Ɛte sɛ pɛprɛ nnua a Yehowa adua,

Ɛte sɛ sida nnua a esisi nsu ho.

 7 Nsu bu fa n’asuhina abien ho,

Wɔadua n’aba* wɔ nsu pii ho.+

Ne hene+ nso bɛyɛ kɛse asen Agag,+

Na wɔbɛma n’ahenni so.+

 8 Onyankopɔn de no fi Egypt reba;

Ɔte sɛ ɛkoɔ* mmɛn a ɛboa wɔn.

Ɔbɛwe aman a wɔhyɛ no so no nam,+

Ɔbɛbobɔ wɔn nnompe mu, na ɔde n’agyan bebubu wɔn pasaa.

 9 Obutuw fam, na ɔda hɔ te sɛ gyata;

Ɔte sɛ gyata, na hena na ɔbɛpɛ ne ho asɛm akonyan no?

Wobehyira wɔn a wohyira wo,

Na wɔbɛdome wɔn a wɔdome wo.”+

10 Ɛnna Balak bo fuw Baalam. Na Balak bɔɔ ne nsam, na ɔka kyerɛɛ Baalam sɛ: “Mefrɛɛ wo sɛ bɛdome m’atamfo,+ nanso nhyira na wode aguare wɔn mprɛnsa yi nyinaa. 11 Yɛ ntɛm kɔ wo fi. Mekae sɛ mɛhyɛ wo anuonyam paa,+ nanso hwɛ! Yehowa ama anuonyam no abɔ wo.”

12 Ɛnna Baalam ka kyerɛɛ Balak sɛ: “Manka ankyerɛ nnipa a wosomaa wɔn no sɛ, 13 ‘Sɛ Balak de ne fi a dwetɛ ne sika kɔkɔɔ ayɛ mu ma ma me mpo a, merentumi mmu Yehowa asɛm so nyɛ nea me ara mepɛ.* Papa oo, bɔne oo, merentumi mfa me pɛ nyɛ biribiara. Nea Yehowa bɛka no, ɛno ara na mɛka’?+ 14 Me de, merekɔ me man mu. Bra na menkyerɛ wo nea nkurɔfo yi de bɛyɛ wo man daakye.”* 15 Ɛnna ɔde yɛɛ anwensɛm kae sɛ:+

“Beor ba Baalam asɛm ni,

Ɔbarima a wɔabue n’ani no asɛm ni,+

16 Nea ɔtee Onyankopɔn asɛm,

Nea ɔwɔ Ɔsorosoroni no ho nimdeɛ,

Nea onyaa ade nyinaa so Tumfo no ho anisoadehu,

Nea obutuw hɔ a n’ani gu so no, n’asɛm ni:

17 Mehu no, nanso ɛnyɛ nnɛ;

Mede m’ani behu no, nanso ɛnyɛ seesei.

Nsoromma bi+ bepue afi Yakob mu,

Na ahempoma bi+ bɛsɔre afi Israel mu.+

Na sɛnea ɛte biara, ɔbɛpaapae Moab moma,*+

Na wapaapae mma a wɔyɛ dede no tikora.

18 Ɔbɛfa Edom ayɛ n’agyapade,+

Yiw, Seir+ bɛyɛ n’atamfo agyapade,+

Na Israel de, ɔbɛda n’akokoduru adi.

19 Yakob mu na obi befi akodi n’atamfo so nkonim,+

Na ɔbɛsɛe obiara a ɔbɛka wɔ kurow no mu no.”

20 Bere a ohuu Amalek no, ɔtoaa n’anwensɛm no so sɛ:

“Amanaman no mu nea odi kan ne Amalek,+

Nanso ebewie ase no, ɔbɛsɛe.”+

21 Bere a ohuu Kenifo+ no, ɔtoaa n’anwensɛm no so sɛ:

“Baabi a wɔabɔ ho ban na wote, na wo fi wɔ ɔbotan mu.

22 Nanso obi bɛba abɛhyew Kenifo* dwerɛbee.

Ɛrenkyɛ na Asiria abɛkyere wo akɔ.”

23 Na ɔtoaa n’anwensɛm no so sɛ:

“Ɛbɛyɛ dwe! Sɛ Onyankopɔn yɛ saa a, hena na obenya nkwa?

24 Ɛpo so ahyɛn befi Kitim+ mpoano aba,

Na wɔbɛteetee Asiria,+

Na wɔateetee Eber.

Nanso ɔno nso bɛsɛe korakora.”

25 Ɛnna Baalam+ sɔree, na osiim san kɔɔ baabi a ofi bae. Na Balak nso kɔɔ ne kwan.

25 Bere a Israelfo te Sitim+ no, wofii ase ne Moab mmabaa bɔɔ aguaman.+ 2 Sɛ wɔrebɔ afɔre ama wɔn anyame a, na mmea no frɛfrɛ Israelfo no kɔ ase,+ enti Israelfo no fii ase didii na wɔsom wɔn anyame no.+ 3 Enti Israel kɔsom* Baal-Peor,+ na Yehowa bo fuw Israel denneennen. 4 Na Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Fa ɔman yi mu mpanyimfo* nyinaa, na sɛn wɔn wɔ Yehowa anim awia ketee,* sɛnea ɛbɛyɛ a Yehowa abufuhyew bɛdan afi Israel so.” 5 Enti Mose ka kyerɛɛ Israel atemmufo no+ sɛ: “Mo mu biara nkunkum ne mmarima a wɔkɔsom* Baal-Peor no.”+

6 Emu hɔ ara na Israelni bi kɔfaa Midianni bea bi+ baa ne nuanom mu wɔ Mose ne Israel asafo no nyinaa anim bere a wogyinagyina ahyiae ntamadan no ano resu no. 7 Bere a ɔsɔfo Aaron ba Eleasar ba Finehas+ hui no, ntɛm ara na ɔsɔre fii asafo no mu, na ɔkɔfaa peaw kurae. 8 Na odii Israelni barima no akyi kɔɔ ntamadan no mu, na ɔde peaw no wɔɔ wɔn baanu mu, Israelni barima no ne ɔbea no nyinaa, ma epuee ɔbea no ayaase. Na ɔhaw a ɛbaa Israelfo so no to twae.+ 9 Wɔn a ɔhaw no nti wowuwui no dodow yɛ 24,000.+

10 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: 11 “Finehas,+ ɔsɔfo Aaron ba Eleasar ba no ayi m’abufuw afi Israelfo no so, efisɛ bɔne a na ɔman no reyɛ tia me no, wansosɔ so koraa.+ Wanyɛ saa a, anka mɛsɛe Israelfo no efisɛ mempɛ sɛ wɔsom obiara ka me ho.+ 12 Enti ka kyerɛ no sɛ: ‘Me ne no reyɛ asomdwoe apam. 13 Na ɛbɛyɛ asɔfodi apam daa ama ɔne n’asefo nyinaa,+ efisɛ bɔne a na ɔman no reyɛ atia ne Nyankopɔn no, wansosɔ so koraa,+ na ɔpata maa Israelfo no bɔne.’”

14 Israelni barima a wokum ɔne Midianni bea no din de Simri, Salu a ɔyɛ panyin wɔ Simeon agyanom abusuafi no ba. 15 Midianni bea a wokum no no din de Kosbi, na na ɔyɛ Sur+ ba. Ná Sur yɛ Midianfo+ agyanom abusuafi mmusua no baako panyin.

16 Akyiri yi, Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: 17 “Monteetee Midianfo no na munkunkum wɔn,+ 18 efisɛ wɔn nso teetee mo bere a wɔdaadaa mo ma moyɛɛ bɔne wɔ Peor asɛm no ho no.+ Bio nso, wɔteetee mo bere a wɔnam Midian abusuapanyin bi babea Kosbi asɛm no so ma moyɛɛ bɔne no; wɔn nuabea yi na wokum no,+ da a Peor asɛm no kɔfaa ɔhaw bae no.”+

26 Na ɔhaw no akyi no,+ Yehowa ka kyerɛɛ Mose ne ɔsɔfo Aaron ba Eleasar sɛ: 2 “Monkan Israel asafo no nyinaa, wɔn a wɔadi mfe 20 rekɔ, sɛnea ɛbɛyɛ a mubehu dodow a ɛwɔ wɔn agyanom abusuafi biara mu, na monkan wɔn a wobetumi ayɛ asraafo wɔ Israel no nyinaa.”+ 3 Enti Mose ne ɔsɔfo Eleasar+ ne wɔn kasae wɔ Moab sare so,+ baabi a ɛbɛn Yordan wɔ Yeriko+ no. Wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: 4 “Monkan wɔn a wɔadi mfe 20 rekɔ, sɛnea Yehowa ka kyerɛɛ Mose no.”+

Israelfo a wofi Egypt asaase so bae no ni: 5 Israel ba panyin Ruben;+ Ruben mma+ ni: Hanok a Hanok abusua no fi ne mu; Palu a Palu abusua no fi ne mu; 6 Hesron a Hesron abusua no fi ne mu; Karmi a Karmi abusua no fi ne mu. 7 Eyinom ne Rubenfo mmusua, na dodow a wɔkyerɛw wɔn din yɛ 43,730.+

8 Palu ba ne Eliab. 9 Eliab mma ne Nemuel ne Datan ne Abiram. Saa Datan ne Abiram yi, na wɔyɛ mpanyimfo wɔ asafo no mu. Wɔn na wɔkɔkaa Kora ho sɔre tiaa Mose ne Aaron,+ bere a wɔsɔre tiaa Yehowa no.+

10 Na asaase no mu paee,* na ɛmenee wɔn. Kora de, ɔne n’akyitaafo wui bere a ogya no bɛhyew nnipa 250 no.+ Na nea ɛtoo wɔn no bɛyɛɛ kɔkɔbɔ.+ 11 Nanso Kora mma no de, wɔanwuwu.+

12 Simeon mma+ a wɔn din deda wɔn mmusua so ni: Nemuel* a Nemuel abusua no fi ne mu; Yamin a Yamin abusua no fi ne mu; Yakin a Yakin abusua no fi ne mu; 13 Sera a Sera abusua no fi ne mu; ne Saul a Saul abusua no fi ne mu. 14 Eyinom ne Simeonfo mmusua, na wɔn dodow yɛ 22,200.+

15 Gad mma+ a wɔn din deda wɔn mmusua so ni: Sefon a Sefon abusua no fi ne mu; Hagi a Hagi abusua no fi ne mu; Suni a Suni abusua no fi ne mu; 16 Osni a Osni abusua no fi ne mu; Eri a Eri abusua no fi ne mu; 17 Arod a Arod abusua no fi ne mu; Areli a Areli abusua no fi ne mu. 18 Eyinom ne Gadfo mmusua, na dodow a wɔkyerɛw wɔn din yɛ 40,500.+

19 Yuda mma+ ne Er ne Onan.+ Nanso Er ne Onan wui wɔ Kaanan asaase so.+ 20 Yuda mma a wɔn din deda wɔn mmusua so ni: Sela+ a Sela abusua no fi ne mu; Peres+ a Peres abusua no fi ne mu; Sera+ a Sera abusua no fi ne mu. 21 Peres mma ni: Hesron+ a Hesron abusua no fi ne mu; Hamul+ a Hamul abusua no fi ne mu. 22 Eyinom ne Yudafo mmusua, na dodow a wɔkyerɛw wɔn din yɛ 76,500.+

23 Isakar mma+ a wɔn din deda wɔn mmusua so ni: Tola+ a Tola abusua no fi ne mu; Puwa a Puwa abusua no fi ne mu; 24 Yasub a Yasub abusua no fi ne mu; Simron a Simron abusua no fi ne mu. 25 Eyinom ne Isakarfo mmusua, na dodow a wɔkyerɛw wɔn din yɛ 64,300.+

26 Sebulon mma+ a wɔn din deda wɔn mmusua so ni: Sered a Sered abusua no fi ne mu; Elon a Elon abusua no fi ne mu; Yaleel a Yaleel abusua no fi ne mu. 27 Eyinom ne Sebulonfo mmusua, na dodow a wɔkyerɛw wɔn din yɛ 60,500.+

28 Yosef mma+ a wɔn din deda wɔn mmusua so ni: Manase ne Efraim.+ 29 Manase+ mma ni: Makir+ a Makir abusua no fi ne mu; na Makir woo Gilead,+ Gilead a Gilead abusua no fi ne mu no. 30 Eyinom ne Gilead mma: Yesa a Yesa abusua no fi ne mu; Helek a Helek abusua no fi ne mu; 31 Asriel a Asriel abusua no fi ne mu; Sekem a Sekem abusua no fi ne mu; 32 Semida a Semida abusua no fi ne mu; ne Hefer a Hefer abusua no fi ne mu. 33 Hefer ba Selofehad de, wanwo ɔbabarima biara; mmea nko ara na ɔwoe.+ Selofehad mma mmea+ no din de Mahla, Noa, Hogla, Milka, ne Tirsa. 34 Eyinom ne Manasefo mmusua, na dodow a wɔkyerɛw wɔn din yɛ 52,700.+

35 Efraim+ mma a wɔn din deda wɔn mmusua so ni: Sutela+ a Sutela abusua no fi ne mu; Beker a Beker abusua no fi ne mu; Tahan a Tahan abusua no fi ne mu. 36 Eyinom ne Sutela mma: Eran a Eran abusua no fi ne mu. 37 Eyinom ne Efraimfo mmusua, na dodow a wɔkyerɛw wɔn din yɛ 32,500.+ Eyinom ne Yosef mma a wɔn din deda wɔn mmusua so.

38 Benyamin mma+ a wɔn din deda wɔn mmusua so ni: Bela+ a Bela abusua no fi ne mu; Asbel a Asbel abusua no fi ne mu; Ahiram a Ahiram abusua no fi ne mu; 39 Sefufam a Sefufam abusua no fi ne mu; Hufam a Hufam abusua no fi ne mu. 40 Bela nso mma ne Ard ne Naaman:+ Ard a Ard abusua no fi ne mu; Naaman a Naaman abusua no fi ne mu. 41 Eyinom ne Benyamin mma a wɔn din deda wɔn mmusua so, na dodow a wɔkyerɛw wɔn din yɛ 45,600.+

42 Dan+ mma a wɔn din deda wɔn mmusua so ni: Suham a Suham abusua no fi ne mu. Eyinom ne Dan mmusua a wɔn din deda wɔn mmusua so. 43 Suhamfo mmusua a wɔkyerɛw wɔn din no nyinaa dodow yɛ 64,400.+

44 Aser mma+ a wɔn din deda wɔn mmusua so ni: Yimnah a Yimnah abusua no fi ne mu; Yiswi a Yiswi abusua no fi ne mu; Beria a Beria abusua no fi ne mu; 45 Beria mma ni: Heber a Heber abusua no fi ne mu; Malkiel a Malkiel abusua no fi ne mu. 46 Ná Aser babea din de Serah. 47 Eyinom ne Aserfo mmusua, na dodow a wɔkyerɛw wɔn din yɛ 53,400.+

48 Naftali mma+ a wɔn din deda wɔn mmusua so ni: Yaseel a Yaseel abusua no fi ne mu; Guni a Guni abusua no fi ne mu; 49 Yeser a Yeser abusua no fi ne mu; Silem a Silem abusua no fi ne mu. 50 Eyinom ne Naftali mmusua a wɔn din deda wɔn mmusua so, na dodow a wɔkyerɛw wɔn din yɛ 45,400.+

51 Israelfo a wɔkyerɛw wɔn din nyinaa dodow yɛ 601,730.+

52 Ɛno akyi no, Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: 53 “Hwɛ edin a wokyerɛwee no so* na kyɛ asaase no ma nnipa no na wɔmfa nyɛ wɔn agyapade.+ 54 Kuw a emufo dɔɔso no, ma wɔn agyapade nyɛ kɛse, na kuw a emufo sua no, tew wɔn agyapade so.+ Hwɛ nnipa dodow a wɔkyerɛw wɔn din wɔ kuw biara mu, na ma wɔn agyapade. 55 Ma wɔmmɔ ntonto mfa nkyɛ asaase no.+ Ma wonnye wɔn agyapade wɔ wɔn agyanom mmusuakuw din mu. 56 Ntonto na wɔbɛbɔ de akyekyɛ agyapade no de ama abusuakuw biara, kuw a emufo dɔɔso ne kuw a emufo sua nyinaa.”

57 Eyinom ne Lewifo+ a wɔkyerɛw wɔn din a wɔn din deda wɔn mmusua so: Gerson a Gerson abusua no fi ne mu; Kohat+ a Kohat abusua no fi ne mu; Merari a Merari abusua no fi ne mu. 58 Eyinom ne Lewifo mmusua: Libnifo abusua,+ Hebronfo abusua,+ Mahlifo abusua,+ Musifo abusua,+ ne Korafo abusua.+

Kohat woo Amram.+ 59 Ná Amram yere din de Yokebed.+ Ɔyɛ Lewi babea a Lewi yere woo no maa no wɔ Egypt. Yokebed woo Aaron ne Mose ne wɔn nuabea Miriam+ maa Amram. 60 Ɛnna Aaron nso woo Nadab, Abihu, Eleasar, ne Itamar.+ 61 Nanso Nadab ne Abihu wui efisɛ wɔde ogya foforo bi a Yehowa mmaa ho kwan kɔɔ n’anim.+

62 Wɔn a wɔkyerɛw wɔn din no nyinaa dodow yɛ 23,000. Wɔn nyinaa yɛ mmarima a wɔadi bosome baako rekɔ.+ Wɔankyerɛw wɔn din anka Israelfo no ho,+ efisɛ wɔamma wɔn agyapade biara wɔ Israelfo mu.+

63 Eyinom na Mose ne ɔsɔfo Eleasar kyerɛw wɔn din bere a wɔkyerɛw Israelfo din wɔ Moab sare so, baabi a ɛbɛn Yordan wɔ Yeriko no. 64 Nanso wɔn a Mose ne ɔsɔfo Aaron kyerɛw wɔn din bere a wɔkan Israelfo wɔ Sinai sare so no, na wɔn mu baako mpo nka eyinom ho.+ 65 Nea enti a ɛte saa ne sɛ, na Yehowa aka afa wɔn ho sɛ: “Sɛnea ɛte biara, wobewuwu wɔ sare no so.”+ Enti wɔn mu ɔbarima baako mpo anka, gye Yefune ba Kaleb ne Nun ba Yosua.+

27 Na Selofehad mma mmea+ a wofi Yosef ba Manase abusuakuw mu no bae. Ná Selofehad papa ne Hefer, Hefer papa ne Gilead, Gilead papa ne Makir, Makir papa ne Manase. Selofehad mma mmea no din de Mahla, Noa, Hogla, Milka, ne Tirsa. 2 Wobegyinaa Mose ne ɔsɔfo Eleasar ne mpanyimfo no+ ne asafo no nyinaa anim wɔ ahyiae ntamadan no ano, na wɔkae sɛ: 3 “Yɛn papa wui wɔ sare no so, nanso nkurɔfo a wɔkaa wɔn ho boom sɔre tiaa Yehowa no, kyerɛ sɛ, Kora akyitaafo no,+ na ɔnka ho. Ɔno ara ne bɔne nti na owui, na na onni mma mmarima. 4 Adɛn nti na ɔbabarima a yɛn papa nni nti, ɛsɛ sɛ ne din yera fi n’abusua mu? Momma yɛn agyapade wɔ yɛn papa nuanom mu.” 5 Enti Mose de wɔn asɛm no kɔtoo Yehowa anim.+

6 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: 7 “Asɛm a Selofehad mma mmea no reka no yɛ nokware. Enti sɛnea ɛte biara, ɛsɛ sɛ woma wɔn agyapade wɔ wɔn papa nuanom mu, na woma wɔn papa agyapade bedi wɔn nsam.+ 8 Na ka kyerɛ Israelfo no sɛ, ‘Sɛ ɔbarima wu na onni ɔbabarima a, momfa n’agyapade mma ne babea. 9 Sɛ onni ɔbabea a, ɛnde momfa n’agyapade mma ne nua mmarima. 10 Na sɛ onni nua mmarima a, momfa n’agyapade mma ne papa nua mmarima. 11 Na sɛ ne papa nni nuabarima biara a, ɛnde momfa n’agyapade no mma ne busuani bi a ɔbɛn no paa.* Eyi bɛyɛ mmara ne atemmusɛm ama Israelfo, sɛnea Yehowa ka kyerɛɛ Mose no.’”

12 Na Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Foro kɔ bepɔw a ɛwɔ Abarim yi so,+ na kɔhwɛ asaase a mede bɛma Israelfo no.+ 13 Sɛ wuhu wie a, wɔde wo bɛkɔ akɔka wo nkurɔfo ho*+ sɛnea wɔyɛɛ wo nua Aaron no,+ 14 efisɛ bere a asafo no ne me hamee wɔ Sina sare so no, meka kyerɛɛ mo sɛ munni me ni wɔ asafo no anim mma wonhu sɛ meyɛ kronkron na momma wɔn nsu, nanso moyɛɛ asoɔden.+ Eyi ne Meriba nsu+ a ɛwɔ Kades+ wɔ Sina sare so+ no.”

15 Ɛnna Mose ka kyerɛɛ Yehowa sɛ: 16 “Yehowa, Onyankopɔn a woma nnipa nyinaa nkwa,* yi ɔbarima bi ma onni asafo yi anim, 17 ɔbarima a obedi wɔn anim akɔ aba, nea ɔde wɔn bepue akɔ na ɔde wɔn aba mu, na Yehowa asafo no anyɛ sɛ nguan a wonni hwɛfo.” 18 Enti Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Frɛ Nun ba Yosua, ɔbarima a otumi di nnipa anim* no, na fa wo nsa gu no so.+ 19 Afei fa no begyina ɔsɔfo Eleasar anim ne asafo no nyinaa anim, na yɛ no ɔkannifo wɔ wɔn anim.+ 20 Na fa wo tumi* no bi ma no,+ sɛnea ɛbɛyɛ a Israel asafo no nyinaa betie no.+ 21 Obegyina ɔsɔfo Eleasar anim, na Eleasar begyina n’ananmu de Urim* abisa Yehowa hɔ akwankyerɛ.*+ Sɛ ɔka sɛ wompue nkɔ a wɔbɛkɔ, na ɔka sɛ wɔmmra mu a wɔbɛba, ɔne Israelfo a wɔka ne ho nyinaa ne asafo no nyinaa.”

22 Enti Mose yɛɛ nea Yehowa ka kyerɛɛ no no. Na ɔfrɛɛ Yosua, na ɔde no begyinaa ɔsɔfo Eleasar anim ne asafo no nyinaa anim, 23 na ɔde ne nsa guu no so yɛɛ no ɔkannifo+ sɛnea Yehowa nam Mose so kae no.+

28 Yehowa san ka kyerɛɛ Mose sɛ: 2 “Wo ne Israelfo nkasa, na ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Monhwɛ mfa m’afɔre, kyerɛ sɛ, m’aduan mma me. M’afɔre a wɔde ogya hyew a ɛyɛ me huam* no, ɛsɛ sɛ mobɔ ma me wɔ ne bere mu.’+

3 “Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Afɔre a wɔde ogya hyew a mobɛbɔ ama Yehowa ni: Da biara, momfa adwennini nkumaa abien a wɔte apɔw a wɔn mu biara adi afe mmɔ ɔhyew afɔre; monyɛ saa daa.+ 4 Momfa odwennini kumaa baako mmɔ afɔre anɔpa, na momfa odwennini kumaa a aka no nso mmɔ afɔre anwummere.*+ 5 Momfa esiam muhumuhu efa nkyem du mu baako* a wɔde ngo pa a efi ngodua* mu hin* nkyem anan mu baako afra mmɔ aduan afɔre.+ 6 Ɛyɛ ɔhyew afɔre a wɔbɔ no daa;+ Sinai Bepɔw so na wɔyɛɛ ho nhyehyɛe sɛ ɛnyɛ afɔre huamhuam* a wɔde ogya hyew ma Yehowa, 7 ne nsã hin nkyem anan mu baako a wɔde bɔ ɛho nsã afɔre ka odwennini kumaa biara ho.+ Munhwie nsã a ɛbow no ngu kronkronbea hɔ mfa mmɔ nsã afɔre mma Yehowa. 8 Na momfa odwennini kumaa a aka no mmɔ afɔre anwummere.* Momfa aduan afɔre te sɛ anɔpa de no nka ho, na momfa ɛho nsã afɔre nka ho te sɛ anɔpa de no ara. Momfa mmɔ afɔre huamhuam* a wɔde ogya hyew mma Yehowa.+

9 “‘Na sɛ edu Homeda de a,+ momfa adwennini nkumaa abien a wɔte apɔw a wɔn mu biara adi afe mmɔ afɔre, na momfa esiam muhumuhu efa nkyem du mu abien a wɔde ngo afra mmɔ aduan afɔre, na momfa ɛho nsã afɔre nka ho. 10 Eyi ne ɔhyew afɔre a mobɛbɔ no Homeda de aka ɔhyew afɔre a wɔbɔ no daa ne ɛho nsã afɔre no ho.+

11 “‘Bosome biara da a edi kan no, momfa anantwinini nkumaa abien ne odwennini baako ne adwennini nkumaa ason a wɔte apɔw a wɔn mu biara adi afe mmɔ ɔhyew afɔre mma Yehowa,+ 12 na momfa esiam muhumuhu nkyem du mu abiɛsa a wɔde ngo afra nka nantwinini biara ho mmɔ aduan afɔre,+ na momfa esiam muhumuhu nkyem du mu abien a wɔde ngo afra nka odwennini no ho mmɔ aduan afɔre.+ 13 Na momfa esiam muhumuhu nkyem du mu baako a wɔde ngo afra mmɔ aduan afɔre nka odwennini kumaa biara ho, na wɔmfa mmɔ ɔhyew afɔre, afɔre huamhuam,*+ afɔre a wɔde ogya hyew ma Yehowa. 14 Momfa nsã* hin fã nka nantwinini biara ho mmɔ nsã afɔre,+ momfa nsã hin nkyem abiɛsa mu baako nka odwennini no ho,+ na momfa nsã hin nkyem anan mu baako nka odwennini kumaa biara ho mmɔ afɔre.+ Eyi ne ɔhyew afɔre a mobɛbɔ bosome biara, afe no nyinaa. 15 Afei nso, momfa apɔnkye ba baako mmɔ bɔne ho afɔre mma Yehowa nka ɔhyew afɔre a mobɔ no daa ne ɛho nsã afɔre no ho.

16 “‘Bosome a edi kan no da a ɛto so 14 no bɛyɛ Yehowa Twam.+ 17 Bosome no da a ɛto so 15 no bɛyɛ afahyɛ da. Munni paanoo a mmɔkaw* nnim nnanson.+ 18 Da a edi kan no bɛyɛ nhyiam kronkron. Ɛnsɛ sɛ moyɛ adwumaden biara. 19 Momfa anantwinini nkumaa abien ne odwennini baako ne adwennini nkumaa ason a wɔn mu biara adi afe mmɔ ɔhyew afɔre a wɔde ogya hyew mma Yehowa. Ɛsɛ sɛ mmoa no yɛ mmoa a wɔte apɔw.+ 20 Momfa esiam muhumuhu a wɔde ngo afra nka ho mmɔ ɛho aduan afɔre;+ momfa nkyem du mu abiɛsa nka nantwinini biara ho, na momfa nkyem du mu abien nka odwennini no ho mmɔ aduan afɔre. 21 Momfa nkyem du mu baako nka adwennini nkumaa ason no mu biara ho. 22 Afei nso, momfa apɔnkye baako mmɔ bɔne ho afɔre mpata mma mo bɔne. 23 Mommɔ saa afɔre no nka anɔpa ɔhyew afɔre a mobɔ no daa no ho. 24 Da biara mommɔ afɔre no saa kwan yi ara so nnanson mfa nyɛ aduan* afɔre; ɛyɛ afɔre huamhuam* a wɔde ogya hyew ma Yehowa. Momfa nka ɔhyew afɔre a mobɔ no daa ne ɛho nsã afɔre no ho. 25 Na da a ɛto so ason no, monyɛ nhyiam kronkron.+ Ɛnsɛ sɛ moyɛ adwumaden biara.+

26 “‘Na sɛ moredi mo Nnawɔtwe Afahyɛ no+ a, da a motew mo aba a edi kan no,+ sɛ mode hwiit* foforo no bi rebɛbɔ aduan afɔre ama Yehowa a,+ monyɛ nhyiam kronkron. Ɛnsɛ sɛ moyɛ adwumaden biara.+ 27 Momfa anantwinini nkumaa abien ne odwennini baako ne adwennini nkumaa ason a wɔn mu biara adi afe mmɔ ɔhyew afɔre huamhuam* mma Yehowa.+ 28 Momfa esiam muhumuhu a wɔde ngo afra nka ho mmɔ ɛho aduan afɔre; momfa nkyem du mu abiɛsa nka nantwinini biara ho, na momfa nkyem du mu abien nka odwennini no ho mmɔ aduan afɔre. 29 Momfa nkyem du mu baako nka adwennini nkumaa ason no mu biara ho. 30 Afei nso, momfa apɔnkye ba baako mmɔ afɔre mpata mma mo bɔne.+ 31 Momfa nka ɔhyew afɔre a mobɔ no daa ne ɛho aduan afɔre no ho. Ɛsɛ sɛ mmoa no yɛ mmoa a wɔte apɔw;+ momfa ɛho nsã afɔre no nka ho.

29 “‘Na bosome a ɛto so ason no, bosome no da a edi kan no, monyɛ nhyiam kronkron. Ɛnsɛ sɛ moyɛ adwumaden biara.+ Ɛbɛyɛ ɛda a mode hyɛn torobɛnto.+ 2 Mommɔ ɔhyew afɔre huamhuam* mma Yehowa. Momfa nantwinini kumaa baako, odwennini baako, ne adwennini nkumaa ason a wɔn mu biara adi afe mmɔ afɔre no. Ɛsɛ sɛ mmoa no nyinaa yɛ mmoa a wɔte apɔw. 3 Momfa esiam muhumuhu a wɔde ngo afra nka ho mmɔ aduan afɔre; momfa efa nkyem du mu abiɛsa nka nantwinini no ho, na momfa nkyem du mu abien nka odwennini no ho mmɔ aduan afɔre. 4 Momfa nkyem du mu baako nka adwennini nkumaa ason no mu biara ho. 5 Afei nso, momfa ɔpapo kumaa baako mmɔ bɔne ho afɔre mpata mma mo bɔne. 6 Monyɛ eyi nka ɔhyew afɔre ne ɛho aduan afɔre a wɔbɔ no bosome biara no ho,+ ne ɔhyew afɔre a wɔbɔ no daa ne ɛho aduan afɔre+ ne ɛho nsã afɔre no ho,+ sɛnea wɔyɛ no daa no; ɛyɛ afɔre huamhuam* a wɔde ogya hyew ma Yehowa.

7 “‘Bosome a ɛto so ason no da a ɛto so du no, monyɛ nhyiam kronkron,+ na munni awerɛhow.* Ɛnsɛ sɛ moyɛ adwuma biara.+ 8 Afei momfa nantwinini kumaa baako, odwennini baako, ne adwennini nkumaa ason a wɔn mu biara adi afe mmɔ ɔhyew afɔre huamhuam* mma Yehowa. Ɛsɛ sɛ mmoa no nyinaa yɛ mmoa a wɔte apɔw.+ 9 Momfa esiam muhumuhu a wɔde ngo afra mmɔ ɛho aduan afɔre; momfa nkyem du mu abiɛsa nka nantwinini no ho, na momfa nkyem du mu abien nka odwennini no ho mmɔ aduan afɔre no. 10 Momfa nkyem du mu baako nka adwennini nkumaa ason no mu biara ho. 11 Afei nso, momfa apɔnkye ba baako mmɔ bɔne ho afɔre. Monyɛ eyi nka bɔne ho afɔre a wɔde pata ma bɔne,+ ne ɔhyew afɔre a mobɔ no daa ne ɛho aduan afɔre ne ɛho nsã afɔre no ho.

12 “‘Bosome a ɛto so ason no da a ɛto so 15 no, monyɛ nhyiam kronkron. Ɛnsɛ sɛ moyɛ adwumaden biara. Monhyɛ fã nnanson mma Yehowa.+ 13 Momfa anantwinini nkumaa 13, adwennini 2, ne adwennini nkumaa 14 a wɔn mu biara adi afe mmɛbɔ ɔhyew afɔre;+ ɛyɛ afɔre huamhuam* a wɔde ogya hyew ma Yehowa. Ɛsɛ sɛ mmoa no nyinaa yɛ mmoa a wɔte apɔw.+ 14 Momfa esiam muhumuhu a wɔde ngo afra mmɔ ɛho aduan afɔre; momfa nkyem du mu abiɛsa nka anantwinini 13 no mu biara ho, na momfa nkyem du mu abien nka adwennini 2 no mu biara ho mmɔ aduan afɔre no. 15 Momfa nkyem du mu baako nka adwennini nkumaa 14 no mu biara ho. 16 Afei nso, momfa apɔnkye ba baako mmɔ bɔne ho afɔre. Monyɛ eyi nka ɔhyew afɔre a mobɔ no daa ne ɛho aduan afɔre ne ɛho nsã afɔre no ho.+

17 “‘Na da a ɛto so abien no, momfa anantwinini nkumaa 12, adwennini 2, ne adwennini nkumaa 14 a wɔn mu biara adi afe mmɔ afɔre. Ɛsɛ sɛ mmoa no nyinaa yɛ mmoa a wɔte apɔw.+ 18 Monhwɛ anantwinini, ne adwennini, ne adwennini nkumaa no dodow ho, na momfa ɛho aduan afɔre ne ɛho nsã afɔre no nka ho. Monyɛ no sɛnea wɔyɛ no daa no. 19 Afei nso, momfa apɔnkye ba baako mmɔ bɔne ho afɔre. Monyɛ eyi nka ɔhyew afɔre a mobɔ no daa ne ɛho aduan afɔre ne ɛho nsã afɔre no ho.+

20 “‘Na da a ɛto so abiɛsa no, momfa anantwinini 11, adwennini 2, ne adwennini nkumaa 14 a wɔn mu biara adi afe mmɔ afɔre. Ɛsɛ sɛ mmoa no nyinaa yɛ mmoa a wɔte apɔw.+ 21 Monhwɛ anantwinini, ne adwennini, ne adwennini nkumaa no dodow ho, na momfa ɛho aduan afɔre ne ɛho nsã afɔre no nka ho. Monyɛ no sɛnea wɔyɛ no daa no. 22 Afei nso, momfa apɔnkye baako mmɔ bɔne ho afɔre. Monyɛ eyi nka ɔhyew afɔre a mobɔ no daa ne ɛho aduan afɔre ne ɛho nsã afɔre no ho.+

23 “‘Na da a ɛto so anan no, momfa anantwinini 10, adwennini 2, ne adwennini nkumaa 14 a wɔn mu biara adi afe mmɔ afɔre. Ɛsɛ sɛ mmoa no nyinaa yɛ mmoa a wɔte apɔw.+ 24 Monhwɛ anantwinini, ne adwennini, ne adwennini nkumaa no dodow ho, na momfa ɛho aduan afɔre ne ɛho nsã afɔre no nka ho. Monyɛ no sɛnea wɔyɛ no daa no. 25 Afei nso, momfa apɔnkye ba baako mmɔ bɔne ho afɔre. Monyɛ eyi nka ɔhyew afɔre a mobɔ no daa ne ɛho aduan afɔre ne ɛho nsã afɔre no ho.+

26 “‘Na da a ɛto so anum no, momfa anantwinini 9, adwennini 2, ne adwennini nkumaa 14 a wɔn mu biara adi afe mmɔ afɔre. Ɛsɛ sɛ mmoa no nyinaa yɛ mmoa a wɔte apɔw.+ 27 Monhwɛ anantwinini, ne adwennini, ne adwennini nkumaa no dodow ho, na momfa ɛho aduan afɔre ne ɛho nsã afɔre no nka ho. Monyɛ no sɛnea wɔyɛ no daa no. 28 Afei nso, momfa apɔnkye baako mmɔ bɔne ho afɔre. Monyɛ eyi nka ɔhyew afɔre a mobɔ no daa ne ɛho aduan afɔre ne ɛho nsã afɔre no ho.+

29 “‘Na da a ɛto so asia no, momfa anantwinini 8, adwennini 2, ne adwennini nkumaa 14 a wɔn mu biara adi afe mmɔ afɔre. Ɛsɛ sɛ mmoa no nyinaa yɛ mmoa a wɔte apɔw.+ 30 Monhwɛ anantwinini, ne adwennini, ne adwennini nkumaa no dodow ho, na momfa ɛho aduan afɔre ne ɛho nsã afɔre no nka ho. Monyɛ no sɛnea wɔyɛ no daa no. 31 Afei nso, momfa apɔnkye baako mmɔ bɔne ho afɔre. Monyɛ eyi nka ɔhyew afɔre a mobɔ no daa ne ɛho aduan afɔre ne ɛho nsã afɔre no ho.+

32 “‘Da a ɛto so ason no, momfa anantwinini 7, adwennini 2, ne adwennini nkumaa 14 a wɔn mu biara adi afe mmɔ afɔre. Ɛsɛ sɛ mmoa no nyinaa yɛ mmoa a wɔte apɔw.+ 33 Monhwɛ anantwinini, ne adwennini, ne adwennini nkumaa no dodow ho, na momfa ɛho aduan afɔre ne ɛho nsã afɔre no nka ho. Monyɛ no sɛnea wɔyɛ no daa no.* 34 Afei nso, momfa apɔnkye baako mmɔ bɔne ho afɔre. Monyɛ eyi nka ɔhyew afɔre a mobɔ no daa ne ɛho aduan afɔre ne ɛho nsã afɔre no ho.+

35 “‘Da a ɛto so awotwe no, monyɛ nhyiam titiriw. Ɛnsɛ sɛ moyɛ adwumaden biara.+ 36 Momfa nantwinini baako, odwennini baako, ne adwennini nkumaa ason a wɔn mu biara adi afe mmɔ ɔhyew afɔre; ɛyɛ afɔre huamhuam* a wɔde ogya hyew ma Yehowa. Ɛsɛ sɛ mmoa no nyinaa yɛ mmoa a wɔte apɔw.+ 37 Monhwɛ nantwinini no, ne odwennini no, ne adwennini nkumaa no dodow ho, na momfa ɛho aduan afɔre ne ɛho nsã afɔre no nka ho. Monyɛ no sɛnea wɔyɛ no daa no. 38 Afei nso, momfa apɔnkye baako mmɔ bɔne ho afɔre. Monyɛ eyi nka ɔhyew afɔre a mobɔ no daa ne ɛho aduan afɔre ne ɛho nsã afɔre no ho.+

39 “‘Mommɔ afɔre yi nyinaa mma Yehowa wɔ mo afahyɛ ahorow ase.+ Monyɛ eyi nka mo bɔhyɛ afɔre+ ne mo ayamye afɔre+ a mobɔ sɛ mo hyew afɔre+ no ho, ne mo aduan afɔre,+ ne mo nsã afɔre,+ ne mo asomdwoe afɔre+ no ho.’” 40 Na Mose kaa nea Yehowa ka kyerɛɛ no no nyinaa kyerɛɛ Israelfo no.

30 Na Mose ka kyerɛɛ mpanyimfo+ a wɔdeda Israel mmusuakuw ano no sɛ: “Asɛm a Yehowa aka ni: 2 Sɛ ɔbarima hyɛ Yehowa bɔ+ anaa ɔka ntam+ de kyekyere ne ho* sɛ ɔbɛtwe ne ho afi nneɛma bi ho a, ɛnsɛ sɛ obu so.+ Nea wahyɛ bɔ sɛ ɔbɛyɛ no, ɛsɛ sɛ ɔyɛ ne nyinaa.+

3 “Na sɛ ɔbea hyɛ Yehowa bɔ anaa ɔka ntam de kyekyere ne ho sɛ ɔbɛtwe ne ho afi nneɛma bi ho, na sɛ ɔyɛ ababaa a ɔte ne papa fi, 4 na sɛ ne papa te ne bɔhyɛ no ne ntam a ɔde akyekyere ne ho* sɛ ɔbɛtwe ne ho afi nneɛma bi ho no, na ne papa anka hwee a, ɛnde ababaa no bɔhyɛ no nyinaa begyina, na ntam biara a waka de akyekyere ne ho sɛ ɔbɛtwe ne ho afi nneɛma bi ho no nso begyina. 5 Nanso sɛ ne papa te sɛ wahyɛ bɔ anaa waka ntam de akyekyere ne ho sɛ ɔbɛtwe ne ho afi nneɛma bi ho, na papa no ampene so a, ɛrennyina. Na Yehowa de bɛkyɛ ababaa no, efisɛ ne papa ampene so.+

6 “Na sɛ ɔbea no kaa ntam no anaa ɔperee ne ho hyɛɛ bɔ de kyekyeree ne ho ansa na ɔreware, 7 na sɛ ɛda a ne kunu bɛte ho asɛm no, ne kunu no anka ho hwee a, ɛnde ne bɔhyɛ no anaa ntam a ɔde akyekyere ne ho sɛ ɔbɛtwe ne ho afi nneɛma bi ho no begyina. 8 Nanso, ɛda a ɔbea no kunu bɛte no, sɛ wampene so a, ɛnde sɛ ɔpɛ a, obetumi atwa ɔbea no ntam no mu. Obetumi nso atwa ɛbɔ a ɔbea no peree ne ho hyɛe de kyekyeree ne ho no mu,+ na Yehowa de bɛkyɛ ɔbea no.

9 “Nanso sɛ ɔbea kunafo anaa ɔbea a ne kunu agyaa no aware hyɛ bɔ de kyekyere ne ho a, biribiara a waka no, ɛsɛ sɛ odi so.

10 “Na sɛ bere a ɔbea te ne kunu fi no, ɔhyɛ bɔ anaa ɔka ntam de kyekyere ne ho sɛ ɔbɛtwe ne ho afi nneɛma bi ho, 11 na ne kunu tee nanso wanka ho hwee anaa wantia mu a, ɛnde ɛbɔ biara a ɔhyɛe anaa ntam biara a ɔde kyekyeree ne ho sɛ ɔbɛtwe ne ho afi nneɛma bi ho no begyina. 12 Nanso sɛ ɛda a okunu no tee ɛbɔ a ɔbea no ahyɛ anaa ntam a ɔkae sɛ ɔbɛtwe ne ho afi nneɛma bi ho no, sɛ okunu no twaa ne nyinaa mu a, ɛnde ɛrennyina.+ Ɔbea no kunu atwa mu, enti Yehowa de bɛkyɛ ɔbea no. 13 Bɔhyɛ biara anaa ntam biara a ɔbea de bɛkyekyere ne ho sɛ ɔbɛtwe ne ho afi nneɛma bi ho na ɔde nneɛma bi akame ne ho* no, ɔbea no kunu na ɔbɛma agyina, na ɔbea no kunu no ara na obetumi atwa mu. 14 Nanso ade rekye a ade resa nyinaa, sɛ ɔbea no kunu anka ho hwee a, ɛnde na wama ɔbea no bɔhyɛ nyinaa anaa ɛbɔ biara a wahyɛ sɛ ɔbɛtwe ne ho afi nneɛma bi ho no agyina. Nea enti a wama agyina ne sɛ, ɛda a ɔtee ɔbea no bɔhyɛ no, wanka ho hwee. 15 Nanso sɛ ɔbarima no te bɔhyɛ no, na wanka ho hwee saa da no, na akyiri yi otwa mu a, ɛnde ɔno na ɔbɛsoa ɔbea no afodi ho nsunsuanso no.+

16 “Eyi ne ahyɛde a Yehowa de maa Mose a ɛfa okunu ne ɔyere ho, ne nea ɛfa agya ne ne ba ababaa a ɔte ne fi ho.”

31 Na Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: 2 “Nea Midianfo de yɛɛ Israelfo no,+ yɛ bi tua wɔn ka.+ Wuwie a, wɔde wo bɛkɔ akɔka wo nkurɔfo ho.”*+

3 Enti Mose ne ɔman no kasae, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Munyi mmarima bi mfi mo mu, na momma wɔn akode na wɔne Midianfo nkɔko, na wɔmfa Yehowa asotwe* mmra Midianfo so. 4 Munyi nnipa 1,000 mfi Israel abusuakuw biara mu mma wɔnkɔka asraafo no ho.” 5 Enti Israel apem apem mu no,+ woyii abusuakuw biara mu nnipa 1,000, na wonyaa nnipa 12,000 a wokurakura akode rekɔ ɔko.

6 Ɛnna Mose somaa abusuakuw biara mu nnipa 1,000 a oyiyii wɔn no ma wɔkɔkaa asraafo no ho. Wɔkɔkaa Eleasar ba Finehas+ ho. Ɔno na na ɔyɛ asraafo no sɔfo, na ɔno na na nneɛma kronkron ne ntorobɛnto a wɔbɛhyɛn wɔ ɔko mu no+ hyɛ ne nsa. 7 Na wɔne Midianfo kɔkoe, sɛnea na Yehowa aka akyerɛ Mose no, na wokum ɔbarima biara. 8 Na wokum Midian ahemfo nso kaa wɔn a wokunkum wɔn no ho. Midian ahemfo baanum no din ne Ewi, Rekem, Sur, Hur, ne Reba. Na wɔde sekan kum Beor ba Baalam+ nso. 9 Na Israelfo no kyeree Midianfo mmea ne wɔn mma kɔe. Afei nso, wɔfom wɔn afieboa nyinaa, ne wɔn nyɛmmoa nyinaa, ne wɔn ho nneɛma nyinaa. 10 Wɔn nkurow a wɔtete mu ne wɔn asoɛe* nyinaa, wɔde ogya hyewee. 11 Na nneɛma a wonyae wɔ ɔko no mu, ne nneɛma a wɔfomee no, wɔde ne nyinaa kɔe, nnipa ne mmoa nyinaa. 12 Na wɔde wɔn a wɔkyeree wɔn no ne nneɛma a wɔfomee ne nneɛma a wonyae wɔ ɔko no mu nyinaa brɛɛ Mose ne ɔsɔfo Eleasar ne Israel asafo no nyinaa wɔ wɔn asoɛe hɔ wɔ Moab sare so,+ baabi a ɛbɛn Yordan wɔ Yeriko no.

13 Na Mose ne ɔsɔfo Eleasar ne asafo no mu mpanyimfo nyinaa pue kohyiaa wɔn wɔ asoɛe no akyi. 14 Nanso Mose bo fuw mmarima a wɔdeda asraafo no ano no denneennen, kyerɛ sɛ, asraafo mpanyimfo a wɔdeda apem apem ano ne asraafo mpanyimfo a wɔdeda ɔhaha ano a na wofi ɔko no mu reba no. 15 Mose bisaa wɔn sɛ: “Adɛn nti na moama mmea no nyinaa da so te nkwa mu? 16 Hwɛ! Mmea yi na Baalam ma wɔdaadaa Israelfo ma wɔyɛɛ bɔne+ tiaa Yehowa wɔ Peor asɛm no mu+ ma ɛkɔfaa ɔhaw baa Yehowa asafo so no.+ 17 Enti munkunkum mmarimaa no nyinaa, na ɔbea biara a ɔne ɔbarima ada pɛn no, munkum no. 18 Nanso mmeawa a wɔne ɔbarima biara nnae da no de, momma wɔmfa wɔn ho nni.+ 19 Montena asoɛe no akyi nnanson. Mo mu biara a wakum obi,* ne mo mu biara a waso obi a wɔakum no mu no,+ onnwira ne ho+ ɛda a ɛto so abiɛsa ne ɛda a ɛto so ason no, mo ne wɔn a mokyeree wɔn bae no nyinaa. 20 Na ataade biara, ne ade biara a wɔde aboa nhoma ayɛ, anaa nea wɔde apɔnkye nwi ayɛ, ne ade biara a wɔde dua ayɛ no, munnwira ho.”*

21 Na ɔsɔfo Eleasar ka kyerɛɛ asraafo a wɔkɔɔ ɔko no sɛ: “Eyi ne mmara a Yehowa de maa Mose, 22 ‘Sika kɔkɔɔ, dwetɛ, kɔbere, dade, sanyaa,* ne sumpii,* 23 ne ade biara a ebetumi afa ogya mu no, ɛno nko ara na momfa mfa ogya mu, na ɛho bɛtew. Nanso ɛsɛ sɛ mode ahodwira nsu no nso tew ho.+ Ade biara a entumi mfa ogya mu no, momfa mfa nsu no mu. 24 Na da a ɛto so ason no, monhoro mo ntaade na mo ho ntew, na ɛno akyi no, mubetumi aba asoɛe hɔ.’”+

25 Na Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: 26 “Kan nneɛma a wɔde fi ɔko mu bae no na munhu ne dodow. Kan nnipa a wɔkyeree wɔn bae ne mmoa a wɔde wɔn bae no nyinaa. Wo ne ɔsɔfo Eleasar ne agyanom abusuafi mpanyimfo a wɔwɔ asafo no mu na ɛnkan wɔn. 27 Monkyɛ nneɛma a wɔde fi ɔko mu bae no mu abien, na momfa fã mma asraafo a wɔkɔɔ ɔko no, na momfa nea aka no mma asafo no mufo a aka no nyinaa.+ 28 Gye asraafo a wɔkɔɔ ɔko no hɔ tow ma Yehowa. Nnipa 500 biara, gye ɔkra* baako; anantwi 500 biara, gye ɔkra baako; mfurum 500 biara, gye ɔkra baako, na nguan 500 biara, gye ɔkra baako. 29 Munyi mfi kyɛfa a wonyae no mu, na fa ma ɔsɔfo Eleasar sɛ ntoboa a wɔde rema Yehowa.+ 30 Israelfo no kyɛfa no nso, nnipa 50 biara, gye baako; anantwi 50 biara, gye baako; mfurum 50 biara, gye baako; nguan 50 biara, gye baako; na afieboa a aka biara, gye 50 biara mu baako. Afei fa ma Lewifo+ a wɔyɛ Yehowa som ntamadan no ho adwuma no.”+

31 Enti Mose ne ɔsɔfo Eleasar yɛɛ nea na Yehowa aka akyerɛ Mose no. 32 Nneɛma a nnipa a wɔkɔɔ ɔko no fae, kyerɛ sɛ, nea wɔfom de bae no, nea ɛkae no yɛ nguan 675,000, 33 ne anantwi 72,000, 34 ne mfurum 61,000. 35 Mmea a wɔne ɔbarima biara nnae da no+ dodow yɛ mmea* 32,000. 36 Bere a wɔkyɛɛ nneɛma no mu abien no, wɔn a wɔkɔɔ ɔko no nyaa nguan 337,500 sɛ wɔn kyɛfa. 37 Nguan no mu dodow a wɔde tuaa tow maa Yehowa no yɛ 675. 38 Anantwi a wonyae no dodow yɛ 36,000, na woyii mu 72 tuaa tow maa Yehowa. 39 Mfurum a wonyae dodow yɛ 30,500, na woyii mu 61 tuaa tow maa Yehowa. 40 Nnipa* a wonyae dodow yɛ 16,000, na woyii nnipa* no mu 32 tuaa tow maa Yehowa. 41 Na Mose de tow no maa ɔsɔfo Eleasar sɛ ntoboa a wɔde rema Yehowa,+ sɛnea na Yehowa aka akyerɛ Mose no.

42 Bere a Mose kyɛɛ nneɛma a wonyae wɔ ɔko no mu abien a ɔde asraafo no kyɛfa maa wɔn no, ɔfã a ɛkɔɔ Israelfo no hɔ no, 43 nguan no fã a wonyae no yɛ 337,500, 44 anantwi no yɛ 36,000, 45 mfurum no yɛ 30,500, 46 ɛnna nnipa* no yɛ 16,000. 47 Na nneɛma no fã a ɛkɔɔ Israelfo no hɔ no, Mose gyee 50 biara mu baako, nnipa ne mmoa nyinaa. Na ɔde maa Lewifo+ a wɔyɛ Yehowa som ntamadan no ho adwuma no,+ sɛnea na Yehowa aka akyerɛ Mose no.

48 Ɛnna mmarima a wɔdeda asraafo no ano no,+ kyerɛ sɛ, asraafo mpanyimfo a wɔdeda apem apem ano ne asraafo mpanyimfo a wɔdeda ɔhaha ano no kɔɔ Mose nkyɛn, 49 na wɔka kyerɛɛ Mose sɛ: “Wo nkoa akan asraafo a wɔhyɛ yɛn nsa no, na wɔn mu baako mpo nyerae.+ 50 Enti ma yɛn mu biara mfa nea wanya mmɛbɔ afɔre mma Yehowa: biribiara a wɔde sika kɔkɔɔ ayɛ, kawa a wɔde to nan, nkapo, ahyɛnsode nkawa, asomuade, ne agude foforo biara. Ma wɔmfa eyinom mpata mma yɛn* bɔne wɔ Yehowa anim.”

51 Enti Mose ne ɔsɔfo Eleasar gyee sika kɔkɔɔ a wɔde bae no; agude a wɔde bae no nyinaa, wogyei. 52 Na sika kɔkɔɔ a asraafo mpanyimfo a wɔdeda apem apem ano ne asraafo mpanyimfo a wɔdeda ɔhaha ano no de maa Yehowa sɛ ntoboa no nyinaa dodow yɛ nnwetɛbona* 16,750. 53 Ná asraafo no mu biara afa nneɛma a wɔde fi ɔko mu bae no bi. 54 Mose ne ɔsɔfo Eleasar gyee sika kɔkɔɔ a asraafo mpanyimfo a wɔdeda apem apem ano ne wɔn a wɔdeda ɔhaha ano no de bae no, na wɔde baa ahyiae ntamadan no mu sɛ ɛnyɛ nkae ade mma Israelfo no wɔ Yehowa anim.

32 Ná Rubenfo+ ne Gadfo+ wɔ nyɛmmoa bebree paa, na wohui sɛ Yaser+ asaase ne Gilead asaase yɛ baabi pa a wobetumi ayɛn mmoa. 2 Enti Gadfo ne Rubenfo no baa Mose ne ɔsɔfo Eleasar ne asafo no mu mpanyimfo no nkyɛn, na wɔbɛka kyerɛɛ wɔn sɛ: 3 “Atarot ne Dibon ne Yaser ne Nimra ne Hesbon+ ne Eleale ne Sebam ne Nebo+ ne Beon,+ 4 asaase a Yehowa adi so nkonim wɔ Israel asafo no anim+ no yɛ asaase pa a yebetumi ayɛn mmoa wɔ so, na wo nkoa nso nyɛmmoa dɔɔso paa.”+ 5 Wɔtoaa so kae sɛ: “Sɛ wobɛpene so a, fa asaase yi ma wo nkoa sɛ yɛn agyapade. Mma yenntwa Yordan.”

6 Ɛnna Mose bisaa Gadfo ne Rubenfo no sɛ: “Mopɛ sɛ mo nuanom kɔko na mo de motena ha? 7 Adɛn nti na mopɛ sɛ mubu Israelfo no aba mu sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrentwa nkɔ asaase a Yehowa asi no pi sɛ ɔde bɛma wɔn no so? 8 Saa ara na mo agyanom yɛe bere a mesomaa wɔn fii Kades-Barnea sɛ wɔnkɔhwɛ asaase no.+ 9 Bere a wɔforo koduu Eskol Bon* no ho+ a wohuu asaase no, wobuu Israelfo no aba mu sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrenkɔ asaase a na Yehowa de bɛma wɔn no so.+ 10 Saa da no, Yehowa bo fuwii denneennen, enti ɔkaa ntam sɛ:+ 11 ‘Mmarima a wofi Egypt bae a wɔadi mfe 20 rekɔ nyinaa renhu asaase a mekaa Abraham ne Isak ne Yakob ntam sɛ mede bɛma wɔn no,+ efisɛ wɔamfa wɔn koma nyinaa anni m’akyi. 12 Kaleb,+ Kenisini Yefune ba no, ne Nun ba Yosua+ nko ara na wobehu asaase no, efisɛ wɔde wɔn koma nyinaa dii Yehowa akyi.’+ 13 Enti Yehowa bo fuw Israel denneennen, na ɔma wokyinkyinii sare so mfe 40+ kosii sɛ awo ntoatoaso a wɔyɛɛ Yehowa ani so bɔne no nyinaa ase hyewee.+ 14 Seesei, moabesi mo agyanom anan sɛ mmarima abɔnefo asefo, na mopɛ sɛ moma Yehowa abufuhyew a ɛwɔ Israelfo so no yɛ kɛse. 15 Sɛ mosan fi n’akyi a, ɔno nso begyaw wɔn wɔ sare no so bio, na ɛba saa a, mode ɔsɛe bɛba ɔman yi nyinaa so.”

16 Akyiri yi, wɔsan baa ne nkyɛn bɛkae sɛ: “Ma yɛmfa abo nyɛ buw mma yɛn nyɛmmoa wɔ ha, na yɛnkyekye nkurow wɔ ha mma yɛn mma. 17 Yɛn de, yɛayɛ krado sɛ yɛbɛkɔ ɔko,+ na yebedi Israelfo anim akosi sɛ yɛde wɔn bedu baabi a wɔrekɔ. Na yɛn mma de, yebegyaw wɔn ama wɔatena nkurow a wɔabɔ ho ban mu, na asaase no sofo anyɛ wɔn bɔne. 18 Yɛrensan nkɔ yɛn afi mu kosi sɛ Israelni biara benya n’asaase a ɛyɛ n’agyapade.+ 19 Na agyapade a wobenya wɔ Yordan atɔe fam ne akyi no, yɛnka ho, efisɛ yɛanya yɛn agyapade wɔ Yordan apuei fam.”+

20 Na Mose ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monyɛ eyi: Momfa akode wɔ Yehowa anim, na monyɛ krado nkɔ ɔko no.+ 21 Sɛ mo mu biara fa akode, na mutwa Yordan no wɔ Yehowa anim na ɔpam n’atamfo fi n’anim+ 22 kosi sɛ mubedi asaase no so nkonim wɔ Yehowa anim+ a, ɛnde mubetumi asan akɔ mo nkyi,+ na morenni fɔ wɔ Yehowa ne Israel anim. Na asaase yi bɛyɛ mo agyapade wɔ Yehowa anim.+ 23 Nanso sɛ moanyɛ saa a, ɛnde na moayɛ bɔne atia Yehowa. Ɛba saa a, munhu sɛ mo bɔne bedi mo akyi. 24 Enti mubetumi akyekye nkurow ama mo mma na moayɛ buw ama mo mmoa,+ nanso ɛsɛ sɛ moyɛ nea moaka no.”

25 Na Gadfo ne Rubenfo no ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Wo nkoa bɛyɛ nea me wura aka no. 26 Yɛn mma ne yɛn yerenom ne yɛn nyɛmmoa ne yɛn afieboa nyinaa bɛtena Gilead nkurow no mu hɔ.+ 27 Na wo nkoa de, yebetwa akɔ; ɔbarima biara bɛhyehyɛ ne ho akɔ ɔko wɔ Yehowa anim,+ sɛnea me wura aka yi.”

28 Enti Mose kaa wɔn ho asɛm kyerɛɛ ɔsɔfo Eleasar ne Nun ba Yosua ne mpanyimfo a wɔdeda Israel mmusuakuw agyanom abusuafi ano no. 29 Mose ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Sɛ Gadfo ne Rubenfo, ɔbarima biara a wahyehyɛ ne ho rekɔ ɔko wɔ Yehowa anim ne mo twa Yordan, na mudi asaase no so nkonim a, ɛnde momfa Gilead mma wɔn sɛ wɔn agyapade.+ 30 Nanso sɛ wɔamfa wɔn akode na wɔne mo antwa ankɔ a, ɛnde wɔbɛtena mo mu wɔ Kaanan asaase so.”

31 Ɛnna Gadfo ne Rubenfo no kae sɛ: “Nea Yehowa aka akyerɛ wo nkoa no, ɛno na yɛbɛyɛ. 32 Yɛbɛfa yɛn akode na yɛatwa wɔ Yehowa anim akɔ Kaanan asaase so,+ nanso Yordan agya ha na ɛbɛyɛ yɛn agyapade.” 33 Enti Mose de Amorifo hene Sihon ahemman+ ne Basan hene Og ahemman,+ ne nsaase a ɛdeda wɔn nkurow no ho, ne nkurow a ɛwowɔ nsaase a atwa ho ahyia so no maa Gadfo ne Rubenfo+ ne Yosef ba Manase abusuakuw fã no.+

34 Gadfo no kyekyee* Dibon,+ Atarot,+ Aroer,+ 35 Atrot-Sofan, Yaser,+ Yogbeha,+ 36 Bet-Nimra+ ne Bet-Haran,+ nkurow a wɔabɔ ho ban. Na wɔde abo yɛɛ buw maa wɔn mmoa. 37 Na Rubenfo no kyekyee Hesbon,+ Eleale,+ Kiriataim,+ 38 Nebo,+ ne Baal-Meon,+ a wɔsesaa ne nyinaa din no, ne Sibma. Na nkurow a wɔsan kyekyee no, wɔmaa no din foforo.

39 Na Manase ba Makir+ mma kɔtow hyɛɛ Gilead so, na wɔfae, na wɔpam Amorifo a na ɛwɔ hɔ no. 40 Enti Mose de Gilead maa Manase ba Makir, na ɔtenaa hɔ.+ 41 Manase ba Yair nso kɔtow hyɛɛ wɔn so, na ɔfaa wɔn ntamadan nkurow no, na ɔtoo hɔ din Hawot-Yair.*+ 42 Na Noba kɔtow hyɛɛ Kenat ne ɛho nkurow nyinaa so, na ɔfae, na ɔde ɔno ara ne din Noba too so.

33 Eyi ne Israelfo akwantu ho nsɛm, bere a Mose ne Aaron dii ɔman no asraafo akuw+ anim fii Egypt asaase so+ no.+ 2 Baabi a wotu fii wɔ wɔn akwantu no mu biara, Mose yɛɛ ho kyerɛwtohɔ sɛnea Yehowa ka kyerɛɛ no no. Mmeae a wotu fii ne mmeae a wɔkɔsoɛe ni:+ 3 Bosome a edi kan, bosome no da a ɛto so 15 no,+ wotu fii Ramese.+ Ɛda a wodii Twam no,+ ade kyee ara na Israelfo de akokoduru* fii Egyptfo no nyinaa anim kɔe. 4 Saa bere yi nyinaa, na Egyptfo resie wɔn mmakan a Yehowa kunkum wɔn wɔ wɔn mu no nyinaa,+ efisɛ na Yehowa abu wɔn anyame no atɛn.+

5 Enti Israelfo tu fii Ramese, na wɔkɔsoɛɛ Sukot.+ 6 Na wotu fii Sukot, na wɔkɔsoɛɛ Etarm+ a ɛwɔ sare no ano no. 7 Bere a wotu fii Etarm no, wɔsan wɔn akyi, na wɔde wɔn ani kyerɛɛ Pihahirot a ɛne Baal-Sefon di nhwɛanim no,+ na wɔkɔsoɛɛ Migdol anim.+ 8 Ɛno akyi no, wotu fii Pihahirot, na wɔkɔfaa ɛpo no mfinimfini+ kɔɔ sare so,+ na wɔde nnansa twaa kwan faa Etarm sare so,+ na wɔkɔsoɛɛ Mara.+

9 Afei wotu fii Mara, na wokoduu Elim. Ná asuti 12 ne mmedua 70 wɔ Elim, enti wɔsoɛɛ hɔ.+ 10 Ɛno akyi no, wotu fii Elim, na wɔkɔsoɛɛ Ɛpo Kɔkɔɔ no ho. 11 Afei wotu fii Ɛpo Kɔkɔɔ no ho, na wɔkɔsoɛɛ Sin sare so.+ 12 Bere a wotu fii Sin sare so no, wɔkɔsoɛɛ Dofka. 13 Akyiri yi, wotu fii Dofka, na wɔkɔsoɛɛ Alus. 14 Ɛno akyi no, wotu fii Alus, na wɔkɔsoɛɛ Refidim.+ Nanso na nsu biara nni hɔ a nnipa no bɛnom. 15 Afei wotu fii Refidim, na wɔkɔsoɛɛ Sinai sare so.+

16 Na wotu fii Sinai sare so, na wɔkɔsoɛɛ Kibrot-Hatawa.+ 17 Bere a wotu fii Kibrot-Hatawa no, wɔkɔsoɛɛ Haserot.+ 18 Afei wotu fii Haserot, na wɔkɔsoɛɛ Ritma. 19 Ɛno akyi no, wotu fii Ritma, na wɔkɔsoɛɛ Rimon-Peres. 20 Bere a wotu fii Rimon-Peres no, wɔkɔsoɛɛ Libna. 21 Na wotu fii Libna, na wɔkɔsoɛɛ Risa. 22 Ɛno akyi no, wotu fii Risa, na wɔkɔsoɛɛ Kehelata. 23 Bere a wotu fii Kehelata no, wɔkɔsoɛɛ Sefa Bepɔw so.

24 Afei wotu fii Sefa Bepɔw so, na wɔkɔsoɛɛ Harada. 25 Bere a wotu fii Harada no, wɔkɔsoɛɛ Makelot. 26 Ɛno akyi no, wotu+ fii Makelot, na wɔkɔsoɛɛ Tahat. 27 Afei wotu fii Tahat, na wɔkɔsoɛɛ Tera. 28 Bere a wotu fii Tera no, wɔkɔsoɛɛ Mitka. 29 Akyiri yi, wotu fii Mitka, na wɔkɔsoɛɛ Hasmona. 30 Ɛno akyi no, wotu fii Hasmona, na wɔkɔsoɛɛ Moserot. 31 Bere a wotu fii Moserot no, wɔkɔsoɛɛ Bene-Yaakan.+ 32 Na wotu fii Bene-Yaakan, na wɔkɔsoɛɛ Hor-Hagidgad. 33 Ɛno akyi no, wotu fii Hor-Hagidgad, na wɔkɔsoɛɛ Yotbata.+ 34 Akyiri yi, wotu fii Yotbata, na wɔkɔsoɛɛ Abrona. 35 Bere a wotu fii Abrona no, wɔkɔsoɛɛ Esion-Geber.+ 36 Afei wotu fii Esion-Geber, na wɔkɔsoɛɛ Sina sare so,+ kyerɛ sɛ, Kades.

37 Akyiri yi, wotu fii Kades, na wɔkɔsoɛɛ Hor Bepɔw so+ wɔ Edom asaase no hye so. 38 Na ɔsɔfo Aaron foro kɔɔ Hor Bepɔw so, sɛnea Yehowa kae no, na owui wɔ hɔ. Eyi yɛ bere a Israelfo fii Egypt asaase so no afe a ɛto so 40, bosome a ɛto so anum, bosome no da a edi kan.+ 39 Bere a Aaron wui wɔ Hor Bepɔw so no, na wadi mfe 123.

40 Saa bere no, Arad hene+ a ɔyɛ Kaananni a na ɔte Negeb wɔ Kaanan asaase so no tee sɛ Israelfo no reba.

41 Bere bi akyi no, wotu fii Hor Bepɔw so,+ na wɔkɔsoɛɛ Salmona. 42 Afei wotu fii Salmona, na wɔkɔsoɛɛ Punon. 43 Ɛno akyi no, wotu fii Punon, na wɔkɔsoɛɛ Obot.+ 44 Bere a wotu fii Obot no, wɔkɔsoɛɛ Ye-Abarim wɔ Moab hye so.+ 45 Akyiri yi, wotu fii Ayim, na wɔkɔsoɛɛ Dibon-Gad.+ 46 Afei wotu fii Dibon-Gad, na wɔkɔsoɛɛ Almon-Diblataim. 47 Bere a wotu fii Almon-Diblataim no, wɔkɔsoɛɛ Abarim mmepɔw so+ wɔ Nebo anim.+ 48 Ne korakora no, wotu fii Abarim mmepɔw so, na wɔkɔsoɛɛ Moab sare so, baabi a ɛbɛn Yordan wɔ Yeriko no.+ 49 Na wɔkɔɔ so tenaa Yordan ho, efi Bet-Yesimot kosi Abel-Sitim+ tɔnn wɔ Moab sare so.

50 Na Yehowa ne Mose kasae wɔ Moab sare so, baabi a ɛbɛn Yordan wɔ Yeriko no. Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: 51 “Wo ne Israelfo nkasa, na ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Morebetwa Yordan akɔ Kaanan asaase so.+ 52 Mompam nnipa a wɔtete asaase no so nyinaa mfi mo anim, na monsɛe wɔn abo ahoni nyinaa,+ ne wɔn dade ahoni* nyinaa,+ na monsɛe wɔn sorɔnsorɔmmea* nyinaa.+ 53 Momfa asaase no na montena so, efisɛ sɛnea ɛte biara mede bɛma mo sɛ mo agyapade.+ 54 Mommɔ ntonto+ nkyɛ asaase no mma mo mmusua no sɛ wɔn agyapade. Kuw a emufo dɔɔso no, ma wɔn agyapade nyɛ kɛse, na kuw a emufo sua no, tew wɔn agyapade so.+ Baabi a obiara ntonto bɛkyerɛ no, ɛhɔ na ɛbɛyɛ n’agyapade. Mo nsa bɛka mo agyapade sɛnea mo agyanom mmusuakuw te.+

55 “‘Na sɛ moampam wɔn a wɔtete asaase no so amfi mo anim a,+ ɛnde wɔn a mobɛma wɔaka no bɛyɛ sɛ biribi a atɔ mo ani ne nsɔe a ɛhyɛ mo mfe mu, na wɔbɛteetee mo wɔ asaase a mobɛtena so no so.+ 56 Na nea mayɛ sɛ mede bɛyɛ wɔn no, mo na mede bɛyɛ mo.’”+

34 Na Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Mose sɛ: 2 “Fa akwankyerɛ yi ma Israelfo no sɛ: ‘Sɛ mokɔ Kaanan asaase so a,+ asaase a ɛbɛyɛ mo agyapade ne Kaanan asaase ne n’ahye nyinaa.+

3 “‘Mo hye a ɛwɔ anaafo fam no bɛfa Sina sare so wɔ Edom ho, na mo hye a ɛwɔ anaafo apuei no befi ase afi Nkyene Po* no ano noho.+ 4 Mo hye no bɛdan akɔfa Akrabim koko no+ anaafo fam na atoa so akosi Sina, na ɛbɛkɔ akɔpem Kades-Barnea+ anaafo. Afei ɛbɛtoa so akɔ Hasar-Ada,+ na atoa so akɔ Asmon. 5 Ɔhye no kodu Asmon a, ɛbɛdan akɔfa Egypt Subon no ho, na ano akɔpem Ɛpo no.*+

6 “‘Mo hye a ɛwɔ atɔe fam no ne Ɛpo Kɛse* no mpoano. Ɛno na ɛbɛyɛ mo hye wɔ atɔe fam.+

7 “‘Eyi na ɛbɛyɛ mo hye wɔ atifi fam: Munsusuw mfi Ɛpo Kɛse no ano nkosi Hor Bepɔw ho. 8 Afei munsusuw mfi Hor Bepɔw ho nkɔ Lebo-Hamat,*+ na ɔhye no ano bɛkɔ akɔpem Sedad.+ 9 Na ɔhye no bɛtoa so akosi Sifron, na ano bɛkɔ akɔpem Hasar-Enan.+ Ɛno na ɛbɛyɛ mo hye wɔ atifi fam.

10 “‘Na mo hye a ɛwɔ apuei fam no, munsusuw mfi Hasar-Enan nkosi Sefam. 11 Ɔhye no befi Sefam akosi Ribla wɔ Ain apuei fam, na ebesian akotwa mu wɔ nkoko a ɛwɔ Kineret Po*+ no apuei fam. 12 Ɔhye no bɛtoa so akosi Yordan ho, na ano bɛkɔ akɔpem Nkyene Po no ho.+ Ɛno na ɛbɛyɛ mo asaase+ ne ɛho ahye nyinaa.’”

13 Enti Mose ka kyerɛɛ Israelfo no sɛ: “Eyi ne asaase a mobɛbɔ ntonto de akyɛ sɛ mo agyapade no.+ Saa na Yehowa aka sɛ wɔmfa mma mmusuakuw akron ne fã no. 14 Efisɛ Ruben abusuakuw ne wɔn agyanom abusuafi, ne Gad abusuakuw ne wɔn agyanom abusuafi, ne Manase abusuakuw fã no de, wɔanya wɔn agyapade dedaw.+ 15 Mmusuakuw abien ne fã yi anya wɔn agyapade dedaw wɔ Yordan mpɔtam wɔ Yeriko apuei fam, baabi a owia pue no.”+

16 Na Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Mose sɛ: 17 “Mmarima a wɔbɛkyɛ asaase no ama mo sɛ mo agyapade no din ni: Ɔsɔfo Eleasar+ ne Nun ba Yosua.+ 18 Afei munyi ɔpanyin baako mfi abusuakuw biara mu mma wɔnkyɛ asaase no mma mo sɛ mo agyapade.+ 19 Mmarima no din ni: Yuda abusuakuw mu,+ Yefune ba Kaleb;+ 20 Simeon abusuakuw mu,+ Amihud ba Semuel; 21 Benyamin abusuakuw mu,+ Kislon ba Elidad; 22 Dan abusuakuw mu,+ ɔpanyin a woyii no ne Yogli ba Buki; 23 Yosef mma mu,+ ɔpanyin a woyii no fii Manase abusuakuw mu+ ne Efod ba Haniel; 24 Efraim abusuakuw mu,+ ɔpanyin a woyii no ne Siftan ba Kemuel; 25 Sebulon abusuakuw mu,+ ɔpanyin a woyii no ne Parnak ba Elisafan; 26 Isakar abusuakuw mu,+ ɔpanyin a woyii no ne Asan ba Paltiel; 27 Aser abusuakuw mu,+ ɔpanyin a woyii no ne Selomi ba Ahihud; 28 Naftali abusuakuw mu,+ ɔpanyin a woyii no ne Amihud ba Pedahel.” 29 Eyinom na Yehowa kae sɛ wɔnkyɛ asaase no mma Israelfo wɔ Kaanan asaase so.+

35 Yehowa ne Mose kasae wɔ Moab sare so, baabi a ɛbɛn Yordan+ wɔ Yeriko no, na ɔkae sɛ: 2 “Ka kyerɛ Israelfo no sɛ, agyapade a wobenya no, wonyi emu nkurow no bi mma Lewifo no ntena mu,+ na wɔmfa nkurow no ho nsaase a mmoa bedidi so no mma Lewifo no.+ 3 Wɔbɛtena nkurow no mu, na ɛho nsaase a mmoa bedidi so no, ɛhɔ na wɔde wɔn nyɛmmoa, wɔn nneɛma, ne wɔn mmoa a aka nyinaa nso begu. 4 Nkurow a mode bɛma Lewifo no, ɛho nsaase a mmoa bedidi so no, ɛsɛ sɛ ɛne kurow no fasu ntam yɛ basafa* 1,000. Munsusuw no saa ara ntwa kurow biara ho nhyia. 5 Munsusuw kurow biara akyi basafa 2,000 nkɔ apuei fam, munsusuw basafa 2,000 nkɔ anaafo fam, munsusuw basafa 2,000 nkɔ atɔe fam, na munsusuw basafa 2,000 nkɔ atifi fam. Munsusuw no saa ara ntwa kurow no ho nhyia. Eyi na ɛbɛyɛ wɔn nkurow ho nsaase a mmoa bedidi so.

6 “Nkurow a mode bɛma Lewifo no, emu 6 bɛyɛ guankɔbea nkurow+ a sɛ obi kum onipa a obeguan akɔ hɔ,+ ne nkurow foforo 42. 7 Nkurow a mode bɛma Lewifo no nyinaa bɛyɛ 48, ne ɛho nsaase a mmoa bedidi so.+ 8 Nkurow a mode bɛma Lewifo no, munnye mfi Israelfo agyapade mu.+ Kuw a enyaa pii no, munnye pii mfi wɔn hɔ, na kuw a enyaa kakraa bi no, munnye kakraa bi mfi wɔn hɔ.+ Kuw biara nhwɛ agyapade a onyae ho na onyi ne nkurow no bi mma Lewifo no.”

9 Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Mose sɛ: 10 “Wo ne Israelfo nkasa, na ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Morebetwa Yordan akɔ Kaanan asaase so.+ 11 Munyi nkurow a eye ma mo, na momfa nyɛ guankɔbea nkurow. Sɛ obi kum obi* na wanhyɛ da a, ɛhɔ na onguan nkɔ.+ 12 Saa nkurow yi bɛyɛ guankɔbea ama mo, na nea wɔakum no no busuani*+ nsa anka mo, sɛnea ɛbɛyɛ a nea wakum nipa no renwu kosi sɛ obegyina asafo no anim ama wɔadi n’asɛm.+ 13 Guankɔbea nkurow asia a mubeyi no, ɛno na mode bedi saa dwuma no. 14 Munyi nkurow abiɛsa wɔ Yordan fã ha,+ na munyi abiɛsa wɔ Kaanan asaase so+ na momfa nyɛ guankɔbea nkurow. 15 Nkurow asia yi bɛyɛ guankɔbea ama Israelfo, ahɔho a wɔabɛsoɛ wɔn mu,+ ne wɔn a wɔatu abɛtena wɔn mu. Sɛ obi kum obi* na wanhyɛ da a, onguan nkɔ hɔ.+

16 “‘Nanso sɛ dade na ɔde bɔɔ no ma owui a, ɛnde ɔyɛ owudifo. Sɛnea ɛte biara, munkum owudifo no.+ 17 Sɛ ɔbo a ebetumi akum onipa na ɔtow bɔɔ no ma owui a, ɛnde ɔyɛ owudifo. Sɛnea ɛte biara, munkum owudifo no. 18 Na sɛ dua a ebetumi akum onipa na ɔde bɔɔ no ma owui a, ɛnde ɔyɛ owudifo. Sɛnea ɛte biara, munkum owudifo no.

19 Nea wɔakum no no busuani na obekum owudifo no. Ohyia no a, onkum no. Sɛ ohyia owudifo no a, ɔno ara na ɛsɛ sɛ okum no. 20 Sɛ ne ho tan nti na opiaa no, anaa adwemmɔne nti* na ɔtow ade bɔɔ no ma owui,+ 21 anaa ɔtan nti na ɔde ne nsa bɔɔ no ma owui a, ɛnde nea ɔde ne nsa bɔɔ no no, sɛnea ɛte biara wonkum no. Ɔyɛ owudifo. Sɛ nea wɔakum no no busuani hyia owudifo no a, onkum no.

22 “‘Nanso sɛ wanhyɛ da anaa ɛnyɛ ne ho tan nti na opiaa no anaa ɛnyɛ adwemmɔne nti* na ɔtow biribi bɔɔ no,+ 23 anaa wanhu no na ɔmaa ɔbo bɛhwee no so ma owui, na sɛ ɔntan no anaa ɔmpɛ no bɔne a, 24 ɛnde asafo no nnyina saa akwankyerɛ yi so mmu nea wakum onipa no ne nea wɔakum no no busuani* no ntam atɛn.+ 25 Na asafo no nnye nea wakum onipa no mfi nea wɔakum no no busuani no nsam, na wɔnsan mfa no nkɔ guankɔbea kurow a oguan kɔɔ mu no mu, na ɛsɛ sɛ ɔtena hɔ kosi sɛ ɔsɔfo panyin a wɔde ngo kronkron asra no+ no bewu.

26 “‘Nanso sɛ nea wakum onipa no tra guankɔbea kurow a waguan akɔ mu no hye, 27 na nea wɔakum no no busuani no hyia no wɔ guankɔbea kurow a ɔwɔ mu no hye akyi, na nea wɔakum no no busuani no kum no a, onni mogya ho fɔ. 28 Efisɛ anka ɛsɛ sɛ ɔtena guankɔbea kurow a ɔwɔ mu no mu kosi sɛ ɔsɔfo panyin no bewu. Nanso sɛ ɔsɔfo panyin no wu a, nea wakum onipa no betumi asan akɔ n’asaase so.+ 29 Eyi bɛyɛ mmara a mo ne mo nkyirimma nyinaa de bebu atɛn wɔ baabi a mote biara.

30 “‘Obiara a obekum onipa* no, wonnyina adansefo+ adanse* so nkum no,+ efisɛ ɔyɛ owudifo. Nanso ɛnsɛ sɛ wogyina onipa baako pɛ adanse so kum obiara.* 31 Owudifo a ɔfata owu de, ɛnsɛ sɛ mugye agyede biara de gye no nkwa.* Sɛnea ɛte biara, munkum no.+ 32 Na sɛ obi guan kɔ guankɔbea kurow bi mu a, ɛnsɛ sɛ mugye agyede biara na moma no kwan ma ɔsan kɔ n’asaase so ansa na ɔsɔfo panyin no awu.

33 “‘Ɛnsɛ sɛ mode fĩ ka asaase a mote so no, efisɛ mogya na ɛma asaase ho gu fĩ.+ Sɛ obi hwie mogya gu wɔ asaase no so a, morentumi mfa biribiara mpata, gye nea ohwiee mogya gui no mogya.+ 34 Ɛnsɛ sɛ mugu asaase a mote so a me nso mete so no ho fĩ, efisɛ me, Yehowa, mete Israelfo mu.’”+

36 Manase ba Makir+ ba Gilead abusua no mu mpanyimfo, a wɔn nyinaa yɛ Yosef mma mmusua baa Mose ne Israel mpanyimfo a wɔyɛ wɔn mmusua mu mpanyimfo anim, na wɔbɛkaa asɛm bi kyerɛɛ wɔn. 2 Wɔkae sɛ: “Yehowa ka kyerɛɛ me wura sɛ ɔmmɔ ntonto mfa nkyɛ asaase no+ mma Israelfo sɛ wɔn agyapade. Na Yehowa ka kyerɛɛ me wura sɛ ɔmfa yɛn nua Selofehad agyapade mma ne mma mmea.+ 3 Sɛ wɔware mmarima fi Israel abusuakuw foforo mu a, mmea no agyapade no befi yɛn agyanom agyapade mu akɔka abusuakuw a wɔakɔware wom no de ho. Ɛba saa a, ebefi agyapade a wɔbɔɔ ntonto de maa yɛn no mu. 4 Na sɛ Israelfo Ahofadi Afe+ no du a, wɔde mmea no agyapade bɛka mmusuakuw a wɔakɔware wom no agyapade ho. Ɛba saa a, wobeyi wɔn agyapade no afi yɛn agyanom mmusuakuw agyapade mu.”

5 Ɛnna Mose nam Yehowa asɛm so ka kyerɛɛ Israelfo sɛ: “Asɛm a Yosef mma abusuakuw aka no yɛ nokware. 6 Asɛm a Yehowa reka akyerɛ Selofehad mma mmea no ne sɛ: ‘Wobetumi aware obiara a wɔpɛ. Nanso ɛsɛ sɛ wɔware obi a ofi wɔn agyanom abusuakuw mmusua no bi mu. 7 Ɛnsɛ sɛ Israelfo agyapade fi abusuakuw baako mu kɔ abusuakuw foforo mu, na Israelni biara nkura n’agyanom abusuakuw agyapade mu. 8 Ɔbea biara a obenya agyapade wɔ Israel abusuakuw mu no, ɛsɛ sɛ ɔware obi a ofi ne papa abusuakuw mu,+ sɛnea ɛbɛyɛ a Israelfo nananom agyapade bɛka wɔn nsam. 9 Ɛnsɛ sɛ agyapade biara fi abusuakuw baako mu kɔ abusuakuw foforo mu, na Israel abusuakuw biara nkura n’agyapade mu.’”

10 Na Selofehad mma mmea no yɛɛ nea Yehowa ka kyerɛɛ Mose no pɛpɛɛpɛ.+ 11 Enti Selofehad mma mmea+ a wɔn din de Mahla, Tirsa, Hogla, Milka, ne Noa no warewaree wɔn papa nuanom mma mmarima. 12 Wɔwarewaree Yosef ba Manase mmusua mu mmarima, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn agyapade bɛka wɔn papa abusua abusuakuw mu.

13 Eyi ne ahyɛde ne atemmusɛm a Yehowa nam Mose so de maa Israelfo wɔ Moab sare so, baabi a ɛbɛn Yordan wɔ Yeriko no.+

Nt., “Israel mma.”

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Nt., “ɔyɛ ɔhɔho,” kyerɛ sɛ, obi a ɔnyɛ Lewini.

Anaa “obiara nsi wɔ baabi a ne frankaa wɔ.”

Anaa “wɔhwɛ bɔ Adanse ntamadan no ho ban; wɔyɛ wɔn adwuma wɔ Adanse ntamadan no mu.”

Anaa “ahyɛnsode.”

Anaa “Israelfo retu.”

Anaa “Israelfo retu.”

Anaa “Lewifo asoɛe.”

Anaa “mmusuakuw a aka no asoɛe.”

Anaa “Israelfo retu.”

Anaa “Israelfo retu.”

Nt., “awo ntoatoaso.”

Nt., “de tumi hyɛɛ wɔn nsa sɛ.”

Nt., “ɔhɔho biara,” kyerɛ sɛ, ɔbarima a omfi Aaron abusua mu.

Nt., “mmakan a wobue yafunu ano.”

Anaa “ntwamutam.”

Anaa “ntwamutam.”

Anaa “ntwamutam.”

Anaa “ntwamutam.”

Nt., “Ɔhɔho biara,” kyerɛ sɛ, obi a ɔnyɛ Lewini.

Dwetɛbona baako yɛ gram 11.4. Hwɛ Nkh. B14.

Anaa “sɛnea wobu dwetɛbona kronkron ano no.”

Gerah baako yɛ gram 0.57. Hwɛ Nkh. B14.

Nt., “ano.”

Anaa “Israelfo no retu.”

Aboa bi a ɔwɔ nsu mu.

Anaa “srade nsõ,” kyerɛ sɛ, nsõ ne mmoa srade a adi afra.

Nt., “adesoa.”

Anaa “Kohatfo no ba hɔ.”

Anaa “ntwamutam.”

Anaa “ɔkra bi.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “ɔkra.”

Nt., “Wɔnka.”

Nt., “wɔn.”

Ɛyɛ afifide bi a ɛte sɛ ɛmo.

Efa nkyem du mu baako yɛ lita 2.2 (ennu olonka baako). Hwɛ Nkh. B14.

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Ɛbɛyɛ sɛ ɛfa awode ho.

Anaa “nfɔn.” Ebetumi akyerɛ sɛ ɔrenwo.

Ɛbɛyɛ sɛ ɛfa awode ho.

Anaa “afɔn.” Ebetumi akyerɛ sɛ ɔrenwo.

Anaa “Ɛnyɛ Hɔ! Ɛnyɛ Hɔ!”

Ɛbɛyɛ sɛ ɛfa awode ho.

Anaa “afɔn.” Ebetumi akyerɛ sɛ ɔrenwo.

Hebri, na·zir′. Ɛkyerɛ, “Nea Wɔayi No Asi Hɔ; Nea Wɔahyira No So.”

Anaa “oyiwan ka ne ti.”

Anaa “ɔbɛn.”

Anaa “ɔkra.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “ne ti a ɛkyerɛ sɛ ɔyɛ Nasirini no ho gu fĩ.”

Anaa “ɔkra.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Biribi a ɛma esiam tu anaasɛ ɛma ɛkaw.

Anaa “ne ti a ɛkyerɛ sɛ ɔyɛ Nasirini no.”

Anaa “bobesa.”

Nt., “Yehowa mma n’anim nhyerɛn wɔ wo so.”

Anaa “nantwinini.”

Anaa “buee ano.”

Dwetɛbona baako yɛ gram 11.4. Hwɛ Nkh. B14.

Anaa “sɛnea wobu dwetɛbona kronkron ano no.”

Anaa “kankyee ketewa.”

Anaa “buee ano.”

Nt., “no.”

Anaa “asae; abɔsobaa.”

Nt., “Aaron nhim Lewifo no,” kyerɛ sɛ, onhim wɔn nkɔ benkum ne nifa.

Nt., “him wɔn,” kyerɛ sɛ, him wɔn kɔ benkum ne nifa.

Nt., “wuhim wɔn,” kyerɛ sɛ, wuhim wɔn kɔ benkum ne nifa.

Anaa “Israelfo mmakan a wobue yafunu ano.”

Nt., “him wɔn,” kyerɛ sɛ, him wɔn kɔɔ benkum ne nifa.

Nt., “anwummere abien no ntam.”

Nt., “anwummere abien no ntam.”

Anaa “onipa kra.”

Anaa “onipa kra.”

Anaa “ɔkra.”

Nt., “anwummere abien no ntam.”

Biribi a ɛma esiam tu anaasɛ ɛma ɛkaw.

Anaa “wontwa.”

Anaa “ɔkra.”

Anaa “asae; abɔsobaa.”

Kyerɛ sɛ, Yetro.

Anaa “wubetumi ayɛ yɛn aniwa.”

Ɛkyerɛ, “Ɛrehyew,” kyerɛ sɛ, ogya a ɛresɛe ade; ogya a ɛredɛw.

Ɛbɛyɛ sɛ wɔn a na wɔnyɛ Israelfo a na wɔka wɔn ho no.

Anaa “anowatere.”

Anaa “yɛn kra.”

Ɛyɛ aduhuam bi a ɛte sɛ kurobow.

Anaa “ɔbarima a ogyigye abofra.”

Anaa “wunim sɛ; wunim wɔn sɛ.”

Anaa “wofii ase hyɛɛ nkɔm.”

Nnomaa bi a wɔte sɛ nkokɔhwerew.

Basafa baako yɛ sɛnt. 44.5 (ntk. 17.5). Hwɛ Nkh. B14.

Homar baako yɛ lita 220 (bɛyɛ olonka 73). Hwɛ Nkh. B14.

Ɛkyerɛ, “Akɔnnɔ Asiei.”

Anaa “ɔbrɛ ne ho ase paa sen onipa biara wɔ asaase so.”

Nt., “Me fi nyinaa, wakyerɛ sɛ ɔyɛ ɔnokwafo.”

Nt., “ano ne ano.”

Anaa “mento aborɔme nkyerɛ no.”

Anaa “Yehosua,” ɛkyerɛ “Yehowa Ne Nkwagye.”

Nt., “srade.”

Nt., “afɔn.”

Anaa “Hamat kwan ano.”

Anaa “Subon.”

Anaa “pomegranate.”

Ɛkyerɛ, “Bobe Asiaw.”

Anaa “Subon.”

Anaa “wɔyɛ Nefilimfo asefo.”

Nt., “efisɛ wɔyɛ paanoo ma yɛn.”

Nt., “te sɛ onipa baako.”

Nt., “wɔ honhom foforo.”

Anaa “asaasetraa no so.”

Nt., “memaa me nsa so.”

Nt., “aguaman a mobɔe.”

Anaa “me a mode me yɛɛ mo tamfo no.”

Anaa “ɛyɛ nea edwudwo koma; ɛyɛ nea ahomeka wom.”

Hin baako yɛ lita 3.67. Hwɛ Nkh. B14.

Efa nkyem du mu baako yɛ lita 2.2 (ennu olonka baako). Hwɛ Nkh. B14.

Anaa “bobesa.”

Anaa “bobesa.”

Anaa “a edwudwo koma; a ahomeka wom.”

Anaa “bobesa.”

Anaa “a edwudwo koma; a ahomeka wom.”

Anaa “afɔre a edwudwo koma; afɔre a ahomeka wom.”

Anaa “afɔre a edwudwo koma; afɔre a ahomeka wom.”

Anaa “paanoo.”

Anaa “afɔre a edwudwo koma; afɔre a ahomeka wom.”

Anaa “ɔkra.”

Anaa “ɔkra.”

Anaa “ɔkra.”

Anaa “wontwa.”

Anaa “ɔkra.”

Anaa “muntwa no nkyene.”

Anaa “awo ntoatoaso.”

Kyerɛ sɛ, wodi akyi bɔ aguaman wɔ honhom fam, anaa wɔsom anyame foforo.

Anaa “wopɛ sɛ wohyɛ yɛn so.”

Anaa “bobeturo.”

Nt., “woyɛ ɔhonam nyinaa ahonhom Nyankopɔn.”

Anaa “ɛnyɛ me ara me koma.”

Anaa “Sɛ nnipa yi to wɔn kɔn wu.”

Nt., “asaase bue n’anom.”

Anaa “Sheol,” kyerɛ sɛ, adasamma damoa. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Nt., “asaase buee n’anom.”

Anaa “Sheol,” kyerɛ sɛ, adasamma damoa. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “wɔyɛɛ wɔn ankasa kra bɔne.”

Nt., “ɔyɛ ɔhɔho.”

Anaa “wobebisa mo.”

Nt., “ɔyɛ ɔhɔho,” kyerɛ sɛ, ɔbarima a omfi Aaron abusua mu.

Nt., “ɔyɛ ɔhɔho,” kyerɛ sɛ, ɔbarima a omfi Aaron abusua mu.

Ebetumi aba sɛ ɛyɛ baali.

Kyerɛ sɛ, biribiara a wɔahyira so ama Onyankopɔn a wɔrentumi ntwe nsan na wɔrentumi nnye bio ma enti abɛyɛ kronkron ama Onyankopɔn no.

Nt., “Ɔhonam nyinaa.”

Dwetɛbona baako yɛ gram 11.4. Hwɛ Nkh. B14.

Anaa “sɛnea wobu dwetɛbona kronkron ano no.”

Gerah baako yɛ gram 0.57. Hwɛ Nkh. B14.

Anaa “afɔre a edwudwo koma; afɔre a ahomeka wom.”

Kyerɛ sɛ, apam a ɛwɔ hɔ daa a ɛrensesa da.

Ebetumi aba sɛ ɛyɛ baali.

Anaa “bobesa.”

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Nt., “nguare ne honam.”

Nt., “nguare ne honam.”

Anaa “onipa kra biara funu.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “onipa kra biara funu.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “wotwa.”

Anaa “ɔkra.”

Anaa “akra.”

Anaa “wontwa.”

Anaa “ɔkra.”

Anaa “ɔkra.”

Anaa “pomegranate.”

Ɛkyerɛ, “Ɔham.”

Nt., “nna.”

Anaa “bobeturo.”

Nt., “basa a ɛyɛ den.”

Ɛyɛ kasakoa a egyina hɔ ma owu.

Nt., “wɔbɛboaboa n’ano na wawu wɔ hɔ.”

Anaa “Israel fi.”

Ɛkyerɛ, “Ɔsɛe.”

Anaa “nkurɔfo no kra.”

Anaa “bɔn yɛn kra.”

Anaa “awɔ a wɔka a, ɛhyehye sɛ ogya.”

Anaa “ɔwɔ a ɔka a, ɛhyehye sɛ ogya.”

Anaa “Subon.”

Anaa “nsubon.”

Anaa “nsubon.”

Nt., “abon no ano.”

Anaa “Monto dwom mma no.”

Ebetumi nso akyerɛ, “anwea pradadaa; sare so.”

Anaa “bobeturo.”

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “nantwinini.”

Ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛ Eufrate.

Nt., “Wɔakata asaase ani.”

Nt., “akata asaase ani.”

Nt., “n’afurumbere.”

Nt., “buee afurumbere no ano.”

Anaa “me kra nwu.”

Anaa “wanu ne ho.”

Anaa “wuram nantwi.”

Ebetumi nso akyerɛ, “anwea pradadaa; sare.”

Nt., “eye wɔ ani so.”

Anaa “subon.”

Anaa “n’aseni.”

Anaa “wuram nantwi.”

Nt., “nea efi me komam.”

Anaa “wɔ nna no awiei.”

Anaa “Moab asontɔrem.”

Nt., “Kain.”

Anaa “de ne ho bɔɔ.”

Anaa “atitiriw.”

Nt., “owia anim.”

Anaa “wɔde wɔn ho kɔbɔɔ.”

Nt., “buee n’anom.”

Ɔno ara na wɔfrɛ no Yemuel wɔ Ge 46:10; Ex 6:15 no.

Anaa “Hwɛ edin a wokyerɛwee no dodow ho.”

Anaa “ne ho nipa a ɔne no fi mogya baako mu.”

Ɛyɛ kasakoa a egyina hɔ ma owu.

Nt., “woyɛ ɔhonam nyinaa ahonhom Nyankopɔn.”

Nt., “ɔbarima a honhom wɔ ne mu.”

Anaa “w’anuonyam.”

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “atemmu.”

Anaa “afɔre a edwudwo koma; afɔre a ahomeka wom.”

Nt., “anwummere abien no ntam.”

Efa nkyem du mu baako yɛ lita 2.2 (ennu olonka baako). Hwɛ Nkh. B14.

Nt., “ngodua aba a wɔawɔw de ayɛ ngo.”

Hin baako yɛ lita 3.67. Hwɛ Nkh. B14.

Anaa “afɔre a edwudwo koma; afɔre a ahomeka wom.”

Nt., “anwummere abien no ntam.”

Anaa “afɔre a edwudwo koma; afɔre a ahomeka wom.”

Anaa “afɔre a edwudwo koma; afɔre a ahomeka wom.”

Anaa “bobesa.”

Biribi a ɛma esiam tu anaasɛ ɛma ɛkaw.

Nt., “paanoo.”

Anaa “afɔre a edwudwo koma; afɔre a ahomeka wom.”

Ebetumi aba sɛ ɛyɛ baali.

Anaa “afɔre a edwudwo koma; afɔre a ahomeka wom.”

Anaa “afɔre a edwudwo koma; afɔre a ahomeka wom.”

Anaa “afɔre a edwudwo koma; afɔre a ahomeka wom.”

Anaa “momma mo kra nni awerɛhow.” “Awerɛhow” a wɔreka ho asɛm wɔ ha no, nkurɔfo te ase sɛ, obi de nneɛma bi bɛkame ne ho, na wakyen ne ho kɔm mpo.

Anaa “afɔre a edwudwo koma; afɔre a ahomeka wom.”

Anaa “afɔre a edwudwo koma; afɔre a ahomeka wom.”

Anaa “wɔyɛ no daa ma wɔn no.”

Anaa “afɔre a edwudwo koma; afɔre a ahomeka wom.”

Anaa “ɔde asɛm bi kyekyere ne kra.”

Anaa “ne kra.”

Anaa “wahyɛ bɔ sɛ ɔbɛteetee ne kra.”

Ɛyɛ kasakoa a egyina hɔ ma owu.

Anaa “aweredi.”

Anaa “asoɛe a wɔato ho fasu.”

Anaa “ɔkra bi.”

Anaa “munnwira ho mfi bɔne ho.”

Ɛyɛ dade bi a wɔde yɛ kankyee.

Ɛyɛ dade bi a emu yɛ duru.

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “akra.”

Anaa “Nnipa akra.”

Anaa “akra.”

Anaa “nnipa akra.”

Anaa “yɛn akra.”

Dwetɛbona baako yɛ gram 11.4. Hwɛ Nkh. B14.

Anaa “Subon.”

Anaa “san kyekyee.”

Ɛkyerɛ, “Yair Ntamadan Nkurow.”

Nt., “nsa a wɔama so.”

Anaa “ahoni a wɔagu.”

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Kyerɛ sɛ, Ɛpo a Awu.

Kyerɛ sɛ, Ɛpo Kɛse, Mediterranea.

Kyerɛ sɛ, Mediterranea Po.

Anaa “Hamat kwan ano.”

Kyerɛ sɛ, Genesaret ɔtare, anaa Galilea Po.

Basafa baako yɛ sɛnt. 44.5 (ntk. 17.5). Hwɛ Nkh. B14.

Anaa “ɔkra bi.”

Anaa “mogya ho weredifo.”

Anaa “ɔkra bi.”

Nt., “ɔkɔtɛw no.”

Nt., “wankɔtɛw no.”

Anaa “mogya ho weredifo.”

Anaa “ɔkra.”

Nt., “anom.”

Anaa “ɔkra biara.”

Anaa “ne kra.”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena